Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Som Ɔhene Kristo Nokware Mu

Som Ɔhene Kristo Nokware Mu

Som Ɔhene Kristo Nokware Mu

“Ɔno na wɔde tumi ne anuonyam ne ahenni maa no ma aman, nkurɔfo ne ɔkasa ahorow nyinaa som no.”—DANIEL 7:14.

1, 2. Yɛyɛ dɛn hu sɛ wɔamfa Ahenni tumi no nyinaa amma Kristo wɔ afe 33 Y.B. mu?

SODIFO bɛn na obetumi awu ama ne nkoa na wasan asɔre abedi hene? Ɔhene bɛn na obetumi atra asase so na wama ne nkoa anya ne mu ahotoso na wɔadi nokware ama no, na afei wakɔtra soro adi hene? Onipa biako pɛ a obetumi ayɛ eyi ne nneɛma afoforo pii no ne Yesu Kristo. (Luka 1:32, 33) Wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. no, bere a Kristo wui na onyan kɔɔ soro no, Onyankopɔn yɛɛ no “ade nyinaa ti maa asafo no.” (Efesofo 1:20-22; Asomafo Nnwuma 2:32-36) Saa bere no na Kristo fii ase dii tumi nanso odii no wɔ nnipakuw ketewaa bi so. Wɔn a odii kan dii wɔn so tumi no ne Kristofo a wɔde honhom asra wɔn a wɔne honhom fam Israel, “Nyankopɔn Israel no.”—Galatifo 6:16; Kolosefo 1:13.

2 Wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. akyi bɛyɛ mfe 30 no, ɔsomafo Paulo kae sɛ na wonya mfaa Ahenni tumi no nyinaa mmaa Kristo, mmom no “ɔkɔtraa Onyankopɔn nsa nifa, na efi saa bere no ɔretwɛn akosi sɛ wɔde n’atamfo bɛyɛ ne nan ntiaso.” (Hebrifo 10:12, 13) Afei, ɛrekɔ afeha a edi kan Y.B. awiei mu hɔ no, ɔsomafo Yohane a na wabɔ akwakoraa no nyaa Amansan Hene Yehowa a na ɔde Kristo Yesu resi ɔsoro Ahenni foforo no so hene no ho anisoadehu. (Adiyisɛm 11:15; 12:1-5) Wɔ yɛn bere yi so no, yɛwɔ adanse pefee a yebetumi agyina so aka sɛ Kristo fii ase dii ade sɛ Ɔhene Mesia wɔ soro wɔ afe 1914 mu. *

3. (a) Efi afe 1914 reba no, nsɛm foforo bɛn na abɛka Ahenni ho asɛmpa a yɛka no ho? (b) Nsɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho?

3 Efi afe 1914 reba no, nsɛm foforo abɛka Ahenni ho asɛmpa a yɛka no ho. Kristo redi tumi sɛ Onyankopɔn soro Ahenni no so Hene, nanso ɔreyɛ saa wɔ ‘n’atamfo mfinimfini.’ (Dwom 110:1, 2; Mateo 24:14; Adiyisɛm 12:7-12) Afei nso, ne nkoa anokwafo de anigye redi n’asɛm so denam Bible nkyerɛkyerɛ adwuma a wɔreyɛ no kɛse sen bere biara wɔ wiase nyinaa no so. (Daniel 7:13, 14; Mateo 28:18) Kristofo a wɔde honhom asra wɔn, a wɔyɛ “ahenni no mma” no, som sɛ ‘ahemmɔfo a wosi Kristo ananmu.’ Kristo “nguan foforo” a wɔredɔɔso no reyɛ adwuma sɛ Onyankopɔn Ahenni no ananmusifo a wɔde nokwaredi reboa Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no. (Mateo 13:38; 2 Korintofo 5:20; Yohane 10:16) Ɛno mpo no, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mu hwɛ sɛ ebia yɛn mu biara gye Kristo tumidi tom ankasa anaa. So yedi no nokware wɔ ade nyinaa mu? Yɛbɛyɛ dɛn atumi adi Ɔhene a odi tumi wɔ soro no nokware? Nanso, momma yenni kan nsusuw nea enti a ɛsɛ sɛ yedi Kristo nokware no ho.

