Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Ɛsɛ Sɛ Obi Yɛ Na Ama Wafata Ama Kristofo Asubɔ

Nea Ɛsɛ Sɛ Obi Yɛ Na Ama Wafata Ama Kristofo Asubɔ

Nea Ɛsɛ Sɛ Obi Yɛ Na Ama Wafata Ama Kristofo Asubɔ

“Dɛn na esiw me asubɔ kwan?”—ASOMAFO NNWUMA 8:36.

1, 2. Ɛyɛɛ dɛn na Filipo tumi fii ase ne Etiopiani piani no bɔɔ nkɔmmɔ, na dɛn na ɛkyerɛ sɛ na ɔbarima no ani gye nokware som ho?

YESU wu akyi afe biako anaa mfe abien no, na aban panyin bi fi Yerusalem de n’ani akyerɛ anafo fam rekɔ Gasa. Ná ɔte teaseɛnam mu rebetwa kwan a ne tenten bɛyɛ kilomita 1,500 a ne twa yɛ yaw. Ná ɔbarima a ɔmfa ne som nni agoru yi atwa kwan afi Etiopia aba Yerusalem abɛsom Yehowa. Bere a na ɔresan akotwa kwantenten akɔ ne kurom no, ɔde ne bere dii dwuma nyansam kenkan Onyankopɔn Asɛm. Ná eyi yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ gyidi. Yehowa huu ɔbarima a na ɔwɔ koma pa yi, na Ɔmaa ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ osuani Filipo sɛ onkodi no adanse.—Asomafo Nnwuma 8:26-28.

2 Esiane sɛ na Etiopiani piani no rekenkan ade no den sɛnea na wɔyɛ no saa bere no nti, anyɛ den amma Filipo koraa sɛ ɔne no befi ase abɔ nkɔmmɔ. Enti Filipo tumi tee sɛ ɛyɛ Yesaia nhoma mmobɔwee no na na ɔrekenkan. Asɛm tiawa yi a Filipo bisaa ɔbarima no kanyan n’anigye: “Wote nea worekenkan no ase?” Eyi ma wɔbɔɔ Yesaia 53:7, 8 ho nkɔmmɔ. Wɔbɔɔ nkɔmmɔ no wiei no, Filipo “kaa Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ no.”—Asomafo Nnwuma 8:29-35.

3, 4. (a) Dɛn nti na Filipo antwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛbɔ Etiopiani no asu? (b) Nsɛmmisa bɛn na yɛrebesusuw ho?

3 Ankyɛ koraa na Etiopiani no bɛtee dwuma a Yesu di wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu ne hia a ɛho hia sɛ wɔbɔ no asu ma ɔbɛyɛ Kristo suani no ase. Bere a Etiopiani no huu nsu bi a ɛbɛn hɔ no, obisaa Filipo sɛ: “Dɛn na esiw me asubɔ kwan?” Ɛwom, biribi a ɛte saa ntaa nsi. Ná Etiopiani no yɛ onipa a ɔwɔ gyidi a wasakra aba Yudasom mu resom Onyankopɔn dedaw. Ebia anka ɛbɛkyɛ paa ansa na wanya hokwan foforo abɔ asu. Nea ɛho hia paa no, na ɔbarima yi nim nea Onyankopɔn hwehwɛ fi ne hɔ, na na ɔpɛ sɛ ofi ne koma nyinaa mu yɛ. Filipo de anigye penee n’abisade no so, na bere a ɔbɔɔ Etiopiani no asu wiei no, Etiopiani no de “ahurusi toaa so kɔɔ ne kwan.” Akyinnye biara nni ho sɛ, ɔbɛyɛɛ obi a ɔde anigye kaa asɛmpa no wɔ ne man mu.—Asomafo Nnwuma 8:36-39.

