Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hokwan a Obiara Wɔ sɛ Onya Din

Hokwan a Obiara Wɔ sɛ Onya Din

Hokwan a Obiara Wɔ sɛ Onya Din

OBIARA wɔ hokwan sɛ onya din. Wɔ Tahiti no, wɔma akokoaa a wɔagyaw no a wonhu ne maame anaa ne papa no mpo din. Asoɛe a ɛyɛ ɔmanfo din ho kyerɛwtohɔ no to abofra biara a n’awofo agyaw no no din.

Nanso obi wɔ hɔ a, ɔkwan bi so no, hokwan a ɛte saa a nnipa nyinaa wɔ no abɔ no. Anwonwasɛm ne sɛ, ɔne “Agya a ne nkyɛn na abusua biara a ɛwɔ soro ne asase so nya ne din” no! (Efesofo 3:14, 15) Asɛm no ne sɛ, nnipa pii mfa Ɔbɔadeɛ no din a ɛwɔ Bible mu no mfrɛ no. Nea wɔpɛ ne sɛ wɔde abodin te sɛ “Onyankopɔn,” “Awurade,” anaa “Ɔdomankoma” bɛfrɛ no. Ɛnde, ne din koraa ne dɛn? Odwontofo no bua asɛmmisa yi sɛ: “Wo a wo din de [Yehowa, NW] no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.”—Dwom 83:18.

Wɔ afeha a ɛto so 19 no mfiase mu bere a London Asɛmpatrɛw Fekuw no mufo baa Tahiti no, na Polynesiafo no som anyame pii. Na anyame no mu biara wɔ edin a wɔde frɛ no, na na wɔfrɛ atitiriw paa a wɔwom no Oro ne Taaroa. Nea ɛbɛma Onyankopɔn a Bible no ka ne ho asɛm no ada nsow wɔ anyame afoforo ho no, saa asɛmpatrɛwfo no antwentwɛn wɔn nan ase koraa sɛ wɔbɛma wɔn nyinaa ahu Onyankopɔn din a wɔkyerɛɛ ase Iehova wɔ Tahitifo kasa mu no.

Nnipa pii behuu din no na wɔde dii dwuma wɔ wɔn nkɔmmɔbɔ ne wɔn nkrataakyerɛw mu. Tahiti, Hene Pomare II, a odii ade wɔ afeha a ɛto so 19 mfiase mu no de edin no dii dwuma wɔ ne nkrataa a na ɔkyerɛw kɔma afoforo no mu. Yehu eyi ho adanse wɔ krataa a ɛho mfonini wɔ ha no mu. Wɔde Borɔfo kasa na ɛkyerɛwee na ɛwɔ Museum of Tahiti and Its Islands (Tahiti ne ne supɔw ahorow tete nneɛma akorae) . Krataa yi di adanse sɛ saa bere no na nkurɔfo gye Onyankopɔn din no tom paa. Nea ɛka ho bio nso ne sɛ, Onyankopɔn din no pue mpɛn pii wɔ Tahitifo Bible nkyerɛase a edi kan a wɔkyerɛw wiei wɔ afe 1835 mu no mu.

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Ɔhene Pomare II

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Ɔhene ne krataa: Collection du Musée de Tahiti et de ses Îles, Punaauia, Tahiti