Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahwɛfo A Wɔyɛ ‘Nhwɛso Ma Nguankuw No’

Ahwɛfo A Wɔyɛ ‘Nhwɛso Ma Nguankuw No’

Ahwɛfo A Wɔyɛ ‘Nhwɛso Ma Nguankuw No’

“Monhwɛ Nyankopɔn nguankuw a wɔhyɛ mo nsa no so, . . . mumfi mo pɛ mu; . . .  anigye so; . . . monyɛ nhwɛso mma nguankuw no.”—1 PETRO 5:2, 3.

1, 2. (a) Adwuma bɛn na Yesu de hyɛɛ ɔsomafo Petro nsa, na dɛn nti na na ahotoso a Yesu wɔ wɔ Petro mu no yɛ nea ɛfata? (b) Yehowa bu ahwɛfo a wɔapaw wɔn no dɛn?

ANSA na Pentekoste afe 33 Y.B. reba no, na Petro ne asuafo afoforo baasia redi anɔpaduan bi a na Yesu ayɛ wɔ Galilea Po no ano hɔ. Ná ɛnyɛ eyi ne bere a edi kan a na Petro ahu Yesu a na wɔanyan no no, na akyinnye biara nni ho sɛ Petro ani gyei sɛ ohui sɛ Yesu wɔ nkwa mu. Nanso ɛbɛyɛ sɛ na ehu kakra da so ara wɔ Petro mu. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na ɛnkyɛe na Petro paa Yesu wɔ baguam sɛ onnim no da. (Luka 22:55-60; 24:34; Yohane 18:25-27; 21:1-14) So Yesu kaa Petro a na wanu ne ho no anim wɔ gyidi a wanna no adi no ho? Dabi. Mmom no, Yesu de dwumadi bi hyɛɛ Petro nsa sɛ ɔmma ne “nguan nkumaa” no aduan na ɔnhwɛ wɔn. (Yohane 21:15-17) Sɛnea afeha a edi kan no mu Kristofo asafo no ho nsɛm a ɛwɔ Bible mu kyerɛ no, ahotoso a Yesu nyae wɔ Petro mu no yɛ nea na ɛfata. Petro ne asomafo afoforo ne mpanyimfo a na wɔwɔ Yerusalem no hwɛɛ Kristofo asafo no so bere a na asafo no rehyia sɔhwɛ a emu yɛ den na ɛredɔ ntɛmntɛm no.—Asomafo Nnwuma 1:15-26; 2:14; 15:6-9.

2 Ɛnnɛ, Yehowa nam Kristo so apaw mmarima a wɔfata sɛ wɔnsom sɛ ahwɛfo wɔ n’asafo no mu na wonni Ne nguan anim wɔ mmere a emu yɛ den sen biara yi mu. (Efesofo 4:11, 12; 2 Timoteo 3:1) So ahotoso a Yehowa wɔ wɔ saa mmarima yi mu no yɛ nea ɛfata? Asomdwoe a ɛwɔ Kristofo nuayɛkuw a ɛwɔ wiase nyinaa mu no kyerɛ sɛ ɛfata. Nokwarem no, saa ahwɛfo yi yɛ nnipa a wodi mfomso te sɛ Petro ara pɛ. (Galatifo 2:11-14; Yakobo 3:2) Ɛno mpo no, Yehowa de ne nguan a ɔde “n’ankasa Ba mogya tɔe” no ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnhwɛ wɔn so. (Asomafo Nnwuma 20:28) Yehowa dɔ saa mmarima yi yiye, na obu wɔn sɛ wɔfata “nidi mmɔho.”—1 Timoteo 5:17.

3. Ɔkwan bɛn so na ahwɛfo a wɔwɔ Onyankopɔn asafo mu no kɔ so fi wɔn pɛ mu de anigye som?

3 Ɔkwan bɛn so na ahwɛfo a wɔwɔ Onyankopɔn asafo mu no kɔ so fi wɔn pɛ mu de anigye som na wɔnam so yɛ nhwɛso ma nguankuw no? Ahwɛfo a wɔwɔ hɔ nnɛ de wɔn ho to Onyankopɔn honhom kronkron so ma ɛma wɔn ahoɔden a wohia a wɔde bedi wɔn asɛyɛde ho dwuma te sɛ nea Petro ne ahwɛfo afoforo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu yɛe no. (2 Korintofo 4:7) Honhom kronkron no nso ma wɔsow honhom aba a ɛne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ne ahosodi. (Galatifo 5:22, 23) Momma yensusuw nneɛma pɔtee bi a ahwɛfo betumi ayɛ nhwɛso wom de ada saa honhom aba yi adi bere a wɔrehwɛ Onyankopɔn nguan a ɔde wɔn ahyɛ wɔn nsa no ho.

