Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Ka Bi Ka Ho Kyerɛ Yɛn!”

“Ka Bi Ka Ho Kyerɛ Yɛn!”

“Ka Bi Ka Ho Kyerɛ Yɛn!”

WƆ Russia kurow Nezlobnaya mu no, na ntoaso sukuu adesuakuw bi a wosua ayɛsɛm resua Russiani nhomakyerɛwfo Mikhail Bulgakov nhoma ahorow. Ná nhoma no mu biako brɛ Yesu Kristo ase, ɛnna ɛma Satan so. Bere a adesuakuw no susuw nhoma no ho wiei no, ɔkyerɛkyerɛfo no de saa nhoma no yɛɛ sukuufo no sɔhwɛ. Nanso, sukuufo no mu biako a wɔfrɛ no Andrey a wadi mfe 16 a ɔyɛ Yehowa Dansefo de obu srɛe sɛ ɔrentumi nyɛ sɔhwɛ no efisɛ n’ahonim haw no sɛ obesua ayɛsɛm nhoma bi a ɛte saa. Mmom no, ɔkae sɛ ɔbɛkyerɛw biribi afa sɛnea onim Yesu Kristo ho. Ɔkyerɛkyerɛfo no penee so.

Andrey kae wɔ n’asɛm a ɔkyerɛwee no mu sɛ ɔrentumi nkasa ntia afoforo adwenkyerɛ, nanso wahu sɛ ɔkwan a eye sen biara a obi betumi afa so asua Yesu ho ade ne sɛ ɔbɛkenkan Nsɛmpa anan no mu biako. Sɛ wokenkan a, “wubehu nsɛm a nnipa bi a na wɔte ase wɔ Yesu bere so kyerɛw faa Yesu asetra ne ne nkyerɛkyerɛ ho.” Andrey de kaa ho sɛ: “Ade foforo a ɛhaw adwene ne sɛnea wɔaka Satan ho asɛm no. Ebia ebinom ani begye ho sɛ wɔbɛkan nhoma bi a wɔaka Satan ho asɛm ama no so wom, nanso mede m’ani nnye ho saa.” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ Satan yɛ honhommɔne a ɔwɔ tumi ankasa a ɔtwee ne ho fii Onyankopɔn ho, na ɔde abɔnefosɛm, ahokyere, ne amanehunu aba nnipa so. Andrey de n’asɛm no baa awiei sɛ: “Minnye nni sɛ sɛ mekenkan nhoma yi a ɛbɛboa me. Ɛwom sɛ, minni biribiara tia Bulgakov de, nanso, m’ankasa de, mɛkenkan Bible no mmom de asua Yesu Kristo ho nokwasɛm.”

Andrey kyerɛkyerɛfo no ani gyee asɛm a ɔkyerɛwee no ho paa ma ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnkyerɛw biribi mfa Yesu Kristo ho na ɔmmɛkenkan nkyerɛ adesuakuw no. Andrey antwentwɛn ne nan ase koraa. Wɔ ayɛsɛm adesua a edi hɔ mu no, Andrey gyinaa adesuakuw no nyinaa anim kenkanee n’asɛm no kyerɛɛ wɔn. Ɔkyerɛkyerɛɛ nea enti a ɔte nka sɛ Yesu ne onipa a ɔsen biara a watra ase pɛn no mu. Ɛno akyi no, ɔkenkan Yesu wu ho asɛm fii Bible mu nhoma a ɛne Mateo no ti biako mu kyerɛɛ wɔn. Esiane sɛ na bere a wɔde ama Andrey sɛ ɔmfa nka n’asɛm no reyɛ aso nti, na ɔpɛ sɛ ɔde n’asɛm no ba awiei, nanso ne mfɛfo sukuufo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ka bi ka ho kyerɛ yɛn! Dɛn bio na esii?” Enti ɔtoaa so kenkan Mateo asɛm a ɛfa Yesu wusɔre ho no.

Enti bere a Andrey wiei no, ne mfɛfo sukuufo no bisaa no Yesu ne Yehowa ho nsɛm pii. Andrey ka sɛ: “Ná mabɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma me nyansa, na otiee me mpaebɔ no. Mitumi buaa wɔn nsɛmmisa no nyinaa!” Bere a wɔpɔnee no, Andrey de Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn * nhoma no biako maa ne kyerɛkyerɛfo no, na ɔde anigye gyei. Andrey kae sɛ: “Mitwaa pii wɔ nea mekyerɛwee no ho, na ɔkyerɛkyerɛfo no kamfoo me sɛ memfɛre me gyidi ho. Ɔkyerɛkyerɛfo no kae nso sɛ, ɔne me yɛ adwene wɔ me gyidi no bi ho.”

Andrey ani gye sɛ n’ahonim a ɔde Bible atete no no amma no ankenkan nhoma a ɛbrɛ Yehowa ne ne Ba Yesu Kristo ase. Nea ɔyɛe no amma no annye nsɛm a enni Bible mu antom, na ɛsan nso ma onyaa hokwan kɛse de kaa Bible mu nokwasɛm a ɛho hia kyerɛɛ afoforo.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Yehowa Adansefo na wotintimii.