Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Pɛyɛ Mu A Yɛnantew No Ma Yenya Anigye

Pɛyɛ Mu A Yɛnantew No Ma Yenya Anigye

Pɛyɛ Mu A Yɛnantew No Ma Yenya Anigye

‘Yehowa nhyira na ɛma onipa yɛ ɔdefo, na ɔmfa yaw biara nka ho.’—MMEBUSƐM 10:22.

1, 2. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma daakye ho nsɛm gye yɛn adwene dodo?

AMERIKA nyansapɛfo bi kae sɛ: “Nea ɛbɛba daakye agye yɛn adwene ara ma . . . enti yɛn ani nsɔ nea yɛwɔ seesei.” Saa ara na mmofra a wɔpɛ sɛ wɔyɛ mpanyimfo nso te. Wobu wɔn ani gu hokwan ahorow a wɔwɔ sɛ mmofra no so, na wɔn ani mmra wɔn ho so no na wɔayɛ mpanyimfo.

2 Yehowa asomfo mpo betumi anya nsusuwii a ɛte saa. Susuw tebea a edidi so yi ho hwɛ. Yɛpɛ sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa paradise asase ho no bam. Yɛde ahopere rehwɛ asetra a yare, mpanyinyɛ, ɔyaw, ne amanehunu biara nnim no kwan. Ɛwom sɛ mfomso biara nni ho sɛ yɛbɛhwɛ nneɛma a ɛtete saa kwan de, nanso sɛ yɛma honam fam nhyira a yebenya daakye no gye yɛn adwene na yebu yɛn ani gu honhom fam nhyira a yɛwɔ seesei no so nso ɛ? Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ awerɛhow! Ebetumi ama yɛn abam abu, na ‘akwanhwɛ a ɛmma mu ntɛm no bɛma yɛabotow’ sen sɛnea yɛhwɛ kwan no. (Mmebusɛm 13:12) Asetra mu nsɛnnennen betumi ama yɛn abam abu anaa ɛbɛma yɛate nka sɛ yɛyɛ mmɔbɔ. Sɛ́ anka yebegyina tebea bɔne ano no, ɛbɛma yɛanwiinwii mmom. Sɛ yebetumi akwati eyinom nyinaa a, gye sɛ yɛdwennwen nhyira a yɛwɔ seesei no ho na yɛkyerɛ ho anisɔ.

3. Dɛn so na yɛde yɛn adwene besi wɔ adesua yi mu?

3 Mmebusɛm 10:22 ka sɛ: ‘Yehowa nhyira na ɛma onipa yɛ ɔdefo, na ɔmfa yaw bi nka ho.’ So honhom fam yiyedi a nnɛyi Yehowa asomfo anya no nyɛ ade a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ho anigye? Momma yensusuw yɛn honhom fam yiyedi no afã bi ho na yɛnhwɛ nea ɛkyerɛ ma yɛn ankasa. Sɛ yenya adagyew dwennwen sɛnea Yehowa ahyira ‘atreneefo a wɔnantew pɛyɛ mu’ no ho a, ɛbɛhyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛkɔ so de anigye asom yɛn soro Agya no mu den.—Mmebusɛm 20:7.

Nhyira Horow a Ɛma Yenya Anigye’ Nnɛ

4, 5. Bible nkyerɛkyerɛ bɛn na w’ani gye ho titiriw, na dɛn ntia?

4 Yɛanya Bible nkyerɛkyerɛ ho nokware nimdeɛ. Kristoman som ahorow no taa ka sɛ wogye Bible di nanso wonnye nea ɛkyerɛkyerɛ no ntom. Na nnipa binom mpo a wɔwɔ asɔre koro mu no adwene ntaa nhyia wɔ nea Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛ ankasa ho. Hwɛ sɛnea wɔn tebea yɛ soronko koraa wɔ Yehowa asomfo ho! Ɛmfa ho ɔman, amammerɛ, anaa abusua a yefi mu no, yɛn nyinaa som nokware Nyankopɔn a yenim ne din no. Ɔnyɛ nyame baasakoro bi a yenhu sɛnea ɔte. (Deuteronomium 6:4; Dwom 83:18; Marko 12:29) Yenim nso sɛ bere aso sɛ wosiesie Onyankopɔn amansan tumidi ho ɔsɛmpɔw no, na yɛnam yɛn mudi mu a yebekura ama no no so bɛkyerɛ sɛ yɛn ho wɔ ɔsɛmpɔw no mu bi. Yenim awufo ho nokwasɛm ma enti yensuro Onyankopɔn sɛ obi a ɔyɛ nnipa ayayade wɔ hellgya mu anaa ɔde wɔn fa ahodwiragya mu sɛnea ebinom kyerɛ no.—Ɔsɛnkafo 9:5, 10.

