Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Suasua Kristo, Bere A Woredi Tumi No

Suasua Kristo, Bere A Woredi Tumi No

Suasua Kristo, Bere A Woredi Tumi No

MFE bi a atwam no, wɔyɛɛ nhwehwɛmu bi wɔ sɛnea nnipa yɛ wɔn ade ho, nea wohui no yɛ nea na ɛyɛ nwonwa. Wɔkyɛɛ nnipa a wɔde wɔn yɛɛ nhwehwɛmu no mu akuw abien. Wɔmaa kuw biako yɛɛ nneduafo, ɛnna wɔmaa kuw a aka no yɛɛ awɛmfo hwɛɛ wɔn so. Dɛn na efii mu bae?

Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ, “Nna kakra bi ntam no, na [awɛmfo no] dodow no ara abɛyɛ wɔn a wodidi nneduafo no atɛm poopoo wɔn, na na wɔtaa twe wɔn aso, na saa ara nso na na nneduafo no abɛyɛ nnipa a ehu aka wɔn na wɔte nka sɛ wɔba fam.” Enti nea wɔn a wɔyɛɛ nhwehwɛmu no kae ni: Ɛkame ayɛ sɛ sɛ onipa biara nya tumi a, obetumi de adi dwuma wɔ ɔkwammɔne so.

Tumi a Wodi no Ɔkwan Pa ne Ɔkwammɔne So

Nokwarem no, sɛ yɛde tumi di dwuma ɔkwan pa so a, mfaso ba so. Ɛbɛma yɛatumi de akwankyerɛ pa ama, na afoforo betumi anya so mfaso wɔ honam fam, nkate fam ne honhom fam. (Mmebusɛm 1:5; Yesaia 48:17, 18) Nanso, sɛnea nhwehwɛmu a yɛadi kan aka ho asɛm kyerɛ no, ɛyɛ ade a ɛda hɔ sɛ yebetumi de yɛn tumi adi dwuma ma atra so. Bible twe adwene si saa asɛm yi so sɛ: ‘Ɔbɔnefo di ɔman so a, ɔmanfo si apini.’—Mmebusɛm 29:2; Ɔsɛnkafo 8:9.

Sɛ obi a ɔwɔ tumi kura adwempa mpo na sɛ wamfa ne tumi no anni dwuma ɔkwan pa so a, ɔsɛe ade. Sɛ nhwɛso no, nnansa yi nyamesom akyerɛkyerɛfo kuw bi a ɛwɔ Ireland paa kyɛw baguam wɔ sɛnea na akyerɛkyerɛfo no bi de wɔn tumi asisi mmofra a wɔhwɛ wɔn so no ho. Akyinnye biara nni ho sɛ na saa akyerɛkyerɛfo no mu pii kura adwempa, nanso ɔkwan a wɔn mu binom faa so dii wɔn tumi no sɛee ade yiye. Atesɛm krataa bi bɔɔ amanneɛ sɛ, “mmofra no a akyerɛkyerɛfo no mu pii teɛteɛɛ wɔn yɛɛ wɔn basabasa no maa wɔn mu pii bɛyɛɛ ahufo.” (The Irish Times) Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wubetumi de wo tumi ayɛ adwuma na ama wɔn a wɔhyɛ w’ase no atumi ayɛ ade pa sen sɛ wode wo kasa anaa wo nneyɛe bɛpam wɔn afi wo ho anaasɛ wobɛhyɛ wɔn yaw?—Mmebusɛm 12:18.

Wɔde “Tumi Nyinaa” Ama Yesu Kristo

Susuw Yesu Kristo nhwɛso no ho hwɛ. Aka kakra ma wakɔ soro no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Wɔde tumi nyinaa ama me wɔ soro ne asase so.” (Mateo 28:18) So saa asɛm yi maa ehu kaa asuafo no? Ɛno maa wonyaa adwene sɛ Yesu bɛyɛ n’ade te sɛ Roma Kaesarefo a na wonim wɔn yiye sɛ wɔyɛ nnipa a wɔsɔre tia wɔn anaa wɔkasa tia wɔn basabasa no?

Bible ka no pefee sɛ ɛnte saa koraa! Yesu Kristo di tumi sɛnea n’Agya di no no. Ɛwom sɛ Yehowa ne Amansan Hene ankasa de, nanso nea ɔpɛ ne sɛ ne nkoa befi wɔn komam asom no, na ɛnyɛ sɛ ne ho hu, ne kɛseyɛ anaa waka sɛ nnipa nsom no ara nti na ɛsɛ sɛ wɔsom no. (Mateo 22:37) Yehowa mfa ne tumi nni dwuma ɔkwammɔne so da. Anisoadehu bi a ɛyɛ nwonwa a odiyifo Hesekiel nyae no ma eyi da adi.

