Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Ɛteɛ A Yebehu Na Yɛayɛ

Nea Ɛteɛ A Yebehu Na Yɛayɛ

Asetram Nsɛm

Nea Ɛteɛ A Yebehu Na Yɛayɛ

SƐNEA HADYN SANDERSON KA KYERƐE

Bere bi Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: “Sɛ munim eyinom na moyɛ a, mo ani begye.” (Yohane 13:17) Yiw, yebetumi ahu nea ɛteɛ, nanso ɛtɔ mmere bi a ne yɛ yɛ den! Bɛboro mfe 80 a mede atra ase a mede emu mfe 40 ayɛ asɛmpatrɛw adwuma no ama mabehu sɛ Yesu asɛm no yɛ nokware. Nea Onyankopɔn ka sɛ yɛnyɛ a yɛbɛyɛ no ma yenya anigye ankasa. Ma menkyerɛkyerɛ mu nkyerɛ wo.

WƆ AFE 1925 mu no, bere a na madi mfe abiɛsa no, m’awofo kotiee Bible mu ɔkasa bi wɔ yɛn kurom Newcastle a ɛwɔ Australia no. Saa ɔkasa a na n’asɛmti ne “Ɔpepem Pii a Wɔte Ase Nnɛ no Renwu Da” no maa me maame behui sɛ wahu nokware no, na ofii ase kɔɔ Kristofo nhyiam daa. Nanso, me papa de ankyɛ na n’anigye no kɔɔ fam. Ɔka kyerɛɛ Maame sɛ sɛ wannyae n’asɔre foforo no a, obegyaw abusua no hɔ akɔ. Ná Maame dɔ me papa, na na ɔmpɛ sɛ abusua no mu tetew. Nanso, na onim sɛ ɛsɛ sɛ odi kan yɛ osetie ma Onyankopɔn, na na wasi ne bo sɛ ɔbɛyɛ nea Onyankopɔn ka sɛ ɛteɛ. (Mateo 10:34-39) Me papa gyaw abusua no hɔ, na ɛwom araa na mahu no biako bi.

Sɛ mekaakae nea me maame yɛe saa bere no a, ɛma m’ani gye nokware a odi maa Onyankopɔn no ho. Gyinae a osii no maa me ne me nuabea panyin, Beulah, de abotɔyam som Onyankopɔn. Ɛma yesuaa biribi a ɛho hia nso sɛ sɛ yenim nea ɛteɛ a, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ.

Me Gyidi Ho Sɔhwɛ

Yehowa Adansefo a saa bere no na wɔfrɛ wɔn Bible Asuafo no boaa yɛn abusua no paa. Me nenabea ne yɛn bɛtrae, na ɔno nso gyee Bible mu nokware no toom. Ná ɔne Maame bom kɔ asɛnka daa, na na wɔn ahosiesie a edi mũ ne wɔn adamfofa su no ma nkurɔfo tie wɔn.

Saa bere no, anuanom Kristofo a na wɔanyinyin no maa wɔn ani kuu me ho na wɔmaa me ntetee a ɛso wɔ mfaso. Ankyɛ na mifii ase de adansedi krataa dii nkurɔfo adanse wɔ wɔn afie mu. Mebɔɔ Bible ho ɔkasa a wɔakyere agu apaawa so nso ma wotiei, na mede dawurubɔ krataa sɛn me kɔn mu faa kurow no abɔnten so. Na eyi yɛ yɛ den, efisɛ na misuro nnipa. Nanso, na minim nea ɛteɛ, na na masi me bo sɛ mɛyɛ.

Miwiee sukuu no, meyɛɛ adwuma wɔ sikakorabea bi, na na ɛsɛ sɛ mitutu akwan kɔ sikakorabea no nkorabata ahorow a ɛwɔ New South Wales mantam no nyinaa mu. Ɛwom sɛ na Adansefo kakraa bi na wɔwɔ saa ɔmantam no mu de, nanso ntetee a minyae no boaa me maa me gyidi kɔɔ so yɛɛ den. Maame kyerɛw nkrataa a ɛhyɛ nkuran brɛɛ me, na ɛkɔɔ so hyɛɛ me gyidi den.

