Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Momma Mo Ani Nna Hɔ Yiye”

“Momma Mo Ani Nna Hɔ Yiye”

“Momma Mo Ani Nna Hɔ Yiye”

“Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ ne nantew mu yiye.”—MMEBUSƐM 14:15.

1, 2. (a) Dɛn na yebetumi asua afi asɛm a ɛtoo Lot wɔ Sodom no mu? (b) Dɛn na asɛm a ɛne “momma mo ani nna hɔ” no kyerɛ?

BERE a Abraham kae sɛ Lot nni kan mpaw asase no bi no, Lot maa n’ani so hwɛɛ asase no fã a nsu wɔ so a ɛte sɛ ‘Yehowa turo’ no. Esiane sɛ “Lot paw Yordan dantaban no nyinaa” nti, ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ no sɛ ɛhɔ yɛ asase pa a ɔne n’abusua bɛtra, na osii ne ntamadan wɔ Sodom kurotia. Nanso, nea n’ani hui no daadaa no efisɛ na “Sodomfo [a wɔyɛ] abɔnefo ne nnebɔneyɛfo akɛse [Yehowa, NW] anim” no te bɛn hɔ. (Genesis 13:7-13) Bere kɔɔ so no, Lot ne n’abusua hweree ade kɛse. Awiei koraa no, na ɛsɛ sɛ Lot ne ne mmabea no kɔtra ɔbodan bi mu. (Genesis 19:17, 23-26, 30) Ade a ohuu no mfiase sɛ eye paa no bɛdanee bɔne koraa.

2 Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi asua biribi afi asɛm a ɛtoo Lot no mu. Sɛ ɛho behia sɛ yesisi gyinae a, ɛsɛ sɛ yesusuw asiane a ebetumi afi mu aba ho na yɛhwɛ sɛ yɛremma adwene a yedi kan nya wɔ ho no nnaadaa yɛn. Enti, ɛyɛ ne kwan so sɛ Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ: “Momma mo ani nna hɔ yiye.” (1 Petro 1:13) Nea Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “momma mo ani nna hɔ” kyerɛ ankasa ne sɛ “wubedi wo ho so.” Sɛnea Bible ho nimdefo R.C.H. Lenski kyerɛ no, nea ɛno kyerɛ ne sɛ “yɛde adwene a emu da hɔ bɛtɔ yɛn bo ase asese biribi asusuw ho ɔkwan pa so na aboa yɛn ma yɛasi gyinae pa.” Ma yensusuw tebea ahorow a ɛhwehwɛ sɛ yɛde adwene a emu da hɔ susuw nneɛma ho no bi ho nhwɛ.

Adwuma a Yɛbɛyɛ a Yebesusuw Ho Yiye

3. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye bere a obi aka adwuma bi ho asɛm akyerɛ yɛn no?

3 Fa no sɛ obi a ɔwɔ din pa, a ebi mpo a ɔyɛ wo yɔnko Yehowa somfo, aka adwuma bi ho asɛm akyerɛ wo. Ɔde anigye ka sɛ, adwuma no bɛyɛ yiye, na ɔhyɛ wo nkuran sɛ fa wo ho hyɛ mu ntɛm na adwuma no ammɔ wo. Ebia wubefi ase de w’adwene abu sɛ ɛbɛma wo ne w’abusua adi yiye, na ebi mpo a woasusuw sɛ eyi bɛboa ma woayɛ wo som adwuma no yiye. Nanso, Mmebusɛm 14:15 bɔ kɔkɔ sɛ: “Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ ne nantew mu yiye.” Esiane sɛ sɛ yenya adwuma foforo a yɛn ani taa gye nti, ebia ɛno mma yensusuw ho sɛ adwuma no bɛyɛ yiye anaasɛ ɛnyɛ yiye, na saa ara nso na yensusuw ɛka a yebetumi abɔ no ho nkɔ akyiri. (Yakobo 4:13, 14) Wɔ tebea a ɛte saa mu no, hwɛ sɛnea ɛho behia sɛ yɛma yɛn ani da hɔ yiye!

4. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahwɛ yɛn akwan yiye bere a yɛresusuw adwuma bi a obi a aka ho asɛm akyerɛ yɛn ho no?

