Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Midi Mo Akyi”

“Midi Mo Akyi”

“Midi Mo Akyi”

‘Yehowa bɔfo no kae sɛ: Midi mo akyi, Yehowa asɛm ni.’—HAGAI 1:13.

1. Nsɛm a esisii a ɛne yɛn bere yi di nsɛ bɛn na Yesu twee adwene sii so?

YƐTE bere a ɛho hia paa sen mfe a abɛsen kɔ nyinaa mu. Sɛnea Bible nkɔmhyɛ a anya mmamu da no adi no, yɛahyɛn “Awurade da” no mu fi afe 1914. (Adiyisɛm 1:10) Sɛnea ebia woasua ho ade no, Yesu de “onipa Ba no nna,” bere a ɔbɛba Ahenni tumi mu no totoo “Noa nna” ne “Lot nna” no ho. (Luka 17:26, 28) Enti Bible kyerɛ sɛ nsɛm a esisii wɔ Noa ne Lot bere so no ne nkɔmhyɛ a ɛfa yɛn bere yi ho no di nsɛ. Nanso nsɛdi foforo wɔ hɔ a ehia sɛ yesusuw ho anibere so.

2. Adwuma bɛn na Yehowa de maa Hagai ne Sakaria?

2 Momma yensusuw tebea a na ɛwɔ Hebri adiyifo Hagai ne Sakaria bere so no ho nhwɛ. Asɛm bɛn na saa adiyifo anokwafo baanu no kae a ɛfa Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no ho tẽẽ? Ná Hagai ne Sakaria nyinaa yɛ ‘Yehowa asomafo’ ma Yudafo no bere a wofii Babilon nnommumfa mu bae no. Wɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka nkyerɛ Israelfo no sɛ Nyankopɔn gyina wɔn akyi wɔ asɔrefie a wɔresan asi no ho. (Hagai 1:13; Sakaria 4:8, 9) Ɛwom sɛ nsɛm a Hagai ne Sakaria kyerɛwee no nnɔɔso de, nanso ɛka “Kyerɛwnsɛm nyinaa [a efi] Nyankopɔn honhom mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nneɛma ateɛteɛ, [ne] trenee mu nteɛso” no ho.—2 Timoteo 3:16.

Ɛsɛ sɛ Yesusuw Ho

3, 4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw Hagai ne Sakaria nsɛm no ho?

3 Akyinnye biara nni ho sɛ Yudafo a na wɔwɔ Hagai ne Sakaria bere so no nyaa wɔn nsɛm no so mfaso, na wɔn nkɔmhyɛ ahorow no nyaa mmamu saa bere no. Ɛnde, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw nhoma abien yi ho nnɛ? Yehu mmuae no wɔ Hebrifo 12:26-29. Ɔsomafo Paulo faa Hagai 2:6 a ɛka sɛ Onyankopɔn ‘bɛwosow ɔsoro ne asase’ no kaa asɛm wɔ hɔ. Awiei koraa no, ná saa ɔwosow no ‘bebutuw ahenni ahorow, na asɛe amanaman ahenni ahoɔden.’—Hagai 2:22.

4 Bere a Paulo refa Hagai asɛm no aka no, ɔkaa nea ɛbɛba “amanaman ahenni” so no ho asɛm, na ɔkyerɛe sɛ Ahenni a Kristofo a wɔasra wɔn benya no korɔn na ɛyɛ Ahenni a wontumi nwosow no. (Hebrifo 12:28) Enti ɛda adi sɛ, bere a wɔkyerɛw Hebrifo nhoma no wɔ afeha a edi kan wɔ Yɛn Bere yi so no, na Hagai ne Sakaria nkɔmhyɛ no retwe adwene asi biribi a ɛbɛba daakye so. Kristofo a wɔasra wɔn no mu nkaefo a wɔne Yesu bedi ade wɔ Mesia Ahenni no mu no da so ara wɔ asase so nnɛ. Enti Hagai ne Sakaria nsɛm no fa yɛn bere yi ho.

5, 6. Nsɛm bɛn na esisii ansa na Hagai ne Sakaria refi ase ahyɛ nkɔm?

