Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asafo a Wɔka Ɔman Foforo So Kasa a Wo ne Wɔn Bɛsom

Asafo a Wɔka Ɔman Foforo So Kasa a Wo ne Wɔn Bɛsom

Asafo a Wɔka Ɔman Foforo So Kasa a Wo ne Wɔn Bɛsom

ƆSOMAFO Yohane kyerɛwee sɛ: “Na mihuu ɔbɔfo foforo a ɔnam wim a okura daa asɛmpa sɛ anigyesɛm a ɔrekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase so, aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa.” (Adiyisɛm 14:6) Nea ɛbɛyɛ na saa nkɔmhyɛ yi abam no, wɔreka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no wɔ kasa horow nyinaa mu. Nnipa pii a wɔatu afi wɔn kurom akɔtra aman foforo so no na wɔka kasa horow yi. Yehowa Adansefo a wɔasua kasa horow yi de nsi boa nnipa a wɔte saa ma wotie asɛmpa no.

Woka Adansefo a wɔresom wɔ asafo horow a wɔka ɔman foforo so kasa wom no ho? Anaa woresusuw ho sɛ ebia wobɛyɛ saa? Adwempa a wubenya no bɛboa wo ma woatumi ayɛ eyi. Esiane sɛ wo botae ne sɛ wobɛboa afoforo ma wɔasua Onyankopɔn Asɛm mu nokware no nti, ɛda adi sɛ wukura adwempa a ɛne sɛ, wodɔ Onyankopɔn ne wo yɔnko nnipa. (Mateo 22:37-39; 1 Korintofo 13:1) Ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛboa afoforo ma wɔanya Onyankopɔn ho nimdeɛ no bɛkanyan wo kɛse ama woanya anigye sen sɛnea ɔman foforo so fekubɔ, aduan anaa amammerɛ betumi ama woanya. So ɔman foforo so kasa a wubesua no rehunahuna wo? Sɛ ɛte saa a, ɛnde ɛho adwempa a wubenya no bɛboa wo paa. James a osuaa Japan kasa no ka sɛ: “Mma kasa no nhunahuna wo.” Sɛ wuhu sɛ afoforo atumi ayɛ a, ɛno bɛboa wo ma woanya ho adwempa. Ɛnde wobɛyɛ dɛn asua ɔman foforo so kasa? Dɛn na ɛbɛboa wo ama woatumi ayɛ nsakrae atra asafo a wɔka ɔman foforo so kasa mu? Na wobɛyɛ dɛn ayɛ den wɔ honhom mu?

Kasa no a Wubesua

Akwan pii wɔ hɔ a wɔfa so sua kasa. Ɛsono sɛnea wɔn a wɔresua kasa no sua ade, ɛnna ɛsono sɛnea akyerɛkyerɛfo no nso kyerɛ kasa no. Wɔ adesuafo pii fam no, sɛ obi a onim kasa no yiye kyerɛ wɔn ade kakra a, ɛboa wɔn ma wosua kasa no ntɛm a wɔmmrɛ ho. Bible ne Bible ho nhoma a ɛwɔ ɔman foforo so kasa mu a wobɛkenkan ne nea wɔakyere agu kasɛt so a wubetie no bɛboa wo ma woanya nsɛmfua pii a wode bɛkasa na ama woahu nsɛmfua a Yehowa Adansefo de di dwuma no nso pii. Radio, TV, ne video so dwumadi ahorow a ɛfata nso bɛboa wo ma woate kasa no yiye na woahu ɔman no amammerɛ. Ɛdefa bere tenten a ɛsɛ sɛ wode sua kasa ho no, sɛ wusua kasa no kakra da biara a, eye sen sɛ wode bere tenten bɛhaw wo ho asua no bere ne bere mu.

