Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛasi Yɛn Bo Sɛ Yɛbɛsom Yehowa

Yɛasi Yɛn Bo Sɛ Yɛbɛsom Yehowa

Asetram Nsɛm

Yɛasi Yɛn Bo Sɛ Yɛbɛsom Yehowa

SƐNEA RAIMO KUOKKANEN KA KYERƐE

Wɔ afe 1939 mu no, Wiase Ko II fii ase wɔ Europa, na Soviet Union bɛtow hyɛɛ me man Finland so. Me papa ne Finland asraafo no kɔɔ ɔko no bi. Ankyɛ koraa na Russia wim akohyɛn fii ase totow atopae guu kurow a na yɛte mu no so, na maame maa mekɔtraa me nenabea nkyɛn wɔ baabi a na ɛhɔ dwo.

WƆ AFE 1971 mu no, na meresom sɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Uganda, Afrika Apuei fam. Da bi a na mereka asɛm no wɔ afie afie mu no, nnipa pii a ehu aka wɔn de mmirika bɛpaa me ho. Metee sɛ wɔretotow atuo, na mifii ase tuu mmirika de m’ani kyerɛɛ fie. Bere a atuo a wɔretotow no bɛnee me no, mehuruw tɔɔ bonka bi a ɛda kwan no ho mu. Bere a na atuo mmoba nenam me ti so no, meweawea kɔɔ fie.

Na mintumi nyɛ hwee mfa nguan mfi Wiase Ko II no mu, nanso adɛn nti na me ne me yere de yɛn nkwa too asiane mu huu amane wɔ Afrika Apuei fam saa? Efisɛ na yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛsom Yehowa.

Nea Ɛma Misii Me Bo sɛ Mɛsom Onyankopɔn

Wɔwoo me afe 1934 mu wɔ Helsinki, Finland. Ná me papa yɛ obi a ɔka dan ho, na da bi ɔkɔkaa Yehowa Adansefo adwumayɛbea dan a ɛwɔ Finland no ho. Adansefo no kaa wɔn asafo nhyiam ho asɛm kyerɛɛ no. Oduu fie no, ɔkaa saa nhyiam no ho asɛm kyerɛɛ me maame. Me maame amfi ase ankɔ Yehowa Adansefo nhyiam saa bere no, nanso akyiri yi ɔne Ɔdansefo bi a ɔne no yɛ adwuma fii ase bɔɔ Bible mu nsɛm ho nkɔmmɔ. Ankyɛ na maame fii ase de nea ɔresua no yɛɛ adwuma, na ɔbɔɔ asu sɛ Yehowa Dansefo wɔ afe 1940 mu.

Ansa na maame rebɛbɔ asu no, na me nenabea de me kɔ n’akuraa bere a na Wiase Ko II no gu so no. Me maame a na ɔwɔ Helsinki no fii ase kyerɛw ne maame ne ne nuabea kumaa kaa Yehowa Adansefo gyidi ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Wɔn baanu nyinaa kyerɛɛ ho anigye, na wɔkaa nea wosuae no ho asɛm kyerɛɛ me. Yehowa Adansefo ahwɛfo akwantufo baa me nenabea fie bɛhyɛɛ no nkuran, nanso na minnya nsii gyinae sɛ mɛsom Onyankopɔn.

Ntetee a Ɛboaa Me Ma Mesom Onyankopɔn

Bere a ɔko no baa awiei wɔ afe 1945 mu no, mesan kɔɔ Helsinki, na Maame fii ase de me kɔɔ Yehowa Adansefo asafo nhyiam. Ɛtɔ da bi a na mekɔhwɛ sini mmom. Nanso, na Maame ka ɔkasa a okotie wɔ asafo nhyiam ase no mu nsɛm kyerɛ me, na mpɛn pii no, na osi saa asɛm yi so dua kyerɛ me sɛ: Harmagedon abɛn paa. Mibegyee saa asɛm no dii, na manto asafo nhyiam mu bio da. Bere a mebɛtee Bible mu nokware ase yiye no, minyaa ɔpɛ sɛ me de me ho bɛhyɛ asafo no dwumadi ahorow nyinaa mu.

