Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible No A Wobɛte Ase—Ade a Ɛde Anigye Ba a Wubetumi Anya

Bible No A Wobɛte Ase—Ade a Ɛde Anigye Ba a Wubetumi Anya

Bible No A Wobɛte Ase—Ade a Ɛde Anigye Ba a Wubetumi Anya

NOKWASƐM atitiriw a efi Onyankopɔn hɔ na ɛwɔ Bible mu. Ɛma yehu nea enti a wɔbɔɔ yɛn, nea ɛde amanehunu bae, ne nea adesamma benya daakye. Ɛkyerɛkyerɛ yɛn sɛnea yebenya anigye, sɛnea yɛbɛfa nnamfo, ne sɛnea yebedi ɔhaw ahorow ho dwuma yiye. Nea ɛho hia paa no, ɛma yehu yɛn Bɔfo a ɔne yɛn soro Agya Yehowa no ho nsɛm. Nimdeɛ a ɛte saa no ma yɛn ani gye, na ɛma yɛn asetra yɛ nea mfaso wɔ so.

Bible de Onyankopɔn ho nimdeɛ a yebenya toto adidi ho. Yesu kae sɛ: “Ɛnyɛ paanoo nkutoo so na onipa nam bɛtra ase, na mmom asɛm biara a efi Yehowa anom” so. (Mateo 4:4; Hebrifo 5:12-14) Sɛnea ɛho hia sɛ yedi aduan pa da biara na ama yɛakɔ so atra ase no, saa ara na ɛho hia sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm daa na ama yɛanya daa nkwa a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn bɔ no.

Esiane sɛnea wɔbɔɔ yɛn nti, yɛn ani gye adidi ho na edi ahiade titiriw bi ho dwuma ma yɛn. Nanso, sɛ yɛpɛ sɛ yɛn ani gye a, ɛsɛ sɛ yedi ahiade titiriw bi nso ho dwuma. Yesu kae sɛ: “Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade.” (Mateo 5:3) Yɛn ani betumi agye efisɛ yɛnam Onyankopɔn Asɛm a yɛbɛte ase no so betumi anya saa ahiade no.

Ɛyɛ ampa sɛ ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔbɛte Bible no ase. Sɛ nhwɛso no, ebia wubehia mmoa na ama woate Bible mu nsɛm bi a ɛka amanne a wunnim ho nsɛm anaa ɛyɛ kasakoa ase. Afei nso, nkɔmhyɛ ahorow bi wɔ hɔ a emu nsɛm no gyina hɔ ma biribi, na gye sɛ wunya Bible mu nsɛm foforo a ɛka asɛm koro no ara ho asɛm ansa na woatumi ate ase. (Daniel 7:1-7; Adiyisɛm 13:1, 2) Ɛno mpo no, wubetumi ate Bible no ase ankasa. Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ wubetumi ate ase?

Biribi a Ɛde Anigye Ba a Obiara Betumi Anya

Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm. Ɛma yehu nea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ. So Onyankopɔn bɛma yɛn nhoma bi a yentumi nte ase a gye sɛ nnipa bi a wɔn nhomanim kɔ akyiri nkutoo na wobetumi ate ase? Dabi. Yehowa renyɛ atirimɔdensɛm saa. Kristo Yesu kae sɛ: “Mo mu hena paa na ɔyɛ agya a sɛ ne ba bisa no apataa a, ɔde ɔwɔ bɛhyɛ ne nsam sen sɛ ɔbɛma no apataa? Anaasɛ sɛ obisa kesua nso a, ɔde akekantwɛre bɛhyɛ ne nsam? Enti, sɛ mo a moyɛ abɔnefo mpo nim sɛnea mode akyɛde pa ma mo mma a, hwɛ mpɛn dodow ara a Agya a ɔwɔ soro no de honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no!” (Luka 11:11-13) Enti, wubetumi anya awerɛhyem sɛ wubetumi ate Bible no ase ma ayɛ yiye, na sɛ wufi komam srɛ Onyankopɔn a ɔbɛboa wo ma woate n’Asɛm no ase. Nokwarem no, mmofra mpo betumi ate Bible mu mfitiase nkyerɛkyerɛ ase!—2 Timoteo 3:15.

Ɛwom sɛ egye mmɔdenbɔ na ama yɛate Bible no ase de, nanso sɛ yɛyɛ saa a ebetumi anya yɛn so nkɛntɛnso pa na ahyɛ yɛn den. Wɔ Yesu wusɔre akyi no, oyii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo baanu na ɔkaa Bible mu nkɔmhyɛ ahorow ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Luka kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Ɔde fi Mose ne Adiyifo no nyinaa so kyerɛkyerɛɛ wɔn nsɛm a ɛfa ne ho mu wɔ Kyerɛwnsɛm no nyinaa mu.” Dɛn na efii mu bae? Saa anwummere no, bere a na asuafo no resusuw nea na wɔasua no ho no, wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Bere a ɔne yɛn rekasa wɔ ɔkwan so na ɔrekyerɛ Kyerɛwnsɛm no mu kyerɛ yɛn no, so yɛn koma anhyehye yɛn?” (Luka 24:13-32) Onyankopɔn Asɛm ase a wɔtee no maa wɔn ani gyei, efisɛ ɛmaa gyidi a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu no yɛɛ den, na ɛma wonyaa daakye ho anidaso.

Sɛ yɛte Onyankopɔn Asɛm ase a, yehu sɛ ɛyɛ dɛ na mfaso wɔ so, na ɛyɛ anigye te sɛ nea yɛredi aduan bi a ɛyɛ dɛ, na ɛremma yemmu no sɛ ɛyɛ adesoa. Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na ama woanya ntease a ɛte saa? Asɛm a edi hɔ no bɛma woahu nea ɛsɛ sɛ woyɛ na woatumi anya “Onyankopɔn ho nimdeɛ” ho anigye.—Mmebusɛm 2:1-5.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Te sɛ Agya a ɔwɔ dɔ no, Yehowa de ne honhom boa yɛn ma yɛte Bible no ase