Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Montwe Mo Ho Mfi Atoro Som Ho!

Montwe Mo Ho Mfi Atoro Som Ho!

Montwe Mo Ho Mfi Atoro Som Ho!

“‘Mumfi wɔn mu, na montew mo ho,’ Yehowa na ose, ‘na mommfa mo nsa nnka nea ɛho ntew.’”—2 KORINTOFO 6:17.

1. Honhom fam tebea bɛn na nnipa komapafo pii wom?

 NNIPA komapafo pii nnim Onyankopɔn ho nokwasɛm ne anidaso a ɛwɔ hɔ ma adesamma daakye no. Esiane sɛ wonnyaa nsɛmmisa a ɛfa Onyankopɔn ho nokwasɛm ne nea ɛwɔ hɔ ma adesamma daakye ho mmuae nti, wɔn ani ayɛ wɔn totɔtotɔ a wonhu nea wɔnyɛ. Gyidihunu, amanne ne afahyɛ ahorow a yɛn Bɔfo no kyi afa wɔn mu ɔpepepem pii nnommum. Ebetumi aba sɛ wowɔ afipamfo ne abusuafo a wogye hellgya, baasakoro Nyankopɔn, ne ɔkra a enwu da anaa atoro nkyerɛkyerɛ afoforo di.

2. Dɛn na nyamesom akannifo ayɛ, na dɛn na afi mu aba?

2 Dɛn na ɛde nnipa pii akɔ honhom fam sum kabii yi mu? Anwonwasɛm ne sɛ, ɛyɛ nyamesom—ne titiriw no, nyamesom ahyehyɛde ahorow ne wɔn akannifo a wɔkyerɛkyerɛ nneɛma a ɛne Onyankopɔn nsusuwii nhyia no. (Marko 7:7, 8) Eyi ama wɔadaadaa nnipa pii ma wosusuw sɛ wɔsom nokware Nyankopɔn no nanso nokwasɛm ne sɛ, wɔfom no. Atoro som na ɛde tebea bɔne yi aba.

3. Hena titiriw na ɔtaa atoro som akyi, na Bible no ka ne ho asɛm dɛn?

3 Tumi bi a aniwa ntumi nhu na ɛhyɛ atoro som akyi. Bere a ɔsomafo Paulo reka tumi yi ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Wiase yi nyame afura wɔn a wonnye nni no adwene ani, sɛnea ɛbɛyɛ na Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban no anuonyam asɛmpa no hann renhyerɛn mma wɔn.” (2 Korintofo 4:4) “Wiase yi nyame” nyɛ obiara sɛ Satan Ɔbonsam. Ɔno titiriw na ɔtaa atoro som akyi. Paulo kyerɛwee sɛ: “Satan mpo kɔ so ara dan ne ho hann bɔfo. Enti sɛ n’asomfo nso dan wɔn ho trenee asomfo a, ɛnyɛ ade kɛse biara.” (2 Korintofo 11:14, 15) Satan tumi ma hann dan sum na ɔdaadaa nkurɔfo ma wogye atosɛm tom.

4. Dɛn na Onyankopɔn Mmara a ɔde maa tete Israelfo no ka wɔ atoro adiyifo ho?

4 Ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible no kasatia atoro som denneennen saa! Sɛ nhwɛso no, Mose Mmara no hyɛɛ da bɔɔ Onyankopɔn nkurɔfo kɔkɔ wɔ atoro adiyifo ho. Sɛ obi hyɛ atoro nkyerɛkyerɛ ne atoro anyame ho nkuran a, na ‘wokum no sɛ wakasa atia Yehowa.’ Wɔhyɛɛ Israelfo sɛ ‘wontu ɔbɔnefo no mfi wɔn mu.’ (Deuteronomium 13:1-5) Yiw, Yehowa bu atoro som sɛ adebɔne.—Hesekiel 13:3.

