Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔde Akokoduru Hyɛɛ Bible Akenkan Ho Nkuran

Ɔde Akokoduru Hyɛɛ Bible Akenkan Ho Nkuran

Ɔde Akokoduru Hyɛɛ Bible Akenkan Ho Nkuran

Wɔsɛee ne din, na owuu animguase wu wɔ Siberia apuei fam sare so baabi a awɔw wɔ. Nnipa kakraa bi na wɔkae no ka wɔn a wodii akoten boaa wɔn mfɛfo Greecefo ma wonyaa Onyankopɔn som mu nkɔso no ho. Ɔkannifo a ne manfo werɛ fii no yi ne Seraphim. Akokoduru a ɔdaa no adi de hyɛɛ Bible akenkan ho nkuran no ka ho bi na wokum no.

SERAPHIM traa ase bere a na Greece ka Ottoman Ahemman ho no. Sɛnea Greece Ortodɔks nhomanimfo George Metallinos kyerɛ no, saa bere no na “sukuu papa biara nni hɔ, na na nnipa dodow no ara nnim nhoma,” a asɔfo no mpo ka ho.

Ná nsonsonoe kɛse da Greece kasa a wɔkyerɛw, a ɛne Koine ne nea wɔka a egu ahorow no ntam. Nsonsonoe a ɛda kasa abien yi ntam no bɛyɛɛ kɛse araa ma na nnipa a wɔakɔ sukuu mpo nte Koine a ɛyɛ kasa a wɔde kyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no bio. Esiane ntawntawdi a ɛkɔɔ so no nti, asɔre no paw sɛ wɔde Greece kasa Koine a ɔmanfo nte ase no bedi dwuma.

Bere a nsɛm yi rekɔ so no na wɔwoo Stephanos Ioannis Pogonatus too abusua kɛse bi a wɔte Lesbos supɔw a ɛwɔ Greece no mu wɔ bɛyɛ afe 1670. Ná nnipa a wɔte supɔw yi so no mu pii di hia, na na wonnim nhoma nso. Esiane sɛ na sukuu nni hɔ nti, ɛmaa Stephanos kɔɔ ne mfiase sukuu wɔ asɔfofie a na ɛwɔ mpɔtam hɔ no. Wɔhyɛɛ no sɛ ɔsɔfokumaa wɔ Greece Ortodɔks Asɔre no mu bere a na ɔda so ara yɛ abofra no, na wɔtoo no din Seraphim.

Wɔ bɛyɛ afe 1693 mu no, ɔpɛ a na Seraphim wɔ sɛ onya nimdeɛ nti, ɛkanyan no ma ɔkɔɔ Constantinople (seesei Istanbul, Turkey). Bere bi akyi no, nimdeɛ a na ɔwɔ no maa obenyaa Greece akunini no anim dom. Ankyɛ koraa na Greece sum ase ɔmampɛ kuw bi somaa no sɛ Czar Peter Ɔkɛse a ofi Russia no nanmusifo. Seraphim akwantu a ɛde no kɔɔ Moscow san bae no maa ɔkɔɔ Europa aman pii so, faako a okohuu nsakrae a na ɛrekɔ so wɔ nyamesom ne nhomasua mu no. Wɔ afe 1698 mu no, Seraphim kɔɔ England, na ɔne wɔn a wɔwɔ London ne Oxford dii nkitaho titiriw bi. Wɔde no kɔkyerɛɛ Anglikan Asɔre no Sɔfopɔn a ɔwɔ Canterbury no. Ankyɛ koraa na Seraphim nyaa saa nkitahodi no so mfaso.

Bible a Otintimii

Bere a Seraphim wɔ England no, ohui sɛ Greecefo pii hia “Apam Foforo” (Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm) a ɛyɛ nkyerɛase foforo a asete nyɛ den. Seraphim de Bible nkyerɛase a na ɔsɔfo Maximus ayɛ bɛboro mfe 50 a atwam no dii dwuma, na ofii ase tintim Bible foforo a emu da hɔ a na ɛnyɛ den sɛ ɔmanfo bɛte ase. Ɔde anigye fii n’adwuma no ase, nanso ankyɛ na ne ho sika nyinaa sae. Onyaa anidaso bere a Ɔsɔfopɔn a ofi Canterbury hyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛma no sika biara a ohia no. Saa sika no boaa Seraphim ma ɔtɔɔ nkrataa ne afiri a wɔde tintim nhoma.

