Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Ɔko no Yɛ Yehowa Dea’

‘Ɔko no Yɛ Yehowa Dea’

“Ɛsɛ Sɛ Yetie Onyankopɔn Mmom Sen Nnipa”

‘Ɔko no Yɛ Yehowa Dea’

NÁ ASRAAFOKUW abien a wɔn ani nhyia de rebesi ani. Esiane nsopa a na Filistifo sahene, Goliat asopa Israelfo nnafua 40 nti, na ehu akyekyere Israel mmarima no.—1 Samuel 17:1-4, 16.

Goliat teɛɛm denneennen twaa Israelfo no mpoa kae sɛ: “Munyi mo barima bi na onsian mmra me nkyɛn. Sɛ otumi ne me ko na okum me a, ɛnde yɛbɛyɛ mo nkoa; na sɛ me nso mitumi no, na mikum no a, ɛnde monyɛ yɛn nkoa na monsom yɛn. . . . Me de, mabɔ Israel mpasua ahohora nnɛ da yi, momma me ɔbarima bi na yɛnko.”—1 Samuel 17:8-10.

Tete no, na mmarima a wɔn ho yɛ den paa wɔ akodi mu no taa gyina wɔn man asraafo ananmu ko ma wɔn. Nea obedi nkonim no na na wɔbɔ no aba so. Onii a na ɔrebɔ Israelfo ahohora yi nyɛ ɔsraani bi ara kɛkɛ. Ná ɔyɛ ɔbran—ɔtamfo a ne ho yɛ hu. Nanso na Goliat nnim sɛ bere a ɔrebɔ Yehowa man asraafo ahohora no, na ɔrebɔ ne ho mmusu.

Eyi nyɛ ɔko a asraafo de besi ani ara kɛkɛ. Ná Yehowa ne Filistifo anyame no na anya asɛm. Sɛ́ anka Israel Hene Saul de akokoduru bedi n’asraafo no anim akɔko atia Onyankopɔn atamfo yi no, ɔmaa ehu kyekyeree no.—1 Samuel 17:11.

Aberantewa Bi De Ne Ho To Yehowa So

Bere a na asraafokuw no mu biara atew agyina no, aberantewa bi a na wɔapaw no dedaw sɛ ɔbɛyɛ Israel hene no kɔsraa ne nuanom a na wɔka Saul asraafo ho no. Ne din de Dawid. Bere a ɔtee Goliat nsɛm no, obisae sɛ: “Na hena po ne Filistini momonoto yi a ɔbɔ Onyankopɔn teasefo mpasua ahohora yi?” (1 Samuel 17:26) Wɔ Dawid ani so no, na Goliat gyina hɔ ma Filistifo no ne wɔn anyame no. Esiane sɛ na Dawid bo afuw nti, ɔpɛe sɛ ogyina Yehowa ne Israelfo no ananmu ne Goliat kɔko. Nanso Ɔhene Saul kae sɛ: “Wuntumi nkɔ ne Filistini no nkɔko, efisɛ wo de, woyɛ abofra.”—1 Samuel 17:33.

Hwɛ sɛnea ɛsono adwene a na Saul ne Dawid kura wɔ tebea no ho! Saul buu Dawid sɛ abofra guanhwɛfo bi a ɔpɛ sɛ ɔne ɔbran tirimmɔdenfo yi kɔko. Nanso Dawid buu Goliat sɛ onipa bi a ɔrebu Amansan Hene Yehowa animtiaa. Dawid akokoduru no gyina ahotoso a na ɔwɔ sɛ obi ntumi nni Onyankopɔn din ne Ne nkurɔfo ho fɛw mfa ne ho nni no so. Bere a na Goliat ahoɔden nti ɔrehoahoa ne ho no, na Dawid de ne ho ato Yehowa so, na onyaa Onyankopɔn adwene wɔ tebea no ho.

‘Mede Yehowa Din na Ɛreba Wo Nkyɛn’

Ná Dawid gyidi no wɔ nnyinaso pa. Ɔkaee sɛnea Onyankopɔn boaa no ma ogyee ne nguan fii osisi ne gyata anom no. Ná aberantewa guanhwɛfo no adwene si no pi sɛ saa bere yi nso Yehowa bɛboa no ma wadi Filistini ɔtamfo kɛse yi so nkonim. (1 Samuel 17:34-37) Ataabo ketewa bi ne abo nketewa anum a ɛho akokwaw na na Dawid kura a ɔde rekohyia Goliat.

Aberantewa Dawid gyinaa ahoɔden a Yehowa de ma so na ogyee adwuma a ɛyɛ den yi too ne ho so. Ɔde akokoduru ka kyerɛɛ Filistini no sɛ: ‘Wo de, wode nkrante ne peaw ne pɛmɛ na ɛreba me nkyɛn, na me de, mede asafo Yehowa, Israel mpasua a woabɔ wɔn ahohora no Nyankopɔn din na mereba wo nkyɛn. Ɛnnɛ da yi Yehowa de wo bɛhyɛ me nsa na asase nyinaa ahu sɛ Onyankopɔn bi wɔ Israel, na bagua yi nyinaa nso ahu sɛ ɛnyɛ nkrante ne peaw na Yehowa de gye nkwa, efisɛ ɔko no yɛ Yehowa dea.’—1 Samuel 17:45-47.

Ekosii dɛn? Kyerɛwtohɔ a efi honhom mu no ka sɛ: “Saa na Dawid de ataabo ne ɔbo faa Filistini no so, na ɔbɔɔ Filistini no kum no; nanso na nkrante bi nkura Dawid nsam.” (1 Samuel 17:50) Na onkura nkrante biara, nanso Yehowa Nyankopɔn de ne tumi kɛse no taa n’akyi. *

Hwɛ sɛnea gyidi a Dawid nyae wɔ Yehowa mu no so baa mfaso! Sɛ ɛho behia sɛ yɛpaw nneɛma yi—nnipa ho suro ne yɛn ho a yɛde bɛto Yehowa tumi a ɔde gye nkwa no so—mu biako a, nea yɛbɛpaw no da adi pefee: “Ɛsɛ sɛ yetie Nyankopɔn mmom sen nnipa.” (Asomafo Nnwuma 5:29) Bio nso, sɛ yenya Yehowa Nyankopɔn adwene wɔ tebea horow a ɛyɛ den ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛanya ɔhaw akɛse mpo ho adwempa.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 13 Hwɛ 2006 Calendar of Jehovah’s Witnesses, May/June de no mu.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 9]

GOLIAT KƐSE TE DƐN?

Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ 1 Samuel 17:4-7 no ka sɛ na Goliat tenten boro basafa asia—ɛboro anammɔn akron. Nea ɛma yehu Filistini yi kɛse ne n’ahoɔden ne kɔbere akotade a na ɔhyɛ no. Sɛ wɔde si nsenia so a, na emu duru boro semɛnte kotoku biako! Ná dua a ne peaw hyɛ ano no te sɛ mpuran, na na peaw no ankasa mu duru te sɛ akuma a wɔde pae gya. Ná ebetumi aba sɛ Goliat akode nkutoo mu yɛ duru sen Dawid!