Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Obiara Bɛsoa N’ankasa Adesoa”

“Obiara Bɛsoa N’ankasa Adesoa”

“Obiara Bɛsoa N’ankasa Adesoa”

“Yɛn mu biara bebu n’ankasa akontaa akyerɛ Nyankopɔn.”—ROMAFO 14:12.

1. Asɛyɛde bɛn na Hebrifo baasa no dii ho dwuma?

 HEBRIFO mmerantewa baasa a na wɔte Babilon no sii gyinae bi a na ebetumi de wɔn nkwa ato asiane mu. So na wɔbɛkotow ohoni kɛse no sɛnea na ɔman no mmara hwehwɛ sɛ wɔyɛ no? Anaa na wɔbɛpo sɛ wɔbɛsom ohoni no na wɔde wɔn agu ogya a ɛrefram fononoo mu no? Ná Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego nni bere a wɔde bebisa obi wɔ nea wɔnyɛ ho; na na ɛho nhia sɛ wɔyɛ saa nso. Wɔansɛe bere koraa na wobuae sɛ: “Ɔhene, hu sɛ yɛrensom w’anyame, na yɛrensɔre sika honi a wode asi hɔ no.” (Daniel 3:1-18) Hebrifo baasa no ankasa dii wɔn asɛyɛde ho dwuma.

2. Sɛ yɛbɛka a, henanom na wɔmaa Pilato sii gyinae a na ɛfa Yesu Kristo ho no, so eyi nti na Roma amrado no remmu ho akontaa?

2 Bɛyɛ mfe ahansia wɔ asɛm yi akyi no, na amrado bi ate sobo a wɔde abɔ ɔbarima bi. Bere a ɔhwehwɛɛ asɛm no mu no, ohui sɛ ɔbarima a wɔabɔ no sobo no ho nni asɛm. Nanso nnipadɔm no hyɛe sɛ wonkum no. Amrado no bɔɔ mmɔden biara sɛ ɔrenyɛ wɔn abisade no mma wɔn ma enti ɔtwentwɛn ne nan ase, nanso bere a nnipadɔm no nhyɛso no mu yɛɛ den no, otiee wɔn. Ɔhohoroo ne nsa, na ɔkae sɛ: “Minni ɔbarima yi mogya ho fɔ.” Afei ɔdanee ɔbarima no maa wɔn sɛ wɔmmɔ no asɛndua mu. Yiw, sɛ anka Pontio Pilato de ne nan besi fam akyerɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ Yesu Kristo no, ɔmaa afoforo na esii gyinae no maa no. Ɛmfa ho sɛnea ɔhohoroo ne nsa ho biara no, na obebu atɛnkyea a obu tiaa Yesu no ho akontaa.—Mateo 27:11-26; Luka 23:13-25.

3. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma afoforo sisi gyinae ma yɛn?

3 Na wo nso ɛ? Sɛ ɛho behia sɛ wusisi gyinae a, wobɛyɛ w’ade te sɛ Hebrifo baasa no, anaa wobɛma afoforo asi gyinae no ama wo? Sɛ́ wubesi biribi ho gyinae no nna fam. Egye ahokokwaw na woasi gyinae pa. Sɛ nhwɛso no, ehia sɛ awofo si gyinae pa ma wɔn mma nkumaa. Nokwarem no, sɛ asɛm no mu yɛ duru, na ɛsɛ sɛ wususuw nneɛma afoforo ho a, ɛma gyinaesi no yɛ den paa. Nanso gyinaesi nyɛ ade a emu yɛ duru boro so a enti ɛsɛ sɛ yɛde ka “adesoa” anaa nneɛma a ɛhaw yɛn a ɛsɛ sɛ ‘Kristofo a wɔn ho akokwaw’ no soa ma yɛn no ho. (Galatifo 6:1, 2) Mmom no, ɛyɛ adesoa, na “yɛn mu biara bebu n’ankasa akontaa akyerɛ Nyankopɔn.” (Romafo 14:12) Bible ka sɛ: “Obiara bɛsoa n’ankasa adesoa.” (Galatifo 6:5) Ɛnde yɛbɛyɛ dɛn asisi gyinae a nyansa wom wɔ yɛn asetra mu? Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yehu nea yɛrentumi nyɛ na yesua—sɛnea yebedi ho dwuma.

