Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Enti A Onyankopɔn Ma Kwan Ma Amanehunu Ba A Mihui No Sesaa M’asetra

Nea Enti A Onyankopɔn Ma Kwan Ma Amanehunu Ba A Mihui No Sesaa M’asetra

Asetram Nsɛm

Nea Enti A Onyankopɔn Ma Kwan Ma Amanehunu Ba A Mihui No Sesaa M’asetra

SƐNEA HARRY PELOYAN KA KYERƐE

Dɛn nti na Onyankopɔn ma kwan ma amanehunu ba? Ná saa asɛmmisa no ahaw me fi me mmofraase pɛɛ. Ná m’awofo pɛ adwuma, na wɔyɛ anokwafo, na na wodwen wɔn abusua ho nso. Nanso, esiane sɛ na me papa ani nnye nyamesom ho, na me maame na na n’ani gye ho kakra nti, wɔantumi amma me saa asɛmmisa no ho mmuae.

MIDWENEE saa asɛmmisa no ho kɛse mpo wɔ Wiase Ko II no mu ne ɛno akyi bere a mede bɛboro mfe abiɛsa yɛɛ adwuma sɛ Amerika Po so sraani no. Ɔko no baa awiei no, wɔmaa mekɔyɛɛ adwuma wɔ po so hyɛn bi a wɔde nneɛma guu mu kɔɔ China kɔboaa wɔn a wɔwɔ ahokyere mu no. Midii bɛyɛ afe wɔ hɔ, na mihuu sɛnea nnipa pii rehu amane paa no.

Chinafo pɛ adwuma, na wonim nyansa nso. Nanso, esiane ohia ne basabasayɛ a Wiase Ko II de bae nti, na wɔn mu pii rehu amane yiye. Nea ɛhaw me paa ne mmofra a wɔn ho yɛ fɛ a na ɔkɔm ama wɔn mu pii afonfɔn na wɔhyehyɛ ntade a atetew a sɛ yefi hyɛn mu si fam a na wɔbɛsrɛ yɛn ade no.

Ná Mente Nea Enti a Nnipa Hu Amane no Ase

Wɔwoo me wɔ afe 1925 mu, na wɔtetee me wɔ California, U.S.A. Ná minhuu nnipa a wɔrehu amane saa da. Enti mibisaa me ho mpɛn pii sɛ, ‘Sɛ Ɔbɔadeɛ bi a ɔyɛ ade nyinaa so tumfo wɔ hɔ a, dɛn nti na ɔbɛma kwan ma nnipa pii ahu amane saa, titiriw mmofra a wɔnyɛɛ bɔne biara no?’

Mesan dwenee ho sɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ampa a, dɛn nti na wama kwan ma adesɛe a ɛte saa, nnipa pii a wokunkum wɔn, awuwuawuwu, ne amanehunu aba nnipa so fi teteete, titiriw wɔ Wiase Ko II no mu, bere a nnipa bɛboro ɔpepem 50 hweree wɔn nkwa no. Afei nso, dɛn nti na nnipa a wɔyɛ ɔsom biako mufo asɔfo hyɛɛ wɔn nkuran ma wokunkum wɔn ho wɔn ho wɔ ɔko no mu esiane sɛ ɛsono ɔman a wofi mu nti?

Afiri a Wɔde Hwɛ Ade a Ɛwɔ Akyirikyiri

Bere a Wiase Ko II no fii ase wɔ afe 1939 mu na wokunkum nnipa pii kwa no, na minnye nni sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ. Da bi a na yɛresua abɔde ho nyansahu ho ade wɔ ntoaso sukuu mu no, wɔka kyerɛɛ yɛn mu biara sɛ ɔmfa nyansahu ho nimdeɛ ɔwɔ no nyɛ biribi. Esiane sɛ na m’ani gye nsoromma ho adesua ho nti, meyɛɛ afiri a wɔde hwɛ ade a ɛwɔ akyirikyiri kɛse bi a ahwehwɛ a na ɛhyɛ anim no tɛtrɛtɛ yɛ nsateakwaa awotwe.