Ná m’ani gye ho paa sɛ mɛkɔ nhyiam akɛse ne nketewa. Wɔ afe 1948 mu bere a na meredi akwamma wɔ me nenabea hɔ no, mekɔɔ ɔmantam nhyiam bi a wɔyɛe wɔ baabi a na ɛbɛn me nenabea fie no bi. Ná m’adamfo bi rekɔbɔ asu wɔ saa nhyiam no ase, na ɔka kyerɛɛ me sɛ me nso memmɛbɔ asu. Meka kyerɛɛ no sɛ minni atade a wɔde guare nsu, nanso ɔkae sɛ sɛ ɔbɔ asu wie a metumi agye ne de no. Mepenee so, na mebɔɔ asu wɔ June 27, 1948, bere a na m’adi mfe 13 no.

Yewiee nhyiam no, me maame nnamfo bi ka kyerɛɛ no sɛ mabɔ asu. Da foforo a me ne me maame hyiae no, na ɔpɛ sɛ ohu nea enti a manka ankyerɛ no ansa na meresi gyinae a ɛho hia saa. Meka kyerɛɛ no sɛ mete Bible mu mfitiase nkyerɛkyerɛ no ase, na minim sɛ m’ankasa na mebu m’abrabɔ ho akontaa akyerɛ Yehowa.

Me Bo a Misii no Mu Yɛɛ Den

Anuanom a wɔwɔ asafo no mu boaa me ma mehyɛɛ me bo a na masi sɛ mɛsom Yehowa no mu den. Ná wɔne me kɔyɛ afie afie asɛnka adwuma no, na ɛkame ayɛ sɛ nnawɔtwe biara na wɔma me dwumadi wɔ asafo nhyiam ase. (Asomafo Nnwuma 20:20) Bere a midii mfe 16 no, memaa me baguam kasa a edi kan. Ɛno akyi bere tiaa bi na wɔpaw me sɛ Bible adesua somfo wɔ yɛn asafo mu. Yehowa som mu dwumadi ahorow yi nyinaa boaa me ma me ho kokwawee, nanso na ɛsɛ sɛ mekɔ so di nnipa ho suro a mewɔ no so.

Saa bere no, na yɛkyerɛw ɔmantam nhyiam baguam kasa no asɛmti akɛse bɔ no dawuru. Ná yɛkyerɛw nsɛm no wɔ nkrataa abien so de nhama suso mu de sɛn yɛn kɔn mu a biako wɔ yɛn anim na biako nso wɔ yɛn akyi. Esiane sɛnea na yɛde sensɛn yɛn kɔn mu nti, ebinom de dii yɛn ho fɛw.

Da bi, na migyina abɔnten so kwan bi a ɛhɔ yɛ komm nkyɛn a me dawurubɔ krataa sɛn me kɔn mu, na mihui sɛ me sukuufo bi reba baabi a migyina no. Bere a wɔbɛn me no, sɛnea wɔyɛɛ wɔn anim kyerɛɛ me no maa ehu kaa me. Mebɔɔ mpae srɛɛ Yehowa sɛ ɔmma me akokoduru, na migyinaa hɔ komm a na dawurubɔ krataa no sɛn me kɔn mu. Nnipa ho suro a midii so saa bere no siesiee me maa sraadi a na merenkɔ ho sɔhwɛ kɛse a na merebehyia no.

Bere bi akyi no, aban no hyɛe sɛ me ne Adansefo mmerante afoforo bi nkɔ sraadi. Yɛkɔɔ asraafo adwuma mu hɔ sɛnea wɔhyɛe no, nanso yɛde obu kae sɛ yɛrenhyɛ asraafo ntade no. Asraafo mpanyimfo no de yɛn guu dan mu toom, na ɛno akyi bere tiaa bi no, asɛnnibea bi kae sɛ yɛnkɔda afiase asram asia. Wɔma yɛde asram awotwe a na anka ɛsɛ sɛ yɛde kɔ sraadi no nso daa afiase kaa ho. Enti sɛ yɛka ne nyinaa bom a, yɛdaa afiase asram 14 esiane sraadi a yɛankɔ nti.

Ná yehyia da biara da susuw Bible no ho wɔ afiase hɔ. Wɔ saa asram a yedii wɔ afiase hɔ no mu no, yɛn mu pii kan Bible mũ no nyinaa mprenu. Bere a woyii yɛn fii afiase no, na yɛn mu dodow no ara asi yɛn bo sɛ yɛbɛsom Yehowa sen kan no koraa. Ɛde besi saa bere yi, saa Adansefo mmerante no mu bebree da so som Yehowa nokware mu.

Bere a mifii afiase no, mesan ne m’awofo kɔtrae. Ɛno akyi bere tiaa bi no, mibehuu Ɔdansefo bi a wabɔ asu foforo a ɔyɛ nsi a ne din de Veera. Yɛwaree wɔ afe 1957 mu.

