Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Akwanside a Wodi So wɔ Panama

Akwanside a Wodi So wɔ Panama

Akwanside a Wodi So wɔ Panama

“PANAMA te sɛ ɛtwene, aka wiase abom.” Mfe 50 a atwam ni no, wɔkaa asɛm yi wɔ radio so dwumadi bi a agye din paa wɔ Amerika Mfinimfini fam man yi so. Ɛnnɛ, saa na nnipa pii hu ɔman yi.

Panama te sɛ ɛtwene, na aka Amerika Atifi fam ne Anafo fam aman no abom. Bio nso, Amerikafo ayɛ Ɛtwene ankasa ato Panama Suka a agye din yi so. Nsuka a wotwae yi yɛ mfiridwuma mu anwonwade, na aka Atlantic ne Pacific po no abom. Eyi ma po so ahyɛn a efi aman horow so no tumi de dɔnhwerew kakraa bi twa kwan a sɛ ɛnyɛ nsuka yi a, anka ebegye bere tenten ansa na wɔadu beae a wɔrekɔ no. Yiw, Panama te sɛ ɛtwene titiriw bi a aka wiase aman pii abom.

Ade a Ɛka Nnipa Ahorow Bom

Nnipa a wofi aman ne mmusua horow nyinaa mu bi te Panama. Nnipa yi a wofi aman horow so ne ɔman no mufo a wɔadi afra no tete ɔman a ɛyɛ fɛ yi mu baabiara. So ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ wɔde Onyankopɔn Asɛm mu nokware a ɛsom bo no bɛboa nnipa a ɛsono wɔn asetra, wɔn amammerɛ, wɔn som ne wɔn kasa no ma wɔanya adwene ne atirimpɔw koro?

Yiw, ebetumi ayɛ yiye. Ɔsomafo Paulo nsɛm a ɛwɔ Efesofo 2:17, 18 no kyerɛ sɛ, afeha a edi kan mu Kristofo—Yudafo ne Amanaman mufo nyinaa—tumi dii akwanside a ɛte saa so denam tumi a Kristo afɔrebɔ no wɔ sɛ ɛka nnipa bom no so. Paulo kyerɛwee sɛ: ‘Yesu bɛkaa asomdwoe ho asɛmpa kyerɛɛ mo a mowɔ akyirikyiri ne asomdwoe kyerɛɛ wɔn a wɔbɛn no, efisɛ ɔno na wama yɛn—akuw abien no nyinaa—atumi aba Agya no nkyɛn denam honhom biako so.’

Saa ara na nnɛ nso, Yehowa Adansefo reka “asomdwoe ho asɛmpa” akyerɛ ankorankoro ne nnipakuw a wofi akyirikyiri aba Panama a ɛsono wɔn gyidi no. Ɛde biakoyɛ aba wɔn a “wɔbɛn” Yehowa no mu. Eyi nti, wɔatew asafo ahorow wɔ Panama wɔ kasa ahorow asia—Spania, Cantonese, Panama Mum Kasa, Borɔfo, ne Panama kasa abien, Kuna ne Ngobere (Guaymí)—mu. Sɛ wohwɛ sɛnea kasa ahorow yi mufo de biakoyɛ resom Yehowa no a, ɛhyɛ nkuran paa.

Akwanside a Wodi so Wɔ Comarca

Wɔ kasa ahorow awotwe a wɔka wɔ Panama no, wɔn a wɔka Ngobe kasa no na wɔdɔɔso paa. Nnipa bɛyɛ 170,000 na wɔka kasa yi, na wɔn mu dodow no ara tete beae kɛse bi a nnansa yi ara wɔtoo hɔ din comarca, anaa beae a aban atwa ato hɔ no. Asase yi fã kɛse no ara yɛ kwae tuu ne mmepɔw a ɛso yɛ mmonkyemonka a anammɔnkwan nko na ɛkɔ hɔ, na ne fã bi nso a ɛyɛ fɛ da mpoano. Wɔtaa kyekye nkurow wɔ nsubɔnten ne mpoano, na wɔfa nsu yi so na etu kwan. Nnipa pii a wɔte comarca no dɔw kɔfe mfuw wɔ mmepɔw so, woyi nam anaa wodua nnɔbae na ama wɔanya nea wobedi. Wɔn mu pii yɛ Kristoman asɔrekɔfo. Nanso wɔn mu bi yɛ kurow no mu ɔsom bi a wɔfrɛ no Mama Tata no mufo. Sɛ ebinom te nka sɛ wɔyare anaa honhommɔne bi rehaw wɔn a, wɔkɔhwehwɛ ayaresa anaa mmoa fi sukias (shamans) hɔ. Ɛwom sɛ wɔn mu dodow no ara ka Spania kasa de, nanso Ngobere kasa paa na wɔte no kɛse.