4 Obi a ɔyɛ n’ade nyansam tɔ ne bo ase yɛ adwuma bi a wɔaka ho asɛm akyerɛ no mu nhwehwɛmu yiye ansa na wasi gyinae sɛ ɔbɛyɛ anaa ɔrenyɛ. (Mmebusɛm 21:5) Nhwehwɛmu a ɛte saa a obi yɛ no ma no taa hu sɛ adwuma no bɛyɛ yiye anaasɛ ɛnyɛ yiye. Susuw asɛm yi ho hwɛ: Fa no sɛ obi repɛ bosea ayɛ adwuma, na ɔka kyerɛ wo sɛ sɛ woma no bi a wubenya so mfaso pii. Asɛm no betumi ayɛ wo dɛ, nanso woasusuw asiane ahorow a ɛwom no ho? So nea ɔrebɛpɛ bosea no agye atom sɛ sɛ ɔbɔ ka oo sɛ wammɔ ka oo obetua sika no, anaasɛ gye sɛ adwuma no yɛ yiye ansa? Sɛ adwuma no anyɛ yiye na sɛ wo sika no hyew a, so ɛrenhaw wo? Wubetumi abisa wo ho nso sɛ: “Dɛn nti na onipa no ankɔ sikakorabea ankɔpɛ bosea na ɔreba me hɔ? Anaasɛ gyama wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ sikakorabea no ahu sɛ adwuma no renyɛ yiye?” Bere a wubegye de asusuw asiane a ɛwom no ho no bɛboa wo ma woasese adwuma no yiye.—Mmebusɛm 13:16; 22:3.

5. (a) Ade a nyansa wom bɛn na Yeremia yɛe bere a ɔtɔɔ afuw bi no? (b) Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yɛyɛ adwuma nhyehyɛe biara ho krataa to hɔ?

5 Bere a odiyifo Yeremia tɔɔ afuw bi fii ne busuani bi a na ɔno nso yɛ Yehowa somfo hɔ no, ɔyɛɛ ho krataa wɔ adansefo pii anim too hɔ. (Yeremia 32:9-12) Ɛnnɛ, obi a ɔyɛ n’ade nyansam bɛhwɛ ahu sɛ wɔayɛ adwuma biara a ɔne nnipa bi bɛyɛ, sɛ́ wɔyɛ n’abusuafo anaa nnipa a ɔne wɔn wɔ ɔsom biako mu no ho krataa ato hɔ. * Sɛ wɔyɛ adwuma no ho nhyehyɛe ho krataa pɛpɛɛpɛ saa to hɔ a, ɛremma akasakasa biara mma, na ɛboa ma asomdwoe tra wɔn ntam. Nea ɛtaa ma akasakasa ba Yehowa asomfo bi ntam wɔ adwuma ho no fi ɛho nkrataa a wɔnyɛ. Awerɛhosɛm ne sɛ, akasakasa a ɛte saa betumi ama obi adi yaw, wanya obi ho tan, anaa mpo wagyae Onyankopɔn som.

6. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ anibere ho?

6 Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ anibere nso ho. (Luka 12:15) Mfaso kɛse a obi repɛ betumi ama wabu n’ani agu asiane biara so de ne ho akɔhyɛ adwuma bi a enni nnyinaso mu. Ebinom mpo a wɔanya ɔsom hokwan wɔ Yehowa som mu atɔ saa afiri yi mu. Onyankopɔn Asɛm bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Mommma sikanibere mmma mo asetra mu, na momma nea mowɔ no ara nnɔɔso mma mo.” (Hebrifo 13:5) Sɛ Kristoni bi resusuw adwuma bi ho a, ɛsɛ sɛ obisa ne ho sɛ, ‘So ɛho hia ankasa sɛ mede me ho hyɛ adwuma no mu?’ Sɛ yɛde Yehowa som yɛ yɛn asetram ade titiriw na yɛyɛ yɛn ho awiɛmfoɔ a, ɛbɛbɔ yɛn ho ban afi “bɔne nyinaa nhin” ho.—1 Timoteo 6:6-10.

Nsɛnnennen a Kristofo a Wodi Sigya Rehyia

7. (a) Nsɛnnennen bɛn na Kristofo a wodi sigya pii hyia? (b) Ɔkwan bɛn so na aware mu hokafo a yɛbɛpaw fa nokware a yebedi ama Onyankopɔn ho?

