Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Tete Ahwɛfo Ma Wɔhwɛ Ne Nguan

Yehowa Tete Ahwɛfo Ma Wɔhwɛ Ne Nguan

Yehowa Tete Ahwɛfo Ma Wɔhwɛ Ne Nguan

“[Yehowa, NW] na ɔma nyansa, n’anom na nimdeɛ ne ntease fi ba.”—MMEBUSƐM 2:6.

1, 2. Dɛn nti na anuanom mmarima a wɔabɔ asu pɛ sɛ wonya asɛyɛde pii wɔ asafo no mu?

NICK a ɔde mfe ason asom sɛ asafo mu panyin kae sɛ: “Bere a wɔpaw me sɛ ɔpanyin no, m’ani gyee yiye. Mibuu eyi sɛ ɛyɛ hokwan a manya a mede bɛtrɛw ɔsom a mede ma Yehowa no mu. Metee nka sɛ mede no aseda ho ka wɔ nea wayɛ ama me nyinaa ho. Ná mepɛ nso sɛ meboa asafo no mufo sɛnea metumi biara, sɛnea na mpanyimfo afoforo aboa me no.” Nanso, Nick anigye nyinaa akyi no, na nneɛma bi nso haw no. Nick toaa so sɛ: “Esiane sɛ wɔpaw me no na minnya nnii mfe 30 nti, na ɛhaw me sɛ minni nhumu ne nyansa a mede bɛhwɛ asafo no so yiye.”

2 Wɔn a Yehowa paw wɔn sɛ wɔnhwɛ n’asomfo so no wɔ nneɛma pii nti a ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gye. Ɔsomafo Paulo kaee mpanyimfo a na wɔwɔ Efeso no saa nneɛma no mu biako bere a ɔfaa Yesu asɛm yi kae no: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” (Asomafo Nnwuma 20:35) Anuanom mmarima a wɔabɔ asu a wɔsom sɛ asafo mu mpanyimfo ne asomfo no nya hokwan yɛ nneɛma foforo pii ma Yehowa ne asafo no. Sɛ nhwɛso no, asafo mu asomfo yɛ adwuma boa mpanyimfo no. Asafo mu asomfo san yɛ nnwuma foforo a egye bere pii nanso ɛho hia. Ɛyɛ ɔdɔ a saa anuanom mmarima yi wɔ ma Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa na ɛka wɔn ma wɔyɛ ɔsom adwuma a mfaso wɔ so yi.—Marko 12:30, 31.

3. Dɛn nti na ebia ebinom bɛtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛbɔ wɔn ho mmɔden ma wɔde ɔsom hokwan ahorow ama wɔn wɔ asafo no mu?

3 Na Kristoni barima a wabɔ asu a ebia ɔbɛtwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛbɔ ne ho mmɔden na ama wɔapaw no sɛ asafo mu somfo, na akyiri yi wabɛyɛ ɔpanyin esiane sɛ ɔte nka sɛ ɔmfata nti no nso ɛ? Ebia ɛhaw no sɛ onni nhumu ne nyansa a ɛbɛma wayɛ ɔhwɛfo a ɔfata te sɛ nea na Nick adwene yɛ no no ara pɛ. So woka anuanom mmarima a wɔabɔ asu a wɔn adwene yɛ wɔn saa no ho? Sɛ saa na w’adwene yɛ wo a, ɛnyɛ nwonwa. Efisɛ mpanyimfo a wɔapaw wɔn no bebu sɛnea wɔrehwɛ nguan no ho akontaa akyerɛ Yehowa. Yesu kae sɛ: “Obiara a wɔmaa no pii no wobebisa pii afi ne hɔ; na nea nkurɔfo de pii hyɛɛ ne nsa no wɔbɛhwehwɛ nea ɛboro so afi ne nkyɛn.”—Luka 12:48.