Anwummere Bi a Ɛsesaa Yɛn Asetra

Da bi anwummere a anuanom mpanyimfo a wofi Betel bɛsraa yɛn no, wɔn mu biako bisaa yɛn sɛ yɛn ani begye ho sɛ yɛbɛyɛ ɔmansin adwuma no anaa. Bere a mebɔɔ mpae anadwo mũ no nyinaa no, mefrɛɛ Betel kae sɛ yɛbɛyɛ. Ná bere nyinaa som adwuma a na yɛrekɔyɛ no bɛma magyae adwuma a na meyɛ a na akatua wom paa no, nanso na yɛasi yɛn bo sɛ yɛde Ahenni no bedi kan wɔ yɛn asetra mu. Bere a yefii ɔmansin adwuma no ase wɔ December 1957 mu no, na madi mfe 23, na na Veera nso adi mfe 19. Yɛn ani gyei sɛ yɛde mfe abiɛsa srasraa Yehowa nkurɔfo asafo ahorow a ɛwɔ Finland na yɛhyehyɛɛ wɔn nkuran.

Wɔ afe 1960 awiei no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu wɔ Brooklyn, New York. Wɔde asram du kɔtetee yɛn baasa a yefi Finland no sɛnea wɔhwɛ baa dwumadibea so. Yɛn yerenom ankɔ bi, na wɔyɛɛ adwuma wɔ Finland baa dwumadibea hɔ.

Aka kakra ma sukuu no aba awiei no, wɔka kyerɛɛ me sɛ menkɔ nkohu Nathan H. Knorr a saa bere no na ɔhwɛ Yehowa Adansefo adwuma so wɔ wiase nyinaa no. Onua Knorr kae sɛ, me ne me yere nkɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Malagasy Republic a seesei wɔfrɛ no Madagascar no. Mekyerɛw Veera bisaa n’adwene wɔ dwumadi no ho, na ɔkae ntɛm ara sɛ, “Mɛkɔ.” Bere a mesan baa Finland no, yɛboaboaa yɛn ho ntɛm ara kɔɔ Madagascar.

Anigye ne Abasamtu

Wɔ January 1962 mu no, yɛfaa wimhyɛn kɔɔ Antananarivo a ɛyɛ Madagascar ahenkurow mu. Ná yɛhyehyɛ kyɛw a wɔde aboa nhwi ayɛ ne soro ntade a emu yɛ duru, efisɛ yɛrefi Finland no na ɛyɛ awɔw bere. Yekoduu Madagascar a ɛhɔ yɛ hyew no, ntɛm ara na yɛsesaa ntade a yɛhyɛ no. Ná pia biako pɛ na ɛwɔ yɛn asɛmpatrɛwfo fie a yedii kan kɔtraa mu no mu. Ná asɛmpatrɛwfo awarefo bi wɔ hɔ dedaw, enti me ne Veera daa abrannaa no so.

Yefii ase suaa Franse kasa a na ɛyɛ Madagascar man no kasa atitiriw no biako no. Ná eyi yɛ den efisɛ na yɛn baanu no ne yɛn kyerɛkyerɛfo, Onuawa Carbonneau nka kasa biako. Na ɔde Borɔfo na ɛkyerɛ yɛn Franse kasa, nanso na Veera nte Borɔfo, enti mekyerɛɛ Onuawa Carbonneau nsɛm no ase kɔɔ Finland kasa mu maa Veera. Akyiri yi, yebehui sɛ Veera te nsɛm no ase yiye wɔ Sweden kasa mu, enti mekyerɛkyerɛɛ Franse kasa mmara mu kyerɛɛ no wɔ Sweden kasa mu. Ankyɛ na yɛtee Franse kasa no yiye, na yefii ase suaa Malagasy a ɛyɛ ɛhɔfo kasa no nso.

Me ne ɔbarima bi a na Malagasy kasa nkutoo na ɔte na edii kan yɛɛ Bible adesua wɔ Madagascar. Ná mibue me Finland kasa Bible mu hwɛ nkyekyɛm ahorow no, na afei yɛahwehwɛ saa nkyekyɛm no wɔ ne Malagasy Bible no mu. Ná mintumi nkyerɛkyerɛ kyerɛw nsɛm no mu papa nkyerɛ no, nanso ankyɛ na Bible mu nokware no kaa ɔbarima no koma, na onyaa nkɔso bɔɔ asu.

