Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Monkɔ Nkɔyɛ Asuafo, Mommɔ Wɔn Asu’

‘Monkɔ Nkɔyɛ Asuafo, Mommɔ Wɔn Asu’

‘Monkɔ Nkɔyɛ Asuafo, Mommɔ Wɔn Asu’

“Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu . . . , monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.”—MATEO 28:19, 20.

1. Gyinae bɛn na Israel man no sii wɔ Bepɔw Sinai ase?

BƐYƐ mfe 3,500 a atwam ni no, ɔman mũ bi mu nnipa nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn bɔ bi. Bere a na Israelfo no ahyiam wɔ Bepɔw Sinai ase no, wɔpaee mu kae sɛ: “Nea [Yehowa, NW] aka nyinaa, yɛbɛyɛ.” Efi saa bere no, Israel bɛyɛɛ ɔman a wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn ma wɔbɛyɛɛ ‘n’ahode.’ (Exodus 19:5, 8; 24:3) Ná wɔhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bɛbɔ wɔn ho ban na wɔne wɔn asefo atra asase a “a ɛsen nufusu ne ɛwo no” so.—Leviticus 20:24.

2. Abusuabɔ bɛn na nkurɔfo betumi ne Onyankopɔn anya nnɛ?

2 Nanso, sɛnea odwontofo Asaf kae no, Israelfo no ‘anni Nyankopɔn apam so, na ne mmara nso wɔampɛ sɛ wɔnantew mu.’ (Dwom 78:10) Wɔanni bɔ a na wɔn agyanom ahyɛ Yehowa no so. Awiei koraa no, ɔman no hweree abusuabɔ soronko a na wɔne Onyankopɔn wɔ no. (Ɔsɛnkafo 5:4; Mateo 23:37, 38) Enti, Onyankopɔn “dan n’ani baa amanaman no so . . . yii nnipa bi fii wɔn mu maa ne din.” (Asomafo Nnwuma 15:14) Wɔ nna a edi akyiri yi mu no, Onyankopɔn reboaboa “nnipakuw kɛse bi a obiara ntumi nkan wɔn, a wofi amanaman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa nyinaa mu” ano, na saafo no de anigye ka sɛ: “Yɛn nkwagye fi yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne Oguammaa no.”—Adiyisɛm 7:9, 10.

3. Dɛn na ɛsɛ sɛ obi yɛ na ama ɔne Onyankopɔn anya abusuabɔ?

3 Sɛ obi bɛba abɛka wɔn a wɔne Onyankopɔn nya abusuabɔ a ɛsom bo no ho a, ɛsɛ sɛ ohyira ne ho so ma Yehowa na ɔde nsu mu asubɔ yɛ ho sɛnkyerɛnne wɔ baguam. Saa a obi bɛyɛ no kyerɛ sɛ odi Yesu ahyɛde a ɔde maa n’asuafo yi so: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ! me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kosi wiase nhyehyɛe no awiei.” (Mateo 28:19, 20) Mose kenkan “apam nhoma no” maa Israelfo no tiei. (Exodus 24:3, 7, 8) Enti, wobehuu asɛyɛde a wɔwɔ wɔ Yehowa anim no. Saa ara na ɛnnɛ nso, ɛsɛ sɛ obi nya Onyankopɔn apɛde ho nokware nimdeɛ a ɛwɔ n’Asɛm Bible no mu ansa na wabɔ asu.

4. Dɛn na ɛsɛ sɛ obi yɛ na ama wafata ama asubɔ? (Fa adaka a ɛwɔ atifi hɔ no mu nsɛm ka ho.)

4 Ɛda adi pefee sɛ na Yesu pɛ sɛ n’asuafo no nya gyidi a ɛyɛ den ansa na wɔabɔ asu. Ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔnkɔyɛ nkurɔfo n’asuafo na wɔnsan nkyerɛkyerɛ ‘wɔn mma wonni nea wahyɛ nyinaa so.’ (Mateo 7:24, 25; Efesofo 3:17-19) Enti mpɛn pii no, nkurɔfo a wɔfata ma asubɔ yɛ wɔn a wɔde asram pii anaa afe anaa mfe abien mpo asua Bible no, ma enti wosusuw asubɔ no ho yiye te ase ansa na wɔasi gyinae. Da a wɔbɔ asu no ankasa no, wɔma wɔn a wɔrebɛbɔ asu no bua nsɛmmisa atitiriw abien sɛ yiw. Esiane sɛ Yesu sii so dua sɛ ‘yɛn Yiw nyɛ yiw, na yɛn Dabi nyɛ dabi’ nti, mfaso wɔ so sɛ yɛn nyinaa bɛsan asusuw nea saa asubɔ ho nsɛmmisa abien no kyerɛ no ho yiye.—Mateo 5:37.