4. Mmoa bɛn na Yehowa de ma wɔn a ɔpaw wɔn sɛ wɔnhwɛ n’asomfo so no?

4 So Yehowa hwɛ kwan sɛ wɔn a ɔpaw wɔn sɛ asafo mu asomfo ne mpanyimfo no ankasa de wɔn ahoɔden bɛyɛ wɔn adwuma a ɛyɛ den no a wonnya mmoa biara? Ɛnte saa, mmom no, ɔma wɔn mmoa a ɛbɛma wɔatumi de ayɛ wɔn adwuma a ɛyɛ den no na wɔayɛ no yiye nso. Sɛnea yesusuw ho wɔ asɛm a edi eyi anim no, Yehowa ma wɔn ne honhom kronkron, na aba a ɛsow no boa wɔn ma wotumi hwɛ n’asomfo so wɔ ayamye mu. (Asomafo Nnwuma 20:28; Galatifo 5:22, 23) Yehowa san ma wɔn nyansa, nimdeɛ ne nhumu nso. (Mmebusɛm 2:6) Ɔkwan bɛn na ɔfa so yɛ eyi? Momma yensusuw akwan abiɛsa a Yehowa fa so tete nnipa a ɔpaw wɔn sɛ wɔnhwɛ n’asomfo so no ho.

Yehowa Fa Ahwɛfo a Wɔn Ho Akokwaw So Tete Wɔn

5. Dɛn nti na na Petro ne Yohane yɛ ahwɛfo a wotu mpɔn?

5 Bere a na asomafo Petro ne Yohane gyina Sanhedrin no anim no, saa asɛnnibea no atemmufo a wɔwɔ wiase nyansa no buu saa mmarima no sɛ wɔyɛ “nnipa a wonsuaa nhoma na wɔyɛ mpapahwekwa.” Ná ɛnyɛ nokware saa, na wonim akenkan ne akyerɛw, nanso na wonsuaa Kyerɛwnsɛm no wɔ rabifo sukuu biara mu. Ɛno mpo no, na Petro ne Yohane ne asuafo afoforo no ada no adi sɛ wɔyɛ akyerɛkyerɛfo a wonim nkyerɛkyerɛ yiye, na wɔn nkyerɛkyerɛ no kaa wɔn a wotiee wɔn no pii koma ma wɔbɛyɛɛ gyidifo. Ɛyɛɛ dɛn na saa mmarima mpapahwekwa yi bɛyɛɛ akyerɛkyerɛfo a wonim adekyerɛ yiye saa? Bere a atemmufo no tiee Petro ne Yohane wiei no “wofii ase huu wɔn yiye sɛ na wɔka Yesu ho.” (Asomafo Nnwuma 4:1-4, 13) Nokwarem no, na honhom kronkron wɔ wɔn so. (Asomafo Nnwuma 1:8) Nanso, atemmufo a na wɔn ani afura wɔ honhom fam no mpo hui sɛ na Yesu atete saa mmarima no ampa. Bere a na Yesu ne asomafo no wɔ asase so no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛnea wɔbɛboaboa nnipa a wɔte sɛ nguan ano ne sɛnea wɔbɛhwɛ wɔn so bere a wɔabɛka wɔn ho wɔ asafo no mu nso.—Mateo 11:29; 20:24-28; 1 Petro 5:4.

6. Ntetee a wɔde ma afoforo ho nhwɛso bɛn na Yesu ne Paulo yɛe?

6 Wɔ Yesu wusɔre akyi no, ɔkɔɔ so tetee saa mmarima a na wapaw wɔn sɛ ahwɛfo no. (Adiyisɛm 1:1; 2:1–3:22) Sɛ nhwɛso no, ɔno ankasa paw Paulo, na ɔhwɛ ma wɔtetee no. (Asomafo Nnwuma 22:6-10) Paulo ani sɔɔ ntetee a onyae no, na ɔno nso de nea na wasua no kyerɛkyerɛɛ mpanyimfo afoforo. (Asomafo Nnwuma 20:17-35) Sɛ nhwɛso no, ɔde ne bere ne n’ahoɔden pii tetee Timoteo ma ɔbɛyɛɛ “odwumayɛni” wɔ Onyankopɔn som mu ‘a ɔmfɛre hwee.’ (2 Timoteo 2:15) Saa mmarima yi nyaa abusuabɔ a emu yɛ den. Ná Paulo adi kan aka Timoteo ho asɛm sɛ: “Ɔne me somee te sɛ abofra ne ne papa de trɛw asɛmpa no mu.” (Filipifo 2:22) Paulo anyɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ Timoteo anaa nnipa foforo biara n’ankasa suani. Mmom no, ɔhyɛɛ ne mfɛfo gyidifo nkuran sɛ ‘wonsuasua no sɛnea ɔno nso suasuaa Kristo no.’—1 Korintofo 11:1.