5. Kɔkɔbɔ bɛn na ɛsɛ sɛ yetie nnɛ?

5 Ná Yesu Kristo ne n’asomafo no ani nnye atoro som ho koraa sɛnea na Yehowa ani nnye ho no. Yesu bɔɔ n’asuafo no kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ yiye atoro adiyifo ho, na wɔde nguan nhoma ba mo nkyɛn, nanso wɔn mu de wɔyɛ mpataku adifudepɛfo.” (Mateo 7:15; Marko 13:22, 23) Paulo kyerɛwee sɛ: “Na wɔreyi Onyankopɔn abufuw adi fi soro atia nnipa a wɔnam kwammɔne so siw nokware no kwan no amumɔyɛ ne wɔn mmarato nyinaa.” (Romafo 1:18) Hwɛ hia a ehia sɛ nokware Kristofo tie kɔkɔbɔ a ɛne sɛ wɔntwe wɔn ho mfi obiara a osiw Onyankopɔn Asɛm mu nokware no kwan anaa ɔtrɛw atoro nkyerɛkyerɛ mu ho no!—1 Yohane 4:1.

Guan Fi “Babilon Kɛse” no Mu

6. Wɔka “Babilon Kɛse” no ho asɛm dɛn wɔ Bible mu?

6 Susuw sɛnea Bible mu nhoma a ɛne Adiyisɛm no ka atoro som ho asɛm no ho hwɛ. Ɛka ne ho asɛm sɛ aguaman bi a wabow nsa a ɔwɔ ahenni ahorow ne emu nnipa so tumi. Sɛnkyerɛnne kwan so ɔbea yi ne ahene pii bɔ aguaman na Onyankopɔn nokware asomfo mogya ama wabow. (Adiyisɛm 17:1, 2, 6, 18) Wɔakyerɛw din bi abɔ ne moma so a ɛne afideyɛ ne akyide a ɔyɛ no hyia. Edin no ne “Babilon Kɛse, nguaman ne asase so akyide nã.”—Adiyisɛm 17:5.

7, 8. Ɔkwan bɛn so na atoro som abɔ aguaman, na dɛn na afi mu aba?

7 Sɛnea Kyerɛwnsɛm no ka Babilon Kɛse no ho asɛm no fata wiase atoro som nyinaa. Ɛwom sɛ nyamesom akuw mpempem pii no nkaa wɔn ho mmɔɔ mu sɛ wiase nyinaa ahyehyɛde biako de, nanso wɔn atirimpɔw ne wɔn nneyɛe nyinaa yɛ biako. Sɛnea wɔde ɔbea guamanfo no yɛɛ atoro som ho mfonini wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no, ɔwɔ wiase nniso ahorow no so tumi kɛse. Te sɛ ɔbea waresɛefo no, atoro som nam amammui atumfoɔ a ɔne wɔn mu biara yɛ apam no so bɔ aguaman. Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Awaresɛefo, munnim sɛ wiase adamfofa yɛ tan a wɔtan Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ wiase adamfofa no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo.”—Yakobo 4:4.

8 Atoro som a wɔde afrafra amammuisɛm mu no de amanehunu pii abrɛ nnipa. Afrika amammui mu nhwehwɛmufo Ɔbenfo Xolela Mangcu kae sɛ “esiane sɛ nyamesom ne amammuisɛm adi afra nti, ama awudisɛm pii akɔ so wɔ abakɔsɛm mu.” Atesɛm krataa bi kae nnansa yi ara sɛ: “Mogyahwiegu ne basabasayɛ a ani yɛ nyan sen biara a akɔ so nnɛ no pii . . . fi nyamesom.” Wɔakunkum nnipa ɔpepem pii wɔ akodi a nyamesom taa akyi no mu. Babilon Kɛse no ataa Onyankopɔn asomfo na wɔakum wɔn mu binom mpo ma enti sɛnkyerɛnne kwan so no, wɔn mogya abow no.—Adiyisɛm 18:24.

9. Ɔkwan bɛn so na wɔkyerɛ sɛnea Yehowa tan atoro som wɔ Adiyisɛm nhoma no mu?