Kasasua te sɛ nea woresua asuguare. Asuguare ho nhoma a wobɛkenkan kɛkɛ no rentumi mma wunhu asuguare. Ɛsɛ sɛ wusi nsu no mu na woboro. Saa ara na kasasua nso te. Sɛ wusua ho ade kɛkɛ a, ɛbɛyɛ den paa sɛ wobɛte. Bere biara a hokwan bebue no, wo ne afoforo mmɔ—tie wɔn nkɔmmɔbɔ, bɛn wɔn, na wo ne wɔn nkasa! Kristofo dwumadi bɛboa wo wɔ eyi mu kɛse. Mpɛn pii no, wubetumi de nea wusua no ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu. Midori a ɔresua China kasa no ka sɛ: “Ebetumi abɔ wo hu paa, nanso nnipa a yɛkɔ wɔn nkyɛn no hu sɛ, yɛn a yɛyɛ Adansefo no rebɔ yɛn ho mmɔden. Eyi betumi aka wɔn ma wɔatie yɛn. Nea ehia ara ne sɛ yebehu sɛnea wokyia wɔ wɔn kasa mu, na ɛno ma wɔn ani gye!”

Kristofo nhyiam nso boa kɛse. Sɛ wokɔ nhyiam biara ase a, bɔ mmɔden sɛ anyɛ yiye koraa no wobɛma mmuae biako. Sɛ eyi ma wobɔ hu mfiase no mpo a, mma ɛnhaw wo. Asafo no mufo bɛboa wo ma woate kasa no! Monifa a ɔresua Korea kasa no kae sɛ: “Meda onuawa a ɔtra me nkyɛn wɔ adesua ase no ase sɛ ɔkyerɛw nsɛmfua bi nkyerɛase ma me. Ɔdɔ ne ntoboase a onya ma me no boa me paa.” Bere a worete kasa no, wubetumi afi ase de kasa foforo no asusuw nneɛma ho na wode nsɛm atoto nneɛma ho sen sɛ wobɛkyerɛ asɛmfua biara ase wɔ w’adwenem.

Ade a edi kan a ɛsɛ sɛ wode yɛ wo botae ne sɛ wobɛkasa ma ‘emu ada hɔ pefee.’ (1 Korintofo 14:8-11) Ɛwom sɛ ebia wobenya wo ho abotare de, nanso mfomso a wubedi wɔ ɔkasa mu no remma wontie w’asɛm no yiye. Nsɛmfua a wobɛbobɔ no yiye ne kasa ho mmara a wobɛma w’ani akũ ho afi mfiase pɛɛ no bɛboa wo ma wo kasa mu ada hɔ. Mark a osuaa Swahili kasa no de nyansahyɛ ma sɛ: “Sɛ wudi mfomso kɛse wɔ kasa mu a, bisa wɔn a wɔte kasa no yiye ma wɔnkyerɛ wo, na da wɔn ase!” Nanso ɛsɛ sɛ wudwen wɔn a wɔreboa wo no ho yiye na woansɛe wɔn bere pii. Ɛwom sɛ wubetumi ama obi ahwɛ nsɛm a wɔakyerɛw no mu ama wo de, nanso bɔ mmɔden sɛ wode nsɛm a woasua anaa woahu wɔ nsɛm asekyerɛ nhoma mu no besiesie ɔkasa a wobɛma wɔ Kristofo nhyiam ase anaa mmuae a wobɛma no. Eyi ma wote kasa no ntɛm na ɛma wode ahotoso kasa.

