Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hiob Nhoma no mu Nsɛntitiriw

Hiob Nhoma no mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Hiob Nhoma no mu Nsɛntitiriw

NÁ TETE agya Hiob te Us asase a ɛwɔ nnɛyi Arabia. Saa bere no na Israelfo pii wɔ Misraim. Ɛwom sɛ Hiob nyɛ Israelni de, nanso na ɔyɛ Yehowa Nyankopɔn somfo. Bible ka ne ho asɛm sɛ: “Obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase no so, ɔbarima a odi mu na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho.” (Hiob 1:8) Ɛbɛyɛ sɛ ɔtraa ase wɔ nnipa titiriw baanu a wɔyɛ Yehowa asomfo—Yakob ba Yosef ne odiyifo Mose bere so.

Mose a wosusuw sɛ ɔno na ɔkyerɛw Hiob nhoma no tee Hiob ho asɛm bere a ɔde mfe 40 traa Midian a ɛbɛn Us asase so no. Ebetumi aba sɛ bere a na Israelfo no abɛn Us wɔ mfe 40 a wɔde dii atutra wɔ sare so no awiei mu hɔ na Mose tee Hiob asetra ho nsɛm a etwa to no. a Wɔahyehyɛ Hiob ho nsɛm a wɔakyerɛw no yiye ma enti wobu kyerɛwtohɔ no sɛ nsɛm a edi mu. Nanso nea ɛsen saa no, ebua nsɛmmisa bi te sɛ: Dɛn nti na nnipa pa hu amane? Dɛn nti na Yehowa ma nsɛmmɔnedi ho kwan? So nnipa a wɔtɔ sin betumi akura wɔn mudi mu ama Onyankopɔn? Esiane sɛ ɛka Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu ho no nti, Hiob nhoma no mu nsɛm no wɔ nkwa na tumi wom wɔ nnɛ bere yi mu mpo.—Hebrifo 4:12.

“MA ƐDA A WƆWOO ME NO NYERA”

(Hiob 1:1–3:26)

Da bi Satan gyee nokware a Hiob di ma Onyankopɔn no ho kyim. Yehowa penee so na ɔmaa Satan kwan ma ɔde ɔhaw ahorow baa Hiob so. Nanso Hiob ‘annome Nyankopɔn.’—Hiob 2:9.

Hiob ayɔnkofo baasa bae sɛ ‘wɔrebegyam no na wɔakyekye ne werɛ.’ (Hiob 2:11) Wɔne no traa ase a wɔankasa kosii sɛ Hiob buee n’ano kae sɛ: “Ma ɛda a wɔwoo me no nyera.” (Hiob 3:3) Onyae a anka ɔyɛɛ sɛ ‘akokoaa a wanhu hann da’ anaa ɔba a wɔapɔn no.—Hiob 3:11, 16.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1:4—So Hiob mma no dii awoda? Daabi, wɔanni awoda. Mfitiase asɛm a wɔkyerɛɛ ase “da” ne “awoda” no nyɛ adekoro, emu biara wɔ ne nkyerɛase. (Genesis 40:20) Asɛmfua “da” a wɔde dii dwuma wɔ Hiob 1:4 no kyerɛ bere tenten a ɛda owiapue kosi owiatɔe ntam. Ɛda adi sɛ na Hiob mmabarima baason no ne abusua no de nnason hyiam gye wɔn ani afe biara. ‘Obiara wɔ ne da’ a ɔma wohyiam wɔ ne fie ma ɔto wɔn pon.

1:6; 2:1—Henanom na wɔmaa wɔn kwan ma wobegyinaa Yehowa anim? Wɔn a wobegyinaa Yehowa anim no ne Yehowa Ba a ɔwoo no koro; Asɛm no, abɔfo anokwafo; ne abɔfo asoɔdenfo a wɔyɛ “Onyankopɔn mma,” a Satan Ɔbonsam nso ka ho no. (Yohane 1:1, 18) Wɔantu Satan ne n’adaemone no amfi soro kosii sɛ wɔde Onyankopɔn Ahenni no sii hɔ wɔ afe 1914 akyi bere tiaa bi. (Adiyisɛm 12:1-12) Ma a Yehowa maa wɔn kwan ma wobegyinaa n’anim no ma ɔde Satan mpoatwa ne nsɛmpɔw a ɔma ɛsɔree no too honhom abɔde no nyinaa anim.