Ade a Ehia Paa

4. Ade titiriw bɛn na ɛsɛ sɛ yesua fi asoɔden a nnipa baanu a wodi kan no yɛe no mu?

4 Wɔ adesamma abakɔsɛm mfiase pɛɛ no, nnipa baanu a wodi kan no sii gyinae a nea afi mu aba ne amanehunu. Wɔpaw sɛ wobedi papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no aba no bi. (Genesis 2:16, 17) Dɛn na ɛkaa wɔn maa wosii saa gyinae no? Bible ka sɛ: “Ɔbea no hui sɛ dua no ye sɛ wodi, na ɛyɛ aniwa fɛ, na dua no dɔ kɔn na ɛbɛtew ani no, ɔtew n’aba no bi, na odii, na ɔde bi maa ne kunu a ɔka ne ho no nso, na odii.” (Genesis 3:6) Pɛsɛmenkominya nti na Hawa sii saa gyinae no. Nea ɔyɛe yi maa Adam kɔkaa ne ho. Eyi nti, bɔne ne owu “trɛw kaa nnipa nyinaa.” (Romafo 5:12) Ɛsɛ sɛ Adam ne Hawa asoɔden no ka yɛn ma yesua ade titiriw bi fa nea onipa betumi ayɛ ho: Sɛ onipa antie Onyankopɔn akwankyerɛ a, ɔrentumi nsi gyinae pa.

5. Akwankyerɛ bɛn na Yehowa de ama yɛn, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya so mfaso?

5 Hwɛ sɛnea yɛn ani gye sɛ Yehowa Nyankopɔn ma yɛn akwankyerɛ! Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ: “W’aso nso bɛte w’akyi asɛm bi sɛ: Eyi ne kwan, sɛ mofa nifa oo, mofa benkum oo, monnantew so.” (Yesaia 30:21) Yehowa nam n’Asɛm a efi honhom mu, Bible no so kasa kyerɛ yɛn. Ɛsɛ sɛ yesua Kyerɛwnsɛm no na yenya nimdeɛ a ɛwom no. Sɛ yebetumi apaw nneɛma a eye a, ɛsɛ sɛ yedi ‘aduan a ɛyɛ den na eye ma wɔn a wɔn ho akokwaw no. Yɛnam yɛn adwene tumi a yɛde di dwuma no so tete no ma etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe.’ (Hebrifo 5:14) Yɛnam nea yesua fi Onyankopɔn Asɛm a yɛde di dwuma no so tete yɛn adwene tumi no.

6. Sɛ yɛn ahonim bɛyɛ adwuma yiye a, dɛn na ehia?

6 Ade a ehia paa wɔ gyinaesi mu ne ahonim a wɔde woo yɛn no. Ahonim tumi bu yɛn atɛn, na etumi ‘bu yɛn fɔ anaa eyi yɛn ano.’ (Romafo 2:14, 15) Nanso sɛ yɛn ahonim betumi ayɛ adwuma yiye a, ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm mu nokware nimdeɛ tete no ma ɛyɛ nam denam Asɛm no a yɛde bedi dwuma no so. Sɛ yɛantete yɛn ahonim yiye a, ɛrenyɛ den sɛ amammerɛ ne nneyɛe benya yɛn so nkɛntɛnso. Baabi a yɛte ne afoforo nsusuwii nso betumi ama yɛafa kwammɔne so. Sɛ yɛkɔ so bu yɛn ani gu nea yɛn ahonim ka kyerɛ yɛn no so na yebu Onyankopɔn gyinapɛn ahorow so a, dɛn na ɛbɛba? Yɛn ahonim de nkakrankakra bɛyɛ sɛ “ahyehyekuru twã,” na ebesi kyekye a ɛnte yaw biara. (1 Timoteo 4:2) Nanso ahonim a wɔde Onyankopɔn Asɛm atete no bɔ yɛn ho ban.

7. Dɛn na ehia paa na ama yɛasisi gyinae a nyansa wom?

7 Ade a ehia titiriw na ama yɛasi gyinae a nyansa wom ne sɛ yɛde Kyerɛwnsɛm no mu nokware nimdeɛ bedi dwuma. Sɛ́ anka yɛde ahopere besi nneɛma a yɛpaw ho gyinae no, ɛsɛ sɛ yegye bere hwehwɛ Bible nnyinasosɛm mu na yɛde adwempa di ho dwuma. Sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm mu nokware nimdeɛ tete yɛn ahonim, na ɛho behia sɛ yegyina yɛn ananmu si gyinae te sɛ Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego a, ɛrenyɛ den mma yɛn. Nea ɛbɛyɛ na yɛapere adu ahokokwaw mu ma aboa yɛn wɔ gyinaesi mu no, momma yensusuw asetra mu nsɛm abien bi ho.