Monnɔ Asafo no ne Emuni Biara

4, 5. (a) Dɛn na Yehowa ne Yesu yɛ de kyerɛ sɛ wɔdɔ asafo no mufo nyinaa? (b) Nneɛma a ahwɛfo a wɔwɔ Onyankopɔn asafo no mu yɛ de kyerɛ sɛ wɔdɔ asafo no mufo no bi ne dɛn?

4 Aba titiriw a Onyankopɔn honhom no sow ne ɔdɔ. Yehowa da ne dɔ adi kyerɛ asafo no sɛ kuw denam honhom fam aduan pii a ɔde ma wɔn no so. (Yesaia 65:13, 14; Mateo 24:45-47) Nanso, ɛnyɛ aduan nko ne ade a ɔde ma wɔn. Odwen asafo no muni biara ho nso. (1 Petro 5:6, 7) Yesu nso dɔ asafo no mufo. Ɔde ne kra too hɔ maa asafo no, na onim asafo no muni biara “din.”—Yohane 10:3, 14-16.

5 Ahwɛfo a wɔwɔ Onyankopɔn asafo mu no suasua Yehowa ne Yesu. Wɔnam asafo no a ‘wɔkyerɛkyerɛ’ wɔn no so da ɔdɔ adi kyerɛ Onyankopɔn asomfo no nyinaa. Ɔkasa a wɔma a egyina Bible so no boa asafo no mufo ma wonya aduan di na ɛbɔ wɔn ho ban, na asafo no mufo nyinaa hu adwumaden a wɔyɛ no. (1 Timoteo 4:13, 16) Wɔyɛ nnwuma bi nso a asafo no mufo nhu, na ebi ne bere a wɔde yɛ asafo no ho kyerɛwtohɔ, nea wɔde kyerɛw nkrataa, nea wɔde yɛ dwumadi ahorow ho nhyehyɛe, ne nea wɔde yɛ nneɛma afoforo pii na ama asafo nhyiam ahorow ne dwumadi afoforo akɔ so “fɛfɛɛfɛ a nhyehyɛe da ho.” (1 Korintofo 14:40) Esiane sɛ wɔyɛ saa nnwuma yi mu dodow no ara a asafo no mufo nhu nti, ebia wɔrenkyerɛ ho anisɔ papa. Nokwarem no, ɛyɛ ɔdɔ na wɔde som ampa.—Galatifo 5:13.

6, 7. (a) Dɛn ne ɔkwan biako a ahwɛfo betumi afa so ahu asafo no mufo yiye? (b) Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ ɛtɔ mmere bi a yɛbɛka sɛnea yɛte nka ho asɛm akyerɛ asafo mu panyin bi?

6 Kristofo ahwɛfo a wɔwɔ ɔdɔ bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ asafo no muni biara ho anigye. (Filipifo 2:4) Ɔkwan biako a ahwɛfo betumi afa so ahu asafo no muni biara yiye ne sɛ wɔne wɔn bɛbom ayɛ asɛnka adwuma no. Ná Yesu taa ne n’akyidifo no bom yɛ asɛnka adwuma no, na na ɔde mmere a ɛtete saa no hyɛ wɔn nkuran. (Luka 8:1) Asafo mu panyin bi a ne ho akokwaw ka sɛ: “Mahu sɛ akwan a ɛsen biara no mu biako a wubetumi afa so ahu onua anaa onuawa bi yiye na wahyɛ no nkuran ne sɛ wo ne no bɛbom ayɛ asɛnka adwuma no.” Sɛ wunnyaa hokwan ne ɔpanyin bi mmɔɔ mu nkɔɔ asɛnka nnansa yi a, adɛn nti na wonyɛ nhyehyɛe ntɛm nyɛ saa?