4 Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ yesusuw ahosohyira ne asubɔ ho anibere so anaasɛ ɛnsɛ sɛ yɛpere yɛn ho wɔ ho de, nanso nea Etiopiani piani no yɛe no kyerɛ sɛ mmere bi wɔ hɔ a wɔbɔɔ nnipa bi asu bere a wɔtee Onyankopɔn Asɛm mu nokware no ase akyi bere tiaa bi. * Enti, ɛfata sɛ yesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho: Dɛn na ɛsɛ sɛ obi di kan yɛ ansa na wabɔ asu? Mfe ahe na ɛsɛ sɛ obi di ansa na wabɔ asu? Dɛn na ɛsɛ sɛ yehu sɛ obi reyɛ wɔ Onyankopɔn som mu ansa na wɔabɔ no asu? Nea ɛho hia paa no, dɛn nti na Yehowa hwehwɛ sɛ n’asomfo bɔ asu?

Ɛbɔ a Yefi Komam Hyɛ

5, 6. (a) Dɛn na Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtraa ase tete no yɛe de kyerɛe sɛ wɔn ani sɔ ɔdɔ a Yehowa daa no adi kyerɛɛ wɔn no? (b) Sɛ yɛbɔ asu wiei a, abusuabɔ a emu yɛ den bɛn na yebetumi ne Onyankopɔn anya?

5 Bere a Yehowa gyee Israelfo no fii Misraim akyi no, na ɔpɛ sɛ ɔde wɔn yɛ ‘n’ahode’ na ɔdɔ wɔn na ɔbɔ wɔn ho ban, na ɔyɛ wɔn “ɔman kronkron.” Nanso, sɛ na nkurɔfo no benya nhyira a ɛte saa a, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ biribi pɔtee de kyerɛ sɛ wɔn ani sɔ ɔdɔ a Onyankopɔn ada no adi akyerɛ wɔn no. Nkurɔfo no yɛɛ saa, na wɔpenee so sɛ wɔbɛyɛ ‘nea na Yehowa aka nyinaa,’ na wɔne no yɛɛ apam. (Exodus 19:4-9) Wɔ afeha a edi kan no mu no, Yesu hyɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnyɛ nnipa a wɔwɔ aman nyinaa mu n’asuafo, na wɔbɔɔ wɔn a wogyee ne nkyerɛkyerɛ toom no asu. Yesu Kristo mu gyidi a wonyae na wɔbɔɔ asu no na ɛmaa wɔne Onyankopɔn nyaa abusuabɔ pa.—Mateo 28:19, 20; Asomafo Nnwuma 2:38, 41.

6 Bible mu nsɛm yi kyerɛ sɛ Yehowa hyira wɔn a wofi komam hyɛ no bɔ sɛ wɔbɛsom no na wodi so no. Ahosohyira ne asubɔ yɛ ade a ɛho hia sɛ Kristofo yɛ na ama wɔanya Yehowa nhyira. Yɛabɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛfa Yehowa akwan so na yɛahwehwɛ n’akwankyerɛ. (Dwom 48:14) Ne saa nti, sɛ yɛbɛka a, Yehowa nso asɔ yɛn nsa ne yɛn nam ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so no so.—Dwom 73:23; Yesaia 30:21; 41:10, 13.

7. Dɛn nti na ahosohyira ne asubɔ yɛ ankorankoro biara gyinaesi?

7 Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛsom no no na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yehyira yɛn ho so ma no. Ɛnsɛ sɛ onipa bi bɔ asu esiane sɛ obi ka kyerɛ no sɛ wasua ade akyɛ anaasɛ ne nnamfo rebɔ asu nti. Mpɛn pii no, awofo ne Kristofo foforo a wɔn ho akokwaw betumi ahyɛ obi nkuran sɛ onsusuw ahosohyira ne asubɔ ho. Ɔsomafo Petro hyɛɛ wɔn a wotiee ne kasa no wɔ Pentekoste da no nkuran sɛ ‘wɔmma wɔmmɔ wɔn asu.’ (Asomafo Nnwuma 2:38) Nanso, yɛn ho so a yebehyira yɛ ankorankoro biara asɛm, na onipa foforo biara ntumi nyɛ mma yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛn ankasa na yesi gyinae sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn apɛde.—Dwom 40:8.