Wɔ afe 1963 mu no, Milton Henschel a ɔwɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn no baa Madagascar. Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔhyehyɛɛ Yehowa Adansefo adwumayɛbea foforo wɔ Madagascar, na wɔpaw me sɛ menhwɛ adwumayɛbea no so nka ɔmansin ne ɔmantam adwuma a na meyɛ no ho. Yehowa hyiraa yɛn adwuma no so paa wɔ saa bere no nyinaa mu. Ahenni adawurubɔfo a wɔwɔ Madagascar no dodow nyaa nkɔanim fii 85 koduu 469 wɔ afe 1962 ne afe 1970 ntam hɔ.

Da bi a yefii asɛnka baa fie wɔ afe 1970 mu no, yehuu krataa bi wɔ yɛn pon ano a wɔakyerɛw so sɛ Yehowa Adansefo asɛmpatrɛwfo nyinaa nkɔ aban soafo a ɔhwɛ afisɛm so no adwuma mu. Yɛkɔɔ hɔ no, ɔpanyin bi a ɔwɔ hɔ ka kyerɛɛ yɛn sɛ aban no ahyɛ sɛ yemfi ɔman no mu ntɛm ara. Bere a mibisae sɛ bɔne bɛn na mayɛ a enti mimfi hɔ no, ɔpanyin no kae sɛ: “Owura Kuokkanen, wonyɛɛ bɔne biara.”

Mekae sɛ: “Yɛbaa ha mfe awotwe ni. Yɛde ha ayɛ yɛn kurom, enti yentumi nkɔ putupuru saa.” Mmɔden a yɛbɔe nyinaa akyi no, na ɛsɛ sɛ asɛmpatrɛwfo no nyinaa fi hɔ wɔ naawɔtwe ntam. Wɔtoo adwumayɛbea no mu, na Ɔdansefo bi a ofi kurom hɔ fii ase hwɛɛ ɔsom adwuma no so. Ansa na yɛregyaw yɛn nuanom adɔfo a wɔwɔ Madagascar hɔ no, wɔmaa yɛn dwumadi foforo sɛ yɛnkɔ Uganda.

Yefii Dwumadi Foforo Ase

Yefii Madagascar akyi nna kakraa bi no, yekoduu Uganda ahenkurow Kampala mu. Ntɛm ara na yefii ase suaa Luganda kasa a ɛyɛ dɛ te sɛ dwom, nanso ne sua yɛ den yiye no. Asɛmpatrɛwfo afoforo boaa Veera ma odii kan suaa Borɔfo kasa, na yetumi de saa kasa no dii adanse yiye.

Sɛnea na Kampala wim yɛ hyew no bɔɔ Veera yare. Enti wɔde yɛn kɔɔ Mbarara, Uganda kurow bi a ɛhɔ dwo kakra mu. Yɛne adansefo a yedii kan kɔɔ hɔ, na da a edi kan a yɛkɔɔ asɛnka no, yenyaa osuahu bi a ɛhyɛ nkuran paa. Ná me ne ɔbarima bi rekasa wɔ ne fie ɛnna ne yere pue fi gyaade bae. Ná wɔfrɛ no Margaret, na sɛɛ na wate asɛm a mereka no nyinaa. Veera fii ase ne Margaret suaa Bible no, na onyaa Onyankopɔn ho nimdeɛ ntɛmntɛm. Ɔbɔɔ asu, na ɔbɛyɛɛ Ahenni dawurubɔfo a ɔyɛ nsi.

Abɔnten So Akodi

Wɔ afe 1971 mu no, ɔmanko sɛee asomdwoe a na ɛwɔ Uganda no. Da bi, wodii ako wɔ yɛn asɛmpatrɛwfo fie a ɛwɔ Mbarara no mpɔtam hɔ. Ɛyɛ saa bere no na asɛm a mekae wɔ mfiase no too me.

Bere a meweawea wɔ bonka no mu twaa kwantenten a asraafo no anhu me koduu yɛn asɛmpatrɛwfo fie no, na Veera wɔ hɔ dedaw. Yɛde matras ne nkongua gyee ban bi wɔ ɔdan no ntwea so kɔhyɛɛ mu. Yɛkaa dan mu naawɔtwe, na na yetie amanneɛbɔ wɔ radio so. Ɛtɔ da bi a, na atuo mmoba bɛbobɔ yɛn dan no ho bere a na yɛamoa yɛn ho hyɛ yɛn ban no mu no. Edu anadwo a, na yɛnsɔ kanea biara sɛnea ɛbɛyɛ a wonhu sɛ yɛwɔ fie hɔ. Da bi, asraafo baa yɛn pon ano bɛyɛɛ dede. Yɛankeka yɛn ho, yɛyɛɛ komm bɔɔ Yehowa mpae. Ɔko no baa awiei no, yɛn afipamfo bɛdaa yɛn ase sɛ bɔne biara anto wɔn. Ná wogye di sɛ ɛyɛ Yehowa na abɔ yɛn nyinaa ho ban, na yɛne wɔn yɛɛ adwene.