Henanom na Ɛsɛ sɛ Yɛne Wɔn Bɔ?

8, 9. (a) Nnyinasosɛm bɛn na ɛkyerɛ hia a ehia sɛ yɛkwati fekubɔne? (b) So nnipa a wɔbɔ bra bɔne a yɛne wɔn bɛbɔ no nkutoo na ɛkyerɛ sɛ yɛrebɔ fekubɔne? Kyerɛkyerɛ mu.

8 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mommma wɔnnnaadaa mo. Fekubɔne sɛe ɔbra pa.” (1 Korintofo 15:33) Yesu Kristo ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Monyɛ wiase no fã.” (Yohane 15:19) Sɛ yesua nnyinasosɛm yi a, yɛte ase ntɛm ara sɛ ɛnsɛ sɛ yɛne aguamammɔfo, awaresɛefo, akorɔmfo, akɔwensafo ne afoforo a wɔte saa bɔ. (1 Korintofo 6:9, 10) Nanso bere a yenya Bible mu nimdeɛ kɛse no, yebehu sɛ, sɛ yegye bere hwɛ nnipa a wɔte saa wɔ sini mu, television ne kɔmputa so, anaa sɛ yɛkenkan wɔn ho nsɛm nso wɔ nhoma mu a, ebetumi adi yɛn awu. Saa ara nso na yebetumi ne “nyaatwomfo” abɔ fekuw wɔ Intanɛt so nkɔmmɔbɔ mu.—Dwom 26:4.

9 Na wɔn a ebia wɔbɔ bra pa nanso wonni nokware Nyankopɔn no mu gyidi a yɛne wɔn bɛbɔ no nso ɛ? Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.” (1 Yohane 5:19) Yebehu sɛ ɛnyɛ nnipa a wɔn bra asɛe a yɛne wɔn bɛbɔ no nkutoo na ɛyɛ fekubɔne. Enti nyansa wom sɛ yɛfa wɔn a wɔdɔ Yehowa no nnamfo.

10. Ɛdefa wiase a yɛne no bɛbɔ ho no, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛafi ahokokwaw mu asi gyinae?

10 Ɛrentumi nyɛ yiye sɛ yɛne nnipa a wɔwɔ wiase no remmɔ koraa, na wɔnhwehwɛ nso sɛ yɛyɛ saa. (Yohane 17:15) Yɛne wɔn a wɔwɔ wiase no bɔ bere a yɛreyɛ Kristofo som adwuma no ne bere a yɛrekɔ sukuu anaa adwuma no. Ebia Kristoni a ne hokafo nyɛ gyidini no ne wɔn a wɔwɔ wiase no bɛbɔ fekuw kɛse asen wɔn a wɔn ahokafo wɔ ahyehyɛde no mu no. Nanso sɛ yɛtete yɛn adwene tumi no yiye a, yebehu sɛ ɛsono sɛ yɛne wiase no bedi nsawɔso kɛkɛ wɔ nneɛma a ehia mu, ɛnna ɛsono sɛ yɛne wiase no bɛbɔ papee. (Yakobo 4:4) Enti yefi ahokokwaw mu si gyinae sɛ ebia yɛde yɛn ho bɛhyɛ sukuu akyi dwumadi ahorow te sɛ agodi ne asaw mu. Saa ara na pon a wɔto ma mfɛfo adwumayɛfo a yɛbɛkɔ no nso te.

Adwuma a Yɛbɛpaw sɛ Yɛbɛyɛ

11. Sɛ woresi adwumayɛ ho gyinae a, dɛn ne ade a edi kan a ɛsɛ sɛ wususuw ho?

11 Bible nnyinasosɛm a yebedi so no bɛboa yɛn ma yɛadi yɛn asɛyɛde a ɛne sɛ ‘yɛnhwɛ yɛn fiefo’ no ho dwuma. (1 Timoteo 5:8) Nea ɛsɛ sɛ yedi kan susuw ho ne adwuma kõ a yɛbɛyɛ no—ɛne sɛ, nea adwuma no hwehwɛ sɛ yɛyɛ. Ɛda adi sɛ, adwuma a ɛhyɛ nneyɛe a Bible kasatia ho nkuran a yɛbɛyɛ no mfata koraa. Enti nokware Kristofo nyɛ nnwuma a ebia ɛbɛma wɔde wɔn ho ahyɛ abosonsom, korɔnbɔ, mogya a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so ne nneyɛe afoforo a ɛne kyerɛw nsɛm nhyia no mu. Saa ara nso na yɛrenni atoro anaa yɛremmɔ apoo bere mpo a adwumawura hwehwɛ sɛ yɛyɛ saa no.—Asomafo Nnwuma 15:29; Adiyisɛm 21:8.