Mmɔden a Wɔbɔ sɛ Wobedu Nkurɔfo Komam

Yehowa Adansefo ahu sɛ mfaso wɔ so sɛ wɔde nokware no bedua nkurɔfo komam mmom sen sɛ wɔbɛma wɔate ase ara kɛkɛ. Eyi tumi kanyan wɔn ma wɔyɛ nsakrae wɔ wɔn asetra mu na wɔbɔ wɔn bra ma ɛne Bible mu nnyinasosɛm hyia. Enti Adansefo a wɔwɔ nkurow awotwe a ɛwɔ comarca no boaa akwampaefo atitiriw a wɔde wɔn kɔɔ hɔ no ma wosuaa Ngobere kasa no.

Akyinnye biara nni ho sɛ asafo afoforo betumi abɛka asafo 14 a wɔatew wɔ hɔ no ho. Sɛ nhwɛso no, mfe kakra bi a atwam no, wɔmaa awarefo Dimas ne Gisela a wɔyɛ akwampaefo atitiriw no kɔsom wɔ asafo ketewa bi a emu adawurubɔfo yɛ 40 a ɛwɔ Tobobe mpoano hɔ no mu. Ná hyɛma a wɔtaa de twa kwan kɔka asɛm kyerɛ nnipa ahobrɛasefo a wɔte Atlantic Mpoano no nyɛ ade a ɛda fam. Dimas ne Gisela behui sɛ asorɔkye a ano yɛ den tumi bɔ fa po a atɛm dinn no so. Sɛ wɔhare hyɛma no fi akuraa biako ase kɔ foforo ase a, wobedu no na wɔ nsa ne wɔn akyi nyinaa yɛ wɔn yaw. Ná ɛhɔ kasa a wobesua no nso yɛ asɛnnennen. Nanso nneɛma a wɔde bɔɔ afɔre ne nsi a wɔde kaa asɛm no so baa mfaso wɔ afe 2001 mu bere a nnipa 552 baa Kristo wu Nkaedi afahyɛ ase no.

Sɛ wufi Tobobe twa po faka no a, na worekɔ akuraa bi a wɔfrɛ hɔ Punta Escondida ase. Bɛyɛ mmere kakra a atwam no, sɛ wim ye a, na adawurubɔfo kuw ketewa bi taa de hyɛma twa po faka no kɔ nhyiam wɔ Tobobe, na amanneɛbɔ kyerɛ sɛ sɛnea nneɛma rekɔ no, wobetumi atew asafo foforo wɔ beae yi. Eyi nti, wɔmaa Dimas ne Gisela san tu kɔɔ Punta Escondida. Anni mfe abien koraa na kuw a ɛwɔ Punta Escondida no bɛyɛɛ asafo a emu adawurubɔfo yɛ 28, na sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, na nnipa 114 na dapɛn biara wobetie baguam ɔkasa no. Wɔ afe 2004 mu no, asafo foforo yi mufo ani gyei sɛ nnipa 458 baa Kristo wu Nkaedi no ase.

Wɔboa Wɔn a Wonnim Akenkan ne Akyerɛw No

Nnipa komapafo no pii fam no, akyerɛw ne akenkan a wohui no boaa wɔn ma wɔne Yehowa benyaa abusuabɔ pa. Saa na na ɛte wɔ Fermina, ababaa bi a ofi comarca mantam a egu mmepɔw so no fam. Adansefo asɛmpatrɛwfo a wɔyɛ adwuma wɔ beae a atew ne ho a saa ababaa yi te no behui sɛ otie Ahenni nkrasɛm no yiye. Bere a wɔkaa Bible adesua ho asɛm kyerɛɛ no no, ɔkae sɛ ɔpɛ sɛ osua pii. Nanso na ɔwɔ haw bi. Ná ɔte Spania ne Ngobere kasa de, nanso na onnim akenkan ne akyerɛw. Asɛmpatrɛwfo no mu baako kae sɛ ɔbɛboa no, na ɔde Sua Akenkan ne Akyerɛw * nhomawa no kyerɛɛ no ade.