9 Nea ɛbɛto Babilon Kɛse no ma yehu nea enti a Yehowa tan atoro som no pefee. Adiyisɛm 17:16 ka sɛ: “Na mmɛn du a wuhui no, ne afei aboa no, eyinom bɛtan oguamanfo no na wɔayɛ no pasaa na wɔama wada adagyaw, na wobedi ne nam na wɔde ogya ahyew no pasaa.” Nea edi kan no, aboa kɛse no bɛtow ahyɛ no so akum no na wadi ne nam. Ɛno akyi no, wɔbɛhyew nea ɛbɛka biara. Nea ɛne eyi hyia no, ɛrenkyɛ koraa wiase nniso horow no bɛyɛ biribi a ɛte saa atia atoro som. Onyankopɔn na ɔbɛma wɔayɛ saa. (Adiyisɛm 17:17) Ɛnyɛ dɛn ara a, wɔbɛsɛe Babilon Kɛse, wiase atoro som ahemman no. “Wonhu no bio da.”—Adiyisɛm 18:21.

10. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ atoro som ho?

10 Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ nokware asomfo bu Babilon Kɛse no? Bible de ahyɛde yi ma pefee sɛ: “Mumfi ne mu, me man, sɛ mompɛ sɛ munya ne bɔne no mu kyɛfa na munya ne haw no bi a.” (Adiyisɛm 18:4) Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wonya wɔn ti didi mu no fi atoro som mu ansa na aka akyi dodo. Bere a Yesu Kristo wɔ asase so no, ɔhyɛɛ nkɔm sɛ, nna a edi akyiri mu no, nnipa pii bɛkyerɛ sɛ wɔyɛ n’akyidifo. (Mateo 24:3-5) Ɔbɛka akyerɛ nnipa a wɔte saa no sɛ: “Minnim mo da! Mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ mmaratode.” (Mateo 7:23) Yesu Kristo a seesei wɔasi no Hene no ne atoro som nni hwee yɛ.

Yɛbɛyɛ Dɛn Atwe Yɛn Ho?

11. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛatwe yɛn ho afi atoro som ho?

11 Nokware Kristofo twe wɔn ho fi atoro som ho na wɔpo atoro nkyerɛkyerɛ. Eyi kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yetie wɔn dwumadi ahorow wɔ radio so anaa yɛhwɛ wɔ television so, na saa ara nso na yɛrenkenkan wɔn nhoma a ɛka Onyankopɔn ne n’Asɛm ho atosɛm no. (Dwom 119:37) Afei nso ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛtwe yɛn ho fi apontow ne anigyede a ahyehyɛde ahorow a ɛne atoro som wɔ abusuabɔ hyehyɛ no mu. Bio nso, ɛnsɛ sɛ yɛtaa atoro som akyi ɔkwan biara so. (1 Korintofo 10:21) Nneɛma a ɛtete saa a yɛbɛtwe yɛn ho afi ho no bɛbɔ yɛn ho ban na amma obi amfa ‘nyansapɛ ne nnaadaa hunu a egyina nnipa atetesɛm ne wiase mu nneɛma so na ennyina Kristo so ammɛfa yɛn nnommum.’—Kolosefo 2:8.

12. Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi atetew ne ho afi atoro som ahyehyɛde ahorow ho?

12 Na sɛ obi a seesei ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ Yehowa Dansefo akyerɛw ne din wɔ atoro som bi mu nso ɛ? Mpɛn pii no, wɔ tebea a ɛte saa mu no, krataa a onii no bɛkyerɛw akɔma asɔre no bedi adanse sɛ ɔmpɛ sɛ ɔyɛ saa atoro som no muni bio. Ɛho hia paa sɛ onii no si gyinae pintinn de po atoro som mu biribiara a ebegu ne ho fĩ wɔ honhom mu no. Ɛsɛ sɛ nea ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ Ɔdansefo no nneyɛe ma asɔre no ne afoforo hu pefee sɛ ɔne ɔsom no nni hwee yɛ bio.