7 Yehowa asomfo pii na wɔpɛ sɛ wɔware nanso wonnyaa ɔhokafo a ɔfata. Wɔ aman bi so no, nkurɔfo de aware ho nsɛm guan saafo no ho. Nanso ebia mfɛfo gyidifo a wɔwɔ hɔ a wobetumi aware wɔn no nnɔɔso. (Mmebusɛm 13:12) Kristofo nim sɛ, Bible mu ahyɛde a ɛka sɛ “Awurade mu nkutoo” na wɔnware a wobedi so no fa nokware a wobedi ama Yehowa no ho. (1 Korintofo 7:39) Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ asigyafo ma wɔn ani da hɔ yiye na ama wɔatumi agyina nhyɛso ne sɔhwɛ ahorow ano.

8. Nsɛnnennen bɛn na Sulamit ababaawa no hyiae, na ɔkwan bɛn so na Kristofo mmea a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi ahyia nsɛnnennen a ɛte saa?

8 Wɔ Nnwom mu Dwom nhoma mu no, ɔhene bi ani gyee ababaawa ohianiwaa bi a ne din de Sulamit ho. Ɛwom sɛ na ababaawa no wɔ ne dɔfo aberante bi dedaw de, nanso ɔhene no de n’ahode, n’anuonyam, ne n’ahoɔfɛ dɛfɛdɛfɛɛ no. (Nnwom mu Dwom 1:9-11; 3:7-10; 6:8-10, 13) Sɛ woyɛ Kristoni bea a, ebetumi aba sɛ obi bɛkyerɛ wo ho anigye wɔ ɔkwan a wompɛ so. Obi a wo ne no wɔ adwumam, ebia adwumam panyin bi, befi ase akamfo wo akyekyɛ wo nneɛma, na wahwehwɛ hokwan sɛ ɔne wo bɛbɔ. Hwɛ yiye wɔ adɛfɛdɛfɛsɛm a ɛte saa ho. Ɛwom sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na obi a ɔyɛ saa no kura nna anaa ɔbrasɛe ho adwene de, nanso mpɛn pii no ɛno ne ade a ɛma wɔyɛ saa. Yɛ sɛ “ɔfasu” te sɛ Sulamit ababaawa no. (Nnwom mu Dwom 8:4, 10) Ma wonhu pefee sɛ w’ani nnye nneyɛe a ɛte saa ho. Da a edi kan a wobɛhyɛ adwuma ase no, ma wo mfɛfo adwumayɛfo no nhu sɛ woyɛ Yehowa Dansefo, na fa hokwan biara a wubenya di wɔn adanse. Na ɛno bɛyɛ ahobammɔ ama wo.

9. Asiane ahorow bɛn na ɛwom sɛ wo ne obi a wunnim no yiye bedi nkitaho wɔ Intanɛt so? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 25 no nso.)

9 Mmeae a wɔayɛ wɔ Intanɛt so a wɔde boa asigyafo a wɔrepɛ aware mu ahokafo no redɔɔso. Ebinom bu saa mmeae yi sɛ ɔkwan a wɔfa so hu nnipa bi a anka wontumi mfa ɔkwan biara so nhu wɔn. Nanso, asiane ankasa wɔ obi a wunnim no da a wo ne no benya abusuabɔ a ɛte saa mu. Ɛyɛ den sɛ wubehu nea ɔreka nokware ne nea ɔnka nokware wɔ Intanɛt so. (Dwom 26:4) Ɛnyɛ obiara a ɔbɛka wɔ Intanɛt so sɛ ɔyɛ Yehowa somfo no na ɔyɛ bi ankasa. Afei nso, sɛ wo ne obi di nkitaho wɔ Intanɛt so a adwene a ɛwɔ akyiri ne sɛ wobɛware no a, wubetumi anya ne ho anigye a emu yɛ den ntɛm, na ɛno mma wuntumi nsusuw nneɛma ho yiye. (Mmebusɛm 28:26) Sɛ́ ɛyɛ Intanɛt so anaa ɔkwan foforo bi so no, nyansa nnim sɛ wo ne obi a wunnim no yiye benya abusuabɔ a emu yɛ den.—1 Korintofo 15:33.

