Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn na ɛde “amanaman nyinaa ade a wɔpɛ” no reba nokware som mu?—Hagai 2:7.

Yehowa nam odiyifo Hagai so kae sɛ: “Mɛwosow amanaman nyinaa, na amanaman nyinaa ade a wɔpɛ bɛba, na mede anuonyam mɛhyɛ ofi yi ma.” (Hagai 2:7) So ‘amanaman nyinaa a wɔrewosow’ no na ɛde amanaman nyinaa “ade a wɔpɛ”—nnipa komapafo—reba nokware som mu? Mmuae no yɛ dabi.

Susuw ade a ɛwosow amanaman no, ne nea ebefi mu aba no ho hwɛ. Bible no ka sɛ, “amanaman yɛ gyegyeegye, na aman susuw ade hunu” ho. (Dwom 2:1) “Ade hunu” a wɔkɔ so “susuw” ho anaa wɔdwennwen ho no yɛ wɔn ankasa tumidi a wɔpɛ sɛ ɛkɔ so tra hɔ no. Biribiara nwosow wɔn gye nea ɛde wɔn tumidi to asiane mu nko.

Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ a Yehowa Adansefo rebɔ ho dawuru wɔ wiase nyinaa no abɛyɛ biribi a ɛrehunahuna amanaman no. Nokwarem no, Onyankopɔn Mesia Ahenni a ɛhyɛ Yesu Kristo nsa no “bebubu [nnipa] ahenni horow no nyinaa ama asa.” (Daniel 2:44) Atemmu nsɛm a ɛka yɛn asɛnka adwuma no ho no wosow amanaman no. (Yesaia 61:2) Na ɔwosow no yɛ kɛse bere a asɛnka adwuma no mu yɛ den na enya nkɔanim no. Ɔwosow a wɔkaa ho asɛm wɔ Hagai 2:7 no yɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne?

Yɛkenkan wɔ Hagai 2:6 sɛ: “Sɛ asafo [Yehowa, NW] se ni: Pɛnkoro bio: Aka kumaa na mawosow ɔsoro ne asase ne ɛpo ne asase kesee.” Bere a ɔsomafo Paulo refa nkyekyɛm yi mu asɛm aka no, ɔkyerɛwee sɛ: “Wahyɛ bɔ sɛ: ‘Ɛbɛba bio sɛ ɛnyɛ asase nko na mɛwosow, na mmom ɔsoro nso.’ Na asɛm, ‘Ɛbɛba bio’ no kyerɛ sɛ wobeyi nneɛma a wɔrewosow no afi hɔ sɛ nneɛma a wɔayɛ, na ama nneɛma a wɔrenwosow [Ahenni] no atra hɔ.” (Hebrifo 12:26, 27) Yiw, wɔrebɛwosow mprempren nneɛma nhyehyɛe no nyinaa afi hɔ na abue kwan ama Onyankopɔn wiase foforo no.

Nnipa komapafo fi wɔn pɛ mu na ɛba nokware som mu, na ɛnyɛ wosow a wɔwosow amanaman no nti. Ade a ɛretwetwe wɔn aba Yehowa ne ne som ho no ara na ɛrewosow amanaman no, na ɛno ne wiase nyinaa asɛmpaka adwuma a ɛfa Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ no ho no. ‘Daa asɛmpa a ɛyɛ anigye’ a wɔreka ho asɛm no retwetwe nnipa komapafo ma wɔabɛsom nokware Nyankopɔn no.—Adiyisɛm 14:6, 7.

Ahenni nkrasɛm no yɛ atemmu ne nkwagye asɛm. (Yesaia 61:1, 2) Nea ebefi Ahenni nkrasɛm a wɔreka ho asɛm wɔ wiase nyinaa no mu aba no gu afã abien: amanaman a wɔbɛwosow ne aman nyinaa ade a wɔpɛ a ɛbɛba abɛhyɛ Yehowa anuonyam no.