Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Atirimpɔw Ma Asase Bɛba mu Nnansa Yi Ara

Onyankopɔn Atirimpɔw Ma Asase Bɛba mu Nnansa Yi Ara

Onyankopɔn Atirimpɔw Ma Asase Bɛba mu Nnansa Yi Ara

BERE a na Adam ne Hawa da so wɔ Paradise no, Onyankopɔn de ahyɛde yi maa wɔn sɛ: “Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so, na munni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so.”—Genesis 1:28.

Ná asase no a wɔbɛhyɛ so no nkyerɛ sɛ wɔbɛdɔw so anaa wɔbɛhwɛ ne fã ketewa bi so ara kɛkɛ. Ná ɛsɛ sɛ Adam ne Hawa ne wɔn asefo trɛw Paradise no mu kodu asase ano. Awerɛhosɛm ne sɛ nnipa baanu a wodi kan no yɛɛ bɔne ma wɔpam wɔn fii Eden turo no mu. (Genesis 3:23, 24) Nanso na ɛno nkyerɛ sɛ nnipa renhyɛ asase so ma da.

Esiane sɛ Onyankopɔn behyira nnipa asoɔmmerɛwfo nti, wɔbɛhyɛ asase so ma. Bere a Onyankopɔn hyiraa tete Israel no, wɔn nnɔbae yɛɛ yiye na wɔn nnuaba sow aba a ɛyɛ fɛ. Saa ara na yɛn asase yi bɛyɛ, ɛde nkakrankakra bɛdan paradise. Sɛnea wɔahyɛ ho bɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no, ‘asase bɛbɔ n’aduan, Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn behyira yɛn.’ (Dwom 67:6) Nea eyi kyerɛ ne sɛ, sare asase ne mmepɔw, nnua ne nhwiren, nsubɔnten ne ɛpo a ɛwɔ asase so bedi ahurusi. (Dwom 96:11-13; 98:7-9) Nwura frɔmfrɔm, nnomaa a wɔn ho yɛ fɛ, mmoa a wɔn nneyɛe yɛ nwonwa ne nnipa a wɔwɔ ayamye bɛhyɛ asase so ma.

Wiase Foforo Bɛba Nnansa Yi Ara!

Yɛabɛn wiase foforo a Yehowa Nyankopɔn ahyɛ ho bɔ no pɛɛ. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo, na eyi mu na trenee bɛtra.” (2 Petro 3:13) Sɛ ebinom kenkan Petro nsɛm no wie a, ebia wɔbɛka sɛ asase yi renyɛ paradise da. Anhwɛ a wobesusuw sɛ ɔsoro ne asase ankasa a ɛwɔ hɔ yi befi hɔ na foforo abesi ananmu. So ebetumi aba saa?

Dɛn ne “ɔsoro foforo” no? Ɛnyɛ ɔsoro ankasa a Onyankopɔn bɔe no. (Dwom 19:1, 2) Ɛnkyɛe biara na na Petro aka sɛnkyerɛnne kwan so “ɔsoro”—adesamma nniso horow a ɛkorɔn sen ɔmanfo a wodi wɔn so no—ho asɛm. (2 Petro 3:10-12) Saa “ɔsoro” yi adi adesamma huammɔ na ebetwam. (Yeremia 10:23; Daniel 2:44) “Ɔsoro foforo” a ɛbɛba abesi eyinom ananmu no ne Onyankopɔn Ahenni a Ɔhene Yesu Kristo ne ne mfɛfo adedifo 144,000 a wɔanyan wɔn kɔ soro di so no.—Romafo 8:16, 17; Adiyisɛm 5:9, 10; 14:1, 3.

“Asase foforo” a Petro kaa ho asɛm no nyɛ okyinnsoromma foforo. Yehowa bɔɔ asase yiye sɛ nnipa ntra so daa. (Dwom 104:5) Ɛtɔ mmere bi a, Bible tumi de “asase” gyina hɔ ma nnipa. (Genesis 11:1) Asase a wɔbɛsɛe no nnansa yi ara no yɛ nnipa a wɔde wɔn ho abɔ wiase bɔne yi ho no. Saa ara na wɔsɛee wiase bi a na amumɔyɛfo wom wɔ Nsuyiri a ɛbae wɔ Noa nna no mu no. (2 Petro 3:5-7) Ɛnde na “asase foforo” no yɛ dɛn? Ɛyɛ wiase bi a nnipa foforo—Onyankopɔn nokware asomfo a ‘wɔteɛ wɔn koma mu’—na wɔte mu. (Dwom 125:4; 1 Yohane 2:17) “Ɔsoro foforo” no na ɛbɛhyɛ mmara ama “asase foforo” yi. Mmarima anokwafo a wɔwɔ asase so na wɔbɛhwɛ ama wɔadi mmara a wɔbɛhyɛ no so.