Ahoboa a Ɛfata a Wobɛyɛ Ama Asubɔ

8, 9. (a) Adɛn nti na Bible nhyɛ mmofra nkumaa asubɔ ho nkuran? (b) Onyankopɔn apɛde ne n’atirimpɔw ho ntease bɛn na ɛsɛ sɛ mmofra nya ansa na wɔabɔ wɔn asu?

8 So mmofra wɔ nimdeɛ a ɛfata a wobegyina so ahyira wɔn ho so? Kyerɛwnsɛm no nka mfe a ɛsɛ sɛ obi di ansa na wabɔ asu. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ mmofra nkumaa ntumi mmɛyɛ gyidifo, na wontumi nnya gyidi a wobegyina so asi gyinae, anaa wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn. (Asomafo Nnwuma 8:12) Abakɔsɛm kyerɛwfo Augustus Neander kaa Kristofo a wɔtraa ase wɔ asomafo no bere so ho asɛm wɔ ne nhoma a wɔato din General History of the Christian Religion and Church (Kristosom ne Asɔre no Abakɔsɛm) mu sɛ: “Mfiase no mpanyimfo nkutoo na na wɔbɔ wɔn asu, efisɛ na ɛsɛ sɛ nnipa no nya gyidi ansa na wɔabɔ asu.”

9 Wɔ mmofra fam no, ebinom tumi te Onyankopɔn asɛm ne n’tirimpɔw ase kodu baabi na wɔde bɔ wɔn bra bere a wosusua mpo, na mmofra foforo nso de gye sɛ wonyin kakra ansa. Nanso, ansa na abofra bi bɛbɔ asu no ɛsɛ sɛ ɔne Yehowa nya abusuabɔ, te Kyerɛwnsɛm mu mfitiasesɛm ase yiye, na ɔte nea ahosohyira kyerɛ ase yiye, te sɛ mpanyimfo ara pɛ.

10. Dɛn na ɛsɛ sɛ obi di kan yɛ ansa na wahyira ne ho so abɔ asu?

10 Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔnkyerɛkyerɛ nnipa foforo a wobenya wɔn no nea Yesu ahyɛ nyinaa. (Mateo 28:20) Nea edi kan koraa no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ foforo no nya nokware nimdeɛ a edi mũ na ama wɔanya Yehowa ne n’Asɛm mu gyidi. (Romafo 10:17; 1 Timoteo 2:4; Hebrifo 11:6) Afei, sɛ Kyerɛwnsɛm mu nokware no ka onipa no koma a, ɛma ɔsakra na ɔdan ne ho fi ne kan abrabɔ ho. (Asomafo Nnwuma 3:19) Awiei koraa no, edu baabi a, onipa no benya ɔpɛ sɛ obehyira ne ho so ama Yehowa na wabɔ asu sɛnea Yesu hyɛe no.

11. Adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no bi daa ansa na yɛabɔ asu?

11 Ade foforo a ɛho hia bio a ɛsɛ sɛ obi yɛ ansa na wabɔ asu ne sɛ ɔbɛka Ahenni ho asɛmpa no bi. Eyi ne adwuma titiriw a Yehowa de ama ne nkurɔfo sɛ wɔnyɛ wɔ nna a edi akyiri yi mu. (Mateo 24:14) Ɛno bɛma adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu de anigye aka wɔn gyidi ho asɛm akyerɛ afoforo. Saa adwuma yi a wɔde wɔn ho hyem no nso siesie wɔn na ama wɔakɔ so de nsi ayɛ asɛnka adwuma no daa wɔ wɔn asubɔ akyi.—Romafo 10:9, 10, 14, 15.

So Biribi Siw Wo Asubɔ Ho Kwan?