7 Ɔdɔ na ɛmaa Yesu ne n’akyidifo boom gyee wɔn ani na wɔboom dii awerɛhow. Ɛho nhwɛso bi ne sɛ bere a Yesu asuafo 70 no de anigye fi asɛnka bae no, onyaa “anigye mmoroso.” (Luka 10:17-21) Nanso, bere a ohui sɛ Lasaro wu no ahyɛ Maria ne n’abusua ne ne nnamfo awerɛhow no, “nusu guu Yesu.” (Yohane 11:33-35) Saa ara na ahwɛfo a wɔwɔ hɔ nnɛ a wodwen afoforo ho ma asafo no mufo ahiasɛm yɛ wɔn ahiasɛm. Ɔdɔ ka wɔn ma wɔne ‘wɔn a wodi ahurusi di ahurusi’ na wɔne ‘wɔn a wosu nso su.’ (Romafo 12:15) Sɛ w’ani gye anaasɛ wo werɛ how wɔ asetra mu a, mfɛre sɛ wobɛka sɛnea wote nka no ho asɛm akyerɛ asafo mu mpanyimfo no. Sɛ wɔte w’anigyesɛm no a ɛbɛhyɛ wɔn nkuran. (Romafo 1:11, 12) Sɛ wohu sɔhwɛ a worehyia no nso a, ɛbɛma wɔahyɛ wo den na wɔakyekye wo werɛ.—1 Tesalonikafo 1:6; 3:1-3.

8, 9. (a) Dɛn na asafo mu panyin bi yɛe de kyerɛe sɛ ɔdɔ ne yere? (b) Mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ ɔpanyin bi bɛda ɔdɔ adi akyerɛ n’abusua?

8 Ɔdɔ a ɔhwɛfo bi wɔ ma asafo no mufo no da adi titiriw wɔ sɛnea ɔyɛ n’ankasa abusua mufo no. (1 Timoteo 3:1, 4) Sɛ waware a, okununom afoforo bɛhwɛ sɛnea ɔdɔ ne yere na odi no ni no asuasua. (Efesofo 5:25; 1 Petro 3:7) Susuw Kristoni bea bi a wɔfrɛ no Linda asɛm no ho hwɛ. Ne kunu de bɛboro mfe 20 yɛɛ asafo mu ɔpanyin ansa na ɔrewu. Linda ka sɛ: “Da biara na me kunu de ne bere pii yɛ asafo no mu adwuma. Nanso ɔma metee nka te sɛ nea me ne no na ɛreyɛ adwuma no. Ná ɔtaa kyerɛ anisɔ wɔ mmoa a meyɛ ma no no ho, na na ɔma yɛde bere a ɔmfa nyɛ asafo adwuma no gye yɛn ani. Ɛno maa metee nka sɛ ɔdɔ me, na mamma bere a na ɔde yɛ asafo no adwuma no anyɛ me yaw.”

9 Sɛ asafo mu panyin bi wɔ mma a, awofo afoforo bɛhwɛ sɛnea ɔteɛ ne mma no so wɔ ɔdɔ mu ne sɛnea ɔkamfo wɔn daa no asuasua. (Efesofo 6:4) Nokwarem no, ɔdɔ a ɔda no adi kyerɛ n’abusua no yɛ adanse a ɔkɔ so de ma de kyerɛ sɛ ɔfata sɛ wɔnam honhom kronkron so paw no sɛ ɔpanyin.—1 Timoteo 3:4, 5.

Momma Sɛnea Mususuw Nsɛm Ho Nyɛ Nea Ɛde Anigye ne Asomdwoe Ba

10. (a) Dɛn na ebetumi asɛe anigye ne asomdwoe a ɛwɔ asafo no mu? (b) Asɛm bɛn na anka ɛreyɛ asɛe afeha a edi kan no mu asafo no asomdwoe, na ɔkwan bɛn na wɔfaa so siesiee saa asɛm no?