Nsakrae Foforo a Ɛyɛ Nwonwa Bɛba!

Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa maa yɛn ofie a ɛyɛ fɛ bere a osiesiee asase sɛ adesamma ntra so no. N’ankasa kae sɛ nneɛma a ɔbɔe wɔ asase so nyinaa ‘yɛ papa.’ (Genesis 1:31) Satan Ɔbonsam maa Adam ne Hawa tew atua. (Genesis 3:1-5; Adiyisɛm 12:9) Nanso ɛrenkyɛ, Nyankopɔn bɛhwɛ ama atreneefo nsa aka “nkwa ankasa.” Ɛno ne “daa nkwa” wɔ asetra a ɛyɛ pɛ mu wɔ Paradise no. (1 Timoteo 6:12, 19) Afei momma yensusuw nhyira a yebenya saa bere no bi ho nhwɛ.

Wɔ Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no mu no, wobesiw Satan kwan na wanhaw adesamma. Ɔsomafo Yohane ka sɛ: “Mihui sɛ ɔbɔfo bi [ɔbɔfo panyin Mikael, anaa Yesu Kristo] fi soro resian a okura amena donkudonku no ano safe ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛse bi wɔ ne nsam. Na ɔkyeree ɔtweaseɛ no, ɔwɔ dedaw a ɔne Ɔbonsam ne Satan no, na ɔkyekyeree no mfe apem. Na ɔtow no kyenee amena no mu, na ɔtoo no mu sɔɔ ano na wantumi annaadaa amanaman no bio kosi sɛ mfe apem no bɛba awiei.” (Adiyisɛm 20:1-3; 12:12) Sɛ ahofadi a yebenya afi Satan nkɛntɛnso ase bere a ɔda amena no mu da nkyɛn a, adesamma benya nhyira foforo pii wɔ Ahenni nniso no ase.

Abɔnefosɛm, basabasayɛ, ne akodi befi hɔ. Bible hyɛ bɔ sɛ: “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, na wɔhwehwɛ ne trabea a, na onni hɔ. Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu. Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” (Dwom 37:10, 11, 29) Yehowa Nyankopɔn ‘bɛma akodi agyae akosi asase ano.’ (Dwom 46:9) Hwɛ ahobammɔ ne asomdwoe nwonwaso a wɔde ahyɛ yɛn bɔ!

Yebedi nnuan a ahoɔden wom na ɛyɛ dɛ. Odwontofo no too dwom sɛ: “Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.” (Dwom 72:16) Saa bere no, ɔkɔm a ano yɛ den renne obiara bio.

Nyarewa renhaw obiara. Nokwarem no, “ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow anaasɛ meyare.” (Yesaia 33:24; 35:5, 6) Bere a Yesu Kristo wɔ asase so no, ɔsaa akwatafo, mpakye ne anifuraefo yare. (Mateo 9:35; Marko 1:40-42; Yohane 5:5-9) Fa w’adwene bu nea ɔbɛyɛ wɔ wiase foforo no mu hwɛ! Susuw sɛnea ɛhɔ bɛyɛ anigye bere a wasa anifuraefo, asotifo, ne mum yare no ho hwɛ.

Bere a adesamma asoɔmmerɛwfo kɔ pɛyɛ mu no, ɔhaw a mpanyinyɛ de ba no befi hɔ. Yɛrenhia ahwehwɛniwa, poma, nnua a mmubuafo de nantew, mmubuafo nkongua, ayaresabea ne nnuru. Hwɛ nsakrae ara a ɛbɛba bere a yenya yɛn babunbere mu ahoɔden bio no! (Hiob 33:25) Da biara a yɛbɛda asɔre no, yɛbɛte nka sɛ yɛwɔ ahoɔden, na yɛde anigye befi ase ayɛ da foforo no mu nnwuma.

Yɛn adɔfo ne afoforo a wɔawuwu a wobenyan wɔn no bɛma yɛn ani agye. (Yohane 5:28, 29; Asomafo Nnwuma 24:15) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ anigye sɛ yɛbɛyɛ Habel, Noa, Abraham, Sara, Hiob, Mose, Rut, Dawid, Elia, Ester, ne afoforo pii atuu aba nkwa mu! Wobenyan awufo ɔpepem pii nso. Wɔn mu pii ansua Yehowa ho ade da, nanso nnipa a wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛboa wɔn ma wɔasua Onyankopɔn, n’atirimpɔw, ne ne Ba, Yesu Kristo ho ade no na wobehyia wɔn. Bere a wɔn a wɔanyan wɔn afi awufo mu no sua wɔn Bɔfo no ho ade no, Yehowa ho nimdeɛ bɛyɛ asase so ma ampa.

