Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Suasua Yesu Na Hu Ahiafo Mmɔbɔ

Suasua Yesu Na Hu Ahiafo Mmɔbɔ

Suasua Yesu Na Hu Ahiafo Mmɔbɔ

OHIA ne nhyɛso baa wiase akyɛ. Bere a na anka ɛsɛ sɛ Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israel no bɔ ahiafo ho ban na ɛtew wɔn amanehunu so no, mpɛn pii na wɔanni saa Mmara no so. (Amos 2:6) Odiyifo Hesekiel kasa tiaa nneɛma a na wɔde yɛ ahiafo no. Ɔkae sɛ: “Asase no so nkurɔfo di amim na wɔyɛ mfonnii, na wɔhom ɔbrɛfo ne ohiani so, na wosi ɔhɔho apempem a ɛnteɛ koraa.”—Hesekiel 22:29.

Bere a na Yesu wɔ asase so no, na ohia ne nhyɛso wɔ hɔ saa ara. Nyamesom akannifo no daa no adi pefee sɛ wonnwen ahiafo ne wɔn a wɔwɔ ahokyere mu ho koraa. Wɔfrɛɛ nyamesom akannifo no ‘sikaniberefo’ a “wɔmemene akunafo afie,” na na wodwen atetesɛm a wɔbɛkora so ho sen nnipa a wɔn mfe akɔ anim ne ahiafo a wɔbɛhwɛ wɔn no. (Luka 16:14; 20:47; Mateo 15:5, 6) Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ wɔ Yesu mfatoho a ɛfa Samariani yamyefo no ho no, ɔsɔfo ne Lewini bi bɛtoo ɔbarima bi a na wapira, nanso wosian ne ho kɔfaa ɔkwan no fã kɔe a wɔn mu biara ammoa no.—Luka 10:30-37.

Yesu Huu Ahiafo Mmɔbɔ

Nsɛmpa a ɛka Yesu asetra ho nsɛm no ma yehu sɛ na ɔte nsɛnnennen a na ahiafo hyia no ase paa, na na odwen wɔn ahiade ho yiye. Ɛwom sɛ na Yesu atra soro de, nanso ogyaa biribiara mu bɛyɛɛ onipa, na ‘yɛn nti ɔbɛyɛɛ ohiani.’ (2 Korintofo 8:9) Bere a Yesu huu nnipakuw no, “wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔapirapira wɔn na wɔagyaw wɔn agu hɔ te sɛ nguan a wonni hwɛfo.” (Mateo 9:36) Okunafo hiani no asɛm no ma yehu sɛ ɛnyɛ sika akɛse a asikafo no yiyii, ‘nea wofi nea wɔanya ma aboro so’ mu yii no na Yesu ani gyee ho, na mmom sika ketewaa bi a okunafo hiani no yii no. Nea ɔyɛe no kaa Yesu koma efisɛ ‘ofi ne hia mu de n’asetrade a ɔwɔ nyinaa beguu mu.’—Luka 21:4.

Ahiafo no asɛm anyɛ Yesu mmɔbɔ kɛkɛ, na mmom ɔmaa wɔn ahiade ho asɛm hiaa no nso. Ná ɔne n’asuafo no wɔ foto bi a woyi sika fi mu de boa Israelfo ahiafo no. (Mateo 26:6-9; Yohane 12:5-8; 13:29) Yesu hyɛɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ n’akyidifo no nkuran sɛ wonhu sɛ wɔwɔ asɛyɛde sɛ wɔboa ahiafo. Ɔka kyerɛɛ aberante sodifo sikani bi sɛ: “Tɔn nea wowɔ nyinaa na kyekyɛ ma ahiafo, na wubenya ademude wɔ soro; na bra bedi m’akyi.” Ɔbarima no ahode a na ɔmpɛ sɛ ebefi ne nsa no ma ɛdaa adi sɛ na ɔdɔ n’ahode no sen Onyankopɔn ne ne yɔnko nnipa. Enti, na onni su ahorow a na ɛbɛma watumi abɛyɛ Yesu suani.—Luka 18:22, 23.

Kristo Akyidifo Hu Ahiafo Mmɔbɔ

Wɔ Yesu wu akyi no, Kristo asomafo no ne n’akyidifo afoforo kɔɔ so huu ahiafo a na wɔwɔ wɔn mu no mmɔbɔ. Bɛyɛ afe 49 Y.B. mu no, ɔsomafo Paulo kohyiaa Yakobo, Petro, ne Yohane ne wɔn kosusuw adwuma a Awurade Yesu Kristo de ama ɔno Paulo sɛ ɔnkɔka asɛmpa no ho. Wosii gyinae sɛ Paulo ne Barnaba nkɔ “amanaman” mu nkɔka asɛm no nkyerɛ Amanaman mufo no. Na Yakobo ne wɔn a wɔka ne ho no hyɛɛ Paulo ne Barnaba nkuran sɛ ‘wɔnkae ahiafo.’ Na saa na Paulo ‘yeree ne ho denneennen yɛe.’—Galatifo 2:7-10.

