Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wopɛ sɛ Wunya Nnamfo Pa?

So Wopɛ sɛ Wunya Nnamfo Pa?

So Wopɛ sɛ Wunya Nnamfo Pa?

NNIPA dodow no ara na wɔpɛ sɛ wonya nnamfo pa. Sɛ wutumi ka w’abrabɔ mu nsɛm kyerɛ nnipa bi a wɔbɛn wo a, ɛma wunya anigye paa. Nanso wobɛyɛ dɛn na woatumi anya nnamfo pa ankasa? Bɛyɛ mfe 2,000 a atwam no, Yesu kyerɛe sɛ ɔdɔ ne ade titiriw a ɛma nnipa ntam abusuabɔ nyinaa yɛ papa. Ɔkyerɛkyerɛe sɛ: “Sɛnea mopɛ sɛ nnipa yɛ mo no, monyɛ wɔn saa ara.” (Luka 6:31) Yesu asɛm yi kyerɛ sɛ sɛ yɛpɛ sɛ yenya nnamfo a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnipa a yɛn yam ye. Ne tiawa mu ne sɛ, sɛ wopɛ sɛ wunya adamfo a, ɛsɛ sɛ woyɛ obi a afoforo tumi bɛn wo. Wobɛyɛ dɛn ayɛ saa?

Ɛnyɛ da koro pɛ na wɔde nya adamfo pa. Nnamfo nyɛ amannifo ara kɛkɛ. Nnamfo yɛ nnipa a yɛn ani ka wɔn ho paa. Egye mmɔdenbɔ na ama yɛanya nnamfo pa no bi na yɛamma biribiara antetew yɛne wɔn ntam. Mpɛn pii no, ehia sɛ yedi kan yɛ nneɛma a yɛn nnamfo pɛ ma wɔn ansa na yɛayɛ yɛn ankasa de. Nnamfo bom gye wɔn ani, ɛnna wɔbom nso di awerɛhow.

Sɛ asɛm to obi na sɛ woboa no kyekye no werɛ a, ɛnna ɛkyerɛ sɛ woyɛ adamfo pa. Mmebusɛm 17:17 ka sɛ: “Adamfo dɔ bere nyinaa mu, na onua, wɔwoo no maa hiada.” Nokwarem no, nnamfo ntam dɔ mu betumi ayɛ den koraa mpo asen sɛnea wo ne w’abusuafo bi ntam te. Mmebusɛm 18:24 ka sɛ: “Nea ɔfa nnamfo pii no de sɛe n’ankasa ne ho, nanso . . . adamfo bi wɔ hɔ a ɔfam ne ho sen onua.” So wopɛ sɛ wuhu ɔkwan a wobɛfa so anya nnamfo pa a ɛte saa ankasa? Wopɛ sɛ wobɛka nnipakuw bi a wonim wɔn sɛ wɔdodɔ wɔn ho wɔn ho no ho? (Yohane 13:35) Sɛ wopɛ a, ɛnde Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woahu ɔkwan a wobɛfa so anya nnamfo pa.