Nanso sika a onyae no boaa no ma otintim Mateo, Marko ne Luka nhoma no fã bi pɛ. Afei nsakrae a ɛbaa England amammuisɛm mu no maa Ɔsɔfopɔn a ofi Canterbury no twaa sika a ɔde boa no no mu. Seraphim abam ammu na mmom ɔhwehwɛɛ adefo bi ma wɔsɔɔ n’asen, na ɔbɔɔ ne ho mmɔden tintim Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm a na wakyerɛ ase foforo no wɔ afe 1703 mu. Fekuw a wɔtrɛw asɛmpa mu wɔ aman foforo so kasa mu (Society for Propagating the Gospel in Foreign Parts) no tuaa ɛka a ɔbɔe no bi.

Ná mfitiase Hela nkyerɛwee no ka Maximus nkyerɛase abien a akyɛ no ho. Ná ɛso, na na emu nso yɛ duru. Ná Seraphim nkyerɛase foforo no mu kyerɛwee susua, afei nso Greece kasa a na wɔka saa bere no na ɔde kyerɛwee. Ná emu nyɛ duru, na na ne bo nso nyɛ den.

Ɔmaa Ntawntawdi Bi mu Yɛɛ Den

Nhomanimfo George Metallinos ka sɛ: “Nkyerɛase foforo a Seraphim yɛe yi maa ɔmanfo nyaa wɔn ahiade ankasa. Nanso Seraphim de hokwan a onyae no kasa tiaa asɔfo a na wɔayɛ wɔn ho matew-me-ho kuw a wɔsɔre tiaa Bible a wɔbɛkyerɛ ase no.” Asɔfo no bo fuwii bere a Seraphim kae wɔ ne nkyerɛase no nnianim asɛm no mu sɛ ‘asɔfo ne asɔre mpanyimfo binom a wɔnte Greece kasa [Koine] no nti na ɔkyerɛɛ Bible no ase foforo no.’ Ɔtoaa so sɛ, ‘Honhom Kronkron betumi aboa wɔn ma wɔakenkan mfitiase nkyerɛwee no ate ase sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛka emu asɛm akyerɛ Kristofo a wonnim nhoma no.’ (The Translation of the Bible Into Modern Greek—During the 19th Century) Seraphim nam eyi so de ne ho hyɛɛ Bible nkyerɛase mu ntawntawdi a na ɛrekɔ so wɔ Greece Ortodɔks Asɔre mpanyimfo mu no mu bi.

Wɔn a na wogye di sɛ ɔmanfo honhom fam ne abrabɔ fam nkɔso gyina Bible a wɔbɛte ase so no kɔɔ afã. Afei nso wɔtee nka sɛ ehia sɛ asɔfo no ankasa nya Kyerɛwnsɛm no mu nimdeɛ a ɛkɔ akyiri. Bio nso, na wɔn a wɔtaa Bible nkyerɛase akyi no kura adwene a ɛne sɛ wobetumi de kasa biara akyerɛ nokware a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu no ase.—Adiyisɛm 7:9.

Adwene a na wɔn a wɔsɔre tia Bible nkyerɛase no kura ne sɛ, sɛ wɔma kwan ma obiara kyerɛ Bible no ase a, ɛbɛma wɔafrafra emu nsɛm mu na wɔasɛe tumi a asɔre no wɔ wɔ Bible nkyerɛkyerɛmu ne asɔre no nkyerɛkyerɛ so no. Nanso nea na ɛhaw wɔn paa ne sɛ, Protestantfo no nam Bible nkyerɛase no so regye tumi a Greece Ortodɔks Asɔre no wɔ no nkakrankakra. Asɔfo pii susuwii sɛ ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wosiw adeyɛ biara a ebia ɛbɛma Protestantfo no nsusuwii abam, a mmɔden a na Protestantfo rebɔ sɛ wɔbɛma nnipa a wonnim nhoma ate Bible no ase ka ho no kwan. Enti Bible nkyerɛase bɛyɛɛ asɛnkɛse wɔ ntawntawdi a ɛkɔɔ so wɔ Protestant som ne Ortodɔks som ntam no mu.