5 Esra nhoma no ma yehu nea enti a wɔkyerɛw Hagai ne Sakaria nhoma no. Bere a Yudafo no fii Babilon nnommumfa mu bae wɔ afe 537 A.Y.B. mu no, Amrado Serubabel ne Ɔsɔfo Panyin Yosua (anaa Yesua) hwɛ ma wɔtoo asɔrefie foforo no fapem wɔ afe 536 A.Y.B. mu. (Esra 3:8-13; 5:1) Ɛwom sɛ na ɛno yɛ anigyesɛm paa de, nanso ankyɛ na Yudafo no fii ase bɔɔ hu. Esra 4:4 ka sɛ, atamfo a na wɔyɛ “asase no sofo maa Yuda man no nsam gowee, na wotuu wɔn bo abanto no ho.” Saa atamfo yi, titiriw Samariafo no bɔɔ Yudafo no atoro sobo. Asɔretiafo yi piapiaa Persia hene no ma ɔbaraa asɔrefie no si.—Esra 4:10-21.

6 Anigye a wɔde fii asɔrefie no ho adwuma ase no kɔɔ fam. Eyi maa Yudafo no de wɔn adwene sii wɔn ankasa nnwuma so. Nanso bere a wɔtoo fapem no wiei mfirihyia 16 akyi wɔ afe 520 A.Y.B. mu no, Yehowa paw Hagai ne Sakaria ma wɔkanyan nkurɔfo no sɛ wɔntoa asɔrefie no si so. (Hagai 1:1; Sakaria 1:1) Bere a Onyankopɔn adiyifo no kanyan Yudafo no na wohui pefee sɛ Yehowa gyina wɔn akyi no, wɔsan fii asɔrefie no si ase kosii sɛ wowiei wɔ afe 515 A.Y.B. mu.—Esra 6:14, 15.

7. Tebea a na ɛwɔ adiyifo no bere so bɛn na ɛne nnɛyi de di nsɛ?

7 So wunim nea saa nkɔmhyɛ yi nyinaa kyerɛ ma yɛn? Yɛwɔ adwuma bi yɛ, a ɛne sɛ yɛbɛka “ahenni ho asɛmpa” no. (Mateo 24:14) Wɔkaa adwuma yi ho asɛm kɛse wɔ Wiase Ko I no akyi. Sɛnea woyii Yehowa nkurɔfo fii Babilon nnommumfa mu no, saa ara na Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso ade wɔn ho afi Babilon Kɛse, atorosom aheman no nnommumfa mu. Wɔn a Onyankopɔn asra wɔn no de wɔn ho hyɛɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu, na wɔkyerɛɛ nkurɔfo kwan baa nokware som mu. Adwuma yi atoa so abedu nnɛ, na mpo afei na wɔreyɛ no kɛse, na ebia woreyɛ bi. Ɛnnɛ ne bere a ɛfata sɛ wɔyɛ saa adwuma yi, efisɛ wiase bɔne yi awiei abɛn pɛɛ! Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn nsa yi kosi sɛ Yehowa de ne ho begye adesamma nsɛm mu wɔ “ahohiahia kɛse” no mu. (Mateo 24:21) Ebeyi abɔnefosɛm afi hɔ na ama nokware som ahyɛ asase nyinaa so ma.

8. Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ Onyankopɔn taa yɛn adwuma no akyi?

8 Sɛnea Hagai ne Sakaria nkɔmhyɛ no da no adi no, yebetumi ahwɛ kwan sɛ yebenya Yehowa mmoa ne ne nhyira bere a yefi koma nyinaa mu yɛ adwuma yi no. Ɛmfa ho sɛ nnipa binom abɔ mmɔden sɛ wɔbɛka Onyankopɔn asomfo ahyɛ anaa wɔde wɔn nsa bɛto adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa no so no, nniso biara nni hɔ a atumi ama wɔagyae asɛmpaka adwuma no. Wode susuw sɛnea Yehowa ahyira Ahenni adwuma yi so ama nkɔso aba fi Wiase Ko I no so besi yɛn bere yi so no ho hwɛ. Nanso, adwuma pii da so ara wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ.

