Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Onyankopɔn Da So Ara Wɔ Wiase No So Tumi?

So Onyankopɔn Da So Ara Wɔ Wiase No So Tumi?

Yɛto nsa frɛ wo . . .

So Onyankopɔn Da So Ara Wɔ Wiase No So Tumi?

ATOYERƐNKYƐM, owuyare, nyansakorɔn a adwumam mpanyimfo ne aban mpanyimfo binom bɔ, amumɔyɛfo a wɔtow hyɛ nkurɔfo so yɛ wɔn bɔne, akodi, ne nsɛmmɔnedi. Da koro mpo ntwam a yɛnte eyinom bi ho asɛm. Sɛ́ saa nsɛm yi bi ato wo anaa ebi ntoo wo no, ɛma wususuw nea ɛreba wiase yi so ho, na wudwen ho sɛ nneɛma bɛyɛ yiye daakye anaa.

Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase aman bɛboro 200 so bɛma ɔkasa a ɛfata saa bere a yɛwom yi a n’asɛmti ne “So Onyankopɔn Da So Ara Wɔ Wiase no So Tumi?” de akyerɛkyerɛ saa asɛm yi mu. Wobesusuw nea Onyankopɔn ka ne ne bɔhyɛ ahorow a ɛwɔ n’Asɛm Bible a emu nsɛm bam bere nyinaa a ɛfa saa nsɛmmisa a ɛho hia yi ho no ho:

So wiase ho nsɛm hia Onyankopɔn?

Ɔte nka dɛn wɔ nnipa ho?

So odwen wo yiyedi ho?

Wɔ mmeae dodow no ara no, wɔbɛma ɔkasa no Kwasida, April 30, 2006 wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so. Adansefo a wɔwɔ mpɔtam a wote no ani begye ho sɛ wɔbɛkyerɛ wo baabi a wɔbɛma ɔkasa no ne bere no.

Yɛde anigye to nsa frɛ wo sɛ betie Bible mu ɔkasa a ɛbɛma woanya asɛmmisa a ɛne: So Onyankopɔn Da So Ara Wɔ Wiase no So Tumi? no ho mmuae a abotɔyam wom a wuntua hwee.