5 Bio nso, ɛyɛ yɛn anigye sɛ yenim sɛ nnipa nnam adannandi a ntease nnim so na ɛbaa nkwa mu. Mmom no, yɛyɛ Onyankopɔn abɔde, na ɔbɔɔ yɛn sɛ ne sɛso. (Genesis 1:26; Malaki 2:10) Odwontofo no too ne Nyankopɔn ho dwom sɛ: “Meda wo ase sɛ woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa; wo nneyɛe yɛ nwonwa, na me kra nim saa yiye.”—Dwom 139:14.

6, 7. Nsakrae bɛn na wo anaa afoforo a wunim wɔn ayɛ wɔ abrabɔ mu a mfaso aba so?

6 Yɛkwati nneyɛe ne su horow a ɛmfata. Wɔka asiane a ɛwɔ sigaretnom, asanom bebrebe, ne ɔbarima ne ɔbea nna mu ɔbrasɛe ho nsɛm pii wɔ atesɛm nkrataa mu, radio, ne television so. Nnipa taa bu nnua gu wɔn asom wɔ kɔkɔbɔ a ɛtete saa ho. Nanso sɛ nipa komapafo bi hu sɛ nokware Nyankopɔn no kasa tia nneyɛe a ɛtete saa, na odi wɔn a wɔyɛ saa no ho yaw a, dɛn na ɔyɛ? Ɛka no ma osiesie n’akwan! (Yesaia 63:10; 1 Korintofo 6:9, 10; 2 Korintofo 7:1; Efesofo 4:30) Ɛwom sɛ saayɛ ma Yehowa Nyankopɔn ani gye de, nanso onii no ankasa nya so mfaso—onya akwahosan a edi mu ne asomdwoe.

7 Ɛyɛ den paa ma nnipa pii sɛ wobegyae nneyɛe bɔne. Nanso afe biara nnipa mpempem pii yɛ saa. Wohyira wɔn ho so ma Yehowa ma wɔbɔ wɔn asu, ma enti wɔda no adi wɔ baguam sɛ wɔayi nneyɛe a Onyankopɔn ani nnye ho no nyinaa afi wɔn akwan mu. Hwɛ sɛnea ɛma yɛn nyinaa ani gye! Ɛhyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛrenyɛ bɔne ne abusude nkoa bio no mu den.

8. Bible mu afotu bɛn na ɛboa ma abusua nya anigye?

8 Abusua asetra a anigye wom. Wɔ aman pii so no, abusua asetra resɛe. Awarefo pii gyae aware, na mpɛn pii no ɛma mmofra a wɔwom no di yaw. Wɔ Europa aman bi so no, sɛ woyi mmusua 100 biara si hɔ a, emu 20 yɛ ɔwofo baako mmusua. Ɔkwan bɛn so na Yehowa aboa yɛn ma yɛanantew pɛyɛ mu wɔ abusua asetra mu? Yɛsrɛ sɛ kenkan Efesofo 5:22–6:4, na hyɛ afotu a Onyankopɔn Asɛm de ma okununom, ɔyerenom ne mma no nsow. Akyinnye biara nni ho sɛ nsɛm yi ne afoforo a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu a wɔde di dwuma no hyɛ aware mu den, ɛboa awofo ma wɔtete mmofra yiye, na ɛma wonya abusua asetra a anigye wom. So ɛno nyɛ nhyira a ɛsɛ sɛ yedi ho ahurusi?

9, 10. Ɔkwan bɛn so na daakye ho anidaso a yɛwɔ no yɛ soronko wɔ wiase no de ho?

9 Awerɛhyem a yɛwɔ sɛ ɛrenkyɛ wiase haw nyinaa betwam. Ɛmfa ho nyansahu ne mfiridwuma mu nimdeɛ soronko a wɔanya ne mmɔden a aman akannifo binom rebɔ no, wontumi nnii ɔhaw akɛse a yɛrehyia nnɛ no ho dwuma. Klaus Schwab a ɔtew ahyehyɛde bi a wɔn botae ne sɛ wobedi adesamma ahiade ho dwuma (World Economic Forum) no kae nnansa yi ara sɛ, “kɔ ara na wiase haw ahorow renya nkɔanim, nanso bere nni hɔ a yɛde bedi ho dwuma.” Ɔkaa “ɔhaw ahorow bi te sɛ amumɔyɛsɛm, abɔde mu nneɛma a yɛresɛe no, ne sikasɛm a ɛresɛe wɔ aman nyinaa so” no ho asɛm. Schwab de n’asɛm no baa awiei sɛ: “Seesei paa na wiase no rehyia ɔhaw akɛse, na ehia sɛ yɛn nyinaa ka yɛn ti pam ho de siesie.” Bere a yɛawura afeha a ɛto so 21 mu yi, adesamma nni anidaso papa biara.

