Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awofo Monyɛ Nhwɛso Pa Mma Mo Mma

Awofo Monyɛ Nhwɛso Pa Mma Mo Mma

Awofo Monyɛ Nhwɛso Pa Mma Mo Mma

“ƐNYƐ sɛ ebia adwene ne nneyɛe ho animdefo ahu ɔkwan pa a wɔfa so tete abofra ma ɔyɛ abofra pa nti na ɛsɛ sɛ wogyae nhwehwɛmu a wɔde mfe pii ayɛ wɔ ho no akyidi, na mmom ebi na enni hɔ ntia.” Saa na Time nsɛmma nhoma bi ka faa nhoma bi a ɛkyerɛ sɛnea wɔtete mmofra ho. Nhoma no ka sɛ, mmofra suasua wɔn atipɛnfo suban titiriw, na ɛnyɛ wɔn awofo de.

Akyinnye biara nni ho sɛ, atipɛnfo nhyɛso ano yɛ den. (Mmebusɛm 13:20; 1 Korintofo 15:33) William Brown a ɔkyerɛw nsɛm kɔ atesɛm krataa mu no kae sɛ: “Ade titiriw a ehia mmerante ne mmabaa paa wɔ wiase yi mu ne sɛ afoforo begye wɔn atom. . . . Ɛyɛ den paa ma mmerante ne mmabaa sɛ wɔbɛyɛ soronko wɔ wɔn atipɛnfo mu.” Sɛ awofo amma mmofra ani anka fie na ɛhɔ anyɛ wɔn dɛ anaa wɔannye bere ne wɔn mma ammɔ a, ɛbɛma wɔn atipɛnfo asɛe wɔn.

Bio nso, wɔ “nna a edi akyiri” yi mu no, abusua no aba asiane mu, efisɛ Bible hyɛɛ nkɔm sɛ nnipa bɛyɛ sikanibere, wɔbɛdɔ anigyede na wɔayɛ pɛsɛmenkominya. Ne saa nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ yebehu sɛ mmofra yɛ “awofo so asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a wonni nokware, [ne] wɔn a wonni tema.”—2 Timoteo 3:1-3.

Asɛmfua “tema” a wɔde di dwuma wɔ Bible mu no kyerɛ ɔdɔ a ɛwɔ abusuafo ntam. Saa abusuafo ntam dɔ yi na ɛma awofo hwɛ wɔn mma na ɛka mmofra ba wɔn awofo ho. Nanso, sɛ awofo anna saa ɔdɔ yi adi ankyerɛ wɔn mma a, ɛma mmofra no de wɔn werɛ hyɛ afoforo mu, titiriw wɔn atipɛnfo, na ebia wobesuasua wɔn suban ne wɔn nneyɛe. Nanso, sɛ awofo de Bible nnyinasosɛm tete wɔn abusua a, ɛntaa mma biribi a ɛte saa nsi.—Mmebusɛm 3:5, 6.

Onyankopɔn na Ɔhyehyɛɛ Abusua No

Bere a Onyankopɔn kaa Adam ne Hawa boom sɛ awarefo akyi no, ɔde ahyɛde yi maa wɔn sɛ: “Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma.” Ɛno akyi na wobenyaa abusua no, a wɔn a wɔwom ne agya, ɛna, ne mmofra no. (Genesis 1:28; 5:3, 4; Efesofo 3:14, 15) Yehowa de su ahorow bi bɔɔ awofo na aboa wɔn ma wɔatumi atete wɔn mma. Nanso, esiane sɛ nnipa nte sɛ mmoa nti, wɔsan nso hia mmoa foforo aka su a Yehowa de bɔɔ wɔn no ho, enti Yehowa de n’asɛm a wɔakyerɛw ama wɔn na akyerɛ wɔn kwan. Akwankyerɛ a ɔde ama wɔn no bi fa abrabɔ, Onyankopɔn som, ne sɛnea wɔbɛteɛ wɔn mma so yiye ho.—Mmebusɛm 4:1-4.

Asɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ agyanom titiriw ni: “Nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.” (Deuteronomium 6:6, 7; Mmebusɛm 1:8, 9) Hyɛ no nsow sɛ na ɛsɛ sɛ awofo di kan de Onyankopɔn mmara dua wɔn ankasa koma mu. Dɛn nti na na saa a wɔbɛyɛ ho hia? Efisɛ nkyerɛkyerɛ a ɛkanyan afoforo ankasa no nyɛ nsɛm a wɔde ano ka kɛkɛ, na mmom nea efi komam. Sɛ awofo fi wɔn koma mu kyerɛkyerɛ nkutoo a, ɛnna wɔn nkyerɛkyerɛ bɛka wɔn mma koma. Awofo a wɔte saa no bɛyɛ nhwɛso pa ama wɔn mma nso, efisɛ ɛnyɛ den sɛ mmofra behu obi a ɔnka nokware.—Romafo 2:21.