Adwensakra ne Ahosohyira

5. Nneɛma atitiriw abien bɛn na asubɔ asɛmmisa no si so dua?

5 Asɛmmisa a wodi kan bisa obi a ɔrekɔbɔ asu no ne sɛ, So wasakra afi ne kan abrabɔ ho na wahyira ne ho so ama Yehowa sɛ ɔbɛyɛ n’apɛde anaa? Saa asɛmmisa yi si nneɛma atitiriw abien a ɛsɛ sɛ obi yɛ ansa na wabɔ asu, a ɛno ne adwensakra ne ahosohyira so dua.

6, 7. (a) Dɛn nti na ɛho hia sɛ wɔn a wɔrekɔbɔ asu no nyinaa nya adwensakra? (b) Sɛ obi nya adwensakra a, ɛno akyi no nsakrae bɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

6 Dɛn nti na ɛsɛ sɛ obi sakra ansa na ɔde ne ho ama sɛ wɔmmɔ no asu? Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yɛn nyinaa bɔɔ yɛn bra sɛnea yɛn honam akɔnnɔ te.” (Efesofo 2:3) Ansa na yɛrebenya Onyankopɔn apɛde ho nokware nimdeɛ no, yɛbɔɔ yɛn bra te sɛ wiase no, sɛnea wiase no abrabɔ ne ne su te. Satan a ɔyɛ wiase yi nyame no na na ɔkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ. (2 Korintofo 4:4) Nanso, yebehuu Onyankopɔn apɛde no, yɛasi gyinae sɛ ‘yɛrentra ase mma nnipa akɔnnɔde, na mmom yɛbɛyɛ Nyankopɔn apɛde.’—1 Petro 4:2.

7 Asetra foforo yi ma yenya mfaso pii. Ne titiriw no, ɛma yɛne Yehowa nya abusuabɔ pa a Dawid de totoo nsa a wɔto frɛ yɛn kɔ Onyankopɔn “ntamadan” mu ne ne “bepɔw kronkron” so ho no. Nokwarem no ɛyɛ hokwan kɛse. (Dwom 15:1) Ɛnyɛ ade a Yehowa bɛto nsa afrɛ obiara kɛkɛ, na mmom gye wɔn a ‘wɔnantew pɛpɛɛpɛ, na wodi asɛntrenee, na wɔka wɔn komam nokware’ no nkutoo. (Dwom 15:2) Esiane abrabɔ a na yɛwom ansa na yɛresua nokware no nti, ebehia sɛ yɛyɛ nsakrae bi wɔ yɛn abrabɔ ne yɛn nipasu mu ansa na yɛadu saa ahwehwɛde yi ho. (1 Korintofo 6:9-11; Kolosefo 3:5-10) Nea ɛbɛkanyan yɛn ma yɛayɛ saa nsakrae yi ne sɛ yɛbɛsakra yɛn adwene, a nea ɛkyerɛ ne sɛ yebenu yɛn ho paa wɔ yɛn kan abrabɔ ho na yɛasi yɛn bo denneennen sɛ yɛbɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani. Ɛno akyi no yɛdan yɛn ho koraa, na yɛpo wiase pɛsɛmenkominya kwan no na yɛbɔ bra a ɛsɔ Onyankopɔn ani.—Asomafo Nnwuma 3:19.

8. Dɛn na yɛyɛ de hyira yɛn ho so, na dɛn nti na obi a wahyira ne ho so bɔ asu?

8 Asɛmmisa a edi kan a wobisa wɔn a wɔrekɔbɔ asu no fã a etwa to no bisa wɔn sɛ, So wɔahyira wɔn ho so sɛ wɔbɛyɛ Yehowa apɛde anaa? Ahosohyira yɛ ade a ɛho hia a ɛsɛ sɛ yedi kan yɛ ansa na yɛabɔ asu. Ɛyɛ mpae a yefi komam fa Kristo so bɔ de yɛn ho ma Yehowa. (Romafo 14:7, 8; 2 Korintofo 5:15) Afei Yehowa bɛyɛ yɛn Wura, na yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ te sɛ nea Yesu yɛe no. (Dwom 40:8; Efesofo 6:6) Saa bɔ a yefi komam hyɛ Yehowa no yɛ ade a yɛyɛ no pɛnkoro pɛ. Nanso, esiane sɛ yehyira yɛn ho so wɔ kokoam nti, baguam mpaemuka a yɛyɛ wɔ yɛn asubɔ da no na ɛma obiara hu sɛ yɛafi yɛn komam ahyira yɛn ho so ama yɛn soro Agya no.—Romafo 10:10.