Ɔhene a Ne Su Ahorow Ma Yedi no Nokware

4. Dɛn na Yesu yɛe sɛ Ɔhene a Wɔapaw no wɔ n’asase so som adwuma mu?

4 Nokware a yedi ma Kristo no gyina anisɔ a yɛwɔ ma nneɛma a ɔyɛe ne ne su pa ahorow no so. (1 Petro 1:8) Bere a na Yesu wɔ asase so sɛ Ɔhene a Wɔapaw no no, ɔyɛɛ nneɛma a sɛ odi wiase nyinaa so hene wɔ Onyankopɔn bere a wahyɛ mu a ɔbɛyɛ no ho ade ketewaa bi. Ɔmaa nnipa a ɔkɔm de wɔn aduan. Ɔsaa anifuraefo, mpakye, asotifo, ne mum yare. Onyanee awufo bi mpo baa nkwa mu bio. (Mateo 15:30, 31; Luka 7:11-16; Yohane 6:5-13) Afei nso, sɛnea Yesu bɔɔ ne bra wɔ asase so a yebehu no bɛboa yɛn ma yɛahu Ɔhene a obedi asase so daakye no su ahorow, ne titiriw no, ɔdɔ pa a ɔdaa no adi no. (Marko 1:40-45) Napoléon Bonaparte kaa Yesu dɔ yi ho asɛm sɛ: “Alexander, Ceasar, Charlemagne, ne m’ankasa hyehyɛɛ ahemman ahorow, nanso dɛn so na yegyina yeyɛɛ yɛn nnwuma akɛse no? Yɛnam ɔhyɛ so. Yesu Kristo nkutoo na ogyinaa ɔdɔ so hyehyɛɛ n’ahemman, na ɛde besi nnɛ no, nnipa ɔpepem pii na wɔbɛpɛ sɛ wowu ma no.”

5. Dɛn nti na na nkurɔfo ani gye Yesu suban ho saa?

5 Esiane sɛ na Yesu dwo na ɔbrɛ ne ho ase koma mu nti, ne nkyerɛkyerɛ ne n’ayamye a ɛhyɛ den no maa wɔn a na wɔhyɛ wɔn so na wɔasoa wɔn nnesoa ma wɔabrɛ no nyaa abotɔyam. (Mateo 11:28-30) Ná mmofra tumi bɛn no. Nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase na wɔwɔ nhumu bɛyɛɛ n’asuafo ntɛm ara. (Mateo 4:18-22; Marko 10:13-16) Esiane sɛ na ɔwɔ tema na obu ade nti, mmea a wosuro Onyankopɔn pii dii nokware maa no, na wɔn mu bi de wɔn bere, wɔn ahoɔden, ne wɔn ahode som no bere a na ɔreyɛ ne som adwuma no.—Luka 8:1-3.

6. Bere a Lasaro wui no, atenka a emu yɛ den bɛn na Yesu daa no adi?

6 Kristo daa atenka a emu yɛ den adi bere a n’adamfo pa Lasaro wui no. Awerɛhow a na Maria ne Marta redi no kaa Yesu paa ma wantumi anka n’awerɛhow anhyɛ, na “nusu guu” no. Ɛwom sɛ na onim sɛ ɔrebenyan Lasaro wɔ hɔ ara de, nanso ɛyaw ne awerɛhow kɛse a ɛkaa no no maa “ne ho yeraw no.” Afei, ɔdɔ ne ayamhyehye maa Yesu de tumi a Onyankopɔn de ama no no nyanee Lasaro fii awufo mu.—Yohane 11:11-15, 33-35, 38-44.