12. Dɛn na ebetumi ama ebinom atwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛbɔ asu?

12 Ebia ebinom bɛtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛbɔ asu efisɛ wɔmpɛ sɛ wobegye asɛyɛde a asubɔ de ba no ato wɔn ho so. Wohu sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ nsakrae atitiriw wɔ wɔn asetram ansa na wɔadu Yehowa gyinapɛn ho. Anaasɛ ebia wosuro sɛ sɛ wɔbɔ asu a ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ nea Onyankopɔn pɛ. Ebinom mpo betumi anya adwene sɛ: “Ebia da koro mɛyɛ bɔne ma wɔatu me afi asafo no mu.”

13. Wɔ Yesu bere so no, dɛn na ebinom ma esiw wɔn kwan a amma wɔammɛyɛ Yesu akyidifo?

13 Wɔ Yesu bere so no, ebinom maa nneɛma a wɔn ankasa ani gye ho ne wɔn abusua ho dɔ siw wɔn kwan ma wɔammɛyɛ Yesu asuafo. Ɔkyerɛwfo bi kae sɛ baabiara a Yesu bɛkɔ biara no obedi n’akyi. Nanso, Yesu kae sɛ mpɛn pii no na onni baabi a ɔbɛda mpo. Bere a Yesu frɛɛ otiefo foforo sɛ ommedi n’akyi no, ɔbarima no buae sɛ ɛsɛ sɛ ‘okosie’ ne papa ansa. Ɛda adi sɛ na ɔpɛ sɛ ɔkɔtra ne kurom twɛn ma ne papa wu ansa sen sɛ anka obedi Yesu akyi na sɛ ne papa wu a wakɔ akosie no. Awiei koraa no, nea ɔto so abiɛsa kae sɛ ɛsɛ sɛ ‘ɔkɔkra ne fiefo’ ansa na wabedi Yesu akyi. Yesu kae sɛ sɛ obi twentwɛn ne nan ase a, na “ɔhwɛ nneɛma a ɛwɔ n’akyi.” Enti, ɛte sɛ nea wɔn a wɔtwentwɛn wɔn nan ase no benya biribi de ayi wɔn ho ano bere nyinaa wɔ Kristofo asɛyɛde ho.—Luka 9:57-62.

14. (a) Bere a Yesu frɛɛ Petro, Andrea, Yakobo, ne Yohane sɛ wɔmmɛyɛ nnipa yifo no, wɔyɛɛ dɛn wɔ ho? (b) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛfa Yesu kɔndua ato yɛn ho so?

14 Nea Petro, Andrea, Yakobo, ne Yohane yɛe no yɛ soronko koraa. Bere a Yesu frɛɛ wɔn sɛ wommedi n’akyi na wɔmmɛyɛ nnipa yifo no, Bible ka sɛ: “Ntɛm ara wogyaw asau no hɔ kodii n’akyi.” (Mateo 4:19-22) Gyinae a wosii no ntɛm ara sɛ wobedi Yesu akyi no maa wɔn ankasa hui sɛ nea Yesu ka kyerɛɛ wɔn akyiri yi no yɛ nokware sɛ: “Momfa me kɔndua nto mo ho so na munsua me, efisɛ midwo, na mebrɛ me ho ase koma mu, na mo kra ho bedwo no. Na me kɔndua yɛ mmerɛw na m’adesoa mu yɛ hare.” (Mateo 11:29, 30) Ɛwom sɛ asubɔ de asɛyɛde to yɛn so de, nanso Yesu ma yɛn awerɛhyem sɛ Kristofo asɛyɛde yɛ mmerɛw na ɛyɛ hare na ɛbɛma yɛn ho adwo yɛn kɛse.

15. Ɔkwan bɛn so na Mose ne Yeremia nhwɛso no kyerɛ sɛ yebetumi de yɛn ho ato Onyankopɔn so ma waboa yɛn?