Me nsa kaa saa nkrataa no wɔ bere pa mu. Ná Wiase Ko II no afi ase, na wɔhyɛɛ me sɛ menkɔ sraadi. Ná sikakorabea so panyin no mfa n’asɔrekɔ nni agoru, na na ɔyɛ ɔsraani panyin nso wɔ kurow no mu. Bere a mekae sɛ meyɛ Kristoni nti menkɔ sraadi no, m’adwuma no so panyin no ka kyerɛɛ me sɛ, minyi mu biako, sɛ́ megyae me som anaasɛ adwuma no! Asɛm no mu yɛɛ den bere a mekɔɔ baabi a na wɔrefa asraafo wɔ kurow no mu no. Bere a merekɔ ɔpon a wɔkyerɛw din no ho no, na m’adwuma no so panyin no te hɔ, na ɔhwɛɛ me paa. Bere a mekae sɛ meremfa me nsa nhyɛ nkrataa no ase no, mpanyimfo no bo fuwii. Afei de na ayere paa, nanso na masi me bo sɛ mɛyɛ nea ɛteɛ. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, migyinaa pintinn. Akyiri yi, bere a metee sɛ wɔabɔ nnipa bɔne bi paa sɛ wɔmmɛkyere me no, meboaboaa me nneɛma ano ntɛm kɔfaa keteke a na ɛrefi kurow no mu akɔ no!

Mesan kɔɔ Newcastle no, wɔde me ne anuanom afoforo baason a yɛankɔ sraadi no kɔɔ asɛnnibea kobisabisaa yɛn nsɛm. Ɔtemmufo no buu yɛn fɔ de yɛn guu afiase asram abiɛsa sɛ yɛnyɛ adwumaden. Ná afiaseda nyɛ dɛ de, nanso minyaa nea ɛteɛ a meyɛe no so mfaso. Bere a woyii yɛn fii afiase no, Ɔdansefo biako a na me ne no da afiasedan mu a wɔfrɛ no Hilton Wilkinson, kae sɛ memmɛyɛ adwuma mma no wɔ baabi a na otwa mfonini no. Ɛhɔ na mihyiaa me yere Melody a na ɔyɛ adwuma wɔ hɔ sɛ obi a ogye ahɔho no. Bere a woyii me fii afiase no ankyɛ na mebɔɔ asu de yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne.

Mede Bere Nyinaa Som Adwuma Sii M’ani So

Bere a yɛwaree no, me ne Melody buee mfoninitwa adwuma wɔ Newcastle. Ná adwuma a yenya no dɔɔso araa ma na yɛtaa yareyare, na na yentumi nyɛ Yehowa som adwuma no yiye. Saa bere no, Ted Jaracz a na ɔsom wɔ Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛwɔ Australia a seesei ɔyɛ Sodikuw no muni no ne yɛn bɔɔ sɛnea yebetumi atrɛw yɛn som adwuma mu ho nkɔmmɔ. Yɛbɔɔ saa nkɔmmɔ no wiei no, yesii gyinae sɛ yɛbɛtɔn yɛn adwuma no na yɛayɛ yɛn ho awiɛmfoɔ. Yɛtɔɔ kar a ɔdan si so wɔ afe 1954 mu, na yetu kɔɔ Ballarat kurow a ɛwɔ Victoria mantam mu no mu, na yefii akwampae adwuma ase.

