Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Monhyehyɛ Mo Nsa Mu Den

Monhyehyɛ Mo Nsa Mu Den

Monhyehyɛ Mo Nsa Mu Den

“Monhyehyɛ mo nsa mu den, mo a nna yi mu mote nsɛm yi, adiyifo . . . no anom no.”—SAKARIA 8:9.

1, 2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw Hagai ne Sakaria nhoma no ho?

WƆKYERƐW Hagai ne Sakaria nkɔmhyɛ no bɛyɛ mfe 2,500 a atwam ni, nanso akyinnye biara nni ho sɛ emu nsɛm no fa wo ho. Bible mu kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Hagai ne Sakaria nhoma mu no nyɛ abakɔsɛm bi kɛkɛ. Ɛka nneɛma a ‘wɔakyerɛw ato hɔ ama yɛn nkyerɛkyerɛ’ no ho. (Romafo 15:4) Emu nsɛm dodow no ara ma yɛdwene nsɛm a ɛresisi ankasa fi bere a wɔde Ahenni no sii hɔ wɔ soro wɔ afe 1914 mu no ho.

2 Bere a ɔsomafo Paulo reka nsɛm a esisii ne tebea a Onyankopɔn nkurɔfo faa mu tete no ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Eyinom too wɔn sɛ sɛnnahɔ, na wɔakyerɛw de rebɔ yɛn a wiase nhyehyɛe no awiei ato yɛn no kɔkɔ.” (1 Korintofo 10:11) Enti ebia wubebisa sɛ, ‘Mfaso bɛn na ɛwɔ Hagai ne Sakaria nhoma no so ma yɛn nnɛ?’

3. Dɛn na Hagai ne Sakaria twe adwene si so?

3 Sɛnea asɛm a edi eyi anim kyerɛe no, na Hagai ne Sakaria nkɔmhyɛ no fa bere a wogyee Yudafo fii Babilon nnommumfa mu na wɔsan baa asase a Onyankopɔn de maa wɔn so no ho. Adiyifo baanu yi twee adwene sii asɔrefie a na wɔbɛsan asi no so. Yudafo no too asɔrefie no fapem wɔ afe 536 A.Y.B. mu. Ɛwom sɛ Yudafo a wɔanyinyin no de wɔn adwene sii bere a atwam no so de, nanso ne nyinaa mu no, wɔn ‘ani gyei.’ Nanso biribi titiriw a ɛsen saa koraa asi wɔ yɛn bere yi so. Ɔkwan bɛn so?—Esra 3:3-13.

4. Dɛn na esii wɔ Wiase Ko I no akyi pɛɛ?

4 Wɔ Wiase Ko I akyi pɛɛ no, wogyee Yehowa nkoa a wɔasra wɔn no fii Babilon Kɛse no nnommumfa mu. Eyi yɛ adanse kɛse a ɛkyerɛe sɛ na Yehowa taa wɔn akyi. Mfiase no, na ɛte sɛ nea nyamesom akannifo no ne wɔn mfɛfo amanyɔfo no ama Bible Asuafo no baguam asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no aba awiei ara ne sa. (Esra 4:8, 13, 21-24) Nanso Yehowa Nyankopɔn yii akwanside biara fii hɔ maa Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no kɔɔ so bio. Efi 1919 no, asɛnka adwuma no anya nkɔso mfe pii, na biribiara nni hɔ a atumi asiw ne nkɔso kwan.

5, 6. Ade kɛse a ɛbɛkɔ so bɛn na Sakaria 4:7 twe adwene si so?

5 Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛkɔ so ataa ne nkoa a wotie no no akyi ma wɔayɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no wɔ yɛn bere yi mu. Yɛkenkan wɔ Sakaria 4:7 sɛ: “Ɔde atifi bo no befi adi aba, na wɔabobɔ so ose sɛ: Ɔdom, ɔdom mmra so.” Ade kɛse bɛn na ɛbɛkɔ so wɔ yɛn bere yi mu a kyerɛwsɛm yi twe adwene si so?