Wɔka kyerɛ awofo a wɔyɛ Kristofo sɛ wɔmfa “Awurade nkyerɛkyerɛ, nteɛso, afotu ne ne kasakyerɛ” mma wɔn mma mfi wɔn mmofrase pɛɛ. (Efesofo 6:4, The Amplified Bible; 2 Timoteo 3:15) Wɔmfa mfi wɔn mmofraase pɛɛ? Yiw! Maame bi kyerɛwee sɛ, “Ɛtɔ mmere bi a yɛn a yɛyɛ awofo no ka sɛ yɛn mma no nnya nnuu baabi a yebetumi akyerɛkyerɛ wɔn. Yebu wɔn sɛ wosusua dodo. Nanso, sɛ yɛkyerɛkyerɛ wɔn a, ɛbɛyɛ yiye. Enti ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ awofo no kyerɛkyerɛ wɔn.” Ampa, mmofra ani gye ho sɛ wobesua ade, na sɛ awofo a wosuro Onyankopɔn kyerɛkyerɛ wɔn a, wɔn nso besua sɛ wɔbɛda ɔdɔ adi. Mmofra a wɔte saa bɛte nka sɛ mmara a wɔn awofo ahyehyɛ ama wɔn no ma wonya ahotɔ ne ahobammɔ. Enti, awofo a wotumi tete mmofra yiye bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nnamfo pa, wɔn a wonim nkɔmmɔ bɔ na wɔwɔ abotare, nanso wɔmfa wɔn nkyerɛkyerɛ nni agoru, na ɛno boa ma mmofra no tumi nyin yiye. *

Mommɔ Mo Mma Ho Ban

Sukuu kyerɛkyerɛfo panyin bi a ɔwɔ Germany a mmofra ntetee ho hia no kyerɛw kɔmaa awofo sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛhyɛ mo a moyɛ awofo nkuran sɛ mo ankasa mommɔ mmɔden mfa ntetee a mmofra hia na ama wɔabɛyɛ mpanyin pa mu fã kɛse no ara mma wɔn, na munnyaw nea ɛyɛ mo asɛyɛde no nnto television anaa wɔn atipɛnfo a wɔn suban nye so.”

Sɛ wugyae wo ba ma television anaa n’atipɛnfo a wɔn suban nye a, ɛnde na nea wokyerɛ ne sɛ, wopɛ sɛ wiase honhom no na ɛtete wo ba no ma wo. (Efesofo 2:1, 2) Wiase honhom no ne Onyankopɔn honhom nhyia koraa. Saa wiase honhom yi te sɛ mframa a ano yɛ den a ɛbɔ sesaw “asase so ne honam ne adaemone” nsusuwii de gu mmofra a wonni osuahu anaa wonnim nyansa no koma ne wɔn adwene mu. (Yakobo 3:15) Awiei koraa no, saa nsusuwii a edi awu yi a ɛte sɛ wura no sɛe mmofra no koma. Yesu kyerɛkyerɛɛ nea sɛ yɛn koma sɛe a efi mu ba mu sɛ: “Onipa pa fi adepa a wakora so ne koma mu yi adepa adi, nanso ɔbɔnefo fi nnebɔne a wakora so mu yi adebɔne adi; efisɛ nea ayɛ koma mã aboro so no na n’ano ka.” (Luka 6:45) Enti, Bible tu yɛn fo sɛ: “Kora wo koma so sen nea wode sie nyinaa, na emu na nneyɛe nyinaa fi.”—Mmebusɛm 4:23.

Nokwarem no, mmofra de woyɛ wɔn dɛn ara a wɔyɛ mmofra, na wɔn mu bi betumi asen wɔn kɔn na wɔagye nsam mpo. (Genesis 8:21) Dɛn na awofo betumi ayɛ? Bible ka sɛ: “Agyimisɛm kyekyere abofra koma ho, nteɛso abaa bɛma afi ne ho.” (Mmebusɛm 22:15) Ebinom bu eyi sɛ ɛyɛ nteɛso a emu yɛ den a ne bere atwam. Nokwarem no, Bible kasa tia basabasayɛ ne atɛnnidi. Ɛwom sɛ, ɛtɔ mmere bi a “abaa” no kyerɛ abaa ankasa de, nanso egyina hɔ ma tumi a awofo wɔ a wogyina pintinn de nteɛso ma, nanso wɔyɛ saa wɔ ɔdɔ mu na aboa abofra no afebɔɔ.—Hebrifo 12:7-11.

