Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn na Ɛbɛboa Wo Ma Woate Bible No Ase?

Dɛn na Ɛbɛboa Wo Ma Woate Bible No Ase?

Dɛn na Ɛbɛboa Wo Ma Woate Bible No Ase?

“WODE eyinom asuma anyansafo ne animdefo, na woayi no adi akyerɛ nkokoaa.” (Luka 10:21) Saa nsɛm yi a Yesu ka kyerɛɛ ne soro Agya no kyerɛ sɛ, sɛ yɛbɛte Bible no ase a, ɛsɛ sɛ yenya ho adwempa. Yehu Yehowa nyansa wɔ nhoma bi a wayɛ a nnipa ahobrɛasefo a wɔma kwan ma wɔkyerɛkyerɛ wɔn nkutoo na wotumi te ase no ho.

Ɛyɛ den ma yɛn mu pii sɛ yɛbɛda ahobrɛase adi. Wɔde ahantan awo yɛn nyinaa. Afei nso, yɛte “nna a edi akyiri” a emu nnipa yɛ “ahopɛ, . . . wɔn a wɔyɛ asobrakye, [ne] wɔn a wɔyɛ ahomaso” mu. (2 Timoteo 3:1-4) Saa suban ahorow yi na ɛmma yɛnte Onyankopɔn Asɛm ase. Awerɛhosɛm ne sɛ, yɛn nyinaa suasua nnipa a yɛne wɔn te no ahomaso no kakra. Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na woanya su a ehia na ama woate Bible no ase?

Yɛn Koma ne Yɛn Adwene a Yebesiesie

Ná Esra a odi Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtraa ase tete anim no “asiesie ne koma sɛ ɔbɛhwehwɛ [Yehowa, NW] mmara.” (Esra 7:10) So akwan bi wɔ hɔ a yɛn nso yebetumi afa so asiesie yɛn koma? Yiw. Nea yebetumi adi kan ayɛ ne sɛ yebenya Kyerɛwnsɛm no ho adwempa. Ɔsomafo Paulo kyerɛw ne mfɛfo Kristofo sɛ: “Bere a mugyee Onyankopɔn asɛm a mote fii yɛn hɔ no, moannye no sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Onyankopɔn asɛm.” (1 Tesalonikafo 2:13) Ɛwom sɛ nnipa na Onyankopɔn maa wɔkyerɛw Bible no de, nanso ɛyɛ Yehowa nsɛm na wɔkyerɛwee. Saa nokwasɛm titiriw yi a yebehu no bɛma yɛagye nea yɛkenkan no atom.—2 Timoteo 3:16.

Ɔkwan foforo a yebetumi afa so asiesie yɛn koma ne sɛ yɛbɛbɔ mpae. Esiane sɛ wɔnam Onyankopɔn honhom kronkron so na wɔkyerɛw Bible nti, Onyankopɔn betumi de ne honhom no aboa yɛn ma yɛate Bible no ase. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ mmoa a ɛte saa. Hyɛ sɛnea na eyi ho hia odwontofo no nsow. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ma minhu mu, na madi wo mmara so, na mede me koma nyinaa medi so.” (Dwom 119:34) Wɔ mpae a yɛbɛbɔ asrɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛte Bible no ase akyi no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae srɛ koma a ɛbɛma yɛagye nea yɛkenkan no atom nso. Sɛ yɛbɛte Bible no ase a, ɛsɛ sɛ yegye asɛm a ɛyɛ nokware tom.

Bere a woredwennwen nea ɛbɛyɛ a wubenya adwempa ho no, susuw sɛnea Bible a wubesua no betumi aboa wo nso ho. Yɛwɔ ntease a edi mũ pii a enti ɛsɛ sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm, nanso nea ɛsen ne nyinaa ne sɛ ɛboa yɛn ma yɛbɛn Onyankopɔn. (Yakobo 4:8) Sɛ yɛkenkan sɛnea Yehowa yɛ n’ade wɔ tebea horow mu, sɛnea ɔkyerɛ wɔn a wɔdɔ no ho anisɔ, ne nea ɔyɛ wɔn a wɔtwe wɔn ho fi ne ho no ho nsɛm a, ɛma yehu onii kõ a ɔyɛ no yiye. Botae titiriw a ɛsɛ sɛ yɛde kenkan Bible bere nyinaa ne sɛ ɛbɛma yɛahu Onyankopɔn yiye na ahyɛ yɛne no ntam abusuabɔ mu den.