7. Dɛn nti na ɛfata sɛ yedi nokware ma Yesu? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 31 no.)

7 Sɛnea na Yesu ani gye nneɛma a ɛteɛ ho na okyi nyaatwom ne abɔnefosɛm no ma yenya obu kɛse ma no. Ɔde akokoduru pamoo aguadifo adifudepɛfo no fii asɔrefie hɔ mprenu. (Mateo 21:12, 13; Yohane 2:14-17) Afei nso, bere a na ɔyɛ onipa wɔ asase so no, ohuu amane pii, na ɛno ma ɔtee nhyɛso ne ɔhaw a yɛrehyia no ase. (Hebrifo 5:7-9) Ná Yesu san nim sɛnea ɛyɛ yaw sɛ wɔbɛtan obi na wabu no atɛnkyea. (Yohane 5:15-18; 11:53, 54; 18:38–19:16) Awiei koraa no, ofii akokoduru mu penee so ma wokum no yayaayaw de yɛɛ n’Agya apɛde, na ɛnam so maa ne nkoa nyaa daa nkwa. (Yohane 3:16) So Kristo suban ahorow a ɛte saa nka wo mma wonsom no nokwarem? (Hebrifo 13:8; Adiyisɛm 5:6-10) Nanso, dɛn na ɛsɛ sɛ obi yɛ na ama wafata sɛ Ɔhene Kristo akoa?

Nea Ɛbɛma Obi Afata sɛ Kristo Akoa

8. Dɛn na ɛma nkurɔfo fata sɛ Kristo nkoa?

8 Susuw mfatoho yi ho hwɛ: Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ ɔman foforo bi muni a, wɔtaa hwehwɛ nneɛma ahorow bi wɔ ne ho ansa na wɔagye no atom. Ebia wɔbɛhwehwɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ ɔman foforo mufo no yɛ nnipa a wɔwɔ suban pa na yare ahorow bi nni wɔn ho. Saa ara nso na ɛsɛ sɛ Kristo nkoa yɛ nnipa a wɔbɔ bra pa na wɔyɛ nnipa a wɔne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ pa.—1 Korintofo 6:9-11; Galatifo 5:19-23.

9. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akyerɛ sɛ yedi Kristo nokware?

9 Ɛfata nso sɛ Yesu Kristo bɛhwehwɛ sɛ ne nkoa bedi ɔno ne n’Ahenni no nokware. Wɔnam nea Yesu kyerɛkyerɛe bere a na ɔwɔ asase so sɛ Ɔhene a Wɔapaw no a wɔde yɛ adwuma no so na ɛda nokwaredi a ɛte saa adi. Sɛ nhwɛso no, wɔde Ahenni nneɛma ne Onyankopɔn apɛde di honam fam nneɛma a wɔbɛhwehwɛ no kan. (Mateo 6:31-34) Wɔbɔ mmɔden paa nso sɛ wɔbɛda Kristo su adi bere mpo a wohyia sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den sen biara no. (1 Petro 2:21-23) Afei nso, Kristo nkoa fi wɔn pɛ mu yɛ afoforo papa de suasua no.—Mateo 7:12; Yohane 13:3-17.

10. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yedi Kristo nokware wɔ (a) abusua no mu ne (b) asafo no mu?