Nneɛma mu dwoe ara kosii sɛ anɔpa bi yɛtee wɔ radio so sɛ Uganda aban no abara Yehowa Adansefo. Nea ɔbɔɔ amanneɛ no kae sɛ ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo nyinaa san kɔ ɔsom a na wɔwom dedaw no mu. Me ne aban mpanyimfo kosusuw yɛn asɛm no ho, nanso ankosi hwee. Ɛno akyi no, mekɔɔ Ɔmampanyin Idi Amin adwuma mu kobisaa kwan sɛ mepɛ sɛ me ne no kasa. Nea ogye ahɔho no ka kyerɛɛ me sɛ ɔmampanyin no nni adagyew. Mesan kɔɔ hɔ mpɛn pii, nanso mannya ɔmampanyin no da. Awiei koraa no, na ɛsɛ sɛ yefi Uganda wɔ July 1973 mu.

Afe Biako Bɛdanee Mfe Du

Awerɛhow a ɛkaa yɛn bere a wɔkae sɛ yemfi Madagascar no bi san kaa yɛn bere a na yɛregyaw yɛn nuanom adɔfo a wɔwɔ Uganda no hɔ no. Ansa na yɛrekɔ yɛn dwumadi foforo mu wɔ Senegal no, yɛkɔɔ Finland. Yekoduu hɔ no, wɔamma yɛn ankɔ Senegal na wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛntra Finland hɔ ara. Ɛyɛe sɛ nea yɛn asɛmpatrɛw adwuma no aba awiei ara ne sa. Yɛsomee sɛ akwampaefo atitiriw wɔ Finland, na akyiri yi yɛkɔyɛɛ ɔmansin adwuma.

Eduu afe 1990 no, na ɔsɔretia a wɔde baa yɛn adwuma no so wɔ Madagascar no ano abrɛ ase, na ɛyɛɛ yɛn nwonwa sɛ adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn no bisaa yɛn sɛ yɛbɛpɛ sɛ yekodi afe biako wɔ Madagascar anaa. Ná yɛpɛ sɛ yɛkɔ, nanso na yɛwɔ nsɛnnennen abien bi. Ná ɛsɛ sɛ yɛhwɛ me papa a n’ani afi no, na na Veera nso taa yare. Me papa wui wɔ November 1990 mu no, me werɛ howee, nanso Veera ho a na ɛretɔ no no ma yenyaa anidaso sɛ yɛbɛsan akɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma no. Yɛsan kɔɔ Madagascar wɔ September 1991 mu.

Ná anka ɛsɛ sɛ yekodi afe biako wɔ Madagascar, nanso yedii mfe du. Saa bere no adawurubɔfo dodow nyaa nkɔanim fii 4,000 koduu 11,600. M’ani gyei paa sɛ na meresom sɛ ɔsɛmpatrɛwfo. Nanso, ɛtɔ mmere bi a na mete nka sɛ m’abam abu, na ɛyɛ me sɛ gyama mennwen me yere a medɔ no no ho. Yehowa maa yɛn baanu nyinaa ahoɔden a yɛde bɛtoa so. Awiei koraa no, wɔ afe 2001 mu no, yɛsan kɔɔ Finland, na yɛakɔ so ayɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea hɔ. Nsi a yɛwɔ ma Ahenni adwuma no mu da so yɛ den, na yɛda so ara kae Afrika. Yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ Yehowa apɛde wɔ baabiara a ɔde yɛn bɛkɔ.—Yesaia 6:8.

[Asase mfonini wɔ kratafa 12]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

FINLAND

EUROPA

[Asase mfonini wɔ kratafa 14]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

AFRIKA

MADAGASCAR

[Asase mfonini wɔ kratafa 15]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

AFRIKA

UGANDA

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Yɛn ayeforohyia da

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Ɔmansin adwuma a yɛyɛe wɔ Finland, 1960 . . . 

. . . ne asɛmpatrɛw adwuma a yɛyɛe wɔ Madagascar, 1962

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Me ne Veera nnɛ