Nneɛma a Ɛmma Yentumi Nnya Adwempa

Dɛn na ɛmma yentumi nte Onyankopɔn Asɛm no ase? Biako ne nokware a yebedi ama nnipa bi wɔ ɔkwan a ɛmfata so. Sɛ nhwɛso no, ebia nnipa bi a wubu wɔn paa gyidi ne wɔn nsusuwii na wukura. Nanso, sɛ nnipa a wɔte saa no nni obu ankasa ma Onyankopɔn Asɛm mu nokware no a, dɛn na wobɛyɛ? Sɛ ɛkɔba saa a, ebia ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wobɛte nea Bible no kyerɛkyerɛ ankasa ase. Enti, Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnhwehwɛ nea wɔakyerɛkyerɛ yɛn no mu yiye.—1 Tesalonikafo 5:21.

Yesu maame Maria hyiaa ɔhaw a ɛte saa. Wɔtetee no wɔ Yuda som mu. Ná odi Mose Mmara no so pɛpɛɛpɛ, na akyinnye biara nni ho sɛ na ɔkɔ hyiadan mu. Nanso, bere bi akyi no, obehui sɛ Onyankopɔn ani nnye ɔkwan a na n’awofo akyerɛ no sɛ ɔmfa so nsom Onyankopɔn no ho bio. Ɛno nti, Maria gyee Yesu nkyerɛkyerɛ toom, ma enti ɔbɛkaa nnipa a wodii kan de wɔn hyehyɛɛ Kristofo asafo no ho. (Asomafo Nnwuma 1:13, 14) Nea ɔyɛe no nkyerɛ sɛ na ommu n’awofo anaa n’awofo som; mmom no, ɛyɛ ɔdɔ a na ɔwɔ ma Onyankopɔn ntia. Enti, sɛ yebenya Bible no so mfaso a, ɛsɛ sɛ yɛde nokware a yebedi ama Onyankopɔn no di kan te sɛ nea Maria yɛe no.

Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa pii mfa Bible mu nokware nyɛ hwee. Ebinom wɔ hɔ a wɔte nka sɛ nyamesom mu atoro nkyerɛkyerɛ a wobedi akyi no ara ye ma wɔn. Afoforo de wɔn abrabɔ ne wɔn kasa kyerɛ sɛ wɔmpɛ nokware no. Enti, ɛsɛ sɛ wode nneɛma bi bɔ afɔre ansa na woatumi agye Bible mu nokware no atom: Sɛ woyɛ saa a, ebia wo nnamfonom, w’afipamfo, nnipa a wo ne wɔn yɛ adwuma, ne w’abusuafo mpo ne wo renyɛ adwene. (Yohane 17:14) Nanso, onyansafo Salomo kyerɛwee sɛ: “Tɔ nokware, na ntɔn.” (Mmebusɛm 23:23) Sɛ wubu nokware sɛ ade a ɛsom bo a, Yehowa bɛboa wo ma woate Bible no ase.

Ade foforo a ɛmma yɛnte Bible no ase ne ɔpɛ a yenni sɛ yɛde nea ɛka no bɛyɛ adwuma. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Mo na wɔde ama mo sɛ monte ɔsoro ahenni ho ahintasɛm kronkron no ase, na wɔn de wɔmfa mmaa wɔn. Efisɛ ɔman yi koma apirim, na wɔde wɔn aso atie kwa.” (Mateo 13:11, 15) Ná nnipa dodow no ara a Yesu kasa kyerɛɛ wɔn no koma apirim, na wɔmpɛ sɛ wɔbɛyɛ nsakrae. Hwɛ sɛnea wɔanyɛ wɔn ade te sɛ oguadini kwantufo a Yesu kaa ne ho asɛm wɔ ne mfatoho bi mu no! Bere a oguadini no huu ahene bi a ne bo yɛ den no, ntɛm ara na ɔkɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa de kɔtɔe! Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛma Bible mu nokware a yɛbɛte ase no yɛ ade a ɛsom bo ma yɛn.—Mateo 13:45, 46.