10 Yesu akyidifo nam ne su ahorow a wɔda no adi wɔ abusua mu no so nso de kyerɛ sɛ wodi no nokware. Sɛ nhwɛso no, okununom nam Kristo su ahorow a wɔda no adi bere a wɔne wɔn yerenom ne wɔn mma di nsɛm so de kyerɛ sɛ wodi wɔn soro Hene no nokware. (Efesofo 5:25, 28-30; 6:4; 1 Petro 3:7) Ɔyerenom nam wɔn abrabɔ kronn ne “honhom a ɛyɛ komm na edwo” a wɔda no adi so de kyerɛ sɛ wodi no nokware. (1 Petro 3:1-4; Efesofo 5:22-24) Sɛ mmofra suasua osetie a Kristo yɛe no a, na wɔredi no nokware. Bere a na Yesu yɛ abofra no, ɛwom mpo sɛ na n’awofo nyɛ pɛ de, nanso ɔbrɛɛ ne ho ase maa wɔn. (Luka 2:51, 52; Efesofo 6:1) Kristo nkoa de nokwaredi bɔ mmɔden sɛ wobesuasua no denam “tema, onuadɔ” ne “ayamhyehye” a wɔda no adi so. Wɔbɔ mmɔden sɛ wobesuasua Kristo ‘ahobrɛase adwene, na wɔmmfa bɔne nntua bɔne so ka, wɔmmfa nsopa nntua nsopa so ka’ nso.—1 Petro 3:8, 9; 1 Korintofo 11:1.

Kristo Nkoa Di Ne Mmara So

11. Mmara ahorow bɛn na Kristo nkoa di so?

11 Sɛnea nkurɔfo a wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ ɔman foforo bi mufo di ɔman no mmara so no, saa ara na wɔn a wɔyɛ Kristo nkoa no di “Kristo mmara no” so denam nea Yesu kyerɛkyerɛe na ɔhyɛe nyinaa a wɔde bɔ wɔn bra no so. (Galatifo 6:2) Ne titiriw no, wɔde ɔdɔ ho “mmara titiriw” no bɔ wɔn bra nokwarem. (Yakobo 2:8) Dɛn na saa mmara yi hwehwɛ sɛ wɔyɛ?

12, 13. Dɛn na yɛyɛ de di “Kristo mmara no” so nokwarem?

12 Kristo nkoa wɔ mmerɛwyɛ ne sintɔ ahorow. (Romafo 3:23) Enti, ehia sɛ wɔkɔ so nya “onuadɔ a nyaatwom nnim” sɛnea ɛbɛyɛ a wobefi ‘komam adodɔ wɔn ho wɔn ho denneennen.’ (1 Petro 1:22) ‘Sɛ Kristofo wɔ asɛm tia wɔn yɔnko’ bi a, wofi nokwaredi mu de Kristo mmara no yɛ adwuma denam ‘wɔn ho abotare a wɔkɔ so nya na wɔde firifiri wɔn ho korakora’ no so. Saa mmara yi a wodi so no boa wɔn ma wɔmma afoforo sintɔ nhaw wɔn pii na wɔhwehwɛ nneɛma a ɛbɛma wɔatumi adodɔ wɔn ho wɔn ho. So w’ani nnye sɛ wo ne nkurɔfo a wofi nokwaredi mu di yɛn Hene a ɔwɔ ɔdɔ no mmara so na wɔhyɛ ɔdɔ a ɛne “koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ” no bɔ fekuw?—Kolosefo 3:13, 14.

13 Bio nso, Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔdɔ a ɔdaa no adi no sen ɔdɔ a nnipa taa da no adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho no koraa. (Yohane 13:34, 35) Sɛ yɛdɔ wɔn a wɔdɔ yɛn nkutoo a, na yɛnyɛɛ biribiara a “ɛyɛ nwonwa.” Sɛ saa na yɛte a, ɛnde na yɛn dɔ no nni mu na ɛnyɛ papa. Yesu hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yennya ɔdɔ pa mma yɛn atamfo mpo a wɔtan yɛn na wɔtaa yɛn mfa nsuasua ɔdɔ a n’Agya wɔ no bi. (Mateo 5:46-48) Saa ɔdɔ yi nso kanyan Ahenni no nkoa ma wɔkɔ so de nokwaredi yɛ adwuma titiriw a wɔde ahyɛ wɔn nsa no. Ɛyɛ adwuma bɛn?