1:7; 2:2—So Yehowa ne Satan kasae tẽẽ? Bible no nka sɛnea Yehowa ne honhom mu abɔde di nkitaho no ho asɛm pii. Nanso wɔ odiyifo Mikaia anisoadehu mu no, ohui sɛ ɔbɔfo bi ne Yehowa rekasa tẽẽ. (1 Ahene 22:14, 19-23) Enti ɛda adi sɛ Yehowa ne Satan kasae tẽẽ a wamfa amfa obiara so.

1:21—Ɔkwan bɛn so na na Hiob bɛsan akɔ ne “na yam”? Esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn de “fam dɔte” na ɛnwenee onipa nti, wɔde asɛmfua ‘ɛna’ no di dwuma sɛnkyerɛnne kwan so de gyina hɔ ma asase.—Genesis 2:7.

2:9—Adwene bɛn na ɛbɛyɛ sɛ na Hiob yere kura bere a ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ ɔnnome Onyankopɔn na onwu no? Ná Hiob ne ne yere nyinaa ahwere wɔn agyapade. Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ ne yaw sɛ ohui sɛ yare bɔne abɔ ne kunu a bere bi na ɔte apɔw no. Ná ne mma nyinaa nso awuwu. Ɛbɛyɛ sɛ eyi nyinaa maa n’adwene tu frae ma enti wansusuw ade a na ɛho hiaa paa—wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ—ho.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

1:8-11; 2:3-5. Sɛnea ɛda adi wɔ Hiob asɛm no mu no, nneyɛe pa ne kasa dɛ akyi no, nokwaredi hwehwɛ sɛ yenya Yehowa som ho adwempa.

1:21, 22. Sɛ yɛkɔ so di Yehowa nokware wɔ bere a eye ne nea enye mu a, yɛbɛma Satan ayɛ ɔtorofo.—Mmebusɛm 27:11.

2:9, 10. Te sɛ Hiob no, sɛ abusuafo bu yɛn som adwuma no animtiaa anaa wɔhyɛ yɛn sɛ yennyae yɛn gyidi mu a, ɛsɛ sɛ yekura mu pintinn.

2:13. Esiane sɛ na Hiob ayɔnkofo no nkura Onyankopɔn adwene nti, na wonni asɛm papa bi a wɔbɛka de akyekye Hiob werɛ.

“MEREMMA WONNYI ME MUDI MFI ME HO”

(Hiob 4:1–31:40)

Aba a ɛwɔ Hiob ayɔnkofo baasa no nsɛm a wɔkae no mu ara ne sɛ, ɛbɛyɛ sɛ na Hiob ayɛ bɔne bi nti na na Onyankopɔn retwe n’aso no. Elifas na ofii ase kasae. Ɔkasa wiei no, Bildad nso kasae, na ɔkaa nsɛm a ɛyɛ yaw sen ne de no. Nea na n’anom nsɛm yɛ yaw sen wɔn nyinaa ne Sofar.

Hiob annye n’ayɔnkofo a wɔbaa ne nkyɛn no nsusuwii bɔne no antom. Esiane sɛ na ɔnte nea enti a Onyankopɔn ama ɔrehu amane no ase nti, ɔtee nka sɛ ɛsɛ sɛ obu ne ho bem. Ne nyinaa akyi no, ɔdɔ a na Hiob wɔ ma Onyankopɔn no ansa, ma enti ɔkae sɛ: “Meremma wonyi me mudi mfi me ho de bɛkɔ akosi sɛ megyaa mu.”—Hiob 27:5.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

7:1; 14:14—Dɛn na “ɔpaani nna” anaa ‘akõdi nna’ no kyerɛ? Ná Hiob amanehu no mu yɛ den ara ma obuu asetra sɛ adwumaden a ɛyɛ mfonoe. (Hiob 10:17) Esiane sɛ bere a obi kodi wɔ ɔdamoa mu—efi bere a owu kosi bere a wobenyan no—yɛ nhyɛ nti, Hiob de totoo adwumaden a ɛyɛ mfonoe ho.

7:9, 10; 10:21; 16:22—So nsɛm yi kyerɛ sɛ na Hiob nnye owusɔre nni? Na eyi fa nea ɛrenkyɛ ɛbɛto Hiob no ho. Ɛnde na ɔkyerɛ dɛn? Ade biako ne sɛ, na ebetumi aba sɛ sɛ Hiob wu a, n’ayɔnkofo no mu biara renhu no. Efisɛ, wɔ wɔn fam no, na Hiob rensan mma ne fie na saa ara nso na na wɔremmɔ ne din bio kosi sɛ Onyankopɔn bere a wahyɛ bedu. Bio nso, ɛbɛyɛ sɛ na Hiob kyerɛ sɛ, sɛ wɔammoa obi a, ɔrentumi nnyan mfi awufo mu. Yehu owusɔre a na ɛbɛba daakye ho anidaso a na Hiob wɔ no pefee wɔ Hiob 14:13-15.