Nea Ɛma Ɛyɛ Den Ma Obi sɛ Ɔbɛma Wɔakyerɛkyerɛ No

Ade a ɛyɛ den paa sɛ ɛbɛma obi ate Bible no ase ne sɛ ɔmma kwan mma wɔnkyerɛkyerɛ no. Ebia ɛbɛyɛ den ama obi sɛ obesua ade foforo afi obi a obu no sɛ ɔba fam hɔ. Nanso, na Yesu Kristo asomafo no yɛ nnipa a “wonsuaa nhoma na wɔyɛ mpapahwekwa.” (Asomafo Nnwuma 4:13) Bere a Paulo rekyerɛkyerɛ nea enti a ɛte saa mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Anuanom, moahu frɛ a wɔafrɛ mo no sɛ wɔamfrɛ honam fam anyansafo pii, atumfoɔ, anaa adehye pii; na mmom wiase nkwaseade na Nyankopɔn pawee na ɔde ahyɛ anyansafo no aniwu.” (1 Korintofo 1:26, 27) Sɛ wuhu sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛbrɛ wo ho ase ama obi a ɔba fam akyerɛkyerɛ wo a, kae sɛ Onyankopɔn nam onii no so kɛkɛ na ɔrekyerɛkyerɛ wo. So ɛnyɛ hokwan kɛse sɛ Yehowa, yɛn “Kyerɛkyerɛfo Kunini” no bɛkyerɛkyerɛ wo?—Yesaia 30:20, NW; 54:13.

Obi a na ɛyɛ den ma no sɛ obegye akwankyerɛ afi obi a ɔba fam hɔ ne Siria sahene Naaman. Bere a na ɔrehwehwɛ ne kwata ano aduru no, ɔkɔɔ Yehowa diyifo Elisa nkyɛn. Nanso, Onyankopɔn nam ne somfo bi so na ɛkyerɛɛ Naaman nea ɔnyɛ na ama ne ho atɔ no. Nkrasɛm no ne onii a wɔde faa no so no ma ɛyɛɛ den maa Naaman sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase agye akwankyerɛ no atom, enti mfiase no wampɛ sɛ otie Onyankopɔn diyifo no asɛm. Akyiri yi, Naaman sesaa n’adwene, na onyaa ayaresa. (2 Ahene 5:9-14) Sɛ yɛkenkan Bible no a, yɛn nso yehyia asɛnnennen a ɛte saa ara. Ebia yebehu sɛ sɛ yɛne Onyankopɔn benya abusuabɔ pa na yɛabɔ ɔbra pa a, ɛho hia sɛ yɛsesa yɛn akwan. So yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ama obi akyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛyɛ wɔn a wɔma kwan ma wɔkyerɛkyerɛ wɔn no nkutoo na wobetumi ate Bible no ase.

Etiopiafo hemma Kandake piani a na ɔwɔ tumi no daa su pa bi adi. Ná ɔte ne teaseɛnam mu resan akɔ Afrika, ɛnna osuani Filipo tuu mmirika kɔɔ ne nkyɛn kohyiaa no. Filipo bisaa ɔbarima no sɛ ɔte nea ɔrekenkan no ase anaa? Opiani no de ahobrɛase buae sɛ: “Sɛ obi ankyerɛ me a, mɛyɛ dɛn atumi ate ase?” Bere a saa ɔbarima no tee Onyankopɔn Asɛm no ase no, wɔbɔɔ no asu. Ɛno akyi no, “ɔde ahurusi toaa so kɔɔ ne kwan.”—Asomafo Nnwuma 8:27-39.

Yehowa Adansefo dodow no ara yɛ mpapahwekwa. Nnawɔtwe biara wɔne nnipa bɛboro ɔpepem asia sua Bible wɔ wɔn afie mu. Esiane sɛ Bible kyerɛkyerɛ sɛnea wonya asetra pa, ɛkyerɛkyerɛ ade biako pɛ a ɛma adesamma nya anidaso, na ɛkyerɛ yɛn sɛnea yebetumi ahu Onyankopɔn nti, nnipa ɔpepem pii ahu sɛ Bible no a wobesua na wɔate nea ɛka ase no yɛ ade a ɛde anigye a ɛso bi nni ba. Ɛyɛ ade a ɛyɛ anigye a wubetumi anya.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Ná ɛyɛ den ma Naaman sɛ obegye akwankyerɛ afi ɔsomfo bi a ɔba fam hɔ

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Sɛ yɛte Bible no ase a, ɛma yɛn ani gye