12, 13. Adwuma ko a yɛbɛpaw sɛ yɛbɛyɛ akyi no, nneɛma bɛn na ehia sɛ yesusuw ho?

12 Na sɛ adwuma no mmu Onyankopɔn mmara pɔtẽẽ bi so nso ɛ? Bere a yenya nokware no ho nimdeɛ a emu dɔ na yɛn ahonim yɛ papa no, yɛn adwene ba nneɛma afoforo a ɛsɛ sɛ yesusuw ho no so. Na sɛ ɛbɛma yɛde yɛn ho ahyɛ nneyɛe bi a ɛne kyerɛw nsɛm nhyia mu, te sɛ obi a ɔyɛ adwuma wɔ beae a wɔtow kyakya ahɔhogyebea nso ɛ? Ɛsɛ sɛ yesusuw baabi a wonya sika de tua yɛn ka ne beae a adwuma no wɔ nso ho. Sɛ nhwɛso, sɛ yɛyɛ yɛn ankasa adwuma a, so yebegye adwuma bi a ɛbɛma yɛaka Kristoman asɔredan bi ho aduru na ama yɛaboa ma atoro som anya nkɔso?—2 Korintofo 6:14-16.

13 Na sɛ edu bere bi na yɛn adwumawura gye asɔredan bi sɛ yɛnka ho aduru nso ɛ? Wɔ asɛm a ɛte saa mu no, ehia sɛ yesusuw nneɛma bi te sɛ tumi a yɛwɔ wɔ adwuma a wɔbɛyɛ no so ne baabi a yɛde yɛn ho behyem akodu no ho. Na sɛ yɛreyɛ adwuma bi a emmu Bible nnyinasosɛm so, te sɛ krataa a wɔde mema wɔ kurow mu baabiara, a mmeae a wɔyɛ nneɛma bɔne ka ho no nso ɛ? So nnyinasosɛm a ɛwɔ Mateo 5:45 no mma yɛn gyinaesi no mu? Ade a ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so ne sɛnea adwuma no bɛka yɛn ahonim bere a yɛyɛ no daa no. (Hebrifo 13:18) Nokwarem no, yɛn asɛyɛde ho dwuma a yebedi wɔ gyinaesi a ɛkyerɛ sɛ yɛn ho akokwaw mu no hwehwɛ sɛ yɛma yɛn adwenem da hɔ na yɛtete yɛn ahonim a Onyankopɔn de ama yɛn no yiye.

“Hu No W’akwan Nyinaa Mu”

14. Sɛ ɛba sɛ yɛresisi gyinae a, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

14 Na gyinae a yesisi wɔ nsɛm afoforo te sɛ sukuu a yɛbɛkɔ ne aduruyɛ a yebegye atom anaa yɛbɛpo ho nso ɛ? Sɛ ɛho behia sɛ yesi nneɛma bi ho gyinae a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Bible nnyinasosɛm ahorow bi mu na yɛde yɛn adwene di ho dwuma. Tete Israel Hene onyansafo Salomo kae sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.”—Mmebusɛm 3:5, 6.

15. Ɛdefa yɛn gyinaesi ahorow ho no, dɛn na ɛsɛ sɛ yesua fi afeha a edi kan Kristofo no ho?

15 Mpɛn pii no, yɛn gyinaesi ka afoforo ma enti ɛsɛ sɛ yesusuw ho yiye. Sɛ nhwɛso no, na afeha a edi kan Kristofo no nhyɛ Mose Mmara no ase ma enti na wotumi di aduan biara a wɔpɛ. Ná wobetumi adi nnuan a wobu no sɛ ɛho ntew wɔ Mmara no ase a na afoforo ani gye ho no nso. Nanso ɔsomafo Paulo kyerɛw faa nam a ebia efi abosomfie ho no sɛ: “Enti sɛ aduan to me nua hintidua a, merenni nam bio da, na manto me nua hintidua.” (1 Korintofo 8:11-13) Wɔhyɛɛ tete Kristofo no nkuran sɛ wonsusuw afoforo ahonim ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrento wɔn hintidua. Ɛnsɛ sɛ yɛn gyinae ahorow a yesisi no ma yɛto afoforo “hintidua.”—1 Korintofo 10:29, 32.

Hwehwɛ Onyankopɔn Nyansa

16. Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ ho hia wɔ yɛn gyinaesi ahorow mu?

