Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Sɛ adaemone rehaw obi a, dɛn na obetumi ayɛ ama wɔagyae no haw?

Onyankopɔn Asɛm kyerɛ sɛ wɔn a adaemone haw wɔn no betumi ade wɔn ho afi ɔhaw a ɛte saa no ho. Mpaebɔ di akoten paa bere a obi pɛ sɛ ɔde ne ho fi nhyɛso a ɛte saa mu no. (Marko 9:25-29) Nanso ebehia sɛ obi a adaemone haw no no yɛ nneɛma afoforo. Nsɛm a esisii wɔ afeha a edi kan Kristofo mu no kyerɛkyerɛ nneɛma afoforo a ɛho behia sɛ onii no yɛ no mu.

Ná ebinom a wɔwɔ tete Efeso no ne adaemone di nkitaho ansa na wɔrebɛyɛ Kristo akyidifo. Nanso bere a wosii gyinae sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn no, “wɔn a wɔyɛ asumanne no mu pii de wɔn nhoma ba bɛhyew no ma obiara hui.” (Asomafo Nnwuma 19:19) Wɔn a afei na na wɔabɛyɛ agyidifo wɔ Efeso no nhoma a wɔde di asumansɛm a wɔhyew no no yɛ nhwɛso ma obiara a ɔpɛ sɛ ɔtetew ne ho fi adaemone nkɛntɛnso ase nnɛ. Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔte saa no sɛe biribiara a wɔde di asumansɛm no. Saa nneɛma no bi ne nhoma, nsɛmma nhoma, sini ahorow, nneɛma a wɔhwɛ wɔ Intanɛt so anaa mmeae foforo, nnwom a ɛhyɛ ahonhonsɛmdi ho nkuran, ne nneɛma a wɔde di asumansɛm anaa wɔhyɛ de “bɔ wɔn ho ban” a ɛne ahonhonsɛmdi wɔ abusuabɔ no.—Deuteronomium 7:25, 26; 1 Korintofo 10:21.

Bere a Kristofo a wɔwɔ Efeso no sɛee nhoma a wɔde di asumansɛm mfe bi akyi no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: ‘Yɛne ahonhommɔne dɔm na ɛredi asi.’ (Efesofo 6:12) Enti Paulo tuu Kristofo fo sɛ: “Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na moatumi agyina pintinn ako atia Ɔbonsam nnɛɛdɛe no.” (Efesofo 6:11) Saa afotu no da so ara yɛ adwuma. Ɛsɛ sɛ Kristofo hyɛ wɔn ho den honhom mu na ama wɔanya ahobammɔ afi ahonhommɔne ho. Paulo sii so dua sɛ: “Nea ɛsen ne nyinaa no, momfa gyidi kyɛm kɛse no a mubetumi de adum ɔbɔnefo no mmɛmma a ɛredɛw no nyinaa.” (Efesofo 6:16) Sɛ obi bɛhyɛ ne gyidi den a, ehia sɛ osua Bible no. (Romafo 10:17; Kolosefo 2:6, 7) Ne saa nti, sɛ yesua Bible daa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛanya gyidi a yɛde bɛko atia ahonhommɔne.—Dwom 91:4; 1 Yohane 5:5.

Bio nso na ehia sɛ Kristofo a wɔwɔ Efeso no tu anammɔn fofofo a ehia paa. Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa mmɔ mpae bere biara wɔ honhom mu.” (Efesofo 6:18) Yiw, mpae a emu yɛ den a yɛbɛbɔ de ahwehwɛ Yehowa mmoa no ho hia ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho fi adaemone ntua ase nnɛ no. (Mmebusɛm 18:10; Mateo 6:13; 1 Yohane 5:18, 19) Bible no ka ma ɛfata sɛ: “Ne saa nti mommrɛ mo ho ase nhyɛ Nyankopɔn ase; munsiw Ɔbonsam kwan na obeguan afi mo ho.”—Yakobo 4:7.

Ɛsɛ sɛ nea adaemone haw no no bɔ mpae a emu yɛ den de hwehwɛ mmoa, nanso nokware Kristofo afoforo nso betumi abɔ mpae ama wɔn bere a wofi komam pɛ sɛ wɔsom Yehowa na wɔrebɔ wɔn ho mmɔden sɛ wɔbɛko atia ahonhommɔne dɔm no. Wobetumi asrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma onii a adaemone rehaw no no honhom mu ahoɔden a ɔde bɛko atia adaemone ntua no. Esiane sɛ Onyankopɔn Asɛm ka sɛ, sɛ “ɔtreneeni adesrɛ reyɛ adwuma a, ɛwɔ tumi kɛse” nti, akyinnye biara nni ho sɛ mpae a Onyankopɔn asomfo bɔ no bɛboa wɔn a wɔrebɔ mmɔden biara sɛ ‘wɔbɛko atia Ɔbonsam’ no.—Yakobo 5:16.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Gyidifo a wɔwɔ Efeso no sɛee wɔn nhoma a wɔde di asumansɛm no