10. Dɛn na mfɛfo gyidifo betumi ayɛ de ahyɛ Kristofo a wodi sigya no nkuran?

10 Yehowa wɔ “ayamhyehye” ma n’asomfo. (Yakobo 5:11) Onim sɛ nsɛnnennen a Kristofo a wɔpɛ sɛ wɔware a wonnyaa ahokafo no hyia no betumi ama wɔn abam abu mmere bi, nanso n’ani sɔ wɔn nokwaredi no. Dɛn na afoforo betumi ayɛ de ahyɛ wɔn nkuran? Ɛsɛ sɛ yɛkamfo wɔn daa wɔ wɔn setie ne wɔn ahofama no ho. (Atemmufo 11:39, 40) Yebetumi nso ayɛ nhyehyɛe ne wɔn anya fekubɔ a ɛhyɛ gyidi den. So woayɛ bi nnansa yi? Bio nso, yebetumi abɔ mpae ama wɔn, asrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn mma wonnyina pintinn na wonnya anigye wɔ ne som mu. Momma yɛnkyerɛ saa anokwafo yi ho anigye ankasa mfa nkyerɛ sɛ wɔsom bo sɛnea Yehowa bu wɔn no.—Dwom 37:28.

Bere a Yɛrehwehwɛ Ayaresa

11. Nsɛnnennen bɛn na yare a emu yɛ den de ba?

11 Sɛ yare a emu yɛ den bi bɔ yɛn ankasa anaa yɛn dɔfo bi a, hwɛ sɛnea ɛma yɛn ho yeraw yɛn! (Yesaia 38:1-3) Bere a yɛrehwehwɛ ayaresa a ebetumi ama yɛn ho atɔ yɛn no, ɛho hia sɛ yedi Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm akyi. Sɛ nhwɛso no, Kristofo hwɛ yiye sɛ wobedi Bible ahyɛde a ɛka sɛ wɔntwe wɔn ho mfi mogya ho no so, na wɔkwati nipadua mu nhwehwɛmu anaa ayaresa biara a ahonhonsɛmdi wom. (Asomafo Nnwuma 15:28, 29; Galatifo 5:19-21) Nanso, wɔ wɔn a wonnyaa aduruyɛ ho ntetee biara fam no, ebetumi ayɛ den paa sɛ wɔbɛte akwan bi a wɔfa so sa yare ase. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛn ani ada hɔ yiye?

12. Ɛbɛyɛ dɛn na Kristoni bi atumi ayɛ n’ade wɔ ɔkwan a ɛfata so bere a ɔresusuw ayaresa ho no?

12 “Onitefo hwɛ ne nantew mu yiye” denam nhwehwɛmu a ɔbɛyɛ wɔ Bible ne Kristofo nhoma ahorow mu so. (Mmebusɛm 14:15) Wɔ wiase no afã bi a nnuruyɛfo ne ayaresabea nnɔɔso no, ebia abibiduru nkutoo na wobetumi de asa wɔn ho yare. Sɛ yɛresusuw ayaresa a ɛte saa ho a, yebetumi anya nsɛm a mfaso wɔ so afi April 15, 1987, Borɔfo Ɔwɛn-Aban no kratafa 26-9 mu. Ɛma yehu asiane a ɛwom no. Sɛ nhwɛso no, ɛho behia sɛ yɛhwehwɛ nea edidi so yi: So wonim odunsinni no sɛ odi ahonhonsɛm? Sɛ nkurɔfo kɔ ne hɔ a, so ɔka sɛ wɔn yare anaa owu no fi abosom bi a wɔafom wɔn (anaa nananom a wɔawuwu ahonhom), anaa ɔka sɛ atamfo bi na abɔ wɔn dua? So otwa nkokɔ, ɔkankye, anaa ɔyɛ nyankomade bere a ɔreyɛ nkurɔfo aduru no? (Deuteronomium 18:10-12) Nhwehwɛmu a ɛte saa bɛboa yɛn ma yɛatie Onyankopɔn afotu yi: “Monsɔ ade nyinaa nhwɛ; munkura nea eye mu pintinn.” * (1 Tesalonikafo 5:21) Ɛbɛboa yɛn ma yɛasusuw nneɛma ho wɔ ɔkwan a ɛfata so.