Ná Fermina mfa n’adesua nni agoru. Ná osiesie ne ho yiye ma adesua no yɛ ne dwumadi nyinaa. Ná ɔde nsi sua sɛnea wɔbobɔ nsɛmfua din no yiye. Wɔ afe pɛ ntam no, onyaa nkɔso koduu baabi a na obetumi asua Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!* nhomawa no. Bere a yɛyɛɛ nhyiamkɔ ho nhyehyɛe no, Fermina fii ase kɔɔ bi. Esiane sɛ na abusua no di hia nti, na ɛyɛ den paa ma no sɛ ɔne n’abusua betua hyɛntiade akɔ nhyiam no. Akwampaefo no mu baako a na onim tebea a Fermina wom no maa no nyansahyɛ sɛ ɔnhwɛ sɛ obetumi apam ntade a Ngobefo mmea taa hyehyɛ no bi atɔn anaa. Fermina de nyansahyɛ no yɛɛ adwuma, na ɛmfa ho sɛ na ɔwɔ ahiade afoforo no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔde mfaso a onya no bɛkɔ Kristofo nhyiam nkutoo. Seesei ɔne n’abusua no atu akɔtra baabi foforo, na ɔda so ara renya honhom mu nkɔso. Akyerɛw ne akenkan a wɔahu no ama wɔn ani agye de, nanso nea ɛsen ne nyinaa no, Yehowa ho nimdeɛ a wɔanya no ama wɔn ani agye kɛse.

Wɔka Asɛmpa no Kyerɛ Mum

Wɔ Panama no, ɛyɛ mmusua pii aniwu sɛ wɔbɛma afoforo ahu wɔn abusuafo a wɔyɛ mum no. Ɛtɔ bere bi a, wɔmma nnipa a wɔte saa no nkɔ sukuu. Esiane sɛ ɛyɛ den sɛ wɔne mum bedi nkitaho nti, ɛma wɔn mu pii te nka sɛ wɔayi wɔn baako ahyɛ wɔn nsa na wɔnka nnipa ho.

Enti ɛbɛdaa adi sɛ na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho biribi na ama nnipa a wɔyɛ mum no atumi ate asɛmpa no. Bere a ɔhwɛfo kwantufo bi hyɛɛ akwampaefo ne afoforo bi nkuran no, wofii ase suaa Panama Mum Kasa no. Adwumaden a wɔyɛe no so baa mfaso.

Bere a afe 2001 reba awiei no, na wɔatew kuw a wɔde mum kasa yɛ adesua wom wɔ Panama City. Nnipa bɛyɛ 20 na na wɔba nhyiam no. Bere a anuanom mmarima ne mmea tee mum kasa no yiye no, wotumi kaa asɛm no kyerɛɛ nnipa pii a wɔyɛ mum, na na eyi ne bere a edi kan a “wɔate” Bible mu nokware no wɔ mum kasa mu. Adansefo pii a wɔn mma yɛ mum no nso fii ase baa nhyiam no bi, na wohui sɛ ɛnyɛ den mma wɔn mma no sɛ wɔbɛte Bible nkyerɛkyerɛ no ase, na ama wɔn ani abegye nokware no ho yiye. Mpɛn pii no awofo no sua mum kasa no na ama wɔne wɔn mma no adi nkitaho. Awofo no tumi boa wɔn mma no wɔ honhom fam, na wɔahu sɛ eyi hyɛ wɔn abusua no den. Elsa ne ne babea Iraida suahu no kyerɛkyerɛ eyi mu yiye.

Ɔdansefo bi a ɔne mum kasa kuw no yɛ adwuma no tee Iraida ho asɛm, na ɔkɔsraa no de Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa! * nhomawa no maa no. Wiase foforo no ho nsɛm a Iraida nam mfonini no so suae no maa n’ani gyee kɛse. Wɔde nhomawa no fii Bible adesua ase. Bere a wosuaa nhomawa yi wiei no, wofii ase suaa Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?* nhomawa no. Saa bere yi, Iraida fii ase ka kyerɛɛ ne maame sɛ ɔmmoa no na ɔnkyerɛkyerɛ no nhoma no mu nsɛm.