Ɛwom sɛ na Seraphim nni adwene biara sɛ obegyae Ortodɔks Asɔre no de, nanso ɔde akokoduru kasa tiaa anibiannaso ne adwemmɔne a na ne mfɛfo asɔfo kura no. Wɔ “Apam Foforo” a ɔkyerɛɛ ase no nnianim asɛm mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛsɛ sɛ obiara a osuro Nyankopɔn kenkan Kyerɛw Kronkron no,” sɛnea ɛbɛyɛ a “obesuasua Kristo na wayɛ aso atie ne nkyerɛkyerɛ.” Seraphim kɔɔ so kae sɛ bara a wɔbɛbara Kyerɛwnsɛm a obi besua no yɛ Ɔbonsam nsusuwii.

Seraphim Hyia Ɔsɔretia Kɛse

Bere a Seraphim nkyerɛase no duu Greece no, ɛhyɛɛ Ortodɔks Asɔre no abufuw. Wɔde wɔn nsa too Bible nkyerɛase foforo no so. Wɔhyew nkyerɛase no mu biara a wonyae, na wohunahunaa wɔn sɛ wobetu obiara a ɔwɔ bi anaa ɔkenkan bi no afi asɔre no mu. Ɔsɔfopɔn Gabriel III de ne nsa too Seraphim nkyerɛase a na wɔrekyekyɛ no so, na ɔkae sɛ ɛyɛ nkyerɛase a mfaso nni so.

Ɛwom sɛ Seraphim abam ammu de, nanso ohui sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ ahwɛyiye. Ɛmfa ho sɛ na asɔre no mu mpanyimfo de wɔn nsa ato so no, na asɔfo ne asɔremma pii ani gye ne nkyerɛase no ho. Otumi kyekyɛɛ Bible a ɔkyerɛɛ ase no. Nanso sɛɛ afei na na asɔretiafo a wɔwɔ tumi a ɔne wɔn redi asi no rebɛyere wɔn tam mu.

Nea Ɛma Wokum Seraphim

Sɛ Bible kyekyɛ a ɔhyɛɛ ho nkuran no da nkyɛn a, Seraphim de ne ho hyɛɛ ɔman anidan ne ɔmampɛ akuw bi mu. Nea ɛbɛyɛ na watumi atoa saa adeyɛ yi so no, ɔsan kɔɔ Moscow wɔ ahohuru bere mu wɔ afe 1704 mu. Ɔbɛyɛɛ Peter Ɔkɛse no adamfo, na bere bi akyi no, ɔkyerɛɛ ade wɔ Russia Adehye Sukuu (Russian Royal Academy) mu. Nanso bere a Seraphim dwenee ne Bible nkyerɛase a na wobetumi asɛe no ho no, ɔsan baa Constantinople wɔ 1705 mu.

Seraphim san tintim ne nkyerɛase no wɔ saa afe no ara mu, na oyii nnianim asɛm a na ɛwɔ nea odii kan tintimii no mu a na etia n’asɔretiafo no fii mu. Ɔde nnianim asɛm tiawa a ɛhyɛ Bible akenkan ho nkuran kaa ho. Wɔkyekyɛɛ saa nkyerɛase yi pii na kyerɛwtohɔ biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ atumfo no kasa tiae.