16 Sɛ yɛresisi gyinae a, ade a ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so ne mpaebɔ. Osuani Yakobo ka sɛ: “Enti sɛ ehia mo mu bi nyansa a, ma ɔnkɔ so ara mmisa Nyankopɔn efisɛ oyi ne yam ma nnipa nyinaa ade a ahohora biara nnim, na ɔde bɛma no.” (Yakobo 1:5) Yebetumi afi ahotoso mu abɔ Yehowa mpae abisa no nyansa a yehia na ama yɛasisi gyinae ahorow. Bere a yɛreka yɛn ahiasɛm akyerɛ nokware Nyankopɔn no de ahwehwɛ n’akwankyerɛ no, honhom kronkron no betumi aboa yɛn ma yɛate kyerɛw nsɛm a yɛresusuw ho no ase yiye na yɛakae nea ebia yebuu yɛn ani guu so no.

17. Ɔkwan bɛn so na afoforo betumi aboa yɛn ma yɛasisi gyinae?

17 So afoforo betumi aboa yɛn ma yɛasisi gyinae? Yiw, Yehowa ama yɛn nnipa binom a wɔn ho akokwaw wɔ asafo no mu. (Efesofo 4:11, 12) Sɛ ɛyɛ gyinaesi a anibere wom a, yebetumi akɔ wɔn nkyɛn ma wɔaboa yɛn. Nnipa a wɔwɔ kyerɛw nsɛm mu nimdeɛ a emu dɔ na wɔwɔ asetra mu suahu no betumi atwe yɛn adwene asi Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ebia ɛfa yɛn gyinaesi no ho na aboa yɛn ma ‘yɛapɛɛpɛɛ mu ahu nneɛma a ehia koraa’ no. (Filipifo 1:9, 10) Nanso kɔkɔbɔ bi ni: Ɛnsɛ sɛ yɛma afoforo sisi gyinae ma yɛn. Ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yɛsoa yɛn ankasa adesoa.

So Yetwa So Aba Pa Bere Nyinaa?

18. Dɛn na ebetumi afi gyinae pa a yebesi no mu aba?

18 Sɛ yegyina Bible nnyinasosɛm ahorow so na yefi ahonim pa mu sisi gyinae a, so yebetwa so aba pa bere nyinaa? Yiw, awiei koraa no, yebetwa so aba pa. Nanso ɛtɔ mmere bi a, mfiase no ebetumi de ɔhaw aba. Ná Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego nim sɛ sɛ wɔansom ohoni kɛse no a, wobetumi akum wɔn. (Daniel 3:16-19) Saa ara nso na bere a asomafo no ka kyerɛɛ Yudafo Sanhedrin no sɛ ɛsɛ sɛ wotie Onyankopɔn mmom sen nnipa no, wɔhwee wɔn ansa na wɔregyae wɔn. (Asomafo Nnwuma 5:27-29, 40) Bio nso, ‘ɛbere ne asiane’ nti, biribiara betumi asi. (Ɔsɛnkafo 9:11) Sɛ yesi gyinae pa na sɛ yehu amane mpo a, yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛboa yɛn ma yɛagyina ano na awiei koraa no obehyira yɛn.—2 Korintofo 4:7.

19. Ɔkwan bɛn so na yebetumi afi akokoduru mu adi yɛn asɛyɛde ho dwuma bere a yɛresisi gyinae no?

19 Ɛnde sɛ yɛresisi gyinae a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow na yɛde yɛn adwene di ho dwuma. Hwɛ anisɔ ara a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ma Yehowa sɛ wama yɛn ne honhom kronkron no ne nnipa a wɔn ho akokwaw wɔ asafo no mu! Bere a yɛwɔ akwankyerɛ ne nsiesiei a ɛte sɛɛ yi, momma yemfi akokoduru mu nni yɛn asɛyɛde ahorow ho dwuma nyansam bere a yɛresisi gyinae no.

Dɛn na Wusuae?

• Dɛn titiriw na ɛho hia na ama yɛasi gyinae pa?

• Ɔkwan bɛn so na yɛn ho a yɛbɛma akokwaw no bɛboa yɛn wɔ yɛn fekubɔ mu?

• Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho bere a yɛresi adwuma a yɛbɛyɛ ho gyinae no?

• Sɛ yɛresisi gyinae a, mmoa bɛn na yebetumi anya?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Adam ne Hawa asoɔden no ma yenya asuade a mfaso wɔ so

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Ansa na wubesi gyinae a ɛho hia no, hwehwɛ Onyankopɔn nnyinasosɛm akyi kwan