Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Owu Ano Aduru Koro Pɛ!

Owu Ano Aduru Koro Pɛ!

Owu Ano Aduru Koro Pɛ!

NÁ ƆBARIMA bi a wɔfrɛ no Lasaro ne ne nnuabeanom, Marta ne Maria te Betania, kurow bi a efi hɔ rekɔ Yerusalem bɛyɛ kwansin abien. Da bi a wɔn adamfo Yesu nni hɔ no, ɔyare a emu yɛ den bɔɔ Lasaro. Na ne tebea no ama ne nnuabeanom ahaw. Enti wɔtoo Yesu nkra. Yesu tee nkra no nnanu akyi no, osii mu sɛ ɔrekɔhwɛ Lasaro. Wɔnam kwan so no, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ɔrekonyan Lasaro afi nna mu. Mfiase no asuafo no ante no ase, nanso Yesu maa emu daa hɔ sɛ: “Lasaro awu.”—Yohane 11:1-14.

Bere a Yesu duu ɔboda a Lasaro da mu ho no, ɔkae sɛ wonyi ɔbo a wɔde akata ɔboda no ano no. Ɔbɔɔ mpae denneennen wiei no, ɔteɛɛm sɛ: “Lasaro, fi bra!” na Lasaro pue bae. Ɔbarima a wawu nnanan no anyan aba nkwa mu bio.—Yohane 11:38-44.

Kyerɛwtohɔ a ɛfa Lasaro ho no da no adi sɛ owusɔre ne owu ano aduru ankasa. Nanso anwonwade a ɛmaa Lasaro san baa nkwa mu no sii ankasa? Bible no ma yehu sɛ ɛyɛ nokwasɛm. Kenkan kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Yohane 11:1-44 no, na wubehu sɛnea asɛm no sii nyinaa. So woregye ho kyim? Saa a wobɛyɛ no bɛma woagye anwonwade a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu no nyinaa, a Yesu Kristo ankasa wusɔre nso ka ho no ho kyim. Bible no ka sɛ, na “sɛ wɔannyan Kristo a, na mo gyidi so nni mfaso.” (1 Korintofo 15:17) Owusɔre yɛ Kyerɛwnsɛm mu mfitiase nkyerɛkyerɛ. (Hebrifo 6:1, 2) Nanso, dɛn na asɛmfua “owusɔre” no kyerɛ?

Dɛn na “Owusɔre” Kyerɛ?

Asɛmfua “owusɔre” no pue bɛboro mpɛn 40 wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu. Wɔkyerɛɛ ase fii Hela asɛmfua a nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ “wɔbɛsɔre agyina hɔ bio.” Hebri asɛmfua a ɛne eyi di nsɛ no kyerɛ “owufo a wonyan no.” Nanso sɛ obi wu a, ne nipadua no fã bɛn na ebenyan? Ɛnyɛ nipadua a ɛporɔw na ɛsan kɔ dɔte mu no. Ɛnyɛ nipadua koro no ara na wobenyan no na mmom onipa a owui no ankasa. Enti owusɔre kyerɛ sɛ wɔde sɛnea onipa no te—ne su, biribi a ɛfa ne ho, ne biribiara a ɛbɛma yɛahu sɛ onipa no ni—bɛsan ama no.

Ɛrenyɛ den mma Yehowa Nyankopɔn a ne werɛ mfi ade da no sɛ ɔbɛkae nnipa a wɔawuwu no asetra mu nsɛm. (Yesaia 40:26) Esiane sɛ ɔne nkwa Fibea nti, Yehowa betumi de onipa no aba nkwa mu asan ama no honam nipadua foforo a ɔremmrɛ ho. (Dwom 36:9) Bio nso, Bible ka sɛ Yehowa Nyankopɔn ‘ani gyina’ anaa ɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ obenyan awufo. (Hiob 14:14, 15) Hwɛ sɛnea yɛn ani gye bere a yehu sɛ ɛnyɛ sɛ Yehowa betumi de onipa aba nkwa mu nko, na mmom ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ saa nso!