13. Afotu bɛn na Bible no de ma wɔ hia a ehia sɛ yɛtwe yɛn ho fi atoro som ho no ho?

13 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro. Na twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ? Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ? Afei nso abusuabɔ bɛn na Kristo ne Belial wɔ? Anaasɛ kyɛfa bɛn na gyidini ne nea onnye nni wɔ? Na biakoyɛ bɛn na Onyankopɔn asɔrefie ne abosom wɔ? . . . ’Enti mumfi wɔn mu, na montew mo ho,’ Yehowa na ose, ‘na mommfa mo nsa nnka nea ɛho ntew.’” (2 Korintofo 6:14-17) Yɛtwe yɛn ho fi atoro som ho de tie nsɛm yi. So Paulo afotu yi hwehwɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi atoro asomfo ho?

“Monkɔ So Nnantew Nyansam”

14. So ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi wɔn a wɔwɔ atoro som mu no ho koraa? Kyerɛkyerɛ mu.

14 So ɛnsɛ sɛ nokware Kristofo ne wɔn a wɔwɔ atoro som mu no bɔ koraa? So ɛsɛ sɛ yɛtew yɛn ho fi wɔn a wɔne yɛn nni gyidi koro mu no ho? Mmuae no yɛ dabi. Mmara nsɛm abien a ɛsen biara no mu nea ɛto so abien no ka sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Mateo 22:39) Akyinnye biara nni ho sɛ yɛda ɔdɔ adi kyerɛ afoforo bere a yɛka Ahenni ho asɛmpa kyerɛ wɔn no. Ɔdɔ a yɛwɔ ma wɔn no nso da adi wɔ Bible adesua a yɛne wɔn yɛ ma wobehu hia a ehia sɛ wɔtwe wɔn ho fi atoro som ho no.

15. Sɛ́ yɛrenyɛ “wiase no fã” no kyerɛ dɛn?

15 Ɛwom sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ yɛn afipamfo sɛ Yesu akyidifo de, nanso yɛnyɛ “wiase no fã.” (Yohane 15:19) Asɛm “wiase” a wɔde di dwuma wɔ ha no kyerɛ adesamma a wɔatwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho no. (Efesofo 4:17-19; 1 Yohane 5:19) Sɛ yɛpo wɔn suban, wɔn kasa ne wɔn nneyɛe a Yehowa kyi no a, na ɛkyerɛ sɛ yɛatwe yɛn ho afi wiase no ho. (1 Yohane 2:15-17) Bio nso, nea ɛne nnyinasosɛm yi, “fekubɔne sɛe ɔbra pa” hyia no, yɛne wɔn a wɔmfa Kristofo gyinapɛn ahorow mmɔ wɔn bra no mmɔ papee. (1 Korintofo 15:33) Nea wiase no fã a yɛrenyɛ no kyerɛ ne sɛ ‘yɛbɛtwe yɛn ho afi wiase nkekae ho.’ (Yakobo 1:27) Ne saa nti, wiase no a yɛbɛtwe yɛn ho afi ho no nkyerɛ sɛ yɛne wɔn remmɔ koraa.—Yohane 17:15, 16; 1 Korintofo 5:9, 10.

16, 17. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristofo ne wɔn a wonnim Bible mu nokware no di nsɛm?

16 Ɛnde na ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn a wonnim Bible mu nokware no di nsɛm? Paulo kyerɛw kɔmaa Kolose asafo no sɛ: “Monkɔ so nnantew nyansam wɔn a wɔnka mo ho no mu, na montɔ bere a mubenya biara. Momma mo kasa ho mmra nyam bere nyinaa na nkyene mmra mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.” (Kolosefo 4:5, 6) Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Mmom no, montew Kristo ho sɛ Awurade wɔ mo komam a moayɛ krado bere biara sɛ mode anoyi bɛma obiara a obisa anidaso a ɛwɔ mo mu no ho asɛm, nanso monyɛ no odwo ne obu a emu dɔ mu.” (1 Petro 3:15) Paulo tuu Kristofo fo sɛ “wɔnnka obiara ho asɛmmɔne, wɔnnyɛ ntɔkwapɛfo, wɔnyɛ nnipa a wɔte asɛm ase, na wonnwo koraa mma nnipa nyinaa.”—Tito 3:2.