6 Sakaria 4:7 retwe adwene asi bere a Amansan Hene no bɛma nokware som adi mu wɔ ne honhom mu asɔrefie a ɛwɔ asase so no so. Saa asɔrefie no gyina hɔ ma nhyehyɛe a Yehowa ayɛ a yɛnam Kristo Yesu mpata afɔre no so som no. Nokwasɛm ne sɛ, wɔ afeha a edi kan Y.B. mu tɔɔ no na honhom mu asɔrefie kɛse no wɔ hɔ. Nanso na nokware som a ɛrekɔ so wɔ asase so no nnya nnii mu koraa. Ɛnnɛ, nnipa ɔpepem pii som wɔ honhom mu asɔrefie a ɛwɔ asase so no mu. Wɔ Yesu Kristo Mfirihyia Apem Ahenni mu no, eyinom ne awufo pii a wobenyan wɔn no bɛba pɛyɛ mu. Wɔ mfirihyia apem no awiei no, Onyankopɔn nokware asomfo nkutoo na wɔbɛka asase a efĩ biara nni so no so.

7. Dwuma bɛn na Yesu di wɔ nokware som a ebedi mu koraa wɔ yɛn bere yi mu no mu, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ eyi hyɛ yɛn nkuran?

7 Amrado Serubabel ne Ɔsɔfo Panyin Yosua hwɛ ma wosii asɔrefie no wiei wɔ afe 515 A.Y.B. mu. Sakaria 6:12, 13 kaa dwuma titiriw a Yesu bedi ama nokware som adi mũ koraa ho asɛm too hɔ sɛ: “Sɛ asafo [Yehowa, NW] se ni: Hwɛ, ɔbarima bi a “mfefɛwee” ne ne din, na mfefɛwee bɛfefɛw n’ananmu, na obesi [Yehowa, NW] asɔredan no. Ɔno . . . ara na ɔbɛsoa anuonyam, na watra n’agua so adi hene, na wadi sɔfo n’agua so.” Esiane sɛ Yesu—nea ɔwɔ soro a ɔma ahene a wofi Dawid abusua mu no fefɛw no—taa Ahenni adwuma a ɛwɔ honhom mu asɔrefie hɔ no akyi nti, wususuw sɛ obi betumi asiw adwuma no nkɔso kwan? Obiara nni hɔ! So ɛnsɛ sɛ eyi hyɛ yɛn nkuran ma yɛyere yɛn ho wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu a yɛremma wiase nsɛm a ɛkɔ so daa no nnye yɛn adwene?

Nneɛma a Ɛsɛ sɛ Ɛho Hia Yɛn Paa

8. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde adwuma a ɛwɔ honhom mu asɔrefie hɔ no di kan wɔ yɛn asetram?

8 Nea ɛbɛyɛ na yɛanya Yehowa mmoa ne ne nhyira no, ɛsɛ sɛ yɛde honhom mu asɔrefie hɔ adwuma no di kan wɔ yɛn asetram. Mommma yɛnnyɛ yɛn ade te sɛ Yudafo a wɔkae sɛ, ‘Ɛnyɛ bere a wɔba ni’ no, mmom ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ mmere a yɛte mu no yɛ “nna a edi akyiri.” (Hagai 1:2; 2 Timoteo 3:1) Yesu ka too hɔ sɛ n’akyidifo anokwafo no bɛka Ahenni ho asɛmpa no na wɔama nkurɔfo ayɛ asuafo. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛantoto hokwan a yɛanya de reka asɛmpa no ase. Asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no a wiase no sɔre tiae ma wogyaw too hɔ kakra, na wɔsan hyɛɛ ase wɔ afe 1919 mu no nnya mmaa awiei. Nanso wubetumi anya awerɛhyem sɛ ɛbɛba awiei ɔkwan biara so!

9, 10. Yehowa nhyira a yebenya no gyina dɛn so, na dɛn na eyi kyerɛ ma yɛn?

9 Sɛ yɛkɔ so yɛ adwuma no anibere so a, wobehyira yɛn—sɛ nnipakuw ne ankorankoro. Hwɛ bɔ a Yehowa ahyɛ a enti yebetumi anya awerɛhyem a ɛte saa. Bere a Yudafo no fii wɔn kra nyinaa mu som Yehowa, na wɔde nsi too asɔrefie no fapem no, ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ: “Ɛda yi na mefi mahyira mo.” (Hagai 2:19) Ná wɔbɛsan anya n’anim dom bio. Afei susuw nhyira a Onyankopɔn de hyɛɛ wɔn bɔ no ho hwɛ: “Nea wodua no asomdwoe mu, obobe, bɛsow n’aba, na asase ama ne nnɔbae, na ɔsoro bɛtɔ ne bosu, na mɛma ɔman yi nkae afa eyi nyinaa adi.”—Sakaria 8:9-13.