Yesu Kristo nso di akoten wɔ awufo a wobenya wɔn no mu. Bere a Yesu fii n’asase so som adwuma ase bɛboro afe akyi no, ɔkae sɛ: “Sɛnea Agya no nyan awufo na ɔma wɔn nkwa no, saa ara na Ɔba no nso ma wɔn a ɔpɛ ba nkwa mu.” (Yohane 5:21) So Lasaro wusɔre no nkyerɛ sɛ Yesu Kristo wɔ tumi ne ɔpɛ a emu yɛ den sɛ obenyan awufo?

Na adwene a ɛne sɛ biribi a ɛhyɛ yɛn mu kɔ so tra ase wɔ owu akyi no nso ɛ? Nokwarem no, ɔkra anaa honhom a enwu da ne owusɔre nkyerɛkyerɛ no nhyia koraa. Sɛ biribi a ɛte yɛn mu kɔ so tra ase wɔ owu akyi de a, ɛnde mfaso bɛn na ɛwɔ owusɔre so? Ná Lasaro nuabea Marta nnye nni sɛ bere a ne nua no wui no, ɔkɔtraa ahonhom atrae. Ná ɔwɔ owusɔre no mu gyidi. Bere a Yesu maa no awerɛhyem sɛ: “Wo nua no bɛsɔre” no, Marta kae sɛ: “Minim sɛ owusɔre mu, da a etwa to no, ɔbɛsɔre.” (Yohane 11:23, 24) Na bere a Lasaro baa nkwa mu no, wanka owu akyi asetra biara ho asɛm. Na wawu. Bible no ka sɛ: “Awufo de, wonnim biribiara, na wonni akatua bi bio. . . . Na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no.”—Ɔsɛnkafo 9:5, 10.

Sɛnea Bible kyerɛ no, owusɔre ne owu ano aduru koro pɛ. Nanso nnipa pii a wɔawuwu no mu henanom na wobenyan wɔn, na ɛhe na wɔbɛkɔ?

Henanom na Wobenyan Wɔn?

Yesu kae sɛ: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte [Yesu] nne na wɔafi adi.” (Yohane 5:28, 29) Sɛnea bɔhyɛ yi kyerɛ no, wobenyan wɔn a wɔwɔ nkae ada mu, kyerɛ sɛ wɔn a wɔwɔ Yehowa nkae mu. Ende asɛmmisa no ne sɛ, wɔn a wɔawuwu no mu henanom na wɔwɔ Onyankopɔn nkae mu retwɛn owusɔre?

Bible nhoma a ɛne Hebrifo ti 11 no bobɔ mmea ne mmarima anokwafo a wɔsom Onyankopɔn no bi din. Wɔne Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔawuwu nnansa yi ara no bɛka wɔn a wobenyan wɔn no ho. Na nnipa wɔannya Onyankopɔn ho nimdeɛ annu ne trenee gyinapɛn ho na wowuwui no nso ɛ? So wɔn nso wɔ Onyankopɔn nkae mu? Yiw, wɔn mu pii wɔ Onyankopɔn nkae mu efisɛ Bible hyɛ bɔ sɛ: “Bere bi bɛba a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi owu mu.”—Asomafo Nnwuma 24:15.

Nanso ɛnyɛ wɔn a wɔatra ase pɛn no nyinaa na wobenya owusɔre. Bible ka sɛ: “Na sɛ yenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ, na ɛno akyi no yɛboapa dan kɔ bɔne so a, bɔne ho afɔre biara nni hɔ bio, mmom no atemmu akwanhwɛ a ɛyɛ hu na ɛwɔ hɔ.” (Hebrifo 10:26, 27) Ebinom yɛɛ bɔne a wɔremfa nkyɛ wɔn da. Saa nnipa no nni Hades (adesamma damoa mu) na mmom wɔwɔ Gehenna, a ɛyɛ daa ɔsɛe ho sɛnkyerɛnne. (Mateo 23:33) Nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛammu atɛn anka sɛ onipa bi benya owusɔre anaasɛ ɔrennya. Onyankopɔn nkutoo na ɔwɔ hokwan sɛ obu atɛn a ɛte saa. Ɔno na onim wɔn a wɔwɔ Hades ne wɔn a wɔwɔ Gehenna. Nea ehia wɔ yɛn fam ne sɛ yɛbɛbɔ yɛn bra ma ɛne Onyankopɔn apɛde ahyia.