17 Sɛ́ Yehowa Adansefo no, yɛnkasa ntia afoforo. Yɛnka nsɛm a ɛmfata mfa mmu wɔn a wɔwɔ ɔsom afoforo mu no animtiaa. Sɛ mpo obi a yɛakɔ ne fie, yɛn fipamfo, anaa obi a yɛne no yɛ adwuma ne yɛn anni no yiye anaa ɔkasa tia yɛn a, yɛda anifere adi.—Kolosefo 4:6; 2 Timoteo 2:24.

‘Kɔ So Kura Nsɛm a Eye Ho Nnyinasode no Mu’

18. Tebea a enye bɛn na wɔn a wɔsan kɔ atoro som mu no kɔ mu?

18 Sɛ obi nya sua Bible mu nokware no a, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ awerɛhow sɛ ɔbɛsan akɔ atoro som mu! Bible no kyerɛkyerɛ awerɛhosɛm a efi adeyɛ a ɛte saa mu ba no mu sɛ: “Nokwasɛm ni, sɛ wɔnam Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo ho nokware nimdeɛ so tetew wɔn ho fi wiase fĩ ho na wɔsan de wɔn ho kɔhyɛ ade koro no ara mu bio ma edi wɔn so a, ɛnde na wɔn tebea asɛe koraa sen kan de no. . . . Ɛno ama nokware bɛ yi afa wɔn ho sɛ: ‘Ɔkraman asan kɔ ne fe ho, na prako a wɔaguare no asan akɔyantam dontori mu.’”—2 Petro 2:20-22.

19. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ biribiara a ebetumi asɛe yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no ho?

19 Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ biribiara a ebetumi asɛe yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no ho. Ɛnyɛ asiane a ɛsɛ sɛ yɛde di agoru! Ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Asɛm a efi honhom mu no ka no pefee sɛ akyiri yi mmere mu no, ebinom bɛtwe wɔn ho afi gyidi no ho akodi nnaadaasɛm a efi honhom mu ne adaemone nkyerɛkyerɛ akyi.” (1 Timoteo 4:1) Yɛte saa “akyiri yi mmere” no mu. Wɔ wɔn a wɔntwe wɔn ho mfi atoro som ho fam no, ‘nkyerɛkyerɛ mframa betumi awosow wɔn biribiri te sɛ asorɔkye de wɔn adi akɔneaba denam nnipa nnaadaa so, denam nnɛɛdɛe ne bradato so.’—Efesofo 4:13, 14.

20. Yɛbɛyɛ dɛn atumi abɔ yɛn ho ban afi atoro som nkɛntɛnso bɔne ho?

20 Yɛbɛyɛ dɛn atumi abɔ yɛn ho ban afi atoro som nkɛntɛnso bɔne ho? Susuw nneɛma a Yehowa de ama yɛn no nyinaa ho hwɛ. Yɛwɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible no. (2 Timoteo 3:16, 17) Yehowa nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nso so ma yɛn honhom fam aduan pii. (Mateo 24:45) Bere a yenyin wɔ nokware no mu no, so ɛnsɛ sɛ yedi ‘aduan a ɛyɛ den a ɛfata wɔn a wɔn ho akokwaw no’ na yenya ɔpɛ sɛ yebehyiam asua Onyankopɔn Asɛm mu nokwasɛm no? (Hebrifo 5:13, 14; Dwom 26:8) Momma yensi yɛn bo sɛ yɛde Yehowa nsiesiei no bedi dwuma yiye sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ‘akɔ so akura nsɛm a eye ho nnyinasode’ a yɛate no mu. (2 Timoteo 1:13) Yɛnam saayɛ so betumi atwe yɛn ho afi atoro som ho.

Dɛn na Wusuae?

• Dɛn ne “Babilon Kɛse” no?

• Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛatwe yɛn ho afi atoro som ho?

• Nneɛma a ebetumi asɛe yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Wunim nea enti a wɔka “Babilon Kɛse” no ho asɛm sɛ ɔbea aguaman no?

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Ɛnyɛ dɛn ara, wɔbɛsɛe “Babilon Kɛse” no

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Yɛda “odwo ne obu a emu dɔ” adi kyerɛ wɔn a yɛne wɔn nni gyidi koro mu no