Wɔ anisoadehu yi mu no, Hesekiel huu abɔfo baanan a wɔrekamfo Onyankopɔn tumidi. Ná wɔn mu biara wɔ anim anan. Hesekiel kyerɛwee sɛ: “Wɔn anim suban no sɛ ɛte ni: wɔn baanan mu biara wɔ onipa anim wɔ anim; wɔn baanan no wɔ gyata anim wɔ nifa; wɔn baanan no wɔ nantwi anim wɔ benkum; na wɔn baanan no wɔ ɔkɔre anim wɔ wɔn akyi.” (Hesekiel 1:10) Saa anim anan yi gyina hɔ ma Onyankopɔn su atitiriw anan a ɔde di dwuma bom pɛpɛɛpɛ no. Onyankopɔn Asɛm ma yehu sɛ: Onipa anim no gyina hɔ ma ɔdɔ; gyata anim no gyina hɔ ma atɛntrenee; ɛnna ɔkɔre anim no egyina hɔ ma nyansa. Saa suban abiɛsa yi ne nea ɛto so anan a ɛne nantwi anim a egyina hɔ ma tumi no bom yɛ adwuma. Dɛn na eyi nyinaa kyerɛ? Anisoadehu no da no adi sɛ, Yehowa de ne tumi a enni ano no ne ne su atitiriw a aka no di dwuma ma ehyia pɛpɛɛpɛ bere nyinaa.

Yesu Kristo de ne tumi dii dwuma wɔ ɔdɔ, nyansa, ne atɛntrenee mu pɛpɛɛpɛ bere nyinaa de suasuaa n’Agya. Yesu asuafo no nyaa ɔhome kɛse wɔ ne tumidi ase. (Mateo 11:28-30) Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo nyinaa su titiriw paa ne ɔdɔ, na ɛnyɛ tumi!—1 Korintofo 13:13; 1 Yohane 4:8.

Ɔkwan Bɛn So na Wudi Wo Tumi?

Ɔkwan bɛn so na wode wo tumi di dwuma? Sɛ nhwɛso no, wɔ abusua mu no, so wudi wo tumi sɛnea w’ankasa wopɛ biara? So ehu anaa ɔdɔ na ɛma w’abusua mufo tie w’asɛm? So tumi kɛse a wowɔ nti na ɛma wɔyɛ osetie ma wo? Eyinom yɛ nsɛmmisa a mmusua ti betumi asusuw ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛboa ma wɔde Onyankopɔn akwankyerɛ ayɛ adwuma wɔ abusua no mu.—1 Korintofo 11:3.

Na sɛ wowɔ tumi bi wɔ asafo no mu nso ɛ? Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛ wode redi dwuma yiye a, bisa wo ho sɛ wode nnyinasosɛm a edidi so yi a Yehowa Nyankopɔn ma wɔkyerɛwee a Yesu Kristo de yɛɛ adwuma no redi dwuma anaa.

‘Ɛsɛ sɛ Awurade akoa dwo ma nnipa nyinaa, ɔhyɛ ne ho so wɔ bɔne ho, na ɔde odwo kasa kyerɛ wɔn a wɔtew atua.’—2 Timoteo 2:24, 25.

Ebinom dii tumi kɛse wɔ tete Kristofo asafo no mu. Sɛ nhwɛso no, na Timoteo ‘tu ebinom fo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ foforo.’ (1 Timoteo 1:3) Nanso, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Timoteo suasuaa Onyankopɔn su ahorow wɔ nea ɔyɛe nyinaa mu, efisɛ akyinnye biara nni ho sɛ odii Paulo afotu a ɛka sɛ ɔnkyerɛkyerɛ wɔ “odwo” mu na ‘onnwo mma nnipa nyinaa’ bere a ɔrehwɛ Kristofo asafo no so no. Esiane sɛ na Timoteo yɛ aberantewa nti, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ n’ade sɛ ɔba a obu mpanyimfo no sɛ n’agyanom, ne mmerante no sɛ ne nuanom a odwen wɔn ho. (1 Timoteo 5:1, 2) Sɛ wodi Kristofo asafo no so wɔ ɔdɔ mu saa a, ɛma emufo no nya anigye, na wɔbɛdodɔ wɔn ho sɛ abusua, na ɛmmɛyɛ sɛ wiase adwuma a obiara nnwene obi ho wɔ mu no.—1 Korintofo 4:14; 1 Tesalonikafo 2:7, 8.

“Amanaman sodifo no di wɔn so bakoma na atitiriw no di wɔn so tumi. Nanso ɛnte saa mo mu; mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛse mo mu no, ɔnyɛ somfo.”—Mateo 20:25, 26.

Wiase atumfoɔ a wɔn tirim yɛ den di afoforo “so bakoma” denam wɔn manfo a wɔhyɛ wɔn so so, na wɔhwehwɛ ketee sɛ wɔnyɛ nea wɔn atumfoɔ no pɛ, na wɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔantie a, wɔbɛtwe wɔn aso. Nanso, Yesu Kristo sii afoforo a yɛbɛsom wɔn so dua na ɛnyɛ sɛ yɛbɛhyɛ wɔn so. (Mateo 20:27, 28) Ɔyɛɛ n’asuafo no brɛbrɛ wɔ ɔdɔ mu bere nyinaa. Sɛ wudi Yesu nhwɛso akyi a, ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ afoforo betie wo. (Hebrifo 13:7, 17) Na ɛma ɛyɛ mmerɛw koraa nso ma wɔn sɛ wɔbɛyɛ biribi a wonkae sɛ wɔnyɛ, na wobefi wɔn pɛ mu ayɛ na ɛnyɛ amemenemfe mu.—Mateo 5:41.

