Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Nkurɔfo Redi Hia Nnɛ

Sɛnea Nkurɔfo Redi Hia Nnɛ

Sɛnea Nkurɔfo Redi Hia Nnɛ

VICENTE * boaboa nnakato, nnadegow, ne rɔbarɔba pii ano hyehyɛ wɔ trɔk so taa twe fa São Paulo abɔnten so wɔ Brazil. Sɛ edu anadwo a, ɔde nnakato sesɛw ne trɔk no ase da so. Ɔda hatee a ɔnte kar ne bɔs ahorow a ɛredi hɔ akɔneaba no su. Bere bi, na ɔwɔ adwuma a ɔyɛ, na ɔwɔ baabi te, ɛnna na ɔwɔ abusua nso, nanso ne nyinaa afi ne nsa. Seesei ɔyɛ adwumaden wɔ abɔnten so ansa na wanya sika kakra.

Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa ɔpepem pii di hia buruburoo wɔ wiase yi mu te sɛ Vicente. Wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso mu no, nnipa pii da abɔnten anaasɛ wɔte adangow mu. Nnipa a wɔsrɛsrɛ sika a wɔn mu bi yɛ mpakye, anifuraefo, ne mmaatan a woturu wɔn mma, abu so. Sɛ nkanea a esisi kar kwan so a ɛsosɔ ma kar gyina no sɔ a, mmofra tu mmirika fa kar a agyinagyina no ntam tɔn tɔfe sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya sika kakra.

Ɛyɛ den sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ nea ama ohia a ɛte saa aba no mu. Britain nsɛmma nhoma The Economist kae sɛ: “Nnipa nnyaa sika pii anaa aduruyɛ ne mfiridwuma ho nimdeɛ a ɛkɔ anim paa ne nhomanimfo a wɔaben paa a ehia a wɔde betu ohia ase da.” Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ nnipa pii anya nimdeɛ a ɛte saa a ɛwɔ hɔ nnɛ no so mfaso. Wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso mu no, kar a aba so foforo ahyɛ aman no bi nkuropɔn mu ma. Mfiri a aba so ahyɛ sotɔɔ akɛse mu ma, na da biara sɛ́ nnipa pii gu so retɔ ara ni. Sotɔɔ akɛse abien bi a ɛwɔ Brazil bɔɔ wɔn nneɛma ho dawuru wɔ ɔkwan soronko so. Wɔ December 23 kosi 24, 2004 no, wɔantoto wɔn sotɔɔ no mu anadwo mũ no nyinaa. Sotɔɔ no mu biako kɔfaa nkurɔfo ma wɔbɛgoru sawee de gyee wɔn a wɔrebɛtɔ nneɛma no ani. Agoru no twetwee adetɔfo bɛyɛ 500,000!

Nanso, nnipa dodow no ara na wonni nneɛma a adefo de gye wɔn ani no bi. Nsonsonoe kɛse a ɛda adefo ne ahiafo ntam no ama nnipa pii aka sɛ ɛho hia paa sɛ wotu ohia ase. Brazilfo atesɛm krataa Veja kae sɛ: “Afe yi [2005] asɛntitiriw a ɛsɛ sɛ wosusuw ho wɔ wiase nyinaa ne ɔkwan a wɔbɛfa so atu ohia ase.” Veja san nso de adwenkyerɛ bi bae sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ Marshall Nhyehyɛe foforo bi de boa aman a wodi hia buruburoo, ne titiriw no, saa aman a ɛwɔ Afrika no. * Nanso, bere a adwenkyerɛ a ɛte saa ma yenya adwene bi sɛ gyama nkɔso reba no, atesɛm krataa koro no ara san kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ wobisa nso sɛ mmoa a ɛte saa a wɔde ma no asow aba pa bi anaa. Sɛ aman dodow no ara mpɛ sɛ wɔde mmoa a ɛte saa ma a, na efi sika a woyi de boa no a ɛntaa nkodu wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde kɔboa wɔn ankasa nkyɛn no.” Awerɛhosɛm ne sɛ, esiane nyansakorɔn ne sika no a ɛfa nnipa pii nsam nti, sika a aban ahorow, amanaman ntam akuw ahorow, ɛne ankorankoro bi yi de ma no nkodu nnipa a wohia no ankasa nkyɛn.

Ná Yesu nim sɛ ohia yɛ ɔhaw a ɛbɛkɔ so atra hɔ. Ɔkae sɛ: “Ahiafo de, daa wɔwɔ mo nkyɛn.” (Mateo 26:11) So eyi kyerɛ sɛ ohia bɛkɔ so atra wiase bere nyinaa? So biribiara nni hɔ a wobetumi ayɛ de atew ohia so? Dɛn na Kristofo betumi ayɛ de aboa ahiafo?

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 2 Ɛnyɛ ne din ne no.

^ nky. 5 Ná Marshall Nhyehyɛe no yɛ nhyehyɛe bi a Amerika man no yɛe sɛ ɛde bɛboa Europa aman ama wɔn sikasɛm ayɛ yiye wɔ wiase ko a ɛto so abien no akyi.