Yehowa hyiraa adwuma a yɛyɛe wɔ saa asafo ketewa a ɛwɔ Ballarat no mu no so. Nnipa a na wɔba asafo nhyiam no kɔɔ anim fi 17 koduu 70 wɔ asram 18 ntam. Afei wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔyɛ akwantu anaa ɔmansin adwuma wɔ Australia Anafo fam mantam mu. Wɔ mfe abiɛsa a edi hɔ no, yɛn ani gyei sɛ yɛsrasraa asafo ahorow a ɛwɔ Adelaide kurow no mu ne baabi a wɔyɛ bobesa ne akutu ho adwuma wɔ Murray Asubɔnten no ho no. Yɛn asetra sesae ma ɛyɛɛ nwonwa! Yɛn ani gyei sɛ yɛne anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ dɔ boom somee. Nea yenim sɛ ɛteɛ a yɛyɛe so akatua bɛn ara ni!

Asɛmpatrɛw Adwuma

Yɛka kyerɛɛ Australia Betel adwumayɛbea no wɔ afe 1958 mu sɛ yɛpɛ sɛ yɛkɔ “Ɔsoro Apɛde” Amanaman Ntam Nhyiam no bi wɔ New York City wɔ saa afe no awiei mu. Wɔbrɛɛ yɛn Gilead asɛmpatrɛwfo sukuu a ɛwɔ United States akwammisa krataa. Esiane sɛ na yɛreyɛ adi mfe 40 nti, na yesusuw sɛ yɛanyin dodo sɛ yɛbɛkɔ Gilead. Nanso, yɛde yɛn akwammisa krataa no kɔe, na wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔ adesuakuw a ɛto so 32 no bi. Yetwaa bere a yɛde yɛ sukuu no fã wiei no, wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ India na yɛbɛkɔ akɔyɛ yɛn asɛmpatrɛw adwuma no. Ɛwom sɛ ehu kaa yɛn mfiase no de, nanso esiane sɛ na yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea ɛteɛ nti, yɛde anigye penee so.

Yɛfaa po so hyɛn koduu Bombay (seesei wɔfrɛ hɔ Mumbai) anɔpa bi wɔ afe 1959 mu. Ná adwumayɛfo pii deda hyɛn gyinabea hɔ. Yɛtee pampan bi a na ano yɛ den wɔ hɔ. Bere a owia puei no, ɛma yehuu sɛnea na ɛhɔ bɛyɛ hyew afa. Ná yɛntraa ɔhyew a ɛte saa mu da! Lynton ne Jenny Dower a wɔyɛ asɛmpatrɛwfo awarefo a yɛne wɔn yɛɛ akwampae adwuma wɔ Ballarat no gyee yɛn fɛw so. Wɔde yɛn kɔɔ India Betel Fie a na ɛbɛn kurow no mfinimfini wɔ abansoro dan bi a nnipa akyere so wɔ hɔ mu. Ná Betel adwumayɛfo baasia na wɔte hɔ. Onua Edwin Skinner a na wayɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ India fi afe 1926 mu no hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛntɔ bag bi a wɔde ntama ayɛ abien ansa na yɛakofi yɛn dwumadi no ase. Ná ɛfata sɛ yɛbɛtɔ saa bag no, efisɛ na akwantufo tumi de wɔn nneɛma biara gu mu. Ná wɔn a wɔfa keteke wɔ India no taa de saa bag no tu kwan, na ɛboaa yɛn paa wɔ yɛn akwantu mu akyiri yi.

Bere a yɛde keteke twaa kwan nnanu akyi no, yekoduu Tiruchchirappalli kurow a ɛwɔ Madras (seesei wɔfrɛ hɔ Tamil Nadu) mantam no anafo fam, baabi a na yɛrekɔyɛ yɛn asɛmpatrɛw adwuma no. Yɛkɔkaa Indiafo akwampaefo atitiriw baasa a na wɔreka asɛm no akyerɛ nnipa 250,000 wɔ saa kurow no mu no ho. Ná anibue nni kurow no mu. Bere bi, na yɛn sika a aka wɔ yɛn ho nnu Amerika sika $4. Nanso saa sika no sae no, Yehowa annyaw yɛn. Ɔbarima bi a na yɛne no resua Bible no bɔɔ yɛn bosea ma yɛde pɛɛ ofie bi a ɛfata de yɛɛ asafo nhyiam. Da bi a na yɛn aduan asa no, ofipamfo bi fi ayamye mu brɛɛ yɛn aduan. Aduan no yɛɛ me dɛ de, nanso na mako wom dodo, enti ɛmaa tekɔtekɔ sii me!