9. Asɛm a esii tete bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho, na dɛn ntia?

9 Ɛbɛyɛ dɛn na nea yɛasua afi Hagai ne Sakaria nkɔmhyɛ no mu no akanyan yɛn ma yɛatie Onyankopɔn ahyɛde a ɛne sɛ yɛnka asɛm no na yɛnkyerɛkyerɛ no? Ɛnde momma yɛnhyɛ nea yebetumi asua afi saa Bible mu nhoma abien yi mu no nsow. Sɛ nhwɛso no, susuw nsɛm kakra bi a ɛfa asɔrefie no ho adwuma a na ɛsɛ sɛ Yudafo a wɔasan aba wɔn asase so yɛ no bi ho hwɛ. Sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu no, Yudafo a wofii Babilon san baa Yerusalem no ankɔ so ansi asɔrefie no bere a wɔtoo fapem no. Wogyaee adwuma no yɛ. Adwene a ɛmfata bɛn na wonyae? Dɛn na yebetumi asua afi mu?

Adwempa a Yebenya

10. Adwene a ɛmfata bɛn na Yudafo no nyae, na dɛn na efii mu bae?

10 Ná Yudafo a wɔasan aba wɔn asase so no reka sɛ: “Ɛnyɛ bere a wɔba . . . ni.” (Hagai 1:2) Bere a wofii asɔrefie no si ase, na wɔtoo fapem no wɔ afe 536 A.Y.B. mu no, wɔanka sɛ “ɛnyɛ bere a wɔba . . . ni.” Nanso, ankyɛ na wɔmaa kwan maa ɔsɔretia a aman a atwa wɔn ho ahyia de baa wɔn so ne nsɛm a ɔhene no kekae no nyaa wɔn so nkɛntɛnso. Yudafo no fii ase de wɔn adwene sii wɔn ankasa afie ne ahotɔ a wobenya so. Bere a Yehowa huu nsonsonoe a ɛda wɔn ankasa afie a wɔde nnua papa aduradura mu ne asɔrefie a wonsi nwiei ntam no, obisaa wɔn sɛ: “So mo de, ɛbere adu ama mo sɛ motete mo adan a wɔaduradura mu mu, na ofi yi de, ɛda hɔ ntuw?”—Hagai 1:4.

11. Dɛn nti na na ɛho hia sɛ Yehowa tu Yudafo a wɔwɔ Hagai bere so no fo?

11 Yiw, Yudafo no amma nneɛma a ɛho hia paa no anyɛ wɔn asɛnhia bio. Sɛ́ anka Onyankopɔn nkurɔfo no de Yehowa atirimpɔw a ɛne sɛ wobesi asɔrefie no bedi kan wɔ wɔn asetram no, wɔde wɔn adwene sii wɔn ankasa ahiade ne wɔn afie so. Wobuu wɔn ani guu Onyankopɔn asɔrefie no si so. Yehowa asɛm a ɛwɔ Hagai 1:5 no hyɛɛ Yudafo no nkuran sɛ ‘wɔnhwɛ wɔn akwan yiye.’ Ná Yehowa reka akyerɛ wɔn sɛ wonsusuw nea wɔreyɛ no ho na wonhu nea asɔrefie no si a wɔamfa anni kan wɔ wɔn asetram no de aba wɔn so no ho.

12, 13. Ɔkwan bɛn so na Hagai 1:6 kyerɛkyerɛ tebea a na Yudafo no wom no mu, na ɛkyerɛ dɛn?

12 Sɛnea wubetumi de w’adwene abu no, nneɛma a ɛho hia paa a Yudafo no anyɛ no kaa wɔn ankasa asetra. Hyɛ asɛm a Onyankopɔn kae wɔ Hagai 1:6 no nsow: “Mudua pii, na mode ketewaa bi na ɛba; mudidi, nanso mommee, monom nsã, nanso mommow; mufurafura ntama, nanso mo ho nyɛ mo hyew na ɔpaani apaade gu foto a wɔafiti ɛto mu.”