Mma W’abam Mmu

Monifa ka sɛ: “Menyɛɛ adwuma biara a ɛyɛ den sen kasasua. Edu baabi a, na mepɛ sɛ migyae. Nanso sɛ ɛba saa a, mekae sɛnea me Bible asuafo ani gye honhom mu nokware a emu dɔ a mede me Korea kakra a mate kyerɛkyerɛ wɔn no ho, ne sɛnea sɛ minya nkɔso kakra a, ɛma anuanom ani gye no.” Asɛm no ara ne sɛ, mma w’abam mmu ntɛm. Wo botae ne sɛ wobɛkyerɛkyerɛ afoforo Kyerɛwnsɛm no mu nokware a egye nkwa no. (1 Korintofo 2:10) Ne saa nti, egye mmɔdenbɔ ne bere tenten na woatumi de ɔman foforo so kasa akyerɛkyerɛ Bible no mu akyerɛ afoforo. Bere a worete kasa no, kwati sɛ wode wo ho bɛtoto afoforo ho wɔ ɔkwan a ɛmfata so. Ɛsono sɛnea wɔn a wosua kasa no nyinaa nkɔso te. Nanso ehia sɛ wode w’adwene si nea wutumi yɛ so. (Galatifo 6:4) Joon a ɔresua China kasa no ka sɛ: “Kasasua te sɛ woreforo abansoro. Bere a wobɛte nka sɛ woabrɛ no, na woadu akyiri.”

Kasa foforo sua gye bere tenten. Enti fa anigye sua, na nhwɛ kwan sɛ wobɛka no frenkyemm. (Dwom 100:2) Ɛnyɛ dɛn ara a, wubedi mfomso. Efisɛ, mfomso mpa kasasua mu. Bere a Kristoni bi fii ase sɛ ɔde Italy kasa redi adanse no, obisaa ne fiewura no sɛ, “So wunim asetra yi prae?” Na ɔrepɛ akyerɛ sɛ “asetra atirimpɔw.” Ɔdansefo bi a ɔresua Poland kasa ka kyerɛɛ asafo no sɛ wɔnto kraman bere a na ɔrepɛ aka akyerɛ wɔn sɛ wɔnto dwom no. Bere a obi a ɔresua China kasa rehyɛ n’atiefo nkuran sɛ wɔnkyerɛ Yesu agyede no mu gyidi no, asɛmfua no a wantumi ammɔ din yiye nti, ɔkae sɛ wɔnkyerɛ Yesu nhoma akorae mu gyidi. Ade biako a eye wɔ mfomso a wodi wɔ kasasua mu ne sɛ, sɛ woanka kasa no yiye na wɔkyerɛ wo a, wo werɛ remfi da.

Asafo no a Wo ne Wɔn Bɛbom Ayɛ Adwuma

Ɛnyɛ kasa a obi nte nkutoo na ɛpaapae nnipa mu. Mpɛn pii no, amammerɛ, abusua ne ɔman a obi fi mu na ɛpaapae nnipa mu. Nanso eyi nyɛ akwanside a wontumi nni so. Nhomanimfo bi a ɔresua nyamesom akuw a wɔka China kasa ho ade wɔ Europa no kae sɛ Yehowa Adansefo “wɔ ɔman biara mu.” Ɔka faa Adansefo no ho sɛ, “abusua mu mpaapaemu biara nni wɔn mu, na dwuma a kasa horow di wɔ wɔn ntam ara ne sɛ wɔde sua Onyankopɔn asɛm.” Nokwarem no, Bible nnyinasosɛm a wɔde di dwuma no boa nokware Kristofo ma wodi aman anaa abusua mu mpaapaemu so. Wɔ wɔn a wɔhyɛ ‘nipasu foforo no fam no, Helani anaa Yudani anaa ɔnanani nni hɔ.’—Kolosefo 3:10, 11.

Ne saa nti, ɛsɛ sɛ asafo no mufo nyinaa boa ma biakoyɛ tra wɔn mu. Eyi hwehwɛ sɛ yegye afoforo nsusuwii, wɔn nkate ne ɔkwan a wɔfa so yɛ nneɛma no tom. Sɛ woanyɛ katee wɔ wo nsusuwii anaa nneɛma a w’ani gye ho ho a, ebetumi ama woakwati mpaapaemu a ɛte saa. (1 Korintofo 1:10; 9:19-23) Bɔ mmɔden sɛ wobɛkyerɛ amammerɛ ahorow nyinaa ho anigye. Kae sɛ, ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim yɛ ade titiriw a ɛboa ma nkabom ne biakoyɛ ba.