10 Hwɛ sɛnea yenya abotɔyam bere a yehu sɛ Yehowa ayɛ nsiesiei a ɔnam Ne Mesia Ahenni no so bedi adesamma haw nyinaa ho dwuma no! Nokware Nyankopɔn no nam so ‘bɛma akodi agyae’ na ɔde “asomdwoe pii” aba. (Dwom 46:9; 72:7) Ɔhene a wɔasra no, Yesu Kristo, ‘begye ohiani, ne ɔmanehunufo ne ɔbrɛfo afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu.’ (Dwom 72:12-14) Aduan bebu so wɔ Ahenni nniso no ase. (Dwom 72:16) Yehowa ‘bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.’ (Adiyisɛm 21:4) Wɔde Ahenni no asi hɔ dedaw wɔ soro, na ɛrenkyɛ koraa ɛbɛkeka ne ho de adi asase so haw biara ho dwuma.—Daniel 2:44; Adiyisɛm 11:15.

11, 12. (a) So anigyede a obi di akyi no ma onya anigye daa? Kyerɛkyerɛ mu. (b) Dɛn na ɛma obi nya anigye ankasa?

11 Nea ɛde anigye ankasa ba a yebehu. Dɛn na ɛde anigye ankasa ba? Adwene ne nneyɛe ho nimdefo bi kae sɛ, nneɛma abiɛsa na ɛbom ma obi nya anigye—anigyede, dwumadi a obi anaa abusua bi de wɔn ho hyem, ne adwuma a wɔyɛ ma afoforo nya so mfaso. Wɔ nneɛma abiɛsa yi mu no, ɔkyerɛe sɛ anigyede na ɛho nhia pii, na ɔkae sɛ: “Eyi yɛ ade a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow efisɛ nnipa pii de wɔn adwene si anigyede so kɛse.” Dɛn na Bible ka wɔ eyi ho?

12 Ɔhene Salomo a odii ade wɔ tete Israel no kae sɛ: “Mekae me komam sɛ: Bra na memfa anigye mensɔ wo menhwɛ, na hu adepa! Na hwɛ, ɛno nso yɛ ahuhude. Misee ɔserew sɛ: Woabɔ dam! Na misee anigye sɛ: Dɛn na woreyɛ yi?” (Ɔsɛnkafo 2:1, 2) Wɔ Kyerɛwnsɛm mu no, anigye biara a yenya fi anigyede mu no yɛ bere tiaa mu de. Na adwuma a obi bɛyɛ nso ɛ? Yɛwɔ adwuma a mfaso wɔ so sen biara a yɛde yɛn ho hyem—Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Bere a yɛreka nkwagye asɛm a ɛwɔ Bible mu akyerɛ afoforo no, na yɛde yɛn ho rehyɛ adwuma bi a ebetumi ama yɛagye yɛn ho ne wɔn a wotie yɛn no nkwa mu. (1 Timoteo 4:16) Sɛ́ “Nyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo” no, yenim sɛ “ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” (1 Korintofo 3:9; Asomafo Nnwuma 20:35) Adwuma yi ma yenya atirimpɔw wɔ asetra mu na ɛma Ɔbɔadeɛ no nya asɛm bua Satan Ɔbonsam a ɔbɔ no ahohora no. (Mmebusɛm 27:11) Nokwarem no, Yehowa akyerɛ yɛn sɛ onyamesom pa ma yenya anigye a ɛto rentwa da.—1 Timoteo 4:8.

13. (a) Ɔkwan bɛn so na Teokrase Ɔsom Sukuu no yɛ nhyira a ɛsɛ sɛ yedi ho ahurusi? (b) Ɔkwan bɛn so na woanya Teokrase Ɔsom Sukuu no so mfaso?

13 Ntetee a ɛho hia na etu mpɔn ho nhyehyɛe a wɔayɛ. Gerhard som sɛ asafo mu ɔpanyin wɔ Yehowa Adansefo asafo bi mu. Ɔreka bere a na ɔyɛ aberante ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Meyɛ aberante no, na minnim kasa. Sɛ nneɛma hyɛ me so a, mintumi nkasa yiye, na mifi ase po dodow. Metee nka sɛ memfata, na mebotowee. M’awofo yɛɛ nhyehyɛe maa mekɔɔ sukuu a wɔkyerɛ sɛnea wɔkasa wɔ baguam nanso ankosi hwee. Ná me haw no nyɛ nipaduam de, na mmom na efi sɛnea misusuw nneɛma ho no. Nanso na Yehowa ayɛ nsiesie nwonwaso bi ho nhyehyɛe—Teokrase Ɔsom Sukuu no. Sukuu yi a mede me ho hyɛɛ mu no ma minyaa akokoduru. Mebɔɔ mmɔden de nea misuae no dii dwuma. Na ɛyɛɛ yiye! Afei mitumi kasae ma emu daa hɔ, mammotow bio na minyaa akokoduru kɛse de yɛɛ asɛnka adwuma no. Seesei mitumi ma baguam ɔkasa mpo. Nokwasɛm ni, m’ani sɔ sɛnea Yehowa nam sukuu yi so ama m’asetra atu mpɔn no.” So ɛnsɛ sɛ yedi ɔkwan a Yehowa fa so tete yɛn ma yetumi yɛ n’adwuma no ho ahurusi?