Nea ɛbɛyɛ na mayɛ saa afiri yi no, metɔɔ ahwehwɛ a ne pipiripi yɛ nsateakwaa biako a ne tɛtrɛtɛ yɛ nsateakwaa awotwe. Na mede maa obi twaa ho ma ɛyɛɛ kurukuruwa. Afei mifii ase yɛɛ adwumaden de me nsa sewee ma ɛyɛɛ ahwehwɛ a apono akɔ mu. Ɛno gyee bere a na mede gye m’ahome nyinaa wɔ asram asia wɔ sukuu afe no mu. Bere a mesew ahwehwɛ no wiei no, mede hyɛɛ dade tenten bi a tokuru da mu ano de afiri no mu nhwehwɛ nketewa a ɛsono sɛnea emu biara ano den te hyehyɛɛ mu.

Da bi a na ɔsram apae na wim atew no, mede afiri no a na mayɛ awie no kosii abɔnten nea edi kan de hwɛɛ nsoromma ne okyinnsoromma. Nsoromma, okyinnsoromma, ne ɔsram ahorow pii a mihui ne sɛnea wɔahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ no maa me ho dwiriw me. Afei, bere a mihui sɛ nea na misusuw sɛ ɛyɛ “nsoromma” no yɛ nsoromma akuwakuw no, a sɛɛ nsoromma ɔpepepem pii na ɛwɔ emu biara mu no, me ho dwiriw me kɛse paa.

‘Nokwarem no,’ m’adwene yɛɛ me sɛ ‘eyinom nyinaa amma kwa. Biribiara nni hɔ a ɛno ankasa betumi ahyehyɛ ne ho kamakama saa da. Amansan yi mu nneɛma nyinaa ahyehyɛ kamakama te sɛ nea onyansafo bi na ɔyɛe. Enti, Onyankopɔn bi wɔ hɔ ankasa?’ Nneɛma a m’afiri no ma mihui no maa mesesaa adwene a na mikura denneennen sɛ Onyankopɔn nni hɔ no.

Afei mibisaa me ho sɛ: ‘Sɛ Onyankopɔn bi wɔ tumi ne nyansa a ɔde bɔɔ amansan a ɛyɛ nwonwa yi a, so ontumi nyi amanehunu a ɛwɔ asase so yi mfi hɔ? Nea edi kan koraa no, Dɛn nti na ɔmaa kwan ma awerɛhosɛm yi nyinaa bae?’ Sɛ na mibisa nyamesomfo nsɛm a ɛte saa a, na wontumi mma me mmuae a ɛtɔ asom.

Bere a miwiee ntoaso sukuu na mede mfe bi kɔɔ kɔlege no, mekɔyɛɛ Amerika Po so sraani. Nanso, asraafo asɔfo no nso antumi ammua me nsɛmmisa no. Ná wɔn a wɔn ani gye nyamesom ho no taa keka nsɛm bi te sɛ, “Awurade akwan yɛ akyewakyew” kyerɛ me.

Mekɔɔ So Hwehwɛɛ M’asɛmmisa no Ho Mmuae

Bere a mifii China no, nsɛmmisa a na ɛhaw me a ɛfa nea enti a Onyankopɔn ama kwan ma amanehunu wɔ hɔ no amfi me tirim da. Ɛkɔɔ so haw me, titiriw bere a mihuu asraafo asiei a ɛwɔ nsupɔw a yegyinae wɔ so bere a na yɛnam Pacific Po no so reba yɛn kurom no. Ɛkame ayɛ sɛ asraafo a na wɔasie wɔn wɔ hɔ no nyinaa yɛ mmerante a afei na na wɔafi abrabɔ ase.