Mpɛn pii no, wɔn a wosua ɔman foforo so kasa ne wɔn a afei na wɔresua Bible nnyinasosɛm ahorow no fi ase sɛ kuw nketewa ansa na wɔabɛyɛ asafo. Enti ɛtaa ba sɛ, wontwiwontwi kakra tumi sɔre wɔ akuw a ɛte saa mufo mu sen sɛnea ɛte wɔ asafo akɛse mu no. Ne saa nti, ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nhwɛso pa na ama biakoyɛ atra wɔn ntam. Ɔdɔ ne ayamye a yɛbɛda no adi wɔ yɛn kasa ne yɛn nneyɛe mu no boa ma biakoyɛ tra asafo no mu na wɔn a wɔaba mu foforo no tumi nya honhom mu nkɔso.

Ɛsɛ sɛ wɔn a wotu wɔn ho mma kɔboa asafo a wɔka ɔman foforo so kasa no hwɛ sɛnea wɔne afoforo bedi nsɛm afa. Rick a ɔyɛ asafo mu panyin wɔ asafo a ɛte saa mu no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Adansefo binom a wɔyɛ foforo no ho nkokwawee wɔ sɛnea wɔtoto nneɛma wɔ asafo no mu te sɛ wɔn a wɔwɔ asafo horow a wɔka wɔn ankasa kasa wom mu no. Nanso ɔdɔ ne nsi a wɔde yɛ adwuma no bunkam saa akwanside yi so. Eyi ama anigyefo pii reba nokware no mu.” Asafo nhyiam a wobɛkɔ bere nyinaa ne Kristofo dwumadi afoforo a wode wo ho behyem sɛnea wubetumi biara no bɛboa asafo no yiye bere mpo a wugu so resua kasa no. Adwuma a mobebom ayɛ no betumi ama asafo no anya nkɔso wɔ honhom fam.

Kɔ So Yɛ Den Wɔ Honhom Mu

Onua bi a ɔyɛ foforo koraa wɔ asafo bi a wɔka ɔman foforo so kasa wom no tee sɛ ɛna bi reboa ne ba ma wasiesie mmuae a ɔbɛma. Abofra no ka kyerɛɛ ne maame sɛ “Mama, wonkyerɛ me mmuae a ɛyɛ tiaa?” Ɛna no buae sɛ: “Oh dabi, ma yennyaw nea ɛyɛ tiaa no mma wɔn a wɔresua kasa no.”

Sɛ woanyin na sɛ wokyɛ wɔ kasa bi sua ho a, ebetumi ahyɛ w’adwene ne wo nkate so ama woayɛ mmerɛw wɔ honhom mu. Janet a seesei otumi ka Spain kasa yiye no ka sɛ: “Ná kasa a mintumi nka no yiye no haw me.” Hiroko a osuaa Borɔfo kasa no kae bere bi sɛ: ‘Nkraman ne nnyinamoa a wɔwɔ ha mpo te Borɔfo sen me.’ Na Kathie nso ka sɛ: “Bere a mitu kɔɔ asafo a wɔka Spain kasa wom no, me Bible asuafo ne sankɔhwɛ bebrebe no nyinaa bɔɔ me. Metee nka sɛ meyɛ ɔdapaafo.”