Asɛnka Adwuma No

Ɛwom sɛ na nnipa binom a wɔwɔ Tiruchchirappalli ka Borɔfo de, nanso na dodow no ara ka Tamil kasa. Enti, yɛyeree yɛn ho suaa asɛm tiawa bi a yɛde bedi adanse wɔ saa kasa no mu. Ɛno maa kurom hɔfo no pii tiee yɛn asɛm no.

Yɛn ani gyee afie afie asɛnka no ho yiye. Indiafo yɛ nnipa bi a wɔpɛ ahɔhoyɛ, na wɔn mu dodow no ara frɛ yɛn kɔ wɔn fie kɔma yɛn anonne. Esiane sɛ na ɛhɔ taa yɛ hyew tra so nti yɛn ani sɔɔ wɔn ahɔhoyɛ no paa. Ná nidi wom sɛ yɛbɛbɔ abrabɔ mu nkɔmmɔ ansa na yɛafi ase aka yɛn asɛm no. Ná afiewuranom taa bisa me ne me yere sɛ: “Mufi he? Mowɔ mma? Adɛn nti na munni mma?” Sɛ yɛka sɛ yenni mma a, na wɔtaa ka sɛ wɔbɛkyerɛ yɛn oduruyɛfo bi a ɔyɛ ade paa! Nanso, na nkɔmmɔ a ɛtete saa no ma yetumi kyerɛ wɔn nnipa kõ a yɛyɛ, na yɛmaa wohuu mfaso a ɛwɔ Bible nkyerɛkyerɛ adwuma a yɛyɛ no so.

Ná nnipa a yɛka asɛm no kyerɛ wɔn dodow no ara yɛ Hindufo, na wɔn som no nkyerɛkyerɛ yɛ soronko koraa wɔ Kristosom de ho. Sɛ́ anka yɛne wɔn bɛka Hindufo nkyerɛkyerɛ a asete yɛ den no ho asɛm no, yɛkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no mmom kyerɛɛ wɔn, na wotiei. Wɔ asram asia ntam no, nnipa bɛyɛ 20 fii ase baa asafo nhyiam wɔ yɛn asɛmpatrɛwfo fie hɔ. Ná wɔn mu biako ne Nallathambi a ɔyɛ adansi ne sɛnea woyi akwan ho nimdefo no. Ɔne ne ba a wɔfrɛ no Vijayalayan boaa nnipa bɛyɛ 50 akyiri yi ma wɔbɛyɛɛ Yehowa asomfo. Vijayalayan san somee wɔ India Betel adwumayɛbea kosii bere bi.

Yetutuu Akwan

Yɛkɔɔ India no, annu asram asia koraa mpo na wodii kan paw me sɛ mensom daa sɛ ɔmantam sohwɛfo wɔ ɔman no mu. Ná eyi bɛma yɛatutu akwan akɔ India afã nyinaa akɔyɛ nhyiam ahorow, na yɛne akuw a wɔka kasa horow akron yɛɛ ɔsom adwuma no. Ná eyi yɛ adwumaden. Yɛhyehyɛɛ yɛn ntade ne nneɛma a yɛde bɛyɛ nhyiam asram asia guu nnade nnaka ne yɛn ntama bag a yɛde tu kwan no mu, na yɛde keteke fii Madras kurow (seesei wɔfrɛ hɔ Chennai) mu kɔe. Esiane sɛ na kwantenten a yetwa wɔ ɔmantam adwuma no mu yɛ kilomita 6,500 nti, na yetu kwan bere nyinaa. Bere bi, yewiee nhyiam bi wɔ Bangalore a ɛwɔ India anafo fam no Kwasida. Na yɛtoaa so kɔɔ Darjeeling a ɛwɔ Himalaya mmepɔw mu wɔ atifi fam no kɔyɛɛ nhyiam foforo wɔ nnawɔtwe a edi hɔ no. Yetwaa kwan kilomita bɛyɛ 2,700, na yɛforoo keteke ahorow anum wɔ akwantu no mu ansa na yɛrekodu Darjeeling.