Ná Elsa wɔ ɔhaw abien: Esiane sɛ ɔnyɛ Ɔdansefo nti, na onnim Bible mu nokware no, na na ɔnte mum kasa no nso. Ná wɔaka akyerɛ no sɛ mma ɔmfa mum kasa nkasa nkyerɛ ne babea no, na mmom ɛsɛ sɛ ne babea no sua kasa. Ne saa nti, na ɛyɛ den sɛ ɛna no ne ne babea no bedi nkitaho. Esiane sɛ Iraida ka kyerɛɛ ne maame Elsa sɛ ɔmmoa no nti, ɛkaa ne koma, ma ɔka kyerɛɛ Ɔdansefo bi a ɔwɔ asafo no mu sɛ ɔne Iraida mmesua ade. Ɔkae sɛ: “Me babea no yiyedi nti na mede adesrɛ yi reto w’anim, efisɛ minhui sɛ Iraida akyerɛ biribi ho anigye saa da.” Elsa bɛkaa ne babea no ho ma wosuaa ade, na osuaa mum kasa no nso. Bere a Elsa nyaa ne babea no ho adagyew no, ɔne ne ntam nkitahodi tuu mpɔn. Iraida fii ase paw nnamfo pa, na ɔne asafo no bɔe. Seesei, maame no ne ne babea no nyinaa ba Kristofo nhyiam daa. Elsa bɔɔ asu nnansa yi ara, na Iraida nso rebɔ ne ho mmɔden sɛ ɔbɛbɔ asu. Elsa ka sɛ, afei de wabehu ne babea no yiye, na wobetumi abɔ nneɛma a ɛho hia na wɔn ani gye ho no ho nkɔmmɔ.

Wɔ April 2003 mu no, mum kasa kuw no bɛyɛɛ asafo. Ahenni adawurubɔfo bɛyɛ 50 na seesei wɔwom, na nnipa a wɔboro saa na wɔba nhyiam ahorow no. Sɛ wɔkyɛ nnipa yi mu abiɛsa a, emu biako yɛ mum. Kuw a wɔka mum kasa wɔ Panama City no akyi no, wɔatew akuw foforo wɔ nkurow akɛse abiɛsa mu. Ɛwom sɛ wɔwɔ pii yɛ wɔ nnipa a wɔyɛ mum no ho de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ wɔabɔ mmɔden kɛse ansa na wɔretumi ayi akwanside a na ɛremma nnipa komapafo ne wɔn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn “ntumi nni nkitaho” no afi hɔ.

Eyi ne ade a ɛrekɔ so wɔ Panama nyinaa. Ɛwom sɛ ɛsono nnipa a wɔabehyia hɔ no amammerɛ, kasa, ne mmusua a wofi mu de, nanso wɔn nyinaa abom resom nokware Nyankopɔn koro no. Nokware a ɛwɔ Yehowa Asɛm mu no atumi ayi nkitahodi ho akwanside a ɛwɔ ɔman yi a nnipa pii susuw sɛ ɛte sɛ “ɛtwene a aka wiase abom” no mu afi hɔ.—Efesofo 4:4.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 15 Yehowa Adansefo na wotintimii.

^ nky. 21 Yehowa Adansefo na wotintimii.

Yehowa Adansefo na wotintimii.

Yehowa Adansefo na wotintimii.

[Asase mfonini ahorow a ɛwɔ kratafa 8]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

PANAMA

CARIBBEAN PO

Tobobe

PACIFIC PO

Panama Suka

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Kuna mmea a wokurakura ntama a wɔayɛ no bi

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Ɔsɛmpatrɛwfo bi redi Ngobeni bea bi adanse

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Adansefo a wofi Ngobe no refa ɔkorow akɔ da koro nhyiam titiriw dwumadi ase

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Ɛmfa ho amammerɛ ne kasa ho nsɛnnennen no, wɔreka Bible mu nokware no ho asɛm wɔ Panama

[Mfonini wɔ kratafa 12]

“Ɔwɛn-Aban” Adesua wɔ mum kasa mu

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Elsa ne ne babea Iraida bɔ nkɔmmɔ a mfaso wɔ so

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 8]

Hyɛmma ne Kuna mmea: © William Floyd Holdman/Index Stock Imagery; akuraa: © Timothy O’Keefe/Index Stock Imagery