Henanom na Wobenyan Wɔn Akɔ Soro?

Owusɔre a ɛyɛ nwonwa paa ne Yesu Kristo de no. “Wokum no honam mu nanso wɔma ɔtraa ase honhom mu.” (1 Petro 3:18) Ná onipa biara nni hɔ a wanya owusɔre a ɛte saa pɛn. Yesu ankasa kae sɛ: “Onipa biara mforo nkɔɔ soro gye nea osian fii soro no, onipa Ba no.” (Yohane 3:13) Nokwarem no, onipa Ba no ne obi a wodii kan nyanee no ma ɔtraa ase honhom mu. (Asomafo Nnwuma 26:23) Ɔno akyi no, na wobenyan nnipa afoforo nso ma wɔatra ase wɔ honhom mu. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Obiara ne ne gyinabea: Kristo ne aba a edi kan no, ansa na wɔn a wɔyɛ Kristo dea no adi hɔ wɔ ne mmae mu.”—1 Korintofo 15:23.

Esiane atirimpɔw titiriw bi nti, wobenyan nnipakuw ketewaa bi—“wɔn a wɔyɛ Kristo dea”—no akɔ soro. (Romafo 6:5) Wɔne Kristo bedi ade sɛ “asase so ahene.” (Adiyisɛm 5:9, 10) Bio nso, wɔbɛsom sɛ asɔfo, efisɛ wɔbɛboa ma wɔayi ɔhaw a esiane bɔne nti adesamma nya fii onipa a odi kan, Adam nkyɛn no afi hɔ. (Romafo 5:12) Wɔn a wɔne Kristo bedi ade sɛ ahene ne asɔfo no dodow si 144,000. (Adiyisɛm 14:1, 3) Nipadua bɛn na wobenya bere a wɔanyan wɔn no? Bible ka sɛ, wobenya “honhom nipadua.” Eyi bɛma wɔatumi atra ɔsoro.—1 Korintofo 15:35, 38, 42-45.

Bere bɛn na wobenyan wɔn a wɔbɛkɔ soro no? 1 Korintofo 15:23 bua sɛ, wobenyan wɔn wɔ ‘Kristo mmae mu.’ Nsɛm a asisi fi 1914 no ma ɛda adi pefee sɛ Kristo mmae ne “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” no fii ase saa afe no. (Mateo 24:3-7) Enti yebetumi aka sɛ Kristofo anokwafo a wobenyan wɔn akɔ soro no afi ase dedaw ɛmfa ho sɛ nnipa ntumi mfa wɔn aniwa nhu no. Eyi kyerɛ sɛ wɔanyan asomafo no ne Kristofo a wɔtraa ase tete no kɔ soro dedaw. Na Kristofo a wɔte ase nnɛ a wɔwɔ anidaso a Onyankopɔn de ama mu ahotoso sɛ wɔne Kristo bedi ade wɔ soro no nso ɛ? Sɛ wonya wu pɛ a, “anibu mu” anaa ntɛm ara na wɔanyan wɔn. (1 Korintofo 15:52) Esiane sɛ wobedi kan anyan kuw ketewa yi mufo, 144,000 yi ansa na wɔanyan nnipakuw kɛse a wɔbɛtra asase so no nti, wɔfrɛ saa owusɔre no “owusɔre a edi anim” ne “owusɔre a edi kan.”—Filipifo 3:11; Adiyisɛm 20:6.

