Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Exodus 23:19 ka sɛ: “Nnoa oguan ba wɔ ne na nufusu mu.” Dɛn na yebetumi asua afi adeyɛ a wɔbarae yi mu?

Saa ahyɛde yi a ɛwɔ Mose Mmara no mu a epue mprɛnsa wɔ Bible mu no betumi aboa yɛn ma yɛahu Yehowa ayamhyehye, sɛnea ɔwɔ tema, ne nneɛma a obu no sɛ ɛfata. Ɛsan nso si sɛnea okyi atoro som so dua.—Exodus 34:26; Deuteronomium 14:21.

Sɛ obi noa apɔnkye ba anaa aboa foforo bi wɔ ne na nufusu mu a, na ɔrebu sɛnea Yehowa ahyehyɛ adebɔ mu nneɛma no so. Onyankopɔn yɛɛ ɛna no nufusu sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma apɔnkye ba no ahoɔden na aboa no ma wanyin. Sɛ obi noa apɔnkye ba wɔ n’ankasa ne na nufusu mu a, sɛnea nhomanimfo bi kyerɛ no, na “ɔrebu ɛna ne ɔba ntam abusuabɔ a Onyankopɔn hyehyɛe na watew ho no animtiaa.”

Afei nso, ebinom kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ na abosonsomfo na na wɔnoa apɔnkye ba wɔ ne na nufusu mu de yɛ amanne, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma osu atɔ. Sɛ na ɛyɛ nokware saa de a, ɛnde na wɔhyɛɛ saa mmara no de bɔɔ Israelfo no ho ban fii nyamesom mu nneyɛe a ɛyɛ atirimɔdensɛm na nyansa nnim a aman a atwa wɔn ho ahyia no yɛe no ho. Mose Mmara no baraa Israelfo no pefee sɛ ɛnsɛ sɛ wɔfa saa aman no ahyɛde so.—Leviticus 20:23.

Nea etwa to no, yehu Yehowa ayamhyehye wɔ mmara pɔtee a ɔde mae yi mu. Nokwarem no, ahyɛde bebree a ɛtete saa wɔ Mmara no mu a ɛkasa tia mmoa a wɔyɛ wɔn ayayade ne nneɛma a wɔyɛ de sɛe sɛnea Onyankopɔn ahyehyɛ abɔde mu nneɛma no. Sɛ nhwɛso no, Mmara no barae sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde aboa bɔ afɔre gye sɛ wadi ne na nkyɛn nnanson ansa. Ná ɛnsɛ sɛ wokum aboa bi ne ne ba nyinaa da koro, na saa ara nso na na ɛnsɛ sɛ wɔfa anomaa ne ne nkesua anaa ɔne ne mma bom.—Leviticus 22:27, 28; Deuteronomium 22:6, 7.

Ɛda adi pefee sɛ, na Mmara no nyɛ ahyɛde ne nneɛma a wɔabara pii kɛkɛ a ntease nnim. Mmara no so mfaso biako ne sɛ, emu nnyinasosɛm ahorow no boa yɛn ma yɛbɔ bra pa a ɛda Yehowa su ahorow a ɛma yɛbɛn no no adi ankasa.—Dwom 19:7-11.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

©Timothy O’Keefe/Index Stock Imagery