13, 14. (a) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada ntease adi wɔ yɛn apɔwmuden ho nsɛm ho? (b) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛda ntease adi bere a yɛne afoforo resusuw apɔwmuden ne ayaresa ho nsɛm ho no?

13 Ɛsɛ sɛ yɛda ntease adi wɔ yɛn asetram biribiara mu, a yɛn apɔwmuden ho nsɛm nso ka ho. (Filipifo 4:5) Sɛ yɛhwɛ yɛn apɔwmuden so wɔ ɔkwan a ɛfata so a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nkwa a ɛsom bo a wɔde akyɛ yɛn no. Sɛ yɛyare a, ɛyɛ ne kwan so sɛ yɛma ɛho asɛm hia yɛn. Nanso, yɛrennya apɔwmuden a edi mũ koraa kosi sɛ Onyankopɔn bere bɛso ma ‘wasa amanaman no yare.’ (Adiyisɛm 22:1, 2) Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn apɔwmuden ho nsɛm gye yɛn adwene araa ma yebu yɛn ani gu yɛn honhom fam ahiade a ɛho hia sen biara no so.—Mateo 5:3; Filipifo 1:10.

14 Ɛsɛ sɛ yɛkari pɛ na yɛda ntease nso adi bere a yɛne afoforo resusuw apɔwmuden ne ayaresa ho nsɛm ho no. Bere a yɛne yɛn nuanom ahyiam wɔ Kristofo nhyiam akɛse ne nketewa ase no, ɛnsɛ sɛ yɛbɔ nsɛm a ɛtete saa ho nkɔmmɔ titiriw. Afei nso, mpɛn pii no obi gyina Bible mu nnyinasosɛm, n’ahonim ne ɔne Yehowa ntam abusuabɔ so na esisi ayaresa ho gyinae. Enti, ɛrenkyerɛ ɔdɔ sɛ yɛde yɛn nsusuwii bɛhyɛ yɛn yɔnko gyidini bi anaa yɛbɛhyɛ no ma wabu n’ani agu nea n’ahonim ka kyerɛ no so. Ɛwom sɛ yebetumi akɔhwehwɛ mmoa afi asafo no mufo a wɔn ho akokwaw hɔ de, nanso Kristoni biara “bɛsoa n’ankasa adesoa” wɔ gyinae biara a obesisi ho, na “yɛn mu biara bebu n’ankasa akontaa akyerɛ Nyankopɔn.”—Galatifo 6:5; Romafo 14:12, 22, 23.

Bere a Nneɛma Hyɛ Yɛn So

15. Ɔkwan bɛn so na sɛ nneɛma hyɛ yɛn so a, ebetumi aka sɛnea yɛyɛ yɛn ade?

15 Nneɛma a ɛhyɛ yɛn so betumi ama Yehowa asomfo anokwafo mpo akeka nsɛm anaa wɔayɛ nneɛma bi a nyansa nnim. (Ɔsɛnkafo 7:7) Bere a Hiob kɔɔ sɔhwɛ a emu yɛ den mu no, n’adwene tu frae ma na ɛsɛ sɛ wɔboa no ma n’ani ba ne ho so. (Hiob 35:2, 3; 40:6-8) Ɛwom sɛ na ‘ɔbarima Mose dwo pii sen nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa’ de, nanso bere bi ne bo fuwii ma ɔkasaa abufuw so. (Numeri 12:3; 20:7-12; Dwom 106:32, 33) Ná Dawid ada ahosodi a ɛyɛ nwonwa adi wɔ bere a wankum Ɔhene Saulo no, nanso bere a Nabal didii Dawid atɛm na ɔkekawmu guu ne mmarima no so no, ɛhyɛɛ Dawid abufuw ma wanyɛ n’ade nyansam. Ɛkaa ketewaa bi ma anka Dawid yɛɛ bɔne kɛse, nanso ɛyɛ bere a Abigail de ne ho gyee asɛm no mu nkutoo na n’ani baa ne ho so ma ɔtwe sanee.—1 Samuel 24:2-7; 25:9-13, 32, 33.