Bere a miduu United States na migyaee po so asraafo adwuma no, na ɛsɛ sɛ mekɔ sukuu afe biako wɔ Harvard Sukuupɔn mu wɔ Cambridge, Massachusetts kowie m’adesua. Miwiee adesua no afe biako akyi na minyaa m’abodin krataa, nanso mansan ankɔ me kurom California. Meyɛɛ m’adwene sɛ mɛtra United States Apuei fam Mpoano ahwehwɛ me nsɛmmisa no ho mmuae. Ná mepɛ sɛ mekɔ New York City a nyamesom akuw ahorow pii wɔ no na ama matumi akɔ wɔn asɔre no akotie wɔn nkyerɛkyerɛ no bi.

Miduu New York no, me maame nuabea Isabel Kapigian maa mekɔtraa ne fie. Ná ɔne ne mmabea baanu, Rose ne Ruth yɛ Yehowa Adansefo. Esiane sɛ na minnye nni sɛ m’ani begye wɔn som no ho nti, mifii ase kɔɔ ɔsom afoforo mu ne nkurɔfo kasae kenkanee wɔn nhoma. Ná mibisa sɛ, dɛn nti na Onyankopɔn ma nkurɔfo hu amane, nanso na wɔn nso nnim mmuae no te sɛ me ara. Enti, m’adwene yɛɛ me sɛ gyama Onyankopɔn biara nni hɔ.

Minyaa Mmuae No

Afei mibisaa me maame nuabea ne ne mmabea no sɛ, metumi akenkan wɔn nhoma no ahu nea Yehowa Adansefo gye di anaa. Bere a mekenkanee nhoma no, ntɛm ara na mihui sɛ Adansefo no yɛ soronko koraa wɔ asɔre ahorow a aka no ho. Ná mmuae no fi Bible mu na na ɛtɔ asom paa nso. Ankyɛ koraa na metee nea enti a Onyankopɔn ma kwan ma nkurɔfo hu amane no ase.

Ɛnyɛ ɛno nko, na mihui nso sɛ Yehowa Adansefo de nea wɔkyerɛkyerɛ a egyina Bible so no bɔ wɔn bra. Sɛ nhwɛso no, mibisaa me maame nuabea no nea Yehowa Adansefo mmerante a wɔwɔ Germany no yɛe wɔ Wiase Ko II no mu ho asɛm. Mibisae sɛ, So wɔkɔɔ sraadi hyɛɛ Hitler anuonyam kyiaa Nasi frankaa no? Ɔkae sɛ dabi, wɔanyɛ saa. Na esiane sɛ wɔankɔ sraadi nti wɔde wɔn kɔɔ nneduaban ahorow mu kokunkum pii. Ɔkae sɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ baabiara amfa wɔn ho anhyɛ akodi no mu. Wɔ aman mpo a wɔn nniso no yɛ ka bi-ma menka-bi mu no, wɔde Yehowa Adansefo mmerante guu afiase esiane sɛ wɔankɔ ɔko no nti.

Me maame nuabea no ka kyerɛɛ me sɛ menkenkan Yohane 13:35. Ɛhɔ ka sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo.” Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo a wɔwɔ wiase nyinaa da ɔdɔ a ɛma wɔyɛ soronko no adi. Wɔnko nntia wɔn ho wɔn ho da esiane sɛ ɛsono ɔman a wofi mu nti! Me maame nuabea no bisae sɛ: “Wugye di sɛ na Yesu ne n’asuafo no bɛko atia wɔn ho wɔn ho akunkum wɔn ho wɔn ho wɔ Romafo akodi no mu?”

Ɔkae nso sɛ menkenkan 1 Yohane 3:10-12. Ɛhɔ ka sɛ: “Nokwasɛm a ɛma Nyankopɔn mma ne Ɔbonsam mma da adi pefee ni: Obiara a ɔnyɛ adetrenee no mfi Nyankopɔn mu, na saa ara na nea ɔnnɔ ne nua no nso mfi ne mu. . . . Sɛ yɛnnodɔ yɛn ho; ɛnyɛ sɛ Kain a ofi ɔbɔnefo no mu na okum ne nua no.”