Mone Mo Mma Mmom Nni Agoru

Ɛyɛ nokware sɛ, sɛ mmofra benyin yiye a, ɛsɛ sɛ wodi agoru na wogye wɔn ani. Awofo a wonim nyansa de hokwan biara a wobenya ne wɔn mma di agoru sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛhyɛ wɔne wɔn mma ntam abusuabɔ mu den. Enti, ɛnyɛ agoru a ɛfata nko na awofo betumi aboa wɔn mma ma wɔapaw, na mmom wobetumi ama mmofra no ahu sɛ wɔn ani gye wɔn fekubɔ ho nso.

Papa bi a ɔyɛ Ɔdansefo ka sɛ sɛ ofi adwuma ba fie a, ɔtaa ne ne babarima bɔ bɔɔl. Maame bi nso ka sɛ na ɔne ne mma bɔ ludu. Ɔbaa bi kae sɛ bere a ɔyɛ abofra no na ɔne n’abusua bom ka sakre. Saa mmofra yi nyinaa abɛyɛ mpanyimfo seesei, nanso ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn awofo ne Yehowa no mu yɛ ara na ɛreyɛ den.

Nokwarem no, awofo a wɔde nsɛm a wɔka ne wɔn nneyɛe kyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn mma, na wɔn ani gye ho sɛ wɔne wɔn bɛbɔ no nya wɔn so nkɛntɛnso kɛse kosi wɔn mpanyin mmere mu mpo. Sɛ nhwɛso no, Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu adesuakuw bi a wɔawie wɔn adesua no mu pii kae sɛ, ɛyɛ wɔn awofo nhwɛso ne wɔn nkuranhyɛ na ɛma wonyaa ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ bere nyinaa som adwuma no. Hwɛ sɛnea eyi yɛ agyapade ma mmofra no, na ɛyɛ nhyira nso ma awofo no! Nokwarem no, ɛnyɛ mmofra nyinaa na sɛ wonyin a wobetumi abɛyɛ bere nyinaa asomfo, nanso akyinnye biara nni ho sɛ mmofra nyinaa nya awofo a wosuro Onyankopɔn a wɔfa wɔn mma nnamfo na wɔyɛ nhwɛso pa ma wɔn no so mfaso. Na ɛma mmofra no di awofo a wɔte saa ni.—Mmebusɛm 22:6; Efesofo 6:2, 3.

Awofo a Wonni Ahokafo Betumi Atete Wɔn Mma Ma Ayɛ Yiye

Ɛnnɛ, mmofra pii na ɔwofo biako tete wɔn. Ɛwom sɛ eyi ma mmofra ntetee yɛ den kɛse de, nanso ebetumi ayɛ yiye. Nhwɛso a Eunike a ɔyɛ Yudani Kristoni a ɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu yɛe a wɔakyerɛw wɔ Bible mu no betumi ahyɛ awofo a wonni ahokafo nkuran. Esiane sɛ na Eunike kunu nyɛ Kristoni nti, ɛda adi sɛ wammoa no wɔ Onyankopɔn som mu. Nanso, Eunike yɛɛ nhwɛso pa wɔ ntetee a ɔde maa Timoteo no mu. Nkɛntɛnso pa a Eunike ne Timoteo nana Lois nyae wɔ Timoteo so fi ne mmofraase no mu yɛ den araa ma n’atipɛnfo nkɛntɛnso bɔne biara antumi ansɛe no.—Asomafo Nnwuma 16:1, 2; 2 Timoteo 1:5; 3:15.

Mmerante ne mmabaa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ a ɔwofo a ɔnyɛ Kristoni anaa ɔwofo a onni ɔhokafo na ɔtetee wɔn da su pa a aberante Timoteo daa no adi no bi adi. Sɛ nhwɛso no, Ryan a seesei wadi mfe 22 a ne maame nkutoo na ɔtetee ɔno ne ne nuabarima panyin ne ne nuabea no yɛ bere nyinaa somfo. Ná wɔn papa yɛ kɔwensani, na ogyaw abusua no hɔ bere a na Ryan adi mfe anan. Ryan kae sɛ: “Ná Maame asi ne bo sɛ yɛn abusua no bɛkɔ so asom Yehowa, na ofii ne koma nyinaa mu yɛɛ ho adwuma.”