10 Sɛnea Yehowa hyiraa Yudafo no honhom fam ne honam fam no, saa ara na sɛ yɛde nsi ne anigye yɛ adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no a, obehyira yɛn. Nhyira a yebenya no bi ne asomdwoe a ɛbɛba yɛn ntam, ahobammɔ, yiyedi, ne honhom fam nkɔso. Nanso, ɛsɛ sɛ yehu sɛ, sɛ yɛbɛkɔ so anya Onyankopɔn nhyira a, gye sɛ yɛyɛ adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa wɔ honhom mu asɔrefie hɔ no wɔ ɔkwan a Yehowa pɛ sɛ yɛfa so yɛ no no so.

11. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ yɛn ho mu nhwehwɛmu?

11 Saa bere yi ne bere a ɛsɛ sɛ ‘yɛhwɛ yɛn akwan yiye.’ (Hagai 1:5, 7) Ɛsɛ sɛ yegye bere de hwehwɛ nneɛma a ɛho hia yɛn paa wɔ asetram no mu. Sɛnea yɛrehyɛ Yehowa din anuonyam ne adwuma a yɛreyɛ nnɛ wɔ ne honhom mu asɔrefie hɔ no so na obegyina ahyira yɛn. Enti wubetumi abisa wo ho sɛ: ‘Nneɛma a ɛho hia me paa wɔ m’asetra mu no asesa? Sɛ mede sɛnea na medɔ Yehowa, meyɛ nsi wɔ ne nokware som ne n’adwuma ho bere a mebɔɔ asu foforo no toto sɛnea mereyɛ nnɛ no ho a, ɛte dɛn? So asetra pa a mepɛ sɛ minya no retwetwe m’adwene afi Yehowa ne n’Ahenni no so? So nnipa ho suro—adwene a afoforo benya wɔ me ho—retwe me asan wɔ ɔkwan bi so?’—Adiyisɛm 2:2-4.

12. Tebea a na Yudafo no wom bɛn na wɔaka ho asɛm wɔ Hagai 1:6, 9?

12 Yɛrempɛ sɛ Onyankopɔn beyi ne nhyira afi yɛn so esiane sɛ yegyaee adwuma a ɛhyɛ ne din anuonyam no yɛ nti. Kae sɛ Yudafo a wɔsan baa wɔn asase so no de nsi fii asɔrefie no si ase bio, nanso sɛnea Hagai 1:9 kyerɛ no, akyiri yi ‘wotutuu mmirika kokɔɔ wɔn afie mu.’ Ná wɔn ankasa honam fam nneɛma a wohia no agye wɔn adwene. Ne saa nti ‘wɔannya nnɔbae pii,’ na na nnuan pa, nsa, ne ntama a wɔde bɛkata wɔn ho mpo ho ayɛ na. (Hagai 1:6) Yehowa yii ne nhyira fii wɔn so. So yebetumi asua biribi afi eyi mu?

13, 14. Yɛbɛyɛ dɛn de asuade a ɛwɔ Hagai 1:6, 9 no adi dwuma, na dɛn nti na eyi ho hia?

13 Wunnye ntom sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ yɛkɔ so nya Yehowa nhyira a, ɛnsɛ sɛ yɛde nneɛma a yɛn ani gye ho sesa Yehowa som? Yiw ɛte saa, ɛnsɛ sɛ yedi nneɛma bi te sɛ sikapɛ, nnwuma a wɔkyerɛ sɛ ɛde sika bum ba ntɛmntɛm, nhomasua a ɛkɔ akyiri a egye bere tenten ne nhyehyɛe a ɛma obi di yiye anaa onya nea ɔpɛ akyi.

14 Ebetumi aba sɛ nneɛma a ɛtete saa nyɛ bɔne ankasa. Nanso wunhu sɛ, sɛ yɛde daa nkwa a yebenya no toto eyinom ho a, ɛyɛ “nnwuma funu”? (Hebrifo 9:14) Ɔkwan bɛn so? Ɛyɛ nnwuma funu anaa adehunu, nea mfaso nni so wɔ honhom fam. Sɛ obi kɔ so de ne ho hyɛ nnwuma a ɛtete saa mu a, ɛbɛma wawu wɔ honhom mu. Ɛtoo Kristofo binom a na wɔasra wɔn no wɔ asomafo no bere so. (Filipifo 3:17-19) Na saa ara na nnɛ nso, ato ebinom. Ebia wunim ebinom a wɔde nkakrankakra atwe wɔn ho afi asafo no ne Kristofo dwumadi ahorow ho; na seesei biribiara nkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔsan ba bɛsom Yehowa. Yɛhwɛ kwan sɛ nnipa a wɔte saa no bɛsan abɛsom Yehowa, nanso akyinnye biara nni ho sɛ “nnwuma funu” a obi bedi akyi no bɛma wahwere Yehowa anim dom ne ne nhyira. Ɛbɛyɛ awerɛhow sɛ biribi a ɛte saa bɛto yɛn. Ɛremma yennya anigye ne asomdwoe a ɛyɛ Onyankopɔn honhom aba no. Na hwɛ ade kɛse ara a wobɛhwere sɛ worennya ɔdɔ a Kristofo da no adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho no mu kyɛfa!—Galatifo 1:6; 5:7, 13, 22-24.