Henanom na Wobenyan Wɔn Aba Asase So?

Sɛnea Kyerɛwnsɛm no kyerɛ no, wobenyan nnipa dodow no ara ma wɔabɛtra asase so. (Dwom 37:29; Mateo 6:10) Bere a ɔsomafo Yohane rekyerɛkyerɛ anisoadehu a ɛyɛ nwonwa yi mu no, ɔkyerewee sɛ: “Na ɛpo yii emu awufo mae, na owu ne Hades yii emu awufo mae, na wobuu wɔn atɛn mmiako mmiako sɛnea wɔn nnwuma te. Na wɔtow owu ne Hades guu ogya tare no mu. Eyi ne owuprenu no, ogya tare no.” (Adiyisɛm 20:11-14) Wɔn a wɔwɔ Hades anaa Sheol—adesamma damoa—no wɔ Onyankopɔn nkae mu. Wobeyi wɔn mu biara afi awufo mu aba ateasefo mu. (Dwom 16:10; Asomafo Nnwuma 2:31) Wobegyina nea wɔbɛyɛ wɔ owusɔre akyi no so na abu wɔn atɛn. Afei dɛn na ɛbɛba owu ne Hades so? Wɔbɛto wɔn agu “ogya tare” mu. Eyi kyerɛ sɛ owu a adesamma nya fii Adam bɔne mu no rennya wɔn so tumi bio.

Wode susuw sɛnea wɔn a wɔn adɔfo awuwu no ani begye afa bere a wosua Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa owusɔre ho ade no ho hwɛ! Bere a Yesu nyanee Nain kunafo no babarima no, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ n’ani gyei! (Luka 7:11-17) Bible ka awofo bi a Yesu nyanee wɔn babea a na wadi mfe 12 no ho asɛm sɛ: “Wɔn ani gyei kɛse.” (Marko 5:21-24, 35-42; Luka 8:40-42, 49-56) Wɔ Onyankopɔn wiase foforo a wahyɛ ho bɔ mu no, ɛbɛyɛ anigye sɛ yebehyia yɛn adɔfo.

Nkɛntɛnso bɛn na owusɔre ho nokwasɛm a yebehu no benya wɔ yɛn so nnɛ? Nhwehwɛmu nhoma (The World Book Encyclopedia) ka sɛ: “Nnipa pii suro owu na wɔmpɛ sɛ wɔdwen ho koraa.” Dɛn ntia? Efisɛ wɔ nnipa pii fam no, owu yɛ ahintasɛm—biribi a wonnim ho asɛm nanso wosuro. Tebea a awufo wom ho nokwasɛm a yebehu ne owusɔre ho anidaso a yebenya no betumi ama yɛanya akokoduru bere a yɛkɔ tebea bi a ɛbɛma yɛahyia “ɔtamfo a otwa to . . . owu” no. (1 Korintofo 15:26) Saa nimdeɛ yi nso ma ɛyɛ mmerɛw sɛ yebegyina yaw a yedi bere a yɛn yɔnko bi a yɛdɔ no paa anaa obusuani bi awu no ano.

Bere bɛn na asase so owusɔre no befi ase? Ɛnnɛ, atirimɔdensɛm, nitan, mogyahwiegu ne efĩ ahyɛ asase so ma. Sɛ awufo resan aba abɛtra asase a ɛte sɛɛ so a, ankyinnye biara nni ho sɛ anigye a wobenya no renni da bi. Nanso Ɔbɔadeɛ no ahyɛ bɔ sɛ ɛrenkyɛ, ɔbɛsɛe wiase a seesei Satan di so no. (Mmebusɛm 2:21, 22; Daniel 2:44; 1 Yohane 5:19) Onyankopɔn atirimpɔw ma asase no bɛbam nnansa yi ara. Ɛno akyi no, Onyankopɔn benyan nnipa ɔpepepem pii a seesie wɔawuwu no aba wiase foforo a asomdwoe wom no mu.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Awufo dodow no ara benyan aba asase so