Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Bere a ɔsomafo Paulo kae sɛ mmea “mmua wɔn ano asafo mu” no, na ɔrepɛ akyerɛ dɛn?

Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo asafo a ɛwɔ Korinto no sɛ: “Sɛnea ɛte wɔ akronkronfo asafo nyinaa mu no, momma mmea mmua wɔn ano wɔ asafo no mu, efisɛ hokwan nni hɔ sɛ wɔkasa.” (1 Korintofo 14:33, 34) Nea ɛbɛyɛ na yɛate eyi ase yiye no, mfaso wɔ so sɛ yebesusuw nea ɛmaa Paulo kaa saa asɛm no ho.

Nea Paulo kaa ho asɛm wɔ 1 Korintofo 14 no fa Kristofo asafo nhyiam ahorow ho. Ɔkaa nea ɛsɛ sɛ wosusuw ho wɔ saa nhyiam ahorow no ase ne sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ no ho asɛm. (1 Korintofo 14:1-6, 26-34) Afei nso, osii so dua sɛ nea enti a wɔyɛ Kristofo nhyiam ne sɛ ‘ɛbɛhyɛ asafo no den.’—1 Korintofo 14:4, 5, 12, 26.

Paulo afotu a ɛka sɛ ‘wommua wɔn ano’ no pue mprɛnsa wɔ 1 Korintofo 14 mu. Bere biara a ɔkaa saa asɛm no, ɔka kyerɛɛ nkurɔfokuw pɔtee bi wɔ asafo no mu, nanso wɔ ne nyinaa mu no, na ekura botae koro a ɛne sɛ “biribiara nkɔ so fɛfɛɛfɛ a nhyehyɛe da ho.”—1 Korintofo 14:40.

Nea edi kan no, Paulo kae sɛ: “Sɛ obi bɛka kasa foforo a, momma ɛnyɛ nnipa baanu anaa aboro so koraa baasa ntam, na wɔnka no nnidiso nnidiso; na momma obi nkyerɛ ase. Na nea ɔbɛkyerɛ ase nni hɔ a, momma ommua n’ano wɔ asafo no mu, na ɔnkasa nkyerɛ ne ho ne Nyankopɔn.” (1 Korintofo 14:27, 28) Ná ɛno nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ saa nipa no kasa da wɔ asafo nhyiam ahorow ase, nanso na mmere bi wɔ hɔ a na ɛsɛ sɛ ommua n’ano. Nokwarem no, sɛ nipa no ka kasa bi a obiara nte ase a, na nhyiam no botae a ɛne sɛ ɛbɛhyɛ wɔn den no renyɛ yiye.

Nea ɛto so abien no, Paulo kae sɛ: “Momma adiyifo baanu anaa baasa nkasa, na wɔn a aka no nhu nea ɛkyerɛ. Nanso sɛ obi foforo te hɔ na onya adiyi a, momma nea odi kan no mmua n’ano.” Ná eyi nkyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ odiyifo a odi kan no kasa wɔ nhyiam no ase, na mmom ɛtɔ mmere bi a na ɛsɛ sɛ ommua n’ano. Afei na onipa a ɔwɔ adiyisɛm no betumi akasa akyerɛ asafo no, na ama adi botae a enti wohyiam a ɛne sɛ ‘ɛbɛhyɛ obiara nkuran’ no ho dwuma.—1 Korintofo 14:26, 29-31.

Nea ɛto so abiɛsa no, ɛyɛ Kristofo mmea nkutoo na Paulo kaa asɛm yi kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mmea mmua wɔn ano wɔ asafo no mu, efisɛ hokwan nni hɔ sɛ wɔkasa, na mmom momma wɔmmrɛ wɔn ho ase, sɛnea Mmara no nso ka no.” (1 Korintofo 14:34) Dɛn nti na Paulo de ahyɛde a ɛte saa maa mmea? Sɛnea ɛbɛyɛ a biribiara bɛkɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ asafo no mu. Ɔkae sɛ: “Sɛ wɔpɛ sɛ wosua biribi a, wommisa wɔn ankasa wɔn kununom wɔ fie, efisɛ ɛyɛ aniwu sɛ ɔbea bɛkasa wɔ asafo no mu.”—1 Korintofo 14:35.

Ɛbɛyɛ sɛ na mmea no bi kasa tia nea na wɔkyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu no. Paulo afotu no boaa mmea no ma wɔkwatii subammɔne a ɛte saa, na wɔafi ahobrɛase mu agye gyinabea a wɔwɔ wɔ Yehowa tiyɛ nhyehyɛe ho no atom, titiriw nea ɛfa wɔn kununom ho no. (1 Korintofo 11:3) Afei nso, sɛ mmea no mua wɔn ano a, na wɔde rekyerɛ sɛ wɔmpɛ sɛ wɔpere bɛyɛ akyerɛkyerɛfo wɔ asafo no mu. Bere a Paulo kyerɛw Timoteo no, ɔkyerɛe sɛ ɛrenyɛ papa sɛ ɔbea bɛkyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu. Ɔkae sɛ: “Memma ɔbea kwan sɛ ɔnkyerɛkyerɛ anaasɛ onni ɔbarima so tumi, na mmom sɛ ɔnyɛ komm.”—1 Timoteo 2:12.

So ɛno kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ Kristoni bea kasa da wɔ asafo nhyiam ase? Dabi. Wɔ Paulo bere so no, ɛbɛyɛ sɛ ɛtɔ mmere bi a na honhom kronkron ka Kristofo mmea ma wɔbɔ mpae anaa wɔhyɛ nkɔm wɔ asafo no mu. Wɔ mmere a ɛte saa mu no, na wɔkata wɔn ti de kyerɛ sɛ wogye wɔn gyinabea wɔ tiyɛ nhyehyɛe ho no tom. * (1 Korintofo 11:5) Bio nso, wɔ Paulo bere so ne yɛn bere yi so no, wɔhyɛ mmarima ne mmea nkuran sɛ wɔnka wɔn anidaso ho asɛm nkyerɛ wɔ baguam. (Hebrifo 10:23-25) Saa a mmea bɛyɛ wɔ asɛnka mu no da nkyɛn a, wɔka wɔn anidaso kyerɛ denam mmuae a etu mpɔn a wɔma wɔ asafo nhyiam ase ne ɔyɛkyerɛ ahorow a wɔyɛ anaa sukuu dwumadi a wɔyɛ so de hyɛ afoforo nkuran.

Enti, sɛ Kristofo mmea no ammɔ mmɔden sɛ wobegye mmarima no adwuma ayɛ na wɔakyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu a, na ɛkyerɛ sɛ ‘wɔamua wɔn ano.’ Wɔnnka nsɛm a ɛde akyinnyegye ba a ebetumi ama wɔasɔre atia wɔn a wɔkyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu no tumi. Sɛ Kristofo mmea yɛ nnwuma a ɛfata sɛ wɔyɛ wɔ asafo no mu a, wɔboa kɛse ma asomdwoe tra asafo no mu, na ɛma ‘biribiara a ɛkɔ so wɔ asafo nhyiam ase no hyɛ den.’—1 Korintofo 14:26, 33.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 10 Wɔ ɛnnɛ bere yi mu no, sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ mmea a wɔn ho akokwaw yɛ dwumadi bi a anka ɔbarima a wabɔ asu wɔ asafo no mu na ɛsɛ sɛ ɔyɛ a, wɔkata wɔn ti.—Hwɛ July 15, 2002, Ɔwɛn-Aban, kratafa 26.