10 Honhom kronkron no betumi ama Kristoni bi anya anigye ne asomdwoe, na saa ara nso na mpanyimfo kuw bi, ne asafo mũ no nyinaa nso betumi anya asomdwoe ne anigye. Nanso, sɛ wɔamfi komam ansusuw nsɛm ho a, ebetumi asɛe anigye ne asomdwoe yi. Salomo a ɔtraa ase tete no kae sɛ: “Wɔkwati agyinakɔ a, tirimpɔw yɛ ɔkwa.” (Mmebusɛm 15:22) Nanso, nsɛm a wofi komam susuw ho wɔ nidi mu de anigye ne asomdwoe ba. Sɛ nhwɛso no, bere a twetiatwa ho asɛm sɔree a anka ɛreyɛ asɛe afeha a edi kan no mu asafo no asomdwoe no, sodikuw a na ɛwɔ Yerusalem no hwehwɛɛ honhom kronkron no akwankyerɛ. Mpanyimfo no mu biara kyerɛɛ n’adwene wɔ asɛm no ho. Bere a wosusuw asɛm no ho wɔ ɔkwan a ɛhyɛ nkuran so no, wosii gyinae bi. Bere a wɔkaa gyinae a wɔboom sii kyerɛɛ asafo ahorow no, anuanom dii “ahurusi wɔ nkuranhyɛsɛm no ho.” (Asomafo Nnwuma 15:6-23, 25, 31; 16:4, 5) Ɛde anigye ne asomdwoe bae.

11. Dɛn na mpanyimfo betumi ayɛ na ama anigye ne asomdwoe aba asafo no mu?

11 Saa ara nso na ɛnnɛ, ahwɛfo nam ɔkwan pa a wɔfa so susuw nsɛm ho so ma anigye ne asomdwoe tra asafo no mu. Sɛ nsɛmnsɛm bi reyɛ asɛe asafo no asomdwoe a, wohyiam, na obiara fi ne komam kyerɛ n’adwene. Wɔde obu tie nsɛm a wɔn mfɛfo mpanyimfo no ka. (Mmebusɛm 13:10; 18:13) Sɛ wɔbɔ mpae hwehwɛ honhom kronkron wie a, wogyina Bible mu nnyinasosɛm ne akwankyerɛ ahorow a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ama so si gyinae. (Mateo 24:45-47; 1 Korintofo 4:6) Sɛ mpanyimfo kuw no nya si gyinae bi a egyina Kyerɛwnsɛm no so pefee a, ɔpanyin biara pene saa gyinaesi no so, sɛ mpo mpanyimfo dodow no ara annye n’adwenkyerɛ antom a, ɔpene saa gyinaesi no so de kyerɛ sɛ ogye honhom kronkron no akwankyerɛ tom. Ahobrɛase a ɛte saa no de anigye ne asomdwoe ba na ɛbɛyɛ nhwɛso pa ma asafo no mufo ma wohu sɛnea wɔne Onyankopɔn bɛnantew. (Mika 6:8) So wode ahobrɛase gye gyinae a asafo mu mpanyimfo sisi a egyina Bible so no tom?

Nya Abodwokyɛre na Da Ayamye Adi

12. Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ Yesu da abodwokyɛre ne ayamye adi wɔ asomafo no ho?

12 Ɛmfa ho sɛ na Yesu asomafo no taa da mmerɛwyɛ bi adi no, ɔdaa abodwokyɛre ne ayamye adi kyerɛɛ wɔn. Sɛ nhwɛso no, Yesu bɔɔ mmɔden mpɛn pii sɛ ɔbɛma wɔahu nea enti a ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase. (Mateo 18:1-4; 20:25-27) Nanso, anadwo ansa na Yesu rebewu no, bere a ɔhohoroo wɔn nan ho de yɛɛ ahobrɛase ho asuade maa wɔn akyi pɛɛ no, “akasakasa gyegyeegye bi nso sɔree wɔn ntam wɔ wɔn mu nea ɔyɛ kɛse ho.” (Luka 22:24; Yohane 13:1-5) So Yesu kaa asomafo no anim? Dabi, ɔne wɔn susuw nsɛm ho wɔ ayamye so kae sɛ: “Hena na ɔyɛ kɛse, nea ɔte didipon ho anaa nea ɔresom? So ɛnyɛ nea ɔte didipon ho? Na me de mewɔ mo mu sɛ nea ɔresom.” (Luka 22:27) Awiei koraa no, Yesu abodwokyɛre ne n’ayamye ne nhwɛso pa a ɔyɛe no kaa asomafo no koma.

13, 14. Bere bɛn titiriw na ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo da ayamye adi?