Sɛ ɛba saa a, ehia sɛ wunya adwempa. Bere a Hiroko abam bui no, ɔkaa wɔ ne tirim sɛ: “Sɛ afoforo atumi ayɛ a, me nso metumi.” Kathie ka sɛ: “Me de m’adwene buu sɛnea me kunu anya nkɔso na ɔrebɔ mmɔden wɔ asafo no mu no. Ɛno na aboa me. Ɛnna fam de, nanso mede nkakrankakra rebɔ me ho mmɔden sɛ mede kasa no bɛkyerɛkyerɛ wɔ asɛnka mu, na ɛma m’ani gye.” Ne kunu Jeff de ka ho sɛ: “Sɛ wɔma nkaebɔ wɔ asafo no mu anaa wɔka asɛm bi wɔ mpanyimfo nhyiam ase na mante ase a, ɛhaw me yiye. Sɛ ɛba saa a, ɛsɛ sɛ mifi komam de ahobrɛase bisa ma wɔkyerɛkyerɛ nsɛm mu kyerɛ me, nanso eyi nhaw anuanom koraa.”

Nea ɛbɛyɛ na woanyɛ mmerɛw wɔ honhom mu bere a wo ne asafo a wɔka ɔman foforo so kasa reyɛ adwuma no, ɛnsɛ sɛ wubu w’ani gu wo honhom fam yiyedi so. (Mateo 5:3) Kazuyuki a ɔde mfe pii asom wɔ Portugal no ka sɛ: “Ehia sɛ yedidi yiye wɔ honhom fam. Ɛno nti sɛ́ abusua no, yɛde yɛn ankasa kasa ne Portuguese kasa siesie yɛn ho ma asafo nhyiam ahorow.” Ɛtɔ da a, ebinom kɔ asafo nhyiam a wɔyɛ wɔ wɔn ankasa kasa mu no bi. Ne nyinaa akyi no, ahomegye ho hia.—Marko 6:31.

Susuw Ho

Sɛ woredwen ho sɛ wubetu akɔ asafo a wɔka ɔman foforo so kasa mu a, ɛsɛ sɛ wususuw ho yiye. (Luka 14:28) Wɔ eyi mu no, nneɛma a ehia paa sɛ wususuw ho ne wo honhom fam yiyedi ne abusuabɔ a ɛda wo ne Yehowa ntam no. Fa mpaebɔ susuw wo tebea no ho. Dwene wo hokafo ne wo mma ho. Bisa wo ho sɛ, ‘So me nsɛm tebea, me honhom ne nkate fam ahoɔden betumi ama mede bere tenten a ɛte saa asua kasa no?’ Nyansa wom sɛ wobɛyɛ nea wubetumi biara ama wo ne w’abusua adi yiye wɔ honhom mu. Baabiara a wobɛsom sɛ Ahenni dawurubɔfo no, wubetumi ayɛ pii ama w’ani agye.

Wɔn a wobetumi akɔsom wɔ asafo a wɔka ɔman foforo so kasa mu no benya so mfaso kɛse. Barbara a ɔne ne kunu tu kɔɔ asafo a wɔka Spain kasa wom no kae sɛ: “Ade biako a mayɛ wɔ m’asetra mu a m’ani agye ho paa ni. Ɛte sɛ nea afei na maba nokware no mu foforo. Esiane sɛ yɛrentumi nkɔyɛ asɛmpatrɛwfo wɔ ɔman foforo so nti, m’ani sɔ hokwan a manya yi paa.”

Wiase nyinaa no, nnipa mpapahwekwaa ɔpepem pii a ɛsono mfe a wɔadi de ato wɔn ho so sɛ wobesua ɔman foforo so kasa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtrɛw asɛmpa no mu. Sɛ woka wɔn ho a, mma biribiara ntwetwe w’adwene na fa adwempa yɛ. Nea ɛsen ne nyinaa no, fa wo ho to Yehowa so, na obehyira wo mmɔdenbɔ no so.—2 Korintofo 4:7.

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Sɛ obi a onim kasa no yiye kyerɛ wo ade a, ɛma wusua kasa no ntɛm a wommrɛ ho

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Sɛ woresua ɔman foforo so kasa a, ɛnsɛ sɛ wototo wo honhom fam yiyedi ase