Wɔ Ɔhempɔn Klaudio nniso mu no, ɔkɔm kɛse bi sii Roma Ahemman no afã horow pii. Ɛmaa Kristofo a wɔwɔ Antiokia no “bɔɔ wɔn tirim sɛnea wɔn mu biara betumi, sɛ wɔde asetrade bɛkɔ akɔsom anuanom a wɔwɔ Yudea no; na wɔyɛɛ saa, somaa Barnaba ne Saul ma wɔde kɔmaa mpanyimfo no.”—Asomafo Nnwuma 11:28-30.

Nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso nim sɛ, ɛsɛ sɛ Yesu akyidifo hu ahiafo mmɔbɔ, titiriw wɔn mfɛfo gyidifo a ahia wɔn no. (Galatifo 6:10) Enti, wohu wɔn a ahia wɔn no mmɔbɔ ankasa. Sɛ nhwɛso no, wɔ afe 1998 mu no, ɔpɛ kɛse bi sii wɔ Brazil atifi fam apuei sɛee hɔ nneɛma pasaa. Ɔpɛ no sɛee ɛmo, adua, ne aburow maa ɔkɔm kɛse sii hɔ. Ɛyɛ ɔkɔm a na ebi mmae da wɔ mfe 15 mu. Wɔ mmeae bi no, nsu a wɔnom mpo ho yɛɛ den. Yehowa Adansefo a wɔwɔ ɔman no afã foforo yɛɛ ntɛm hyehyɛɛ atoyerɛnkyɛm bere mu aboafo akuw, na wɔboaboaa nnuan pii ano bere tiaa bi mu, na wɔbɔɔ ho ka de kɔmaa wɔn.

Adansefo a wɔde nneɛma kɔboae no kyerɛwee sɛ: “Ɛyɛ yɛn anigye paa sɛ yɛatumi aboa yɛn nuanom, ne titiriw no, yenim sɛ nea yɛayɛ no ama Yehowa bo atɔ ne yam. Yɛn werɛ remfi asɛm a ɛwɔ Yakobo 2:15, 16 no da.” Ɛhɔ ka sɛ: “Sɛ onuabarima anaa onuabea bi da adagyaw na onni aduan a ɛbɛso no da no mpo, na sɛ mo mu bi ka kyerɛ no sɛ: ‘Fa asomdwoe kɔ, na wo ho nyɛ wo hyew na mee,’ na moamma no nea nipadua no hia a, mfaso bɛn na ɛwɔ so?”

Ná Ɔdansefo ɔbea hiani bi a ɔmfa n’adesoa nto afoforo so, ɔyɛ nsi, na ɔbrɛ ansa na ne nsa akɔ n’ano wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ São Paulo kurow no biako mu. Ɔka sɛ: “Ɛwom sɛ midi hia de, nanso Bible mu asɛm no ama m’asetra ayɛ nea mfaso wɔ so paa. Sɛ ɛnyɛ me mfɛfo Adansefo no na wɔboaa me a, anka minnim nea ɛbɛto me.” Bere bi a atwam no, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ Kristoni bea mmɔdenbɔfo yi oprehyɛn, nanso na onni sika a ɔde betua ho ka. Ná Kristofo mmarima ne mmea a wɔwɔ asafo no mu wɔ sika a wobetumi de atua n’ayaresa no ho ka saa bere no. Nokware Kristofo a wɔwɔ wiase nyinaa de mmoa ma wɔn mfɛfo gyidifo.

Nanso, ɛmfa ho sɛnea mmoa a ɛtete saa a wɔde ma no yɛ anigye no, ɛda adi pefee sɛ mmɔden a ɛte saa a efi komam no ntumi nyi ohia mfi hɔ korakora. Ɛwom sɛ aban ahorow a wɔyɛ den ne amanaman ntam akuw akɛse a wɔde mmoa ma wɔ atoyerɛnkyɛm bere mu atumi abrɛ ohia ano ase kakra de, nanso wontumi ntuu ohia a ɛwɔ hɔ fi teteete yi ase koraa. Enti, yebetumi abisa sɛ, Dɛn na ebetumi atu ohia ne ɔhaw afoforo a adesamma hyia no ase?

Bible Nkyerɛkyerɛ Ma Yenya Nea Ɛbɛboa Yɛn Daa

Nsɛmpa no ka sɛ na Yesu Kristo taa yɛ ahiafo ne wɔn a wɔwɔ ahiade afoforo papa. (Mateo 14:14-21) Nanso, adwuma bɛn na ɔde sii n’ani so titiriw? Bere bi a na Yesu de bere kakra aboa ahiafo awie no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Momma yɛnkɔ baabi foforo, nkurow a ɛbemmɛn ha no mu na menkɔka asɛm no wɔ hɔ nso.” Dɛn nti na Yesu gyaee adwuma a na ɔyɛ de boa ayarefo ne ahiafo no na ɔsan kɔtoaa n’asɛnka adwuma no so? Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Eyi [asɛmpaka adwuma no] nti na wɔsomaa me.” (Marko 1:38, 39; Luka 4:43) Ɛwom sɛ na ahiafo a Yesu bɛyɛ wɔn papa no ho hia no de, nanso na n’adwuma titiriw ne sɛ ɔbɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm.—Marko 1:14.