10:10—Ɔkwan bɛn so na Yehowa ‘hwiee Hiob gui sɛ nufusu ne nufusu a akyenkyen’? Eyi yɛ anwensɛm kwan a wɔnam so kyerɛɛ sɛnea wɔnwenee Hiob wɔ ne na awotwaa mu.

19:20—Dɛn na Hiob kyerɛ bere a ɔkae sɛ “me se ho were nko na mede mafi mu” no? Ɛbɛyɛ sɛ ka a Hiob kae sɛ ɔnam biribi a enni were so na efii mu fii no kyerɛ sɛ ɔde nsapan na efii mu.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

4:7, 8; 8:5, 6; 11:13-15. Ɛnsɛ sɛ yɛpere yɛn ho susuw sɛ sɛ obi rehu amane a, na ɛyɛ Onyankopɔn na ɔretua ne bɔne so ka.

4:18, 19; 22:2, 3. Ɛnsɛ sɛ yegyina yɛn nsusuwii so de afotu ma, na mmom ɛsɛ sɛ yɛma egyina Onyankopɔn asɛm so.—2 Timoteo 3:16.

10:1. Sɛnea na Hiob di yaw wɔ ne mu no sɛee n’adwene ma enti wansusuw nneɛma horow a na ebetumi ama wahu amane no ho. Sɛ yɛrehu amane a, ɛnsɛ sɛ yedi yaw wɔ yɛn mu, ne titiriw bere a yenim nea enti a aba saa no.

14:7, 13-15; 19:25; 33:24. Sɛ Satan de sɔhwɛ biara ba yɛn so a, owusɔre anidaso no betumi awowaw yɛn.

16:5; 19:2. Ɛsɛ sɛ yɛn nsɛm hyɛ afoforo nkuran na ɛhyɛ wɔn den mmom sen sɛ ɛbɛhyɛ wɔn abufuw.—Mmebusɛm 18:21.

22:5-7. Sɛ yegyina atesɛm a enni nnyinaso so de afotu ma a, ɛso remma mfaso biara na mmom ebepira afoforo.

27:2; 30:20, 21. Enhia sɛ yɛyɛ pɛ na ama yɛatumi akura yɛn mudi mu. Hiob bɔɔ Onyankopɔn sobo a na ɛmfata.

27:5. Sɛ na Hiob bɛkɔ so adi nokware a, na ebegyina n’ankasa so, efisɛ nokwaredi gyina ɔdɔ a obi wɔ ma Onyankopɔn so. Ne saa nti ɛsɛ sɛ yenya ɔdɔ a emu yɛ den ma Yehowa.

28:1-28. Onipa nim faako a asase so agude hyehyɛ. Sɛ ɔbɔre hwehwɛ a, ne nyansa de no kɔ asase yam tɔnn, faako a ɔkɔre mpo ntumi nhu. Nanso Yehowa suro na ɛma nyansa.

29:12-15. Ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu da ayamye adi kyerɛ wɔn a ahia wɔn.

31:1, 9-28. Hiob yɛɛ nhwɛso maa yɛn efisɛ wannya mmea ho akɔnnɔ bɔne, wansɛe aware, wanyɛ afoforo basabasa, wanni adedodowpɛ akyi, na wansom abosom nso.

“MINU ME HO, DƆTE NE NSÕ MU”

(Hiob 32:1–42:17)

Abrante bi a wɔfrɛ no Elihu gyinaa baabi komm tiee akyinnye a na wɔregye no. Afei de, ɔde akokoduru kasae. Ɔteɛ Hiob ne ne nnamfo a na wɔreteetee no no so.

Elihu kasa wiei ara pɛ na Yehowa fi ahum mu kasae. Wankyerɛkyerɛ nea enti a Hiob rehu amane no mu. Nanso Ade Nyinaa so Tumfo no nam nsɛmmisa so maa Hiob huu Ne tumi nwonwaso ne ne nyansa a ɛso bi nni no. Hiob gye toom na ɔkae sɛ: “M’ani wu na minu me ho, dɔte ne nsõ mu.” (Hiob 42:6) Bere a Hiob sɔhwɛ no baa awiei no, onyaa ne nokwaredi no so akatua.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

32:1-3—Bere bɛn na Elihu bae? Esiane sɛ Elihu tee nsɛm a wɔkae no nyinaa nti, ɛbɛyɛ sɛ ansa na Hiob refi ase akasa bere a na ɔne n’ayɔnkofo baasa no atra nnason a obiara nkasae no, na Elihu atra baabi a ɛbɛma wate wɔn nsɛm no.—Hiob 3:1, 2.