“Monhwɛ Nyankopɔn nguankuw a wɔhyɛ mo nsa no so, ɛnyɛ . . . sɛ wɔn a wodi Nyankopɔn agyapade so bakoma, na mmom monyɛ nhwɛso mma nguankuw no.”—1 Petro 5:2, 3.

Ahwɛfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nim sɛ wobebu wɔn a wɔwɔ asafo no mu honhom fam yiyedi ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn. Wɔfa saa asɛyɛde yi aniberesɛm. Wɔbɔ mmɔden sɛ wobefi wɔn pɛ mu de anigye ne ɔdɔ ahwɛ Onyankopɔn nguan no so. Wɔyɛ adwumaden te sɛ ɔsomafo Paulo de hyɛ wɔn a wɔhwɛ wɔn so no gyidi den, na wɔnyɛ wɔn ho awuranom wɔ wɔn gyidi so.—2 Korintofo 1:24.

Sɛ ɛho behia sɛ mpanyimfo de afotu a ɛfata ma a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa wɔ odwo honhom mu de gye nea wafom no si yiye anaasɛ wɔde boa wɔn yɔnko Kristoni ma onya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu. Wɔma ɔsomafo Paulo asɛm no tra wɔn adwenem sɛ: “Anuanom, sɛ ɛba mpo sɛ obi di mfomso ansa na n’ani aba ne ho so a, mo a moyɛ Kristofo a mo ho akokwaw no, mommɔ mmɔden nnye onipa a ɔte saa no nsi yiye odwo honhom mu, bere a mohwɛ mo ho so yiye, na wɔansɔ mo nso anhwɛ.”—Galatifo 6:1; Hebrifo 6:1, 9-12.

“Monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora . . . Monhyɛ ɔdɔ efisɛ ɛyɛ koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ.”—Kolosefo 3:13, 14.

Ɔkwan bɛn so na wo ne obi a ontumi nyɛ n’ade pɛpɛɛpɛ sɛ Kristoni di nsɛm? So wunya wɔn sintɔ ho abotare sɛnea Yehowa ne Yesu Kristo yɛ no? (Yesaia 42:2-4) Anaasɛ wohwehwɛ sɛ afoforo bedi Onyankopɔn mmara so pɛpɛɛpɛ wɔ asɛm biara mu? (Dwom 130:3) Kae sɛ, ɛyɛ papa sɛ wo ne afoforo bedi no wɔ odwo mu bere biara a ɛbɛyɛ yiye, na wode wo nan asi fam bere biara a ɛho behia sɛ woyɛ saa nkutoo. Sɛ yedi yɛn tumi wɔ ɔdɔ so a, ɛma yɛne wɔn a yedi wɔn so no nya abusuabɔ a emu yɛ den, na ɛma yenya yɛn ho yɛn ho mu ahotoso.

Sɛ wunya tumi biara a, bɔ mmɔden sɛ bere a wode reyɛ adwuma no wubesuasua Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo. Kae sɛnea odwontofo no kyerɛkyerɛɛ ɔkwan a Yehowa fa so di tumi wɔ ne nkurɔfo so ma ɛyɛ anigye no. Dawid too dwom sɛ: “[Yehowa, NW] ne me hwɛfo, hwee renhia me. Ɔma me da wura frɔmfrɔm adidibea, ogya me kɔ nsu a ɛho dwo ho. Odwudwo me kra, ɔde me fa akwantrenee so, ne din nti.” Saa ara nso na yɛkenkan Yesu ho asɛm sɛ: “Mene oguanhwɛfo pa no, na minim me nguan, na me nguan nso nim me, sɛnea Agya no nim me na me nso minim Agya no; na mede me kra to hɔ ma nguan no.” Yehowa ne Yesu akyi no, henanom nhwɛso bio na yebetumi asuasua de adi yɛn tumi wɔ ɔdɔ so?—Dwom 23:1-3; Yohane 10:14, 15.

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Yehowa de ne tumi di dwuma wɔ atɛntrenee, nyansa, ne ɔdɔ mu pɛpɛɛpɛ bere nyinaa

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Ɛtɔ mmere bi a ɛsɛ sɛ mpanyimfo de afotu a ɔdɔ wom ma wɔn a wɔafom

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Paulo tuu Timoteo fo sɛ ɔnyɛ n’ade sɛ ɔba a obu ade ne onua a odwen afoforo ho

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Yesu Kristo de ne tumi di dwuma wɔ nyansa, atɛntrenee, ne ɔdɔ mu