15 Ɛnyɛ nwonwa sɛ yɛbɛte nka sɛ yentumi nsoa asɛyɛde a asubɔ de ba no. Mfiase no, Mose ne Yeremia nyinaa tee nka sɛ wontumi nyɛ adwuma a Yehowa de maa wɔn no. (Exodus 3:11; Yeremia 1:6) Awerɛhyem bɛn na Onyankopɔn de maa wɔn? Ɔka kyerɛɛ Mose sɛ, “Medi w’akyi.” Ɔhyɛɛ Yeremia bɔ sɛ, “Medi w’akyi na mayi wo.” (Exodus 3:12; Yeremia 1:8) Yɛn nso yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bɛboa yɛn. Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne ne mu ahotoso a yebenya betumi aboa yɛn ma yɛayi adwenem naayɛ biara a yɛwɔ sɛ yentumi mmɔ yɛn bra sɛnea yɛn ahosohyira hwehwɛ no afi hɔ. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ, “Ehu biara nni ɔdɔ mu, na mmom ɔdɔ a ɛyɛ pɛ pam ehu.” (1 Yohane 4:18) Abarimaa bi a ɔno nkutoo nam betumi abɔ hu, nanso sɛ okura ne papa nsam na ɔne no nam a, onsuro hwee. Saa ara na sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu de yɛn ho to Yehowa so a, ɔhyɛ yɛn bɔ sɛ ‘ɔbɛma yɛn akwan ateɛ’ bere a yɛne no nam no.—Mmebusɛm 3:5, 6.

Dwumadi a Nidi Wom

16. Dɛn nti na sɛ wɔrebɔ obi asu a wɔde no hyɛ nsu ase koraa?

16 Mpɛn pii no, wodi kan ma Bible ho ɔkasa kyerɛkyerɛ sɛnea Kristofo asubɔ ho hia mu ansa na wabɔ asu no ankasa. Wɔ ɔkasa yi awiei no, wɔma wɔn a wɔrebɛbɔ wɔn asu no da wɔn gyidi adi baguam denam asubɔ nsɛmmisa abien a wobua no so. (Romafo 10:10; Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 22 no.) Afei wɔde wɔn a wɔrebɛbɔ asu no hyɛ nsu ase de di nhwɛso a Yesu ankasa yɛe no akyi. Bible ma yehu sɛ wɔbɔɔ Yesu asu wiei no, “ofii nsu no mu puei” anaa “opue fii nsu no mu.” (Mateo 3:16; Marko 1:10) Ɛda adi pefee sɛ na Osuboni Yohane de Yesu ahyɛ nsu no ase koraa. * Nsu ase a wɔde yɛn hyɛ koraa no yɛ nsakrae koraa a yɛayɛ wɔ yɛn asetram no ho sɛnkyerɛnne, kyerɛ sɛ yewu ma yɛn kan abrabɔ na yefi asetra foforo ase wɔ Onyankopɔn som adwuma mu.

17. Dɛn na wɔn a wɔrekɔbɔ asu no ne atiefo no nyinaa betumi ayɛ ama nidi aba dwumadi no ho?

17 Asubɔ da yɛ anigye bere, na ɛyɛ bere nso a yɛfa no aniberesɛm. Bible ka sɛ bere a Yohane de Yesu hyɛɛ Asubɔnten Yordan mu no na Yesu rebɔ mpae. (Luka 3:21, 22) Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɔ asu nnɛ no da su pa adi de suasua Yesu nhwɛso no. Esiane sɛ Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa fɛre ne adwenemtew nsiesie yɛn ho da biara da nti, hwɛ sɛnea ɛho hia koraa sɛ yɛde saa afotu yi yɛ adwuma wɔ da a wɔrebɔ yɛn asu no! (1 Timoteo 2:9) Atiefo no nso betumi akyerɛ obu ama dwumadi no denam asubɔ kasa no a wobetie no yiye na wɔayɛ wɔn ade fɛfɛɛfɛ bere a wɔrehwɛ asubɔfo no.—1 Korintofo 14:40.

Nhyira a Asuafo a Wɔabɔ Asu Nya

18, 19. Hokwan ne nhyira horow bɛn na sɛ yɛbɔ asu a yenya?