16. Dɛn na ɛbɛboa yɛn na amma yɛanyɛ ade abufuw so?

16 Yɛn nso, nneɛma betumi ahyɛ yɛn so ma yɛrenyɛ yɛn ade nyansam. Sɛ yesusuw afoforo adwenkyerɛ ho yiye sɛnea Dawid yɛe no a, ebetumi aboa yɛn ma yɛrenyɛ nneɛma abufuw so na yɛmpere yɛn ho nkɔyɛ bɔne. (Mmebusɛm 19:2) Bio nso, Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ: “Mo bo huru a, monnyɛ bɔne! Monkasa mo komam wɔ mo dabere, na monyɛ komm.” (Dwom 4:4) Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛma yɛn bo adwo ansa na yɛayɛ biribi anaa yɛasisi gyinae bi. (Mmebusɛm 14:17, 29) Yebetumi abɔ Yehowa mpae denneennen, “na Nyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ [yɛn] koma ne [yɛn] adwene nsusuwii ho ban denam Kristo Yesu so.” (Filipifo 4:6, 7) Onyankopɔn asomdwoe yi bɛma yɛn bo adwo na aboa yɛn ma yɛn ani ada hɔ yiye.

17. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so na ama yɛn ani ada hɔ yiye?

17 Ɛmfa ho mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛkwati asiane ahorow na yɛayɛ ade nyansam no, yɛn nyinaa di mfomso. (Yakobo 3:2) Yebetumi adi mfomso a yenhu koraa. (Dwom 19:12, 13) Bio nso, sɛ́ nnipa no, yenni tumi anaa hokwan a yɛde betutu yɛn anammɔn a Yehowa mmoa nka ho. (Yeremia 10:23) Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ ɔma yɛn awerɛhyem sɛ: “Mebue w’adwenem, na makyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so, m’ani wɔ wo so, na metu wo fo.” (Dwom 32:8) Yiw, ɛdenam Yehowa mmoa so no yebetumi ama yɛn ani ada hɔ yiye.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Sɛ wopɛ adwuma nhyehyɛe ho nkrataa a wɔyɛ to hɔ ho nsɛm pii a, hwɛ Ɔwɛn-Aban, August 1, 1997, kratafa 30-1; April 1 1987, kratafa 11-13; ne August 8, 1983, Nyan! kratafa 13-15 a Yehowa Adansefo tintimii.

^ nky. 12 Saa nhwehwɛmu yi nso bɛboa wɔn a wɔresusuw ho sɛ wɔbɛkɔ akɔhwehwɛ ayaresa wɔ ɔkwan bi a wɔfa so sa yare a wontumi nhu mu yiye papa no.

Wubebua Dɛn?

Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama yɛn ani ada hɔ

• bere a obi aka adwuma bi ho asɛm akyerɛ yɛn no?

• bere a yɛrehwehwɛ aware mu hokafo?

• bere a yare bi abɔ yɛn?

• bere a nneɛma hyɛ yɛn so no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 25]

So Wubetumi De Wo Ho Ato So?

Nsɛm a edidi so yi pue wɔ mmeae a wɔayɛ wɔ Intanɛt so a wɔde boa asigyafo a wɔrepɛ aware mu ahokafo:

“Ɛwom sɛ yɛbɔ mmɔden biara sɛ yɛbɛma obi ahu nipa kõ a ɔne no redi nkitaho no de, nanso biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ nea yɛka fa no ho no bɛma wahu nipa kõ a ɔyɛ no yiye ankasa.”

“Yentumi nka sɛ nsɛm a epue wɔ saa beae yi yɛ pɛpɛɛpɛ, edi mũ koraa, anaa ebetumi aboa wo paa.”

“Adwenkyerɛ, afotu, nsɛm, nyansahyɛ, anaa nsɛm foforo biara a epue wɔ [saa] beae yi yɛ wɔn a wɔkyerɛw nsɛm no adwenkyerɛ . . . na ɛnyɛ ade a wubetumi de wo ho ato so koraa.”

[Mfonini wɔ kratafa 23]

“Onitefo hwɛ ne nantew mu yiye”

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Dɛn na Kristofo mmea betumi ayɛ de asuasua Sulamit ababaawa no?

[Mfonini wɔ kratafa 26]

“Monsɔ ade nyinaa nhwɛ; munkura nea eye mu pintinn”