Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Melito a Ofi Sardi—Ogyinaa Bible mu Nokware Akyi?

Melito a Ofi Sardi—Ogyinaa Bible mu Nokware Akyi?

Melito a Ofi Sardi—Ogyinaa Bible mu Nokware Akyi?

AFE biara, nokware Kristofo hyɛ Awurade Anwummeduan no ho fã wɔ da a ɛne Nisan 14 hyia wɔ Hebrifo kalenda so. Wɔnam saayɛ so di Yesu ahyɛde yi so: “Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.” Nokwarem no, saa da no, wɔ afe 33 Y.B. mu, bere a na Yesu adi Twam Afahyɛ no awie no na ɔde n’afɔrebɔ wu no ho Nkaedi no sii hɔ. Wokum no ansa na saa da no reba awiei.—Luka 22:19, 20; 1 Korintofo 11:23-28.

Wɔ afeha a ɛto so abien Y.B. mu no, ebinom fii ase sesaa bere ne ɔkwan a na wɔfa so hyɛ fã no. Wɔkɔɔ so de da a Yesu wui ankasa no dii dwuma wɔ Asia Kumaa. Nanso, sɛnea nhoma bi kyerɛ no, “amanne a na ɛwɔ Roma ne Aleksandria no ne sɛ wɔbɛhyɛ Yesu wusɔre no ho fã Kwasida a edi hɔ no,” na wɔfrɛɛ no Twam Wusɔre. Kuw bi a wɔfrɛ wɔn Quartodecimans (da a ɛto so dunanfo) no kɔɔ so kuraa Yesu Kristo wu afahyɛ a na wodi wɔ Nisan 14 no mu. Ná Melito a ofi Sardi no kura adwene a ɛte saa bi. Na hena ne Melito? Ɔkwan bɛn so na ogyinaa Bible mu nokwasɛm yi ne afoforo a ɛka ho no akyi?

‘Hann Kɛse’ Bi

Sɛnea Eusebius a ofi Kaesarea kae wɔ ne nhoma Ecclesiastical History mu no, wɔ afeha a ɛto so abien awiei mu no, Polycrates a ofi Efeso kyerɛw krataa kɔɔ Roma de kɔfoaa da a wodi afahyɛ no so sɛ: “Sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Nsɛmpa no mu no, da a ɛto so dunnan a wodi Twam afahyɛ no yɛ ne kwan so, na wodi no sɛnea Kristosom mmara te.” Sɛnea nhoma yi kyerɛ no, na Ɔsɔfo Panyin Melito a ofi Sardi a ɛwɔ Lidia no ka wɔn a wɔfoa so sɛ Nisan 14 yɛ da a ɛsɛ sɛ wɔde hyɛ fã no ho. Krataa no kae sɛ na Melito bere sofo no bu no sɛ, ‘ɔka wɔn a wɔmaa hann no daa adi ansa na wɔrewu no ho.’ Polycrates kaa Melito ho asɛm sɛ, wanware na “ɔde n’asetra nyinaa hwehwɛɛ Honhom Kronkron no dwumadi mu. Owui ma wosiee no Sardi, na ɔretwɛn sɛ wobefi soro afrɛ no afi awufo mu.” Eyi betumi akyerɛ sɛ na Melito ka wɔn a wogye di sɛ owusɔre no remma kosi sɛ Kristo bɛsan aba no ho.—Adiyisɛm 20:1-6.

Eyi ma ɛda adi sɛ, ɛbɛyɛ sɛ na Melito yɛ ɔbarima kokodurufo a osi pi. Nokwasɛm ne sɛ, ne nhoma Apology a ɔkyerɛw maa Kristofo no yɛ nea edi kan koraa a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ sɛ nhoma a ɛyɛ soronko a wɔkyerɛw kɔmaa Roma Ɔhempɔn, Marcus Aurelius, a odii ade fii afe 161 kosi 180 Y.B. mu no. Na Melito nsuro sɛ obegyina Kristosom akyi apa mmarima a wɔyɛ abɔnefo ne adifudepɛfo no ho ntama. Saa mmarima yi nam akwammɔne so kogyee tumi fii atumfoɔ no hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wobegyina so ataa Kristofo no abu wɔn fɔ, na wɔnam so awia wɔn nneɛma.

Melito de akokoduru kyerɛw krataa kɔmaa ɔhempɔn no sɛ: “Yɛde yɛn adesrɛ yi rebɛto w’anim sɛ, wo ara hwehwɛ nnipa a wɔn nti basabasayɛ yi aba [Kristofo] no nsɛm mu, na bu atɛntrenee sɛ ebia wɔfata owu ne asotwe anaasɛ wɔfata sɛ wɔbɔ wɔn ho ban na wɔtra ase dwoodwoo. Nanso, sɛ ɛmfata sɛ wɔde saa mmara ne ahyɛde foforo yi di tia ananafo a wɔyɛ abɔnefo mpo a, ɛnde yɛsrɛ wo pii sɛ mmu w’ani ngu mmaratofo a wɔretan yɛn ani yi so.”

Kyerɛwsɛm no a Ɔde Gyinaa Kristosom Akyi

Melito kyerɛɛ Kyerɛw Kronkron no sua ho anigye kɛse. Yenni ne nhoma a ɔkyerɛwee no nyinaa din ho kyerɛwtohɔ de, nanso nsɛmti no bi ma yehu sɛnea na n’ani gye Bible mu nsɛm ho no. Nsɛm a ɔkyerɛwee no bi fa Kristofo Asetra ne Adiyifo, Onipa Gyidi, Adebɔ, Asubɔ, Nokware ne Gyidi ne Kristo Awo, Ahɔhoyɛ, Nhoma a wɔde sua Bible, Ɔbonsam ne afei Yohane Adiyisɛm no ho.