18 Sɛ yenya hyira yɛn ho so ma Onyankopɔn na yɛbɔ asu a, yɛbɛka abusua soronko bi mufo ho. Nea edi kan koraa no, Yehowa bɛyɛ yɛn Agya ne yɛn Adamfo. Ansa na yɛrebɛbɔ asu no na yɛne Onyankopɔn nni abusuabɔ; nso afei de yɛne no abenya abusuabɔ. (2 Korintofo 5:19; Kolosefo 1:20) Yɛnam Kristo afɔrebɔ no so abɛn Onyankopɔn, na ɔno nso bɛn yɛn. (Yakobo 4:8) Odiyifo Malaki kyerɛkyerɛ mu sɛ Yehowa yɛ aso na otie wɔn a ne din da wɔn so na wɔde yɛ adwuma no, na ɔkyerɛw wɔn din wɔ ne nkae nhoma no mu. Onyankopɔn ka sɛ: “Wɔbɛyɛ me de, . . . na mɛkyɛe wɔn so sɛnea obi kyɛe ne ba a ɔsom no no so.”—Malaki 3:16-18.

19 Asubɔ nso bue hokwan ma yɛbɛka wiase nyinaa onuayɛ kuw bi ho. Bere a ɔsomafo Petro bisaa Kristo sɛ nhyira bɛn na n’asuafo a wɔde nneɛma abɔ afɔre abedi n’akyi benya no, Yesu hyɛɛ bɔ sɛ: “Obiara a wagyaw afie anaa nuabarimanom anaa nuabeanom anaa papa anaa maame anaa mma anaa nsase esiane me din nti no benya no mmɔho pii na wanya daa nkwa.” (Mateo 19:29) Mfe bi akyi no, Petro kyerɛw “anuanom nyinaa” a na wɔwɔ“wiase” ho asɛm. Ná Petro ankasa anya anuanom a wɔwɔ dɔ mmoa ne wɔn nhyira, na yɛn nso yebetumi anya bi.—1 Petro 2:17; 5:9.

20. Anidaso a ɛyɛ anigye bɛn na sɛ yɛbɔ asu a yenya?

20 Yesu san kae sɛ, wɔn a wodi n’akyi no benya “daa nkwa.” Nokwarem no, ahosohyira ne asubɔ ma yenya anidaso a yɛde so “nkwa ankasa”—daa nkwa wɔ Onyankopɔn wiase foforo “no mu denneennen.” (1 Timoteo 6:19) So daakye ho fapem pa bi wɔ hɔ a ɛsen eyi a yebetumi ato ama yɛn ho ne yɛn mmusua? Saa anidaso a ɛyɛ anigye yi bɛma yɛatumi ‘anantew Yehowa yɛn Nyankopɔn din mu de akosi daa daa.’—Mika 4:5.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Yudafo ne wɔn a wɔasakra aba Yudasom mu mpem abiɛsa a wotiee Petro kasa wɔ Pentekoste da no nso bɔɔ asu a wɔantwentwɛn wɔn nan ase. Ná wɔn nso nim mfitiase nkyerɛkyerɛ ne Onyankopɔn Asɛm mu nnyinasosɛm no dedaw te sɛ Etiopiani piani no.—Asomafo Nnwuma 2:37-41.

^ nky. 16 Vine’s Expository Dictionary of New Testament Words ka sɛ, Hela asɛmfua baʹpti·sma (asubɔ) kyerɛ sɛ, “wode biribi nu nsu mu, anaa wode hyɛ nsu ase koraa na wuyi pue.”

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ɔdɔ a Yehowa ada no adi akyerɛ yɛn no ho, na dɛn ntia?

• Dɛn na ɛsɛ sɛ obi yɛ wɔ Onyankopɔn som mu ansa na wɔabɔ no asu?

• Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma suro a yesuro sɛ yentumi nyɛ nea Onyankopɔn pɛ anaa asɛyɛde a yɛmpɛ sɛ yebegye ato yɛn ho so ma yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛbɔ asu?

• Nhyira soronko bɛn na Yesu Kristo asuafo a wɔabɔ asu betumi anya?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 26]

“Dɛn na esiw me asubɔ kwan?”

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Asubɔ da yɛ anigye bere na ɛyɛ bere nso a yɛfa no aniberesɛm