Nea Bible ka fa asɛm yi ho no mu da hɔ: Ɛmfa ho ɔman biara a nokware Kristofo te mu no, wɔdodɔ wɔn ho wɔn ho. Enti, ɛremma da sɛ wobekunkum wɔn nuanom a wɔne wɔn som Onyankopɔn anaa onipa foforo biara da. Ɛno nti na Yesu tumi ka faa n’akyidifo no ho sɛ: “Wɔnyɛ wiase no fã sɛnea menyɛ wiase no fã no.”—Yohane 17:16.

Mihuu Nea Enti a Onyankopɔn Ma Kwan No

Ankyɛ na mihui sɛ Bible kyerɛ yɛn nea enti Onyankopɔn ma kwan ma nnipa hu amane no. Ɛka sɛ bere a Onyankopɔn bɔɔ yɛn awofo a wodi kan no, na wɔyɛ pɛ na wɔde wɔn traa paradise turo bi mu. (Genesis 1:26; 2:15) Ɔmaa wɔn akyɛde bi a ɛyɛ anigye paa nso, a ɛne sɛ na wotumi yɛ nea wɔpɛ. Nanso na ɛsɛ sɛ wɔde saa akyɛde no yɛ ade wɔ ɔkwan a ɛfata so. Sɛ na wɔyɛ osetie ma Onyankopɔn na wodi ne mmara so a, na wɔbɛkɔ so atra ase sɛ nnipa a wɔyɛ pɛ wɔ paradise. Ná wɔbɛtrɛw wɔn paradise no mu akɔ asase so nyinaa. Ná wɔn asefo nso bɛyɛ pɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a bere bi akyi no, asase yi bɛyɛ paradise a emu yɛ anigye a nnipa a wɔyɛ pɛ na wɔwɔ anigye na wɔte so.—Genesis 1:28.

Nanso, sɛ na Adam ne Hawa twe wɔn ho yɛ nea wɔpɛ a, ɛnde na Onyankopɔn nkɔ so mma wɔnyɛ nnipa a wɔyɛ pɛ. (Genesis 2:16, 17) Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, yɛn awofo a wodi kan no amfa hokwan a wonyae no anni dwuma yiye, na wɔtwee wɔn ho fii Onyankopɔn ho yɛɛ nea wɔpɛ. Ɛyɛ ɔbɔfo tuatewfo bi a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Satan Ɔbonsam no na ɔkanyan wɔn ma wɔyɛɛ saa. Ɔhwehwɛe sɛ ɔtwe ne ho fi Onyankopɔn ho na nnipa de ɔsom a ɛfata sɛ wɔde ma Onyankopɔn nkutoo no ma no.—Genesis 3:1-19; Adiyisɛm 4:11.

Enti, Satan bɛyɛɛ “wiase yi nyame.” (2 Korintofo 4:4) Bible ka sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.” (1 Yohane 5:19) Yesu frɛɛ Satan sɛ “wiase sodifo.” (Yohane 14:30) Satan ne yɛn awofo a wodi kan no asoɔden de sintɔ, basabasayɛ, owu, awerɛhow, ne amanehunu baa nnipa nyinaa so.—Romafo 5:12.

“Enni Ɔbarima Nsam”

Nea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn ama nnipa ahu sɛnea sɛ wɔamfa Ɔbɔadeɛ no mmara anyɛ adwuma a ɛbɛhaw adesamma no, wama kwan ma ɔhaw a afi mu aba no atra hɔ mfe mpempem pii ni. Saa mfe a Onyankopɔn de ama ɔhaw atra hɔ yi ama nnipa anya bere pii a wɔde behu sɛ nea Bible ka no yɛ nokware sɛ: “Onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn. [Yehowa, NW], teɛ me so.”—Yeremia 10:23, 24.