7, 8. (a) Osuahu bɛn na ɛkyerɛ sɛ sɛ mpanyimfo suasua Yesu ne Paulo a, ɛsow aba pa? (b) Bere bɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo fi ase tete wɔn a wobetumi abɛyɛ asafo mu asomfo ne mpanyimfo no?

7 Ahwɛfo a wɔn ho akokwaw fi wɔn pɛ mu de ntetee ma anuanom mmarima a wabɔ asu ma ɛsow aba pa saa ara de suasua Yesu ne Paulo. Susuw Chad asɛm no ho hwɛ. Wɔtetee no wɔ abusua a emufo nni ɔsom biako mu mu, nanso wɔapaw no sɛ ɔpanyin nnansa yi ara. Chad kae sɛ: “Mpanyimfo bi a wɔn ho akokwaw de mfe pii boaa me ma minyaa nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu. Esiane sɛ na me papa nni asafo no mu nti, saa mpanyimfo no maa wɔn ani kuu me ho titiriw na wɔde meyɛɛ wɔn ba wɔ honhom fam. Wogyee bere tetee me wɔ asɛnka adwuma no mu, na akyiri yi, ɔpanyin biako bi tetee me ma meyɛɛ dwumadi ahorow a wɔde hyɛɛ me nsa wɔ asafo no mu no.”

8 Sɛnea Chad asɛm no kyerɛ no, mpanyimfo a wɔwɔ nhumu fi ase tete anuanom mmarima a wobetumi abɛyɛ asafo mu asomfo ne mpanyimfo bere tenten ansa na saa mmarima yi anya nkɔso afata ama ɔsom hokwan a ɛtete saa no. Dɛn nti na ɛho hia saa? Efisɛ Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔfata sɛ asafo mu asomfo ne mpanyimfo no yɛ wɔn a wɔbɔ bra pa na wɔyɛ nea Bible hwehwɛ wɔ wɔn ho ansa na wɔapaw wɔn ma wɔasom. Ɛsɛ sɛ ‘wɔsɔ wɔn hwɛ ansa.’—1 Timoteo 3:1-10.

9. Asɛyɛde bɛn na mpanyimfo a wɔn ho akokwaw no wɔ, na dɛn ntia?

9 Sɛ wɔbɛsɔ anuanom mmarima a wɔabɔ asu no ahwɛ a, ɛyɛ papa sɛ wodi kan tete wɔn. Mfatoho bi ni: Sɛ wɔka kyerɛ sukuuni bi sɛ ɔnyɛ sɔhwɛ bi a ɛyɛ den a akyerɛkyerɛfo no nkyerɛɛ no ɛho biribiara a, so sukuuni no betumi atwa sɔhwɛ no? Akyinnye biara nni ho sɛ ontumi ntwa. Enti, ntetee ho hia. Nanso, akyerɛkyerɛfo pa nkyerɛ sukuufo ade sɛnea ɛbɛyɛ a wobetwa wɔn sɔhwɛ kɛkɛ, na mmom sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde nimdeɛ a wonya no bɛbɔ wɔn bra nso. Saa ara na mpanyimfo a wɔyɛ nsi boa anuanom mmarima a wɔabɔ asu ma wonya su a ɛbɛma wɔafata sɛ wɔpaw wɔn sɛ asafo mu asomfo ne mpanyimfo denam ntetee pɔtee a wɔde ma wɔn so. Ɛnyɛ nea enti a wɔde ntetee ma saa anuanom no nko ne sɛ wɔbɛfata ma wɔapaw wɔn sɛ asafo mu asomfo anaa mpanyimfo, na mmom sɛ wobetumi ahwɛ Onyankopɔn asomfo no so yiye nso. (2 Timoteo 2:2) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ anuanom mmarima a wɔabɔ asu no nso bɔ wɔn ho mmɔden na wɔyɛ adwumaden na ama wɔadu nea wɔhwehwɛ sɛ obi du ho na ama wɔapaw no sɛ asafo mu ɔsomfo anaa ɔpanyin no ho. (Tito 1:5-9) Nanso, ahwɛfo a wɔn ho akokwaw betumi afi wɔn pɛ mu aboa wɔn a wɔreyɛ afata ama ɔsom hokwan wɔ asafo no mu ma wɔanya nkɔso ntɛmntɛm na ama wɔadu saa ahwehwɛde no ho.