Melito ankasa tutuu akwan kɔɔ nsase a wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu no so kɔyɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nhwehwɛmu. Ɔkyerɛw eyinom ho asɛm sɛ: “Mekɔɔ Asia Apuei fam kohuu baabi a wɔkaa nneɛma yi ho nsɛm na wɔde bɔɔ wɔn bra no, na ɛno akyi misuaa Apam Dedaw no mu nhoma no yiye na metraa ase yɛɛ ho kyerɛwtohɔ de brɛɛ wo.” Wanka Nehemia ne Ester nhoma no ho asɛm wɔ ne kyerɛwtohɔ no mu, nanso ɛno ne kyerɛwtohɔ a akyɛ sen biara a wɔahyehyɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nhoma a wogye toom no wom a wɔkyerɛ sɛ Kristofo na wɔkyerɛwee no.

Wɔ nhwehwɛmu yi mu no, Melito hyehyɛɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Yesu ho a oyi fii Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nnidiso nnidiso. Melito nhoma a ɔkyerɛwee a ɛne Extracts no kyerɛe sɛ na Yesu ne Mesia a wɔde bere tenten ahwɛ no kwan no, na ɔno na Mose Mmara no ne Adiyifo no kaa ne ho asɛm too hɔ sɛ Kristo no.

Obuu Agyede no sɛ Ɛsom Bo

Ná Yudafo pii te Asia Kumaa nkurow akɛse mu. Ná Yudafo a wɔte Sardi, baabi a na Melito te no di Hebrifo Twam Afahyɛ no Nisan 14. Melito kyerɛwee ɔkasa bi a ɔtoo din The Passover (Twam Afahyɛ No) de kyerɛɛ nea enti a na Twam Afahyɛ no ho hia wɔ Mmara no mu, san de foaa nea enti a Kristofo hyɛ Awurade Anwummeduan no ho fã Nisan 14 no so.

Bere a Melito kaa Exodus ti 12 ho asɛm na ɔkyerɛe sɛ Twam no yɛ Kristo afɔrebɔ no ho mfonini akyi no, ɔkyerɛkyerɛɛ nea enti a nyansa nnim sɛ Kristofo bɛkɔ so adi Twam no mu. Eyi te saa efisɛ na Onyankopɔn atwa Mose Mmara no mu. Afei ɔkyerɛɛ nea enti a Kristo afɔrebɔ no ho hia no mu sɛ: Onyankopɔn bɔɔ Adam too paradise sɛ ɔmfa anigye ntra hɔ. Nanso onipa a odi kan no antie ahyɛde a ɛne sɛ mma onni papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no aba no bi no. Ɛno nti na agyede no ho behiae.

Melito kɔɔ so kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, wɔsomaa Yesu baa asase so sɛ ommewu wɔ dua so mfa nnye adesamma a wɔbɛkyerɛ ne mu gyidi no mfi bɔne ne owu mu. Nea yebetumi ahyɛ no nsow ne sɛ, bere a Melito rekyerɛw dua a Yesu wui wɔ so no ho asɛm no, ɔde Hela asɛmfua xylon, a ɛkyerɛ “dua” na edii dwuma.—Asomafo Nnwuma 5:30; 10:39; 13:29.

Na ɛnyɛ Asia Kumaa nkutoo na wonim Melito. Ná Tertullian, Clement a ofi Alexandria, ne Origen nyinaa akenkan ne nhoma no bi. Nanso abakɔsɛm kyerɛwfo Raniero Cantalamessa kae sɛ: “Ade a ɛmaa Melito ho nsɛm baa fam, na ɛde nkakrankakra maa ne nhoma ahorow no yerae no fii ase bere a Kwasida Twam amanne no gyee ntini ma enti wobuu Quartodecimanfo no sɛ ɔsom mu awaefo no.” Awiei koraa no, na ɛte sɛ nea Melito nhoma ahorow no ayera ara ne sa.

Awaefo Nyaa Ne so Nkɛntɛnso?

Wɔ asomafo no wu akyi no, ɔwae a na wahyɛ ho nkɔm no baa Kristosom mu. (Asomafo Nnwuma 20:29, 30) Akyinnye biara nni ho sɛ eyi kaa Melito. Sɛnea na ɔkyerɛkyerɛ ne nsɛm mu kɔ akyiri dodo no reyɛ ayɛ sɛ na okura Hela nyansapɛ ne Romafo nsusuwii. Ɛbɛyɛ sɛ ɛno nti na Melito frɛɛ Kristosom sɛ “yɛn nyansapɛ” no. Afei nso, obuu Kristosom ne Roma Ahemman no a wɔbɛka abom no sɛ “yiyedi . . . ho adanse kɛse.”

Akyinnye biara nni ho sɛ Melito amma ɔsomafo Paulo afotu yi anna ne koma so: “Monhwɛ yiye: anhwɛ a obi de nyansapɛ ne nnaadaa hunu a egyina nnipa atetesɛm ne wiase mu nneɛma so na ennyina Kristo so bɛfa mo nnommum.” Enti ɛwom sɛ Melito gyinaa nokware a ɛwɔ Bible mu no akyi koduu baabi de, nanso ɔpoo emu nsɛm no pii.—Kolosefo 2:8.

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Yesu de Awurade Anwummeduan no sii hɔ wɔ Nisan 14