13 Ɛwom sɛ na Yudafo no wɔ wɔn asase a Onyankopɔn de ama wɔn no so de, nanso na ɛnsow aba sɛnea wɔpɛ no no. Sɛnea na Yehowa adi kan abɔ wɔn kɔkɔ no, na wayi ne nhyira afi wɔn so. (Deuteronomium 28:38-48) Esiane sɛ na Yehowa nnyina Yudafo no akyi nti, na wogu aba de, nanso kakraa bi pɛ na na wotwa—na wonnya aduan a ɛbɛso wɔn di mpo. Yehowa nhyira a wɔannya nti, na ntama a wɔde bɛkata wɔn ho ama wɔn ho ayɛ wɔn hyew mpo abɔ wɔn. Ná ɛte sɛ nea wɔde sika a wonya fi adwuma a wɔyɛ mu no mpo agu kotoku a wɔafiti ɛto mu, ná na wonnya mfaso biara mfi akatua a wogye no so. Asɛm a ɛne sɛ: “Monom nsã, nanso mommow” no kyerɛ dɛn ankasa? Ɛnkyerɛ da sɛ nsa a na obi bɛnom abow no kyerɛ sɛ Onyankopɔn ahyira no; ɔkasa tia asabow. (1 Samuel 25:36; Mmebusɛm 23:29-35) Mmom no, na asɛm yi yɛ adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nhyira nni Yudafo no so. Sɛ wɔyɛ nsa biara a, ɛrenso wɔn nom na kampɛsɛ abow wɔn. Revised Standard Version kyerɛ Hagai 1:6 ase wɔ saa kwan yi so sɛ: “Monom nsa, nso ɛnso mo.”

14, 15. Asuade bɛn na yenya fi Hagai 1:6?

14 Ɛnyɛ adan a ɛyɛ fɛ ne yɛn afie a yebesiesie mu ho ade nkutoo na yebetumi asua afi nsɛm yi mu. Bere tenten ansa na Yudafo no rekɔ nnommumfa mu no, na odiyifo Amos aka Israelfo adefo a na ‘wɔde asonse asi wɔn afie’ ne wɔn a “wɔdeda asonse mpadua so” no anim. (Amos 3:15; 6:4) Wɔn afie akɛse ne nneɛma a wɔde asiesie wɔn adan mu no anni da bi. Atamfo a wobedii wɔn so nkonim no fow wɔn nneɛma no. Nanso, wɔ mfe bi akyi, bere a wɔde mfe 70 traa nnommumfa mu no, na Onyankopɔn nkurɔfo pii nsuaa biribi mfii nea na asi no mu. So yebesua biribi afi eyi mu? Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ: ‘So mema m’ani kũ me fie ne emu asiesie ho dodo? Na nhoma a mesua akɔ akyiri sɛnea ɛbɛma manya dibea wɔ adwuma mu ɛmfa ho sɛ ebegye bere tenten na ebetumi ama m’abu m’ani agu Onyankopɔn som so nso ɛ?’—Luka 12:20, 21; 1 Timoteo 6:17-19.

15 Ɛsɛ sɛ nea yɛkenkan wɔ Hagai 1:6 no ma yehu sɛ yehia Onyankopɔn nhyira wɔ yɛn abrabɔ mu. Yudafo a wɔtraa ase tete no annya Onyankopɔn nhyira, ma enti ansi wɔn yiye. Sɛ́ yɛyɛ adefo anaa ahiafo no, sɛ yɛannya Yehowa nhyira a, ɛbɛsɛe yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ. (Mateo 25:34-40; 2 Korintofo 9:8-12) Nanso yɛbɛyɛ dɛn anya saa nhyira no?

Yehowa Nam Ne Honhom So Boa Yɛn

16-18. Ná Sakaria 4:6 kyerɛ dɛn ma tetefo no?

16 Honhom kaa Hagai yɔnko diyifo, Sakaria ma osii ɔkwan pɔtẽẽ a Yehowa nam so hyɛɛ wɔn a na wɔatu wɔn ho ama no nkuran ne nhyira a wonyae saa bere no so dua. Eyi ma yehu ɔkwan a ɔbɛfa so ahyira wo nso. Yɛkenkan sɛ: “Ɛnyɛ tumi so, na ɛnyɛ ahoɔden so, na me honhom so, asafo [Yehowa, NW] na ose.” (Sakaria 4:6) Yɛtaa te sɛ wɔfa saa nkyekyɛm yi ka asɛm, nanso na Yudafo no te ase dɛn wɔ Hagai ne Sakaria bere so, na ɛfa yɛn ho dɛn?