15. Ɔkwan bɛn so na Hagai 2:14 kyerɛ aniberesɛm a yɛn som adwuma no yɛ?

15 Eyi yɛ aniberesɛm. Hagai 2:14 ma yehu sɛnea Yehowa buu Yudafo a wogyaee ne fie som adwuma no too hɔ na wokosiesiee wɔn ankasa afie anaa wokoduraduraa mu no ho asɛm. ‘Saa na nkurɔfo yi te, na saa na ɔman yi te wɔ m’anim, Yehowa asɛm ni, na saa na wɔn nsa ano adwuma nyinaa ne nea wɔde brɛ me hɔ no te: Ɛho akum.’ Mmere dodow a Yudafo a wɔn koma nni mu no totoo nokware som ase no, afɔre biara a wɔbɔe wɔ afɔremuka no so wɔ Yerusalem no ansɔ Yehowa ani.—Esra 3:3.

Onyankopɔn Taa Yɛn Akyi

16. Anisoade ahorow a Sakaria hui no maa Yudafo no nyaa awerɛhyem bɛn?

16 Onyankopɔn nam anisoadehu ahorow awotwe so maa Sakaria awerɛhyem sɛ ɔbɛboa Yudafo a wɔbɛyɛ osetie na wɔasan asi N’asɔrefie no. Anisoadehu a edi kan no maa Yudafo no awerɛhyem sɛ, sɛ wɔyɛ osetie kɔ so yɛ asɔrefie no ho adwuma a, wɔbɛboa wɔn ma wɔasi awie na asi Yerusalem ne Yuda yiye. (Sakaria 1:8-17) Anisoadehu a ɛto so abien no hyɛɛ bɔ sɛ wobeyi nniso a ɛsɔre tia nokware som no nyinaa afi hɔ. (Sakaria 1:18-21) Anisoadehu afoforo maa wɔn awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bɛboa wɔn ma wɔasi asɔrefie no, na nnipa pii a wofi aman ahorow so bɛba Yehowa fie a wɔasi awie no mu, wobenya asomdwoe ankasa ne ahobammɔ, wobeyi biribiara a ayɛ sɛ akwanside wɔ Onyankopɔn adwuma a ɔde ahyɛ wɔn nsa no afi hɔ, wobeyi abɔnefosɛm afi hɔ, na abɔfo ahwɛ wɔn so abɔ wɔn ho ban. (Sakaria 2:5, 11; 3:10; 4:7; 5:6-11; 6:1-8) Esiane saa awerɛhyem a Onyankopɔn de maa wɔn no nti, wɔn a wɔyɛ osetie no sesaa wɔn abrabɔ na wɔde wɔn adwene sii adwuma a enti Onyankopɔn gyee wɔn fii nnommumfa mu no so.

17. Esiane sɛ Yehowa taa yɛn akyi nti, nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

17 Saa ara na ɛsɛ sɛ nokware som a wɔaka sɛ ebedi nkonim ɔkwan biara so no kanyan yɛn ma yɛyɛ Onyankopɔn adwuma na ɛka yɛn ma yesusuw Yehowa fie som adwuma no ho anibere so. Bisa wo ho sɛ: ‘Sɛ migye di sɛ saa bere yi ne bere a ɛsɛ sɛ meka Ahenni no ho asɛmpa na meyɛ asuafoyɛ adwuma no a, so me botae, m’abrabɔ ne nea migye di no hyia? So minya bere a ɛfata de sua Onyankopɔn nkɔmhyɛ Asɛm no, so ɛho hia me, na me ne me nuanom Kristofo ne wɔn a mihyia wɔn wɔ asɛnka mu no bɔ ho nkɔmmɔ?’