14, 15. Sɛ yɛkɔ ahohia mu a, mmoa bɛn na yebetumi anya? Ma mfatoho.

14 Yɛne Yehowa wɔ abusuabɔ na amanaman ntam onuayɛ kuw no nso boa yɛn. Asasewosow kɛse bi a ɛmaa po asorɔkye a ano yɛ den bɔe wɔ Asia anafo fam atɔe no ho asɛm maa Katrin a ɔte Germany no botowee. Bere a asiane no sii no, na ne babea wɔ Thailand. Dɔnhwerew 32 twaam a na Katrin nnim sɛ ebia ne babea no te nkwa mu anaasɛ ɔka nnipa dodow a wɔapirapira anaa wɔawuwu no ho. Hwɛ sɛnea awiei koraa no Katrin koma tɔɔ ne yam bere a wɔfrɛɛ no telefon so ka kyerɛɛ no sɛ hwee anyɛ ne babea no!

15 Dɛn na ɛboaa Katrin wɔ n’ahoyeraw bere no mu? Ɔkyerɛw sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ mede nnɔnhwerew yi nyinaa bɔɔ Yehowa mpae. Mpae a mebɔe no ma minyaa ahoɔden ne asomdwoe kɛse. Bio nso, me honhom fam anuanom a wɔdɔ me no bɛsraa me na wɔboaa me.” (Filipifo 4:6, 7) Sɛ ɛnyɛ Yehowa mpae a ɔbɔe ne awerɛkyekye a onya fii ne honhom fam anuanom a wɔdɔ no no nkyɛn a, hwɛ sɛnea anka obedi awerɛhow saa bere no mu! Abusuabɔ pa a yɛne Yehowa ne ne Ba no wɔ ne fekubɔ a yɛne Kristofo nya no yɛ nhyira nwonwaso, enti ɛnsɛ sɛ yɛtoto no ase!

16. Ma osuahu a ɛkyerɛ sɛnea owusɔre anidaso no som bo fa.

16 Anidaso a yɛwɔ sɛ yebehu yɛn adɔfo a wɔawuwu no bio. (Yohane 5:28, 29) Wɔtetee aberante bi a wɔfrɛ no Matthias sɛ Yehowa Dansefo. Nanso esiane sɛ obuu n’ani guu nhyira a na onya so nti, ɔtwee ne ho fii Kristofo asafo no ho bere a na onnya nnii mfe aduonu. Ɔkyerɛwee n’asɛm sɛ: “Me ne me papa antra ase ansusuw nneɛma ho da. Ná yegye akyinnye bere nyinaa. Nanso na me papa pɛ me yiye. Na ɔdɔ me paa, nanso manhu. Wɔ afe 1996 mu, bere a na mete ne yare mpa ho a mikura ne nsam no, mede awerɛhow sui. Meka kyerɛɛ no sɛ manu me ho wɔ nea mayɛ nyinaa ho, na medɔ no paa. Nanso na ɔnte nea mereka no. Ankyɛ koraa na owui. Sɛ me ne me papa hyia wɔ owusɔre no mu a, yebesiesie yɛn ntam. Akyinnye biara nni ho sɛ n’ani begye sɛ ɔbɛte sɛ me somee sɛ asafo mu panyin, na me ne me yere nyaa hokwan somee sɛ akwampaefo.” Hwɛ nhyira ara a owusɔre anidaso no ma yenya!

‘Ɔmfa Yaw Bi Nka Ho’

17. Sɛ yɛdwennwen Yehowa nhyira ho a, dɛn na yenya fi mu?

17 Yesu Kristo kaa ne soro agya no ho asɛm sɛ: “Ɔma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa papa so na ɔma osu tɔ gu atreneefo ne abɔnefo so.” (Mateo 5:45) Sɛ Yehowa Nyankopɔn hyira nnipa abɔnefo mpo a, ɛnde na obehyira wɔn a wɔnantew pɛyɛ mu no ma aboro so! Dwom 84:11 ka sɛ: ‘Yehowa remfa adepa biara nkame wɔn a wɔnam tee no.’ Sɛ yɛdwennwen sɛnea ɔhwɛ wɔn a wɔdɔ no ne sɛnea odwen wɔn ho no ho a, hwɛ sɛnea anisɔ ne anigye hyɛ yɛn koma ma!

18. (a) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa mfa yaw nka ne nhyira ho? (b) Dