Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Ne Onyankopɔn Atirimpɔw Ma Asase?

Dɛn Ne Onyankopɔn Atirimpɔw Ma Asase?

Dɛn Ne Onyankopɔn Atirimpɔw Ma Asase?

DƐN na ɛma w’ani gye sɛ wubetu mpase wɔ turo bi a nhwiren fɛfɛ a ɛyɛ huam wom mu? Dɛn nti na sɛ wuhu ɔtare a ɛyɛ fɛ anaa mmepɔw atenten a w’ani gye na wunya ahomeka? Dɛn nti na sɛ nnomaa gu nnua so resu a, wunya adagyew tie wɔn su a ɛyɛ dɛ no? Na sɛ wuhu ɔforote a ne ho yɛ fɛ sɛ ɔrehuruhuruw anaasɛ nguankuw abom yuu redidi wɔ sare so a, so w’ani nnye?

Nsɛmmisa yi nyinaa mmuae yɛ biako pɛ. Wɔbɔɔ yɛn sɛ yɛntra Paradise! Ɛhɔ na yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa hyɛɛ wɔn bra ase. Wonyaa ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛtra Paradise no fii wɔn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn hɔ, na wɔn nso de woo yɛn. Ná Yehowa nim sɛ yɛn ani begye Paradise asetra ho efisɛ ɔde su ahorow a ehia a ɛbɛma yɛn ani agye wɔ asase fɛfɛ a ɛte saa so no bɔɔ yɛn.

Dɛn nti na Yehowa bɔɔ asase? ‘Ɔnwenee asase sɛ nnipa ntra so.’ (Yesaia 45:18) ‘Asase Yɛfo’ no de paradise fie fɛfɛ, Eden turo no maa Adam ne Hawa. (Yeremia 10:12; Genesis 2:7-9, 15, 21, 22) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ nsuten, nhwiren ne nnua a ɛwɔ hɔ no maa wɔn ani gyei! Ná wohu nnomaa a wɔn ho yɛ fɛ wɔ wim ne mmoadoma sɛ wɔnenam asase so—nanso na wɔn mu biara ho nyɛ nnipa hu. Ná mpataa ne mmoa afoforo nenam nsu a emu tew mu. Nea ehia sen ne nyinaa no, na Adam ne Hawa te faako. Ná wɔbɛwo mma na wɔatrɛw Paradise fie no mu ma wɔne wɔn abusua a ɛreyɛ kɛse no abɔ fekuw ama wɔn ani agye.

Ɛwom sɛ nnɛ asase nyɛ paradise de, nanso yebetumi de atoto ofie bi a anigye wom ho. Biribiara wɔ asase a Onyankopɔn de ama yɛn yi so—kanea, ɔhyew, nsu ne aduan. Hwɛ mfaso ara a hann ne ɔhyew a efi owia mu ne ɔsram a ɛhyerɛn anadwo no ma yenya! (Genesis 1:14-18) Nneɛma bi te sɛ gyabiriw ne fango wɔ asase no mu a yebetumi de asɔ gya de aka yɛn ho hyew. Esiane kyinhyia a nsu di ne asase so nsubɔnten, atare, ne ɛpo nti, yenya nsu. Saa ara nso na sare akata asase ani te sɛ kapɛt.

Sɛnea yetumi kora aduan so wɔ fie no, saa ara na wɔakora nnuan pii wɔ asase so. Nnɔbae ne nnuaba pii a ɛwɔ asase so no ma Yehowa de ‘aduan ne anigye hyɛ yɛn koma mã.’ (Asomafo Nnwuma 14:16, 17) Esiane sɛ asase yɛ ofie a ɛfata nti, fa w’adwene bu sɛnea nneɛma bɛyɛ bere a Yehowa, “anigye Nyankopɔn no” ma ɛdan paradise no hwɛ!—1 Timoteo 1:11.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

MFONINI: Asase: NASA photo; Nsoromma: NASA, ESA and AURA/​Caltech