Afei, wɔ saa mfe pii yi nyinaa akyi no, yetumi hu sɛ twe a nnipa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho no de ɔhaw na aba. Enti, Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔremma ɔhaw a nnipa hyia esiane sɛ wɔatwe wɔn ho afi ɔno ne ne mmara ho no nkɔ so daa.

Daakye a Ɛyɛ Anigye

Bible nkɔmhyɛ ma yehu sɛ ɛrenkyɛ koraa Onyankopɔn de saa wiase bɔne a atirimɔdensɛm ahyɛ mu ma no bɛba awiei: “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ . . . Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—Dwom 37:10, 11.

Nkɔmhyɛ bi a ɛwɔ Daniel 2:44 ka sɛ: “Ahene no nna no mu no [tumidi a ɛwɔ hɔ nnɛ nyinaa], ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.” Onyankopɔn remma kwan mma nnipa nni wɔn ho so bio da. Onyankopɔn Ahenni na ebedi wiase nyinaa so. Wɔ ahenni no ase no, asase mũ no nyinaa bɛdan paradise na adesamma bɛyɛ pɛ na wɔatra ase daa wɔ anigye mu. Bible hyɛ bɔ sɛ: ‘Onyankopɔn bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.’ (Adiyisɛm 21:4) Daakye a ɛyɛ anigye a Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔde bɛma yɛn bɛn ara ni!

M’asetra Sesae

Me nsɛmmisa no ho mmuae a ɛtɔ asom a minyae no sesaa m’asetra. Efi saa bere no na mepɛ sɛ mesom Onyankopɔn na meboa afoforo ma wɔn nso nya nsɛmmisa a ɛte saa ho mmuae. Metee aniberesɛm a ɛwɔ 1 Yohane 2:17 no ase. Ɛhɔ ka sɛ: “Wiase [wiase a Satan di so no] ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” Ná mepɛ paa sɛ menya daa nkwa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. Meyɛɛ m’adwene sɛ mɛtra New York, na mifii ase ne Yehowa Adansefo asafo bi bɔe wɔ hɔ, na minyaa osuahu a ɛyɛ anigye pii wɔ afoforo a meboaa wɔn ma wɔn nso behuu nea na mahu no.

Wɔ afe 1949 mu no, mihyiaa Rose Marie Lewis. Ná ɔne ne maame, Sadie, ne ne nuabeanom baasia nyinaa yɛ Yehowa Adansefo. Ná Rose yɛ Onyankopɔn somfo a ɔde ne bere nyinaa ka Onyankopɔn asɛm. Ná ɔwɔ su pa pii na ɛmaa m’ani gyee ne ho ntɛm ara. Yɛwaree wɔ June 1950 mu na yɛtraa New York. Ná yɛn ani gye adwuma a na yɛreyɛ no ho, na yedii ahurusi wɔ anidaso a yenyae sɛ yɛbɛtra ase daa wɔ Onyankopɔn wiase foforo mu no ho.

Wɔ 1957 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me ne Rose Marie sɛ yɛmfa yɛn bere nyinaa mmɛyɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York no. Ebeduu June 2004 no, na yɛde mfe 54 aware anigye mu, a na yɛde emu mfe 47 ayɛ adwuma wɔ Brooklyn. Saa mfe a yɛde som Yehowa ne yɛn nuanom mpempem pii a yɛne wɔn boom yɛɛ adwuma no maa yɛn ani gyei.

M’amanehunu a Ɛsen Biara

Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔ December 2004 mu no, wohui sɛ kokoram atɔ Rose Marie ahurututu biako mu. Nnuruyɛfo no kae sɛ kokoram no retrɛw ntɛmntɛm, enti ɛsɛ sɛ wɔyɛ no oprehyɛn. Wɔyɛɛ oprehyɛn no bere bi akyi wɔ December mu, na bɛyɛ nnawɔtwe akyi no, oduruyɛfo no baa Rose dan a ɔda mu a na mewɔ hɔ saa bere no, na ɔkae sɛ: “Rose Marie, wo ho atɔ wo! Enti kɔ fie!”