9, 10. (a) Dɛn na Onyankopɔn apɛde a yɛbɛyɛ no hwehwɛ sɛ yɛyɛ? (b) Nasi asraafo no mpo tee yɛn ahosohyira no ase dɛn?

9 Dɛn na Yesu nhwɛso akyi a yebedi ayɛ Onyankopɔn apɛde no hwehwɛ sɛ yɛyɛ? Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma no mpa ne ho akyi na ɔmfa n’asɛndua na onni m’akyi daa.” (Mateo 16:24) Ɔkyerɛɛ nneɛma abiɛsa a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Nea edi kan no, ‘yɛpa yɛn ho akyi.’ Nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ, yegyae nneɛma a yɛn ani gye ho a ɛnyɛ papa no na yetie Onyankopɔn afotu na yedi n’akwankyerɛ akyi. Nea ɛto so abien no, ‘yɛfa yɛn asɛndua.’ Wɔ Yesu bere so no, na asɛndua gyina hɔ ma aniwu ne amanehunu. Sɛ́ Kristofo no, ɛtɔ mmere bi a asɛmpa no nti, yehu amane. (2 Timoteo 1:8) Ɛwom sɛ wiase no bedi yɛn ho fɛw anaa wɔbɛkasa atia yɛn de, nanso ‘yebu yɛn ani gu aniwu so’ te sɛ nea Yesu yɛe no efisɛ ɛyɛ yɛn anigye sɛ yenim sɛ yɛreyɛ ade a ɛsɔ Onyankopɔn ani. (Hebrifo 12:2) Nea etwa to no, yedi Yesu akyi “daa.”—Dwom 73:26; 119:44; 145:2.

10 Anwonwasɛm ne sɛ, ebinom a wɔyɛ asɔretiafo mpo te Yehowa Dansefo ho so a wɔahyira koraa ama Onyankopɔn sɛ wɔbɛsom no no ase. Sɛ nhwɛso no, wɔ Buchenwald, Nasi Germany nneduaban mu no, na wɔhwehwɛ sɛ Adansefo a wɔannyae wɔn gyidi mu no de wɔn nsa hyɛ asɛm a edi so yi ase: “Meda so ara yɛ Bible Suani a mahyira me ho so, na merennyae ntam a maka Yehowa no so di da.” Ɛda adi pefee sɛ saa ara na Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔahyira wɔn ho so nyinaa te!—Asomafo Nnwuma 5:32.

Ɛda Obi Adi sɛ Ɔyɛ Yehowa Dansefo

11. Sɛ obi bɔ asu a, hokwan bɛn na onya?

11 Asɛmmisa a ɛto so abien no bisa nea ɔrekɔbɔ asu no sɛ, nea edi kan koraa no ɔte ase sɛ n’asubɔ no da no adi sɛ ɔyɛ Yehowa Dansefo anaa. Sɛ wɔbɔ no asu wie a, ɔbɛyɛ obi a wɔahyɛ no somfo a Yehowa din da no so. Eyi yɛ hokwan kɛse na ɛsan nso de asɛyɛde a anibere wom bɛto no so. Ɛma onii no a wabɔ asu no benya anidaso nso sɛ sɛ ɔkɔ so di Yehowa nokware kosi ase a, obenya daa nkwa.—Mateo 24:13.

12. Hokwan a yenya sɛ Yehowa din da yɛn so no de asɛyɛde bɛn na ɛto yɛn so?

12 Akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ hokwan a ɛso bi nni sɛ Yehowa, ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn no de ne din ato yɛn so. Odiyifo Mika kae sɛ: “Aman no mu biara nantew ne nyame din mu, na yɛn de, yɛbɛnantew [Yehowa, NW] yɛn Nyankopɔn din mu de akosi daa daa.” (Mika 4:5) Nanso, hokwan a wɔde ama yɛn no ma yenya asɛyɛde bi. Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho bɔ yɛn bra ma ɛde nidi ba Yehowa din a ɛda yɛn so no so. Sɛnea Paulo kaee Kristofo a na wɔwɔ Roma no, sɛ obi anyɛ nea ɔka a, ɛma wɔka Onyankopɔn din ho “abususɛm” anaasɛ wogu ho fĩ.—Romafo 2:21-24.