13 Saa ara nso na ebia ɛho behia sɛ asafo mu panyin bi taa tu obi fo wɔ ne mmerɛwyɛ bi ho. Ɔpanyin no bo betumi afuw onipa a ɔte saa no. Nanso, sɛ ɔkae sɛ ɔno ankasa nso wɔ mmerɛwyɛ bi bere a ‘ɔrekasa kyerɛ nea ɔnam basabasa’ no a, ɛbɛma watumi ada abodwokyɛre ne ayamye adi akyerɛ ne nua no. Sɛ ɔyɛ saa a, na ɔresuasua Yesu ne Yehowa a wɔda saa su yi bi adi kyerɛ Kristofo nyinaa, a asafo mu mpanyimfo nso ka ho no.—1 Tesalonikafo 5:14; Yakobo 2:13.

14 Ɛtɔ mmere bi a, ebia ɛho behia sɛ mpanyimfo de afotu a emu yɛ den ma obi a wayɛ bɔne bi a anibere wom. Sɛ onii no ankyerɛ ahonu a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no tu nea wadi mfomso no fi asafo no mu. (1 Korintofo 5:11-13) Ɛno mpo no, sɛnea wɔbɛyɛ wɔn ade wɔ nipa no ho no bɛkyerɛ sɛ ɛyɛ bɔne no na wokyi na ɛnyɛ ɔbɔnefo no. (Yuda 23) Sɛ mpanyimfo no da ayamye adi a, awiei koraa no, ebetumi ayɛ mmerɛw ama nea wayɛ bɔne no sɛ ɔbɛsan aba asafo no mu.—Luka 15:11-24.

Gyidi Kanyan Nnwuma Pa

15. Dɛn ne ɔkwan biako a ahwɛfo fa so suasua Yehowa papayɛ, na dɛn na ɛkanyan wɔn ma wɔyɛ saa?

15 “[Yehowa, NW] ye ma nnipa nyinaa,” a wɔn a wɔnkyerɛ nneɛma a ɔyɛ ma wɔn ho anisɔ mpo ka ho. (Dwom 145:9; Mateo 5:45) Yehowa papayɛ da adi titiriw wɔ ne nkurɔfo a ɔma wɔkɔka “ahenni ho asɛmpa” no ho. (Mateo 24:14) Ahwɛfo nam asɛmpaka adwuma no anim a wodi so da Onyankopɔn papayɛ adi. Dɛn na ɛkanyan wɔn ma wɔyɛ adwumaden a ɛte saa? Ɛyɛ Yehowa ne ne bɔhyɛ ahorow mu gyidi a ɛyɛ den a wɔwɔ no nti.—Romafo 10:10, 13, 14.

16. Dɛn na ahwɛfo betumi ayɛ de ayɛ anuanom “yiye”?

16 Wɔ asɛnka adwuma a ahwɛfo yɛ de yɛ “nnipa nyinaa yiye” akyi no, wɔsan wɔ asɛyɛde sɛ wɔyɛ “ne titiriw no wɔn a wɔne [wɔn] bɔ abusua wɔ gyidi mu no” nso yiye. (Galatifo 6:10) Ɔkwan biako a wɔfa so yɛ eyi ne asafo no mufo a wɔsrasra wɔn hyɛ wɔn nkuran. Asafo mu panyin bi ka sɛ: “M’ani gye anuanom a mesrasra wɔn no ho. Ɛma minya hokwan kamfo anuanom mmarima ne mmea wɔ mmɔden a wɔrebɔ no ho, na meboa wɔn ma wohu sɛ yɛn ani sɔ adwumaden a wɔreyɛ no.” Ɛtɔ mmere bi a, ahwɛfo betumi aboa obi ma wahu akwan a obetumi afa so atu mpɔn wɔ ɔsom a ɔde ma Yehowa no mu. Sɛ mpanyimfo no yɛ saa a, na wofi nyansam resuasua ɔsomafo Paulo. Susuw sɛnea ɔkasa ma ɛkaa anuanom a wɔwɔ Tesalonika no ho hwɛ: “Yɛwɔ Awurade mu ahotoso wɔ mo ho, sɛ moreyɛ nea yɛhyɛ mo no, na mobɛkɔ so ayɛ.” (2 Tesalonikafo 3:4) Ahotoso a ɛte saa a onyae wɔ anuanom mu no kanyan wɔn, na ɛma ɛyɛɛ mmerɛw maa wɔn sɛ wɔbɛyɛ ‘osetie ama wɔn a wodi wɔn anim no.’ (Hebrifo 13:17) Sɛ ahwɛfo no bɛsra wo hyɛ wo nkuran a, dɛn nti na wonkyerɛ nsrahwɛ a ɛte saa ho anisɔ?