Bere a yefii ase tutuu akwan no, na yɛtaa yi The New World Society in Action sini no. Saa sini no maa nnipa huu baabi a na Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no ayɛ adwuma akodu. Ná nnipa ɔhaha pii taa bɛhwɛ saa sini yi. Da bi, yeyii sini no kyerɛɛ nnipakuw bi wɔ ɔkwan ho. Bere a yegu so reyi sini no osu munae, na ɛyɛe sɛ nea na ɛrebɛtɔ ara ne sa. Ná mepɛ sɛ metoa so yi sini no wie ntɛm, efisɛ bere bi a mitwaa sini no so no, ɛmaa nkurɔfo yɛɛ basabasa. Anigyesɛm ne sɛ, sini no baa awiei a biribiara antwa so ansa na osu no refi ase atɔ.

Mfe a edi hɔ no, me ne Melody tutuu akwan kɔɔ India afã pii. Esiane sɛ na ɛsono ɔmantam biara mu aduan a wodi, ne ntade a wɔhyɛ, ne kasa a wɔka, ne sɛnea ɛhɔ te nti, na ɛte sɛ nea yɛretu kwan afi ɔman foforo so akɔ foforo so. Hwɛ sɛnea Yehowa abɔde gu ahorow ma ɛyɛ nwonwa fa! Saa ara na India wuram mmoa nso gu ahorow. Bere bi a na yɛnam Nepal kwae mu no, yehuu osebɔ kɛse bi. Na aboa no so paa. Saa aboa no a yehuu no no hyɛɛ ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛtra Paradise, baabi a nnipa ne mmoa bɛtra asomdwoe mu no mu den.

Wodii Ahyehyɛde no Nhyehyɛe Akyi

Wɔ saa mmere no mu no, na ɛsɛ sɛ anuanom a wɔwɔ India no di Yehowa ahyehyɛde no mu nhyehyɛe akyi pɛɛ. Wɔ asafo ahorow bi mu no, na mmarima wɔ baabi a wɔtra, ɛnna mmea nso wɔ baabi a wɔtra wɔ nhyiam ase. Ná wɔntaa mfi asafo nhyiam ase wɔ bere ano. Wɔ beae bi no, na wɔbɔ dɔn frɛ anuanom ansa na wɔabehyiam. Wɔ mmeae afoforo nso, esiane sɛ na anuanom de owia na ɛhwɛ bere nti na ɛsono bere a obiara de ba nhyiam. Ná wɔntaa nyɛ nhyiam akɛse, na saa ara nso na na amansin so ahwɛfo ntaa nkɔsra asafo ahorow no. Ná anuanom pɛ sɛ wɔyɛ nea ɛteɛ, nanso na wobehia ntetee.

Wɔ afe 1959 mu no, Yehowa ahyehyɛde no de Ahenni Som Sukuu no sii hɔ. Saa ntetee a ɛkɔɔ so wɔ wiase nyinaa no boaa amansin so ahwɛfo, akwampaefo atitiriw, asɛmpatrɛwfo, ne asafo mu mpanyimfo ma wodii Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde a wɔwɔ ho dwuma yiye. Bere a wɔhyɛɛ sukuu no ase wɔ India wɔ December 1961 mu no, mekyerɛɛ ade wɔ sukuu no mu. Nkakrankakra no, asafo ahorow no nyaa saa ntetee no so mfaso wɔ ɔman no nyinaa mu, na wonyaa nkɔso ntɛmntɛm. Bere a anuanom no huu nea ɛteɛ no, Onyankopɔn honhom kanyan wɔn ma wɔyɛe.