13. Dɛn nti na ɛyɛ Yehowa asomfo asɛyɛde sɛ wodi wɔn Nyankopɔn ho adanse?

13 Sɛ obi bɛyɛ Yehowa Dansefo a, obegye to ne ho so sɛ obedi ne Nyankopɔn ho adanse. Yehowa ka kyerɛɛ ne man Israel a wɔahyira wɔn ho so ama no no sɛ wɔmmɛyɛ n’adansefo na wonni ne Nyamesu a ɛwɔ hɔ daa no ho adanse. (Yesaia 43:10-12, 21) Nanso ɔman no anyɛ asɛyɛde yi ho adwuma, na awiei koraa no Yehowa poo wɔn. Ɛnnɛ, nokware Kristofo ani gye ho sɛ wɔanya hokwan sɛ wɔredi Yehowa ho adanse. Nea ɛma yɛyɛ saa ne sɛ yɛdɔ no na yɛpɛ sɛ ne din ho tew. Yɛbɛyɛ dɛn aka yɛn ano atom bere a yenim yɛn soro Agya no ho nokwasɛm ne n’atirimpɔw no? Yɛte nka te sɛ ɔsomafo Paulo bere a ɔkae sɛ: “Ɛyɛ ahyɛde a ɛda me so. Nokwarem no, sɛ manka asɛmpa no a, anka minnue!”—1 Korintofo 9:16.

14, 15. (a) Dɛn na Yehowa ahyehyɛde no yɛ de boa yɛn ma yenya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu? (b) Nhyehyɛe bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛboa yɛn wɔ honhom fam?

14 Asɛmmisa a ɛto so abien no nso ma nea ɔrekɔbɔ asu no kae sɛ ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ogye Yehowa ahyehyɛde a ne honhom kyerɛ no kwan no akwankyerɛ tom. Ɛnyɛ yɛn nko na yɛresom Onyankopɔn, na yehia “anuanom nyinaa” mmoa, wɔn awerɛkyekye, ne wɔn nkuranhyɛ. (1 Petro 2:17; 1 Korintofo 12:12, 13) Onyankopɔn ahyehyɛde no di dwuma titiriw bi de boa yɛn ma yenya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu. Wɔyɛ Bible ho nhoma bebree ma ɛboa yɛn ma yɛkɔ so nya nokware nimdeɛ, ɛboa yɛn ma yɛyɛ yɛn ade nyansam bere a yɛrehyia nsɛnnennen, na ɛma yɛne Onyankopɔn nya abusuabɔ a emu yɛ den. “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ma yɛn honhom fam aduan pii wɔ ne bere mu sɛnea ɛbɛyɛ a yɛne Yehowa ntam abusuabɔ betu mpɔn te sɛ nea maame bi hwɛ ma ne ba didi yiye na ɔhwɛ no no.—Mateo 24:45-47; 1 Tesalonikafo 2:7, 8.

15 Wɔ nhyiam a Yehowa nkurɔfo yɛ no dapɛn biara ase no, wonya ntetee ne nkuranhyɛ a wohia a ɛbɛma wɔayɛ Yehowa Adansefo anokwafo. (Hebrifo 10:24, 25) Teokrase Ɔsom Sukuu no kyerɛkyerɛ yɛn sɛnea yebetumi akasa wɔ baguam, ɛnna Ɔsom Nhyiam no nso tete yɛn ma yetumi di adanse yiye. Asafo nhyiam ahorow a yɛkɔ ne Bible ho nhoma a yɛn ankasa sua no ma yehu sɛ Yehowa honhom rekyerɛ n’ahyehyɛde no kwan. Onyankopɔn nam saa nhyehyɛe yi a ɔma yɛn nsa ka no daa no so bɔ yɛn ho ban wɔ asiane ho, tete yɛn ma yɛyɛ asomfo a wotu mpɔn, na ɛboa yɛn ma yɛkɔ so wɛn wɔ honhom fam.—Dwom 19:7, 8, 11; 1 Tesalonikafo 5:6, 11; 1 Timoteo 4:13.