Nanso, Rose Marie baa fie nna kakraa bi akyi no, ɔtee yaw kɛse wɔ ne yafunu mu ne ne nipadua no fã bi. Ɛyaw no kɔɔ so, enti ɔsan kɔɔ ayaresabea hɔ kɔyɛɛ nhwehwɛmu foforo. Wohui sɛ na mogya no abobɔ atɔwatɔw wɔ ne nipadua no akwaa atitiriw no bi mu, na na ɛno mma mframa nkɔ saa akwaa ahorow no mu. Nnuruyɛfo no yɛɛ nea wobetumi biara wɔ ho nanso anyɛ yiye. Nnawɔtwe kakraa bi akyi, wɔ January 30, 2005 no, awerɛhosɛm a ɛyɛ yaw sen biara too me. Rose Marie, me yere a medɔ no yiye no wui.

Saa bere no na mereyɛ adi mfe 80, na wɔ m’asetra nyinaa mu no na mahu sɛnea nnipa rehu amane, nanso, eyi de na ɛyɛ soronko. Sɛnea Bible ka no, na me ne Rose Marie yɛ “ɔhonam koro.” (Genesis 2:24) Ná mahu sɛnea afoforo rehu amane na bere a me nnamfo ne m’abusuafo wui no mihuu amane saa ara. Nanso amane a mihui bere a me yere wui no mu ayɛ den koraa na mete nka paa. Afei na mahu awerɛhow kɛse a adɔfo wu de aba nnipa so fi bere tenteenten no paa.

Nanso, nea ɛyɛe a amanehunu bae ne sɛnea ɛbɛba awiei no ase a mate no aboa me ma madi m’awerɛhow no so. Dwom 34:18 ka sɛ: “[Yehowa, NW] bɛn wɔn a wɔn koma abubu, na ogye wɔn a wɔn honhom apɛtɛw.” Ade titiriw a ɛma yetumi gyina amanehunu yi ano no ne nim a yenim sɛ Bible kyerɛkyerɛ sɛ owusɔre bɛba, na wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛsan aba nkwa mu na wɔanya hokwan atra ase daa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. Asomafo Nnwuma 24:15 ka sɛ: “Wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi owu mu.” Ná Rose Marie dɔ Onyankopɔn yiye. Na migye di sɛ Onyankopɔn nso dɔ no saa ara, na ɔbɛkae no de no aba nkwa mu bio wɔ ne bere a ɛsɛ mu, na mewɔ anidaso sɛ ɛrenkyɛ koraa.—Luka 20:38; Yohane 11:25.

Bere a awerɛhow a ɔdɔfo bi wu ma yedi no mu yɛ den no, anigye a yebenya bere a wɔanyan yɛn dɔfo bi no bɛkyɛn saa koraa. (Marko 5:42) Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn bɔ sɛ: “W’awufo benya nkwa, . . . na asase beyi asamanfo agu.” (Yesaia 26:19) Ɛda adi sɛ wobedi kan anyan “treneefo” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Asomafo Nnwuma 24:15 no mu pii. Hwɛ sɛnea saa bere no bɛyɛ anigye afa! Na Rose Marie bɛka wɔn a wobenyan wɔn aba no ho. Hwɛ sɛnea n’adɔfo de anigye behyia no kwan! Hwɛ abotɔyam a ɛbɛyɛ sɛ wobɛtra ase wɔ wiase saa bere a amanehunu nni hɔ bio no!

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Bere a mewɔ China no, mihuu sɛnea na nkurɔfo hu amane

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Mayɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn fi afe 1957

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Mewaree Rose Marie wɔ afe 1950 mu

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Yɛn ayeforohyia mfe 50 da wɔ afe 2000 mu