17 Kae sɛ Hagai ne Sakaria nsɛm a Onyankopɔn ma wɔkyerɛwee no nyaa nkɛntɛnso kɛse saa bere no. Nsɛm a adiyifo baanu yi kae no kanyan Yudafo anokwafo no. Hagai fii ne nkɔmhyɛ no ase wɔ afe 520 A.Y.B. mu wɔ ɔsram a ɛto so asia mu. Sakaria fii ne nkɔmhyɛ no ase wɔ saa afe no ara ɔsram a ɛto so awotwe mu. (Sakaria 1:1) Sɛnea wubetumi ahu afi Hagai 2:18 no, wɔsan fii fapem no to ase denneennen wɔ ɔsram a ɛto so akron no mu. Enti wɔkanyan Yudafo no ma wɔyɛɛ adwuma, na wotiee Yehowa nyaa ahotoso sɛ ɔbɛboa wɔn. Nsɛm a ɛwɔ Sakaria 4:6 no fa mmoa a na Onyankopɔn de bɛma wɔn no ho.

18 Bere a Yudafo no san baa wɔn asase so wɔ afe 537 A.Y.B. mu no, na wonni asraafo biara. Nanso, Yehowa bɔɔ wɔn ho ban kyerɛɛ wɔn kwan ma wofii Babilon bae. Onyankopɔn honhom na na ɛrekyerɛ wɔn kwan bere a wofii asɔrefie no si ase wɔ wɔn akwantu no akyi bere tiaa bi no. Enti sɛ wofi koma nyinaa mu fi adwuma no ase bio a, na ɔde ne honhom kronkron no bɛboa wɔn.

19. Tumi a ano yɛ den bɛn na Onyankopɔn honhom dii so?

19 Yehowa nam anisoadehu ahorow awotwe so maa Sakaria awerɛhyem sɛ ɔbɛboa ne nkurɔfo a wɔde nokwaredi bɛyɛ asɔrefie no ho adwuma awie no. Anisoadehu a ɛto so anan a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ ti 3 no da no adi sɛ, na Satan reko tia Yudafo no denneennen wɔ mmɔden a wɔrebɔ sɛ wobesi asɔrefie no awie no ho. (Sakaria 3:1) Akyinnye biara nni ho sɛ na Satan ani rennye ho sɛ obehu sɛ Ɔsɔfo Panyin Yosua gyina ne nkurɔfo ananmu wɔ asɔrefie foforo no mu resom. Ɛwom sɛ na Ɔbonsam ayere ne ho denneennen sɛ obesiw Yudafo no kwan sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrensi asɔrefie no de, nanso na Yehowa honhom bedi dwuma titiriw ayi akwanside no nyinaa afi hɔ, na ahyɛ Yudafo no den ma wɔakɔ so ayɛ adwuma no akosi sɛ wobewie.

20. Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron no boaa Yudafo no ma wɔyɛɛ Onyankopɔn apɛde?

20 Ná ɛte sɛ nea wɔrentumi nni ɔsɔretia pii a efi aban mpanyimfo a na wɔama wɔagyae adwuma no yɛ hɔ no so. Nanso, Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ wobetutu ade a ɛte sɛ “bepɔw” yi ma ayɛ sɛ “asasetaw” anaa asase a ɛda fam. (Sakaria 4:7) Na saa na ɛbae! Ɔhene Dario I yɛɛ nhwehwɛmu huu mmara dedaw a Kores hyɛe sɛ Yudafo no nsan nkosi wɔn asɔrefie no, na ɔhyɛe sɛ wonyi nsa a wɔde ato asɔrefie no si so no. Afei nso, Dario I hyɛe sɛ wonyi sika mfi ahemfie foto mu mma Yudafo no na wɔmfa ntua adwuma no ho aka. Nsakrae a ɛyɛ nwonwa bɛn ara ni! So Onyankopɔn honhom dii dwuma bi wɔ eyi mu? Yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɛyɛɛ saa. Wowiee asɔrefie no si wɔ afe 515 A.Y.B. mu, wɔ Dario I ahenni afe a ɛto so asia mu.—Esra 6:1, 15.