Nea Ɛkanyan Yɛn Ma Yɛbɔ Asu

16. Dɛn na ɛkanyan yɛn ma yehyira yɛn ho so ma Yehowa?

16 Asubɔ nsɛmmisa abien no ma wɔn a wɔrebɛbɔ asu no hu nea nsu mu asubɔ no kyerɛ ne asɛyɛde a ɛde brɛ wɔn. Ɛnde, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛkanyan wɔn ma wosi gyinae sɛ wɔbɛbɔ asu? Ɛnyɛ obi na ɔhyɛ yɛn ma yɛbɔ asu bɛyɛ asuafo, mmom no, ɛyɛ Yehowa na ‘ɔtwe’ yɛn. (Yohane 6:44) Esiane sɛ “Onyankopɔn ne dɔ” nti, ɔde ɔdɔ na edi amansan yi so, na ɛnyɛ ɔhyɛ. (1 Yohane 4:8) Ɛyɛ Yehowa suban pa ne sɛnea ɔne yɛn di nsɛm no na ɛtwe yɛn bɛn no. Yehowa de ne Ba a ɔwoo no koro no ama yɛn, na ama yɛanya daakye a eye sen biara ho anidaso. (Yohane 3:16) Ɛno ma yɛn nso yehyira yɛn nkwa so ma no.—Mmebusɛm 3:9; 2 Korintofo 5:14, 15.

17. Dɛn na yɛanyhira yɛn ho so amma?

17 Yehyira yɛn ho so ma Yehowa na ɛnyɛ adwuma bi anaa biribi foforo. Adwuma a Onyankopɔn de ma ne nkurɔfo bɛsesa, nanso wɔn ho so a wohyira ma no no de ɛrensesa. Sɛ nhwɛso no, adwuma a Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔnyɛ no yɛ soronko koraa wɔ nea ɔde maa Yeremia no ho. (Genesis 13:17, 18; Yeremia 1:6, 7) Nanso, esiane ɔdɔ a na wɔn baanu wɔ ma Yehowa ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ ankasa nti, wɔyɛɛ adwuma pɔtee a ɔde hyɛɛ wɔn nsa no. Wɔ awiei bere yi mu no, Kristo akyidifo a wɔabɔ asu nyinaa bɔ mmɔden sɛ wobedi Kristo ahyɛde a ɛka sɛ yɛnka Ahenni no ho asɛmpa na yɛnyɛ asuafo no so. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Saa adwuma no a yebefi yɛn koma mu nyinaa ayɛ no yɛ ɔkwan pa a yɛde kyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn soro Agya no na yɛahyira yɛn ho so ama no ankasa.—1 Yohane 5:3.

18, 19. (a) Asɛm bɛn na yɛnam yɛn asubɔ so ka wɔ baguam? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

18 Akyinnye biara nni ho sɛ asubɔ ma yenya nhyira pii, nanso ɛnyɛ ade a ɛsɛ sɛ yɛde di agoru. (Luka 14:26-33) Sɛ yɛbɔ asu wie a, ɛsɛ sɛ yɛma nea enti a yɛbɔɔ asu no di kan wɔ yɛn asetram biribiara mu. (Luka 9:62) Sɛ yɛbɔ asu a, na nea yɛreka no wɔ baguam ankasa ne sɛ: “Saa Onyankopɔn yi yɛ yɛn Nyankopɔn daa daa, ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfo de akosi wu mu.”—Dwom 48:14.

19 Asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛkyerɛɛ nsɛmmisa foforo a ebia ɛbɛsɔre wɔ nsu mu asubɔ ho mu. So biribi a edi mũ wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ obi twentwɛn ne nan ase wɔ asubɔ ho? So obi mfe a wadi fa ho? Dɛn na yɛn nyinaa betumi ayɛ ma asubɔ bere no ayɛ nea nidi wom?

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristoni biara sakra ansa na wabɔ asu?

• Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛahyira yɛn ho so ama Onyankopɔn?

• Hokwan a yenya sɛ Yehowa din da yɛn so no de asɛyɛde bɛn na ɛto yɛn so?

• Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yesi gyinae bɔ asu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 22]

Asubɔ Nsɛmmisa Abien No

So wugyina Yesu Kristo afɔrebɔ no so asakra wɔ wo bɔne ho, na woahyira wo ho so ama Yehowa sɛ wobɛyɛ n’apɛde anaa?

So wote ase sɛ w’ahosohyira ne w’asubɔ da wo adi sɛ Yehowa Dansefo a wo ne Onyankopɔn ahyehyɛde a ne honhom kyerɛ no kwan no na ɛbɔ anaa?

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Ahosohyira yɛ mpae a yefi komam bɔ Yehowa

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Asɛnka adwuma a yɛyɛ no da no adi sɛ yɛahyira yɛn ho so ama Onyankopɔn