Wɔsɔ Kristo Nkoa Nokwaredi Hwɛ

14. Dɛn nti na asɛnka adwuma no ho hia saa?

14 Ɛnnɛ, Onyankopɔn nkoa wɔ adwuma titiriw sɛ wɔka ‘asɛm no fann de di Nyankopɔn ahenni ho adanse.’ (Asomafo Nnwuma 28:23) Saa a wɔbɛyɛ no ho hia efisɛ Mesia Ahenni no bɛtew Yehowa Amansan tumidi no ho. (1 Korintofo 15:24-28) Sɛ yɛka asɛmpa no a, wɔn a wotie no nya hokwan bɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no nkoa. Bio nso, nea nkurɔfo yɛ wɔ asɛm a yɛka no ho ma Ɔhene Kristo tumi nya nea obegyina so abu nnipa atɛn. (Mateo 24:14; 2 Tesalonikafo 1:6-10) Enti, ade titiriw a yɛyɛ de kyerɛ sɛ yedi Kristo nokware ne sɛ, yebetie n’ahyɛde a ɛne sɛ yɛnka Ahenni no ho asɛm nkyerɛ afoforo no.—Mateo 28:18-20.

15. Dɛn nti na wɔsɔ Kristofo nokwaredi hwɛ?

15 Satan fa akwannuasa nyinaa so sɛ obesiw asɛnka adwuma no kwan, na wiase atumfo nso nnye tumi a Onyankopɔn de ama Kristo no ntom. (Dwom 2:1-3, 6-8) Ne saa nti, Yesu bɔɔ n’asuafo kɔkɔ sɛ: “Akoa nsen ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso.” (Yohane 15:20) Enti, Kristo akyidifo redi ako wɔ honhom fam, na ɛno sɔ wɔn nokwaredi hwɛ.—2 Korintofo 10:3-5; Efesofo 6:10-12.

16. Dɛn na Ahenni nkoa no yɛ de ‘tua Onyankopɔn de ma Onyankopɔn’?

16 Nanso, Onyankopɔn Ahenni no nkoa kɔ so di wɔn Hene a wonhu no no nokware na bere koro no ara no wɔkyerɛ obu ma wiase atumfo. (Tito 3:1, 2) Yesu kae sɛ: “Muntua Kaesare de mma Kaesare, na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.” (Marko 12:13-17) Enti, Kristo nkoa di aban mmara horow a entia Onyankopɔn mmara no so. (Romafo 13:1-7) Nanso, bere a Yudafo asɛnnibea kɛse no sɔre tiaa Onyankopɔn mmara na wɔhyɛe sɛ Yesu asuafo no nnyae asɛm no ka no, asuafo no gyinaa pintinn, na wɔde obu kae sɛ, “ɛsɛ sɛ yetie Nyankopɔn mmom sen nnipa.”—Asomafo Nnwuma 1:8; 5:27-32.

17. Dɛn nti na yebetumi de akokoduru agyina nokwaredi ho sɔhwɛ ahorow ano?

17 Ɛwom sɛ egye akokoduru pii na ama Kristo nkoa no akɔ so adi wɔn Hene no nokware bere a wohyia ɔtaa no de, nanso Yesu kae sɛ: “Anigye ne mo sɛ me nti nkurɔfo bɔ mo ahohora na wɔtaa mo na wodi atoro ka asɛmmɔne biara to mo so. Munni ahurusi na mo ho nsɛpɛw mo, efisɛ mo akatua sõ wɔ soro; saa ara na wɔtaa adiyifo a wodii mo anim no.” (Mateo 5:11, 12) Kristo akyidifo a wodi kan no hui sɛ saa asɛm no yɛ nokware. Bere mpo a wɔhwee wɔn sɛ wɔakɔ so aka Ahenni no ho asɛm no, wɔn ani gyei sɛ “wɔabu wɔn sɛ ne din nti wɔfata sɛ wogu wɔn anim ase. Na wɔkɔɔ so kyerɛkyerɛe kaa Kristo Yesu ho asɛmpa wɔ asɔrefie ne afie mu daa a wɔannyae.” (Asomafo Nnwuma 5:41, 42) Sɛ wode nokwaredi a ɛte saa ara gyina ahokyere, yare, ɔdɔfo bi wu ne ɔtaa ano a, ɛfata nkamfo.—Romafo 5:3-5; Hebrifo 13:6.