Nanso wɔ afe 1714 mu no, Seraphim ante asɛm pa. Alexander Helladius, Greeceni kwantufo bi a ɔsɔre tia Bible nkyerɛase no kekaa ne ho. Sɛnea ne nhoma Status Præsens Ecclesiæ Græcæ (Gyinabea a Seesei Greecefo Asɔre Wom) kyerɛ no, n’ani beree Bible nkyerɛase ne wɔn a wɔkyerɛɛ ase no so denneennen. Helladius nhoma no ti bi kaa Seraphim nkutoo ho asɛm, na ɛkyerɛe sɛ ɔyɛ owifo, osisifo, onnim nhoma, na na ne bra nso asɛe. So nsɛm yi yɛ nokware? Nhoma kyerɛwfo Stylianos Bairaktaris kae sɛ animdefo pii frɛɛ Seraphim sɛ ‘odwumayɛni kannifo a onim n’adwuma,’ na esiane sɛ na ɔwɔ nimdeɛ sen ne bere sofo nyinaa nti, wɔtaa no. Nanso nhoma a Helladius kyerɛwee no ka ho bi na Seraphim ho kyeree no no.

Wonyaa Ne Ho Adwemmɔne

Bere a Seraphim san kɔɔ Russia wɔ 1731 mu no, na Peter Ɔkɛse awu. Afei de na Greece sɔfo yi nni otumfoɔ biara ahobammɔ. Ná Ɔhemmaa Anna Ivanovna de n’ani rekaakae biribiara a ebetumi de basabasayɛ aba n’ahemman no mu. Wɔ January 1732 mu no, ɛyɛɛ huhuhuhu wɔ St. Petersburg sɛ Greeceni kwansrafo bi pɛ sɛ ɔbɔ ahemman no. Wɔde asɛm yi too Seraphim so. Wɔkyeree no kɔɔ Nevsky asɔfofie kobisabisaa no nsɛm. Ná Helladius nhoma a ɛrebɔ Seraphim sobo sɛ wadi nsɛmmɔne ahorow bi no bi wɔ asɔfofie hɔ. Seraphim kyerɛw n’anom asɛm mprɛnsa de bɔɔ wɔn nsɛm no gui. Wɔde bɛyɛ asram anum bisabisaa no nsɛm, na esiane adwemmɔne a na nnipa pii anya wɔ ne ho nti, na ɛyɛ den paa sɛ Seraphim beyi ne ho ano.

Esiane sɛ wɔannya adanse titiriw bi annyina so ammɔ Seraphim sobo nti, wɔantumi ammua no kumfo. Nanso sobo a na Helladius de abɔ Seraphim nti, na atumfo no mpɛ sɛ ɔfa ne ho di. Wotwaa Greeceni sɔfo yi asu kɔɔ Siberia. Wɔkae wɔ atemmu no mu sɛ, sobo a wɔbɔɔ no no gyina “nsɛm a Greeceni nhoma kyerɛwfo Helladius kyerɛwee no so.” Enti wɔ July 1732 mu no, wɔde Seraphim kɔɔ Siberia apuei fam a na nkɔnsɔnkɔnsɔn gu ne nsa ne ne nan, na wɔde no kɔtoo Okhotsk afiase a agye dimmɔne no mu.

Wɔ mfe abiɛsa akyi no, Seraphim wui sɛ obi a wɔmfa n’asɛm nyɛ hwee, na wɔn werɛ fii no. Ɛtɔ mmere bi a, na ne nsusuwii ne ne nneyɛe mfa kwan mu, nanso ne nkyerɛase no ka Bible pii a ɛwɔ nnɛyi Greece kasa mu no ho. * Bible a ɛwɔ nnɛyi Greece kasa mu a asete nyɛ den no bi ne New World Translation of the Holy Scriptures, a ɛsan wɔ kasa afoforo pii mu no. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn akora n’Asɛm so sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa a wɔwɔ baabiara betumi ‘anya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ’!—1 Timoteo 2:3, 4.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 26 Hwɛ “Apere a Wodi Sɛ Wobenya Bible Wɔ Nnɛyi Hela Kasa Mu,” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban, November 15, 2002, kratafa 26-29 mu no.

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Peter Ɔkɛse

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Mfonini: Courtesy American Bible Society