Ehia sɛ Yenya Ahosodi na Ama Yɛayɛ Nnipa a Wodwo

17. Dɛn na Petro sua fii Yesu asɛm a ɔkae no mu?

17 Yesu daa odwo adi wɔ bere mpo a wɔhyɛɛ no abufuw no. (Mateo 11:29) Bere a woyii Yesu mae na wɔkyeree no no, ɔdaa odwo ne ahosodi kɛse adi. Petro de ahopere twee ne nkrante de piraa obi. Nanso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wodwene sɛ mintumi nsrɛ m’Agya mma ɔmma me abɔfo bɛboro asafotow dumien seesei ara?” (Mateo 26:51-53; Yohane 18:10) Petro suaa biribi fii asɛm a Yesu kae no mu, na akyiri yi ɔkaee Kristofo sɛ: “Kristo . . . huu amane maa mo, na ogyaw mo nhwɛso a mode bedi n’anammɔn akyi pɛɛ. . . . Bere a wɔsopaa no no, wanyɛ bi antua ka. Bere a ɔrehu amane no, wanhunahuna obiara.”—1 Petro 2:21-23.

18, 19. (a) Bere bɛn titiriw na ɛsɛ sɛ ahwɛfo da odwo ne ahosodi adi? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

18 Saa ara na sɛ asafo no mufo bi ne mpanyimfo a wɔyɛ wɔn adwuma yiye no anni no yiye mpo a, mpanyimfo no da odwo adi. Sɛ nhwɛso no, ebia wɔn a mpanyimfo no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa wɔn wɔ asafo no mu bi renkyerɛ mmoa a wɔde rema wɔn no ho anisɔ. Sɛ onii a ohia mmoa no ayɛ mmerɛw anaa ɔyare wɔ honhom mu a, ebia ‘ɔbɛkasa sɛ nkrante a ɛwowɔ’ akyerɛ mpanyimfo no wɔ afotu a wɔde rema no no ho. (Mmebusɛm 12:18) Nanso, mpanyimfo no yɛ wɔn ade te sɛ Yesu, wɔnka nsɛm a ɛyɛ yaw anaa wɔnyɛ biribi mfa ntua wɔn ka. Mmom no, wodi wɔn ho so na wɔda tema adi, na ɛno betumi aboa onipa a ohia mmoa no. (1 Petro 3:8, 9) Sɛ wɔde afotu ma wo a, so woda odwo ne ahosodi adi de suasua mpanyimfo no nhwɛso?

19 Akyinnye biara nni ho sɛ, Yehowa ne Yesu ani sɔ adwumaden a ahwɛfo mpempem pii fi wɔn pɛ mu reyɛ de hwɛ nguankuw a wɔwɔ wiase nyinaa a wɔde wɔn ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnhwɛ wɔn so no. Yehowa ne ne Ba no nso wɔ ɔdɔ a emu yɛ den ma asafo mu asomfo mpempem pii a wɔboa mpanyimfo no ma ‘wɔsom akronkronfo’ no. (Hebrifo 6:10) Ɛnde, dɛn nti na ebia anuanom mmarima a wɔabɔ asu no bi bɛtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛpere adu “adwuma pa” yi ho? (1 Timoteo 3:1) Na ɔkwan bɛn na Yehowa fa so tete wɔn a ɔpaw wɔn sɛ ahwɛfo no? Yebesusuw nsɛmmisa yi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

So Wokae?

• Akwan a ahwɛfo fa so kyerɛ asafo no mufo ho dɔ no bi ne dɛn?

• Dɛn na Asafo no mufo nyinaa betumi ayɛ ama anigye ne asomdwoe atra wɔn mu?

• Dɛn nti na ahwɛfo no da abodwokyerɛ ne ayamye adi bere a wɔretu obi fo no?

• Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo da papayɛ ne gyidi adi?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Ɛyɛ ɔdɔ na ɛka mpanyimfo ma wɔsom asafo no

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Wogye bere nso ne wɔn mmusua gye wɔn ani . . .

. . . na wɔne wɔn yɛ asɛnka adwuma no

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Sɛ mpanyimfo no susuw nsɛm ho wɔ ɔkwan pa so a, ɛde anigye ne asomdwoe ba asafo no mu