18. Sɛnea Sakaria ti 14 kyerɛ no, dɛn na ɛda yɛn anim?

18 Sakaria kaa Babilon Kɛse sɛe ne Harmagedon ko a ebedi ɛno akyi aba no ho asɛm. Yɛkenkan sɛ: “Na ɛbɛyɛ da koro a adesae nni mu—[Yehowa, NW] na onim—awia nni mu na anadwo nni mu; na anwummere po na hann wɔ hɔ.” Yiw, Yehowa da no, bɛyɛ esum ne da bɔne ama n’atamfo wɔ asase so! Nanso ɛbɛyɛ bere a Yehowa asomfo anokwafo bɛkɔ so anya hann ne ɔdom. Sakaria san kyerɛkyerɛɛ sɛnea biribiara a ɛwɔ wiase foforo no mu no bɛka Yehowa kronkronyɛ ho asɛm mu. Nokware som a ɛbɛkɔ so wɔ Onyankopɔn honhom mu asɔrefie kɛse no mu no nkutoo ne ɔsom a ɛbɛka asase yi so. (Sakaria 14:7, 16-19) Bɔhyɛ nwonwaso bɛn ara ni! Yebehu asɛm a wɔka too hɔ no mmamu na yɛahu sɛnea Yehowa bɛsan ne tumidi ho. Hwɛ sɛnea eyi bɛyɛ Yehowa da titiriw!

Yehowa Behyira Yɛn Daa

19, 20. Dɛn nti na Sakaria 14:8, 9 hyɛ wo nkuran?

19 Wɔ saa anwonwadwuma no akyi no, wɔde Satan ne n’adaemone begu amena donkudonku bi mu akyerekyere wɔn. (Adiyisɛm 20:1-3, 7) Afei adesamma benya nhyira wɔ Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no mu. Sakaria 14:8, 9 ka sɛ: “Na ɛda no, ɛbɛba sɛ nkwa nsu betue afi Yerusalem, emu fa bɛkɔ apuei fam po no mu, na ɔfa akɔ atɔe fam po no mu, ahohurubere ne awɔwbere mu na ɛbɛba. Na [Yehowa, NW] bedi asase no nyinaa so hene; ɛda no, [Yehowa, NW] bɛyɛ biako, na ne din ayɛ biako.”

20 “Nkwa nsu,” anaa “nkwa nsu asubɔnten,” a egyina hɔ ma Yehowa akyɛde a ɔde bɛboa adesamma ma wɔanya daa nkwa no bɛkɔ so atene afi baabi a Mesia Ahenni no wɔ aba. (Adiyisɛm 22:1, 2) Esiane sɛ ebedu saa bere no na Yehowa asomfo a wɔyɛ nnipakuw kɛse no mufo anya wɔn ti adidi mu wɔ Harmagedon nti, wobegye wɔn afi owu a ɛnam Adam so bae no afobu ase. Awufo mpo nam owusɔre so benya nhyira. Eyinom na ɛbɛyɛ Yehowa nniso foforo a ebedi asase nyinaa so no mfiase. Nnipa a wɔte asase so baabiara behu sɛ Yehowa ne Amansan Hene, na ɔno nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛsom no.

21. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae?

21 Esiane nea Hagai ne Sakaria ka too hɔ ne nea anya mmamu nyinaa nti, yɛwɔ nnyinaso pa a enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ adwuma a Nyankopɔn de ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnyɛ wɔ ne honhom mu asɔrefie a ɛwɔ asase so no mu no. Ɛnkosi sɛ nokware som bedi mũ koraa no, momma yɛn nyinaa nyere yɛn ho sɛ yɛde Ahenni nneɛma bedi kan wɔ yɛn asetra mu. Sakaria 8:9 hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Monhyehyɛ mo nsa mu den, mo a nna yi mu mote nsɛm yi, adiyifo . . . no anom no.”

Wokae?

• Abakɔsɛm a ɛne nsɛm a ɛresisi nnɛ di nsɛ bɛn nti na Hagai ne Sakaria nhoma no so wɔ mfaso nnɛ?

• Nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛma ehia yɛn ho asuade bɛn na Hagai ne Sakaria ma yenya?

• Dɛn nti na Hagai ne Sakaria nhoma no a yɛasusuw ho no ma yenya daakye mu ahotoso?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Hagai ne Sakaria hyɛɛ Yudafo no nkuran sɛ womfi wɔn kra nyinaa mu nyɛ adwuma na wonnya so nhyira

[Mfonini wɔ kratafa 27]

So ‘wutu mmirika kɔ wo fie’?

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Yehowa hyɛɛ nhyira ho bɔ, na ɔde ama