10, 11. Ahwɛfo bɛyɛ dɛn atumi atete afoforo ma wɔanya ɔsom hokwan afoforo?

10 Dɛn pɔtee na ahwɛfo a wɔn ho akokwaw no betumi ayɛ de atete afoforo ma wɔayɛ nnwuma ahorow wɔ asafo no mu? Nea edi kan ne sɛ wɔbɛkyerɛ anuanom mmarima a wɔwɔ asafo no mu ho anigye, denam asɛnka adwuma no a wɔne wɔn bɛbom ayɛ daa so, na wɔaboa wɔn ma wɔatu mpɔn wɔ sɛnea wokura “nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.” (2 Timoteo 2:15) Ahwɛfo a wɔn ho ahokokwaw no ne saa anuanom mmarima no bɔ nkɔmmɔ na wɔma wohu anigye a wobetumi anya afi afoforo a wɔbɛsom wɔn no mu, ne anigye a ahwɛfo no ankasa nya wɔ Onyankopɔn som mu botae ahorow a wɔde sisi wɔn anim na wodu ho no. Wofi ayamye mu nso de nyansahyɛ ahorow pɔtee a ɛfa sɛnea onuabarima bi betumi anya nkɔso na wabɛyɛ ‘nhwɛso ama nguankuw’ no ma.—1 Petro 5:3, 5.

11 Sɛ wonya paw onuabarima bi sɛ asafo mu ɔsomfo a, ahwɛfo a wonim nyansa kɔ so tete no. Bruce a wasom sɛ ɔpanyin bɛyɛ mfe 50 no ka sɛ: “M’ani gye ho sɛ me ne asafo mu somfo bi a wɔapaw no foforo bɛtra ase na yɛahwehwɛ akwankyerɛ ahorow a akoa nokwafo ne ɔbadwemma no de ama no mu. Yɛkenkan adwuma biara a wɔde ama no no ho akwankyerɛ na afei mede anigye ne no bom yɛ adwuma no ara kosi sɛ obehu n’adwuma no yiye.” Sɛ asafo mu ɔsomfo no hu adwuma no yiye a, wobetumi atete no nso ma wahu sɛnea wɔyɛ ahwɛfo adwuma no. Bruce toa so sɛ, “Sɛ me ne asafo mu ɔsomfo bi kɔsrasra anuanom a, meboa no ma ɔpaw kyerɛw nsɛm pɔtee bi a ɛbɛhyɛ onua anaa abusua a yɛrekɔsra wɔn no nkuran na akanyan wɔn. Sɛ asafo mu ɔsomfo bi bɛba abɛyɛ ɔhwɛfo a otu mpɔn a, ɛho hia sɛ osua sɛnea wɔde Kyerɛwnsɛm no di dwuma ma ɛka nnipa koma.”—Hebrifo 4:12; 5:14.

12. Ahwɛfo a wɔn ho akokwaw bɛyɛ dɛn atumi atete mpanyimfo a wapaw wɔn foforo no?

12 Ahwɛfo a wɔapaw wɔn foforo no nso nya mfaso kɛse fi ntetee a wɔkɔ so de ma wɔn no mu. Nick a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Ntetee a ahwɛfo baanu bi a wɔn mfe akɔ anim de maa me no boaa me yiye. Ná saa anuanom yi nim sɛnea wodi nsɛm bi ho dwuma yiye. Sɛ meka biribi na wɔne me nyɛ adwene mpo a, na wɔtɔ wɔn bo ase tie me na wosusuw nea meka no ho anibere so. Misuaa nneɛma pii fii sɛnea wɔne anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ asafo no mu dii nsɛm wɔ ahobrɛase ne obu mu no mu. Saa mpanyimfo yi boaa me ma mihuu sɛnea ɛho hia sɛ mede Bible no di dwuma ahokokwaw mu bere a meredi ɔhaw ahorow ho dwuma anaa merehyɛ afoforo nkuran no.”