21. (a) Tete no, ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn “wosow amanaman” no, na ɔkwan bɛn so na “ade a wɔpɛ” no fii mu bae? (b) Mmamu bɛn na anya wɔ nnɛ mmere mu?

21 Hagai 2:5 no, odiyifo no kaee Yudafo no apam a na Onyankopɔn ne wɔn apam wɔ Bepɔw Sinai ho bere a “bepɔw no nyinaa wosowee biribiri” no. (Exodus 19:18) Wɔ Hagai ne Sakaria nna no mu no, na Yehowa rebɛwosow ade bio, sɛnea wɔaka ho asɛm sɛnkyerɛnne kwan so wɔ Hagai ti 2 nkyekyɛm 6 ne 7 no. Ná ɔhaw rebɛba Persia Ahemman no mu, nanso na wobesi asɔrefie no awie. Ná nnipa a wɔnyɛ Yudafo a wɔne “amanaman nyinaa ade a wɔpɛ” no bɛba abɛka Yudafo no ho ma wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam wɔ asɔrefie hɔ. Wɔ ne mmamu kɛse wɔ yɛn bere yi so no, Onyankopɔn nam asɛnka adwuma a Kristofo reyɛ no so ‘awosow amanaman’ no ma “amanaman nyinaa ade a wɔpɛ” no abɛka nkaefo a wɔasra wɔn no ho ma wɔresom Onyankopɔn. Nokwarem no, wɔn a wɔasra wɔn ne nguan foforo no de anuonyam rehyɛ Yehowa fie no ma. Saa nokware asomfo yi de gyidi retwɛn bere a Yehowa ‘bɛwosow ɔsoro ne asase’ wɔ ɔkwan foforo so no. Ɛbɛba saa sɛnea ɛbɛyɛ a obebutuw amanaman ahenni ahoɔden na wasɛe wɔn.—Hagai 2:22.

22. Ɔkwan bɛn so na ‘wɔwosow’ amanaman no, na dɛn na ebefi mu aba, na dɛn na yɛhwɛ kwan sɛ ɛbɛba daakye?

22 Eyi ma yɛkae nsakrae kɛse bi a aba nneɛma ahorow bi a wɔde “ɔsoro ne asase ne ɛpo ne asase kesee” yɛɛ ho mfonini no mu. Ɛho mpopoe bi ne sɛ, wɔatow Satan Ɔbonsam ne n’adaemone agu asase so. (Adiyisɛm 12:7-12) Bio nso, asɛnka adwuma a Onyankopɔn asomfo a wɔasra wɔn di anim ma wɔyɛ no awosow adesamma a wɔwɔ asase so nnɛ no. (Adiyisɛm 11:18) Eyi nyinaa akyi no, “nnipakuw kɛse” a wofi amanaman nyinaa mu a wɔka wɔn ho asɛm sɛ amanaman nyinaa ade a wɔpɛ no abɛka honhom fam Israelfo no ho ma wɔresom Yehowa. (Adiyisɛm 7:9, 10) Nnipakuw kɛse no ne Kristofo a wɔasra wɔn no reka asɛmpa a ɛne sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛwosow amanaman no wɔ Harmagedon. Ɛno bɛbɔ kwan ma wɔde nokware som asi hɔ koraa wɔ wiase nyinaa.

Wokae?

• Bere bɛn ne tebea bɛn mu na Hagai ne Sakaria hyɛɛ nkɔm?

• Wobɛyɛ dɛn de Hagai ne Sakaria nsɛm no adi dwuma?

• Dɛn nti na Sakaria 4:6 hyɛ wo nkuran?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Hagai ne Sakaria nsɛm no ma yenya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn taa yɛn akyi

[Mfonini wɔ kratafa 23]

“So mo de, ɛbere adu ama mo sɛ motete mo adan a wɔaduradura mu mu, na ofi yi de, ɛda hɔ ntuw?”

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Yehowa nkurɔfo kɔ ‘amanaman ade a wɔpɛ no’ nkyɛn