18. Asɛm a Yesu ka kyerɛɛ Pontio Pilato no kyerɛ dɛn?

18 Bere a na Yesu da so yɛ Ɔhene a Wɔapaw no no, ɔka kyerɛɛ Roma Amrado Pontio Pilato sɛ: “M’ahenni mfi wiase. Sɛ m’ahenni fi wiase a, anka m’asomfo bɛko na wɔamfa me amma Yudafo no. Nanso sɛnea ɛte no, m’ahenni mfi ha.” (Yohane 18:36) Enti, ɔsoro Ahenni no nkoa nni ako na saa ara nso na wonnyina ɔfã bi wɔ nnipa akodi mu. Esiane sɛ wodi nokware ma “Asomdwoe-hene” no nti, wɔmfa wɔn ano ntoto wiase no amanyɔsɛm biara mu.—Yesaia 2:2-4; 9:6, 7.

Nkoa a Wodi Nokware no Benya Akatua a Ɛtra Hɔ Daa

19. Dɛn nti na Kristo nkoa betumi de ahotoso ahwɛ daakye kwan?

19 Kristo, “ahemfo mu Hene” nkoa anokwafo no de ahotoso hwɛ daakye kwan. Wɔde anigye hwɛ bere a ɔde n’ahenni tumi a Onyankopɔn de ama no no bedi dwuma nnansa yi ara no kwan. (Adiyisɛm 19:11–20:3; Mateo 24:30) “Ahenni mma no” a wɔde honhom asra wɔn no nkaefo anokwafo no hwɛ kwan sɛ wɔn nsa bɛka wɔn agyapade a ɛsom bo a ɛne sɛ wɔne Kristo bedi hene wɔ soro no kwan. (Mateo 13:38; Luka 12:32) Kristo “nguan foforo” anokwafo no de anigye retwɛn bere a wɔn hene no de anisɔ bɛka sɛ: “Mommra, mo a m’Agya ahyira mo, momfa ahenni [asase so paradise] a wɔasiesie ama mo fi wiase nhyɛase no nni.” (Yohane 10:16; Mateo 25:34) Enti, ɛmmra sɛ Ahenni no nkoa nyinaa besi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so asom Ɔhene Kristo nokware mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Hwɛ “Why do Jehovah’s Witnesses say that God’s Kingdom was established in 1914?” (Dɛn nti na Yehowa Adansefo ka sɛ wɔde Onyankopɔn Ahenni sii hɔ wɔ afe 1914?) a ɛwɔ Reasoning From the Scriptures a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 95-7 no.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn nti na ɛfata sɛ yedi nokware ma Kristo?

• Dɛn na Kristo nkoa yɛ de kyerɛ sɛ wodi no nokware?

• Dɛn nti na yɛpɛ sɛ yedi Ɔhene Kristo nokware?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 31]

KRISTO SU AFOFORO A ƐDA NSOW

Ɔnhwɛ nnipa animYohane 4:7-30.

MmɔborohunuMateo 9:35-38; 12:18-21; Marko 6:30-34.

Ɔdɔ paYohane 13:1; 15:12-15.

NokwarediMateo 4:1-11; 28:20; Marko 11:15-18.

TemaMarko 7:32-35; Luka 7:11-15; Hebrifo 4:15, 16.

NteaseMateo 15:21-28.

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho a, na yedi “Kristo mmara no” so nokware mu

[Mfonini wɔ kratafa 31]

So Kristo su ahorow no ka wo ma wosom no nokware mu?