Yehowa Fa Bible So Tete Wɔn

13. (a) Dɛn na onua bi hia na ama watumi ayɛ ɔhwɛfo a otu mpɔn? (b) Dɛn nti na Yesu kae sɛ: “Nea mekyerɛkyerɛ no nyɛ me dea”?

13 Nokwarem no, mmara, nnyinasosɛm ne nhwɛso ahorow a ɔhwɛfo bi hia na ama ‘wafata koraa a wasiesie no yiye ama adwuma pa biara’ wɔ Onyankopɔn Asɛm Bible mu. (2 Timoteo 3:16, 17) Onua bi betumi ayɛ obi a onim nhoma yiye, nanso ɛyɛ Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ a ɔwɔ ne sɛnea ɔde di dwuma no na ɛboa no ma ɔyɛ ɔhwɛfo a otu mpɔn. Susuw Yesu nhwɛso no ho hwɛ. Ná ɔno ne obi a ɔwɔ nimdeɛ, nhumu, na ɔyɛ ɔhwɛfo a onim nyansa sen biara a watra asase so pɛn; nanso wamfa ne ho anto n’ankasa nyansa so bere a ɔrekyerɛkyerɛ Yehowa asomfo no. Ɔkae sɛ: “Nea mekyerɛkyerɛ no nyɛ me dea, na mmom nea ɔsomaa me no dea.” Dɛn nti na Yesu de anuonyam maa ne soro Agya no? Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nea n’ankasa bɔ ne tirim kasa no hwehwɛ n’ankasa anuonyam.”—Yohane 7:16, 18.

14. Dɛn na ahwɛfo bɛyɛ de akyerɛ sɛ wɔnhwehwɛ wɔn ankasa anuonyam?

14 Ahwɛfo a wɔyɛ anokwafo nnhwehwɛ wɔn ankasa anuonyam. Wɔmmfa wɔn afotu ne wɔn nkuranhyɛ nnyina wɔn ankasa nyansa so na mmom Onyankopɔn Asɛm so. Wɔte ase sɛ ɔhwɛfo adwuma ne sɛ ɔbɛboa Onyankopɔn asomfo ma wɔanya “Kristo adwene” na ɛnyɛ mpanyimfo no adwene. (1 Korintofo 2:14-16) Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔpanyin bi reboa awarefo bi ma wɔasiesie wɔn aware mu nsɛmnsɛm na wamfa n’afotu no annyina Bible mu nnyinasosɛm ne nsɛm a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ama so, na mmom ɔde gyina n’ankasa suahu so a, dɛn na ɛbɛba? (Mateo 24:45) Nea ɛbɛba ne sɛ, ebia obegyina ne kurom hɔ amammerɛ ne ne nimdeɛ kakra a ɔwɔ no so titiriw na ebetu fo. Nokwarem no, ɛnyɛ amammerɛ nyinaa na ɛnyɛ papa, na ebia ɔpanyin no wɔ asetram osuahu pii nso. Nanso, Onyankopɔn asomfo nya mfaso kɛse bere a ahwɛfo no hyɛ wɔn nkuran sɛ wontie Yesu nne ne Onyankopɔn Asɛm mmom sen sɛ wobedi nnipa adwene anaa amammerɛ akyi.—Dwom 12:6; Mmebusɛm 3:5, 6.

Yehowa Fa “Akoa Nokwafo ne Ɔbadwemma” no So Tete Wɔn

15. Adwuma bɛn na Yesu de hyɛɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nsa, nanso dɛn ne ade biako nti a akoa kuw no atumi ayɛ adwuma no yiye?