Ryan kae sɛ: “Nea Maame yɛe no mu bi ne sɛ ɔmaa yɛne mmofra a wɔwɔ suban pa na ɛbɔe. Wamma yɛne wɔn a Bible ka sɛ wɔn fekubɔ nye, sɛ́ wɔwɔ asafo no mu anaasɛ wonni mu no ammɔ da. Ɔmaa yenyaa sukuu a yɛkɔe ho adwempa nso.” Ɛwom sɛ mpɛn pii no na Ryan maame nni adagyew, na na adwuma a ɔyɛ nso ma ɔbrɛ de, nanso eyi nyinaa akyi no, na onya ne mma ho adagyew. Ryan kae sɛ: “Bere nyinaa na ɔpɛ sɛ ɔbɛn yɛn na ɔne yɛn bɔ nkɔmmɔ. Ná ɔwɔ abotare nanso na ɔmmfa ne nkyerɛkyerɛ nni agoru, na na ɔyɛ nea obetumi biara sɛ ɔne abusua no bɛyɛ Bible adesua daa. Ná ɔmfa Bible nnyinasosɛm nni agoru koraa.”

Sɛ Ryan kaakae ne mmofraase a, ohu sɛ onii a onyaa ɔno ne ne nuanom mpanyimfo asetra so nkɛntɛnso paa ne wɔn maame a ɔdɔ Onyankopɔn paa na ɔdɔ ne mma nso no. Enti, mo Kristofo a moyɛ awofo, sɛ́ mo ne mo ahokafo te anaasɛ moyɛ akunafo, sɛ́ mowɔ ahokafo a wɔyɛ Kristofo anaa wɔnyɛ Kristofo no, mommpa abaw bere a morebɔ mmɔden sɛ mobɛkyerɛkyerɛ mo mma no. Ɛtɔ mmere bi a ebia mmofra no bi bɛtwe wɔn ho afi nokware no ho te sɛ nea ɔba hohwini no yɛe no. Nanso, sɛ wohu sɛ hwee nni wiase no mu na emu nyɛ dɛ a, ebia wɔbɛsan aba. Yiw, “ɔtreneeni a ɔnam ne pɛyɛ mu, wobehyira ne mma wɔ n’akyi.”—Mmebusɛm 20:7; 23:24, 25; Luka 15:11-24.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 9 Sɛ wopɛ saa nsɛm pɔtee yi ho nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a, hwɛ Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 55-9.

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Onyankopɔn Na Ɔpaw Yesu Awofo

Bere a Yehowa somaa ne Ba no sɛ wɔmmɛwo no sɛ onipa no, ɔpaw Yesu awofo yiye. Ɔpaw awarefo bi a wɔbrɛ wɔn ho ase na wosuro Onyankopɔn a wɔanhyɛ no abahyɛbɔne, na mmom wɔkyerɛkyerɛɛ no Onyankopɔn Asɛm ne mfaso a ɛwɔ adwumaden ne n’asɛyɛde a ɔbɛyɛ so sɛ n’awofo. (Mmebusɛm 29:21; Kwadwom 3:27) Yosef kyerɛɛ Yesu duadwumfo adwuma, na akyinnye biara nni ho sɛ Yosef ne Maria maa Yesu a ɔyɛ wɔn abakan no boaa wɔn ma wɔhwɛɛ wɔn mma a wɔn dodow bɛyɛ baasia a wɔaka no.—Marko 6:3.

Sɛ edu Twam afahyɛ bere a, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ na Yosef abusua no bom yɛ adwumaden de siesie wɔn ho ma wɔn afe afe akwantu a wɔde kɔ Yerusalem, a na wɔnantew twa kwan kilomita 200 kɔ san ba no. Akyinnye biara nni ho sɛ, na ɛsɛ sɛ abusua a emu nnipa bɛyɛ baakron anaa nea ɛboro saa no siesie wɔn ho yiye ma saa akwantu tenten no. (Luka 2:39, 41) Ahokyere a ɛwom nyinaa akyi no, ɛda adi sɛ na Yosef ne Maria bu saa kwan a wotu kɔ Yerusalem no sɛ ɛho hia, ebi mpo a na wɔde saa hokwan no kyerɛkyerɛ wɔn mma no nsɛm a asisi a wɔakyerɛw wɔ Bible mu no.

Bere a na Yesu renyin no, “ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase hyɛɛ” n’awofo ase, na Yesu “kɔɔ so nyinii nyaa nyansa, na onyaa Onyankopɔn ne nnipa anim dom” bere nyinaa. (Luka 2:51, 52) Akyinnye biara nni ho sɛ, Yosef ne Maria daa wɔn ho adi sɛ wɔfata sɛ Yehowa paw wɔn de Yesu hyɛɛ wɔn nsa. Nhwɛso pa a wɔyɛ maa awofo a wɔwɔ hɔ nnɛ bɛn ara ni!—Dwom 127:3.