Esiane sɛ Bible hyɛ Kristofo nkuran sɛ wonni ‘Yesu anammɔn akyi pɛɛ’ nti, sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ pɛ sɛ wɔde mmoa a ɛho hia paa ma afoforo a, wɔwɔ akwankyerɛ a emu da hɔ a ɛbɛboa wɔn. (1 Petro 2:21) Wɔboa ahiafo te sɛ nea Yesu yɛe no. Nanso, Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a ɛwɔ Bible mu a wɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo no na wɔde yɛ wɔn adwuma titiriw te sɛ nea Yesu yɛe no. (Mateo 5:14-16; 24:14; 28:19, 20) Nanso, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn Asɛm no a yɛbɛka akyerɛ afoforo no som bo sen mmoa foforo biara a yɛde ma wɔn no?

Nkurɔfo asetram nsɛm a yɛte fi wiase nyinaa da no adi sɛ, sɛ nnipa te Bible mu afotu ase na wɔde yɛ adwuma a, ɛboa wɔn ma wotumi di ɔhaw ahorow a wohyia no da biara da wɔ wɔn asetram no ho dwuma yiye, a ohia nso ka ho. Afei nso, Onyankopɔn Ahenni ho asɛm a ɛwɔ Bible mu a Yehowa Adansefo ka no nnɛ no ma nkurɔfo nya daakye ho anidaso, anidaso a ɛma asetra yɛ anigye wɔ tebea a emu yɛ den sen biara mpo mu. (1 Timoteo 4:8) Ɛyɛ anidaso bɛn?

Onyankopɔn Asɛm ma yɛn daakye ho awerɛhyem sɛ: “Sɛnea [Onyankopɔn] bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo, na eyi mu na trenee bɛtra.” (2 Petro 3:13) Sɛ Bible ka “asase” ho asɛm a, ɛtɔ mmere bi a na ɛreka nnipa a wɔte so no ho asɛm. (Genesis 11:1) Enti “asase foforo” a wɔahyɛ ho bɔ sɛ trenee bɛtra mu no fa nnipa a wɔanya Onyankopɔn anim dom no ho. Onyankopɔn Asɛm san hyɛ bɔ sɛ wɔ Kristo nniso ase no, nnipa a wɔwɔ Onyankopɔn anim dom no benya daa nkwa sɛ akyɛde, na wobenya asetra a abotɔyam wom wɔ paradise asase so saa bere no. (Marko 10:30) Obiara betumi anya saa daakye a ɛyɛ anigye no bi, a ahiafo nso ka ho. Wɔ saa “asase foforo” no so no, wobeyi ohia afi hɔ korakora.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

DƐN NA YESU BƐYƐ DE ‘AGYE OHIANI’?—Dwom 72:12

ATƐNTRENEE: ‘Obedi ɔman mu amanehunufo asɛm ama wɔn, na wagye ahiafo mma nkwa, na wabubu nhyɛsofo mu pasapasa.’ (Dwom 72:4) Wobebu atɛntrenee ama nnipa nyinaa wɔ bere a Kristo bedi asase so no. Obiara remmɔ nyansakorɔn, ɔhaw a ɛma aman pii a anka wobetumi adi yiye di hia no.

ASOMDWOE: ‘Ɔtreneeni besi frɔmm, ne bere so, na asomdwoe pii bɛba akodu sɛ ɔsram nni hɔ bio.’ (Dwom 72:7) Nnipa ntam ntawntawdi ne akodi na ɛma nnipa pii di hia wɔ wiase yi mu. Kristo bɛma asomdwoe aba asase so koraa, na ɔnam so ayi nneɛma titiriw a ɛma nnipa di hia no mu biako afi hɔ.

MMƆBOROHUNU: ‘Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, na wagye ahiafo kra nkwa. Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu, na wɔn mogya bo ayɛ den n’anim.’ (Dwom 72:12-14) Abrɛfo, ahiafo, ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so bɛba abɛka adesamma abusua a wɔwɔ anigye no ho, na wɔayɛ biako wɔ Ɔhene Yesu Kristo akanni ase.

YIYEDI: ‘Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.’ (Dwom 72:16) Wɔ Kristo nniso ase no, nnipa benya nea wohia nyinaa. Aduankɔm a ɛtaa ma nnipa di hia nnɛ no befi hɔ.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Yesu maa ahiafo ahiade ho asɛm hiaa no

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Bible mu asɛm no ma nnipa nya anidaso ankasa