Nea ɛsen ne nyinaa no, yebetumi asom nokware Nyankopɔn koro no afebɔɔ. Yebenya hokwan de ‘anigye asom Yehowa,’ na yɛde biakoyɛ ayɛ adwuma abom bere a yesisi afie a ɛyɛ fɛ, yɛdɔw mfuw, na yɛhyɛ asase so ma no. (Dwom 100:1-3; Yesaia 65:21-24) Hwɛ anigye ara ɛbɛyɛ sɛ yɛrenyɛ adwumayɛhunu, na mmom yebenya asomdwoe, na yɛatra ase daa wɔ paradise fie fɛfɛ a ɛbɛhyɛ Yehowa din anuonyam no mu!Dwom 145:21; Yohane 17:3.

Adesamma Sɔhwɛ a Etwa To

Wɔ Yesu Mfirihyia Apem Ahenni mu no, ɔbɛma adesamma asoɔmmmerɛwfo nyinaa anya n’agyede afɔre no so mfaso. Bere bi akyi no, obeyi bɔne nyinaa afi hɔ na ama adesamma akɔ pɛyɛ mu. (1 Yohane 2:2; Adiyisɛm 21:1-4) Bere a wɔayi ɔhaw a Adam bɔne a ɔyɛe de bae nyinaa afi hɔ no, adesamma bɛyɛ pɛ wɔ honam, adwene, abrabɔ ne honhom mu sɛnea Onyankopɔn gyinapɛn te. Afei ‘wɔbɛba nkwa mu’ abɛtra ase daa bere a wɔakɔ pɛyɛ mu no. (Adiyisɛm 20:5) Hwɛ sɛnea eyi ne Paradise asase no bɛhyɛ Yehowa anuonyam!

Wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no akyi pɛɛ no, wobeyi Satan Ɔbonsam ne n’adaemone, anaa abɔfo bɔne no afi amena donkudonku a wɔde wɔn guu mu mfirihyia apem a atwam no mu. (Adiyisɛm 20:1-3) Wɔbɛma wɔn kwan a etwa to ma wɔatwe nkurɔfo afi Onyankopɔn ho. Ɛwom sɛ ebinom bɛyɛ bɔne de, nanso saa atuatew no renkosi hwee. Yehowa bekum pɛsɛmenkominyafo no ne Satan ne n’adaemone no nyinaa. Bɔne befi hɔ koraa. Wobeyi nnebɔneyɛfo nyinaa afi hɔ, na atreneefo benya daa nkwa.—Adiyisɛm 20:7-10.

Wobɛkɔ Hɔ Bi?

Wɔn a wɔdɔ Yehowa Nyankopɔn nyinaa benya anigye a enni awiei. Biribiara nni hɔ a ɛbɛma daa nkwa wɔ Paradise ayɛ mfonoe. Bere rekɔ so no, asetra bɛyɛ anigye kɛse, efisɛ yɛrensua Yehowa Nyankopɔn ho ade nwie da. (Romafo 11:33) Wubesua nneɛma foforo bere nyinaa, na wubenya bere pii de anya nimdeɛ. Dɛn ntia? Efisɛ worentra ase mfe 70 anaa 80 pɛ, na mmom wobɛtra ase daa.—Dwom 22:26; 90:10; Ɔsɛnkafo 3:11.

Sɛ wodɔ Nyankopɔn a, w’ani begye daa sɛ woreyɛ n’apɛde. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Na eyi ne nea Nyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so; nanso n’ahyɛde nyɛ den.” (1 Yohane 5:3) Enti mma biribiara nsiw wo kwan sɛ wobɛyɛ adetrenee a ɛsɔ Yehowa Nyankopɔn ani. Ma anidaso a ɛso bi nni a Onyankopɔn Asɛm, Bible no ka sɛ wubenya no ntra w’adwenem. Si wo bo sɛ wobɛyɛ Yehowa apɛde, na mma biribiara ntwe wo nsan da. Sɛ woyɛ saa a, wobɛtra ase ahu bere a Onyankopɔn atirimpɔw ma asase ba mu na wiase nyinaa dan paradise no.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Bere a Onyankopɔn hyiraa Israelfo no, wɔn asase sow aba pii

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Nhyira bɛn na wohwɛ kwan sɛ wubenya wɔ Paradise?