Nhyiam akɛse nso hyɛɛ anuanom nkuran ma wɔyɛɛ biako. Saa nhyiam akɛse yi mu biako a yɛn werɛ remfi da ne “Daa Asɛmpa” Amanaman Ntam Nhyiam a wɔyɛe wɔ New Delhi wɔ afe 1963 mu no. Adansefo a wofi India afanan nyinaa twaa kwan tenteenten baa saa nhyiam no, wɔn mu pii de sika a na wɔde asie nyinaa na ɛyɛɛ saa. Esiane sɛ anuanom 583 fi aman 27 so baa nhyiam no bi nti, ɛmaa Adansefo a wɔwɔ India tumi ne nnipadɔm a wofi aman foforo so hyiaam nea edi kan nyaa fekubɔ.

Wɔ afe 1961 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me ne Melody sɛ yɛnkɔsom wɔ Betel wɔ Bombay, na akyiri yi, mesomee sɛ Baa Boayikuw no muni. Minyaa ɔsom hokwan afoforo nso. Mede mfe pii somee sɛ dantaban sohwɛfo wɔ Asia ne aman a ɛwɔ Mediterranea Apuei fam no mu. Esiane sɛ na wɔabara asɛnka adwuma no wɔ saa aman yi pii mu nti, na ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔwɔ hɔ no ‘yɛ anifere sɛ awɔ, na wɔyɛ kronn sɛ mmorɔnoma.’—Mateo 10:16.

Ntrɛwmu ne Nsakrae

Bere a edi kan a yeduu India wɔ afe 1959 mu no, na adawurubɔfo 1,514 na wɔwɔ ɔman no mu. Ɛnnɛ, wɔn dodow boro 24,000. Nea ɛbɛyɛ na yɛaboa adawurubɔfo a wɔadɔɔso yi no, yetuu mprenu kɔɔ Betel adan afoforo a ɛwɔ Bombay anaa baabi a ɛbɛn hɔ mu. Ɛno akyi no, wɔ March 2002 mu no, Betel abusua no san tu kɔɔ dan foforo a wosii a ɛbɛn Bangalore wɔ India anafo fam no mu. Mprempren, Betelfo 240 na wɔwɔ dan foforo a wɔasi no mu, na wɔn mu binom kyerɛ nhoma a wɔde kyerɛkyerɛ Bible mu ase kɔ kasa 20 mu.

Ɛwom sɛ na me ne Melody hwɛ kwan denneennen sɛ yebetu akɔ Bangalore de, nanso yare nti yɛsan kɔɔ Australia wɔ afe 1999 mu. Seesei yɛsom wɔ Betel wɔ Sydney. Ɛwom sɛ yɛafi India de, nanso ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn nnamfo ne wɔn a yɛboaa wɔn ma wɔbaa nokware no mu no mu da so ara yɛ den. Sɛ yɛn nsa ka wɔn krataa a, hwɛ sɛnea yɛn ani gye fa!

Sɛ me ne Melody hwɛ mfe 50 a yɛde ayɛ bere nyinaa som adwuma no a, yɛte nka sɛ yɛanya nhyira paa. Kan no na yetwa nkurɔfo mfonini ma wɔde kae wɔn, nanso nkurɔfo a yɛreyɛ adwuma de aboa wɔn ma Onyankopɔn akae wɔn no so wɔ mfaso koraa. Hwɛ sɛnea gyinae a yesii sɛ yɛde Onyankopɔn apɛde bedi kan wɔ yɛn asetram no ama yɛanya osuahu a ɛyɛ anigye! Yiw, nea Onyankopɔn ka sɛ ɛteɛ a yɛyɛ no ma yenya anigye ankasa!

[Asase mfonini ahorow a ɛwɔ kratafa 15]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

New Delhi

Darjeeling

INDIA

Bombay (Mumbai )

Bangalore

Madras (Chennai)

Tiruchchirappalli

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Hadyn ne Melody, 1942

[Mfonini wɔ kratafa 16]

India Betel abusua, 1975