34:7—Ɔkwan bɛn so na na Hiob te sɛ onipa a ‘ɔnom fɛwdi sɛ nsu’? Ɛwom sɛ na Onyankopɔn ankasa na na wɔrekasa atia no de, nanso wɔ Hiob amenehu nyinaa mu no, ogyinaa fɛw a n’ayɔnkofo baasa no dii no no nyinaa ano. (Hiob 42:7) Wɔ saa kwan yi so no, na ɛte sɛ nea ɔrenom fɛwdi sɛ nsu.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

32:8, 9. Sɛ obi anyin a, ɛnkyerɛ sɛ onim nyansa. Onyankopɔn Asɛm mu ntease ne ne honhom kronkron no mmoa so na ɛma obi hu nyansa.

34:36. Wɔ ɔkwan bi so no, yɛn nokwaredi da adi bere a ‘wɔasɔ yɛn ahwɛ akosi ase’ no.

35:2. Elihu tiee asɛm no yiye na ɔtwee adwene sii ɔsɛmpɔw no ankasa so ansa na ɔrekasa. (Hiob 10:7; 16:7; 34:5) Ansa na Kristofo mpanyimfo de afotu bi bɛma no, ɛsɛ sɛ wotie asɛm no mu yiye na wohu ho nokwasɛm nyinaa.—Mmebusɛm 18:13.

37:14; 38:1–39:30. Sɛ yesusuw Yehowa nnwuma a ɛyɛ nwonwa—ne tumi ne nyansa a wada no adi—no ho a, ɛma yɛbrɛ yɛn ho ase na ɛboa yɛn ma yehu sɛ Yehowa tumidi a wɔbɛsan ho no ho hia sen yɛn ankasa yiyedi.—Mateo 6:9, 10.

40:1-4. Sɛ yɛte nka sɛ yɛwɔ asɛm bi tia Ade Nyinaa so Tumfoɔ no a, ɛsɛ sɛ ‘yɛde yɛn nsa to yɛn ano.’

40:15–41:34. Hwɛ ahoɔden ara a Behemot (susono) ne Lewiatan (dɛnkyɛm) wɔ! Yɛn nso, sɛ yɛbɛkɔ so asom Onyankopɔn a, yebehia ahoɔden afi mmoa a wɔn ho yɛ den yi Yɛfo a ɔhyɛ yɛn den no hɔ.—Filipifo 4:13.

42:1-6. Yehowa asɛm a Hiob tee na osusuw sɛnea ɔda ne tumi adi no boaa no ma “ohuu Onyankopɔn” anaa ɔtee ne ho nokwasɛm ase. (Hiob 19:26) Eyi ma ɔsesaa n’adwene. Sɛ wofi Kyerɛwnsɛm no mu teɛ yɛn so a, ɛsɛ sɛ yegye yɛn mfomso tom na yɛyɛ nsakrae.

Nya “Hiob Boasetɔ no” Bi

Hiob nhoma no ma ɛda adi pefee sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma nnipa hu amane, na mmom ɛyɛ Satan. Abɔnefosɛm a Onyankopɔn ama hokwan wɔ asase so no ma yenya hokwan de kyerɛ ɔfã a yegyina wɔ Yehowa amansan tumidi ne yɛn nokwaredi ho ɔsɛmpɔw no ho.

Te sɛ Hiob no, wɔbɛsɔ wɔn a wɔdɔ Yehowa no nyinaa ahwɛ. Hiob kyerɛwtohɔ no ma yenya ahotoso sɛ yebetumi agyina sɔhwɛ ano. Ɛma yehu sɛ yɛn haw ahorow no rentra hɔ daa. Yakobo 5:11 ka sɛ: “Moate Hiob boasetɔ no ho asɛm na moahu nea Yehowa ma efii mu bae.” Yehowa hyiraa Hiob mudi mu a okurae no so. (Hiob 42:10-17) Hwɛ anidaso kɛse ara a ɛda yɛn anim—daa nkwa wɔ Paradise asase so! Enti momma yensi yɛn bo sɛ yebekura yɛn mudi mu akosi ase sɛnea Hiob yɛe no.—Hebrifo 11:6.

[Ase hɔ asɛm]

a Hiob nhoma no kaa nsɛm a esisii bɛboro mfe 140 ntam, efi afe 1657 kosi 1473 A.Y.B.

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Dɛn na yebetumi asua afi “Hiob boasetɔ no” mu?