15 Ná ahwɛfo te sɛ Petro, Yohane, ne Paulo a na wɔyɛ asomafo no nyinaa ka kuw a Yesu frɛɛ wɔn “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ho. Yesu nuanom a wɔde honhom asra wɔn a wɔwɔ asase so a wɔwɔ anidaso sɛ wɔne Kristo bedi hene wɔ soro no na wɔbom yɛ akoa kuw no. (Adiyisɛm 5:9, 10) Wɔ wiase yi nna a edi akyiri yi mu no, Kristo nuanom a wɔaka wɔ asase so no dodow so atew koraa. Nanso, adwuma a Yesu de hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔnka Ahenni no ho asɛmpa ansa na awiei no aba no mu atrɛw kɔ akyiri nnɛ sen bere biara. Ɛwom sɛ akoa kuw no mufo dodow so atew de, nanso wɔayɛ adwuma no yiye ma ayɛ nwonwa! Adɛn ntia? Nea ama atumi ayɛ yiye saa no fã bi ne ntetee a wɔde ama “nguan foforo” no mufo ma wɔboa wɔn wɔ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu no. (Yohane 10:16; Mateo 24:14; 25:40) Ɛnnɛ, saa nguan foforo anokwafo kuw yi na wɔyɛ adwuma no fã kɛse no ara.

16. Ɔkwan bɛn so na akoa kuw no tete mmarima a wɔapaw wɔn no?

16 Ɔkwan bɛn na akoa kuw no fa so de saa ntetee yi ma? Wɔ afeha a edi kan no mu no, wɔmaa akoa kuw no ananmusifo no tumi sɛ wɔntete asafo no mu mmarima na wɔmpaw wɔn sɛ ahwɛfo, na ahwɛfo no nso ntete asafo no mufo no. (1 Korintofo 4:17) Saa ara na ɛrekɔ so nnɛ. Sodikuw no a ɛyɛ mpanyimfo a wɔasra wɔn no mu nnipa kakraa bi a wɔyɛ akoa kuw no ananmusifo no ma wɔn a wɔde wɔn asi wɔn ananmu no tumi sɛ wɔntete mmarima a wɔwɔ asafo mpempem a ɛwɔ wiase nyinaa mu na wɔmpaw wɔn sɛ asafo mu asomfo ne mpanyimfo. Afei nso, Sodikuw no yɛ sukuu ahorow de tete Baa Boayikuw mufo, ahwɛfo akwantufo, mpanyimfo, ne asafo mu asomfo ma wohu sɛnea wɔbɛhwɛ Onyankopɔn nkurɔfo so yiye. Wɔsan nso fa krataakyerɛw, Ɔwɛn-Aban mu nsɛm, ne nhoma afoforo te sɛ Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde * mu nsɛm so de akwankyerɛ ma.

17. (a) Dɛn na Yesu ayɛ de akyerɛ sɛ ɔwɔ akoa kuw no mu ahotoso? (b) Dɛn na asafo no mu ahwɛfo betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔwɔ akoa kuw no mu ahotoso?

17 Ná Yesu wɔ ahotoso paa wɔ akoa kuw no mu ma enti ɔpaw no sɛ ɔnhwɛ “nea ɔwɔ nyinaa so.” Nea ɔwɔ nyinaa no ne biribiara a ɛfa Onyankopɔn som ho a ɛwɔ asase so no. (Mateo 24:47) Ahwɛfo a wɔapaw wɔn no nso da no adi sɛ wɔwɔ akoa kuw no mu ahotoso denam akoa kuw no Sodikuw no akwankyerɛ a wɔde ma wɔn a wɔde yɛ adwuma no so. Nokwarem no, sɛ ahwɛfo tete afoforo, sɛ wɔma kwan ma Onyankopɔn Asɛm tete wɔn, na wɔde ntetee a akoa kuw no de ma wɔn yɛ adwuma a, wɔma biakoyɛ ba asafo no mu. Hwɛ aseda ara a yebetumi de ama sɛ Yehowa atete mmarima a wodwen Kristofo asafo no muni biara ho yiye saa!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 16 Yehowa Adansefo na wotintimii.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn na asafo mu ahwɛfo a wɔn ho akokwaw no betumi ayɛ de atete afoforo?

• Adɛn nti na ahwɛfo nnyina wɔn ankasa adwene so nkyerɛkyerɛ?

• Dɛn na ahwɛfo yɛ de kyerɛ sɛ wɔwɔ akoa kuw no mu ahotoso, na dɛn ntia?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Kristofo mpanyimfo tete mmerante a wɔwɔ asafo no mu

[Mfonini wɔ kratafa 26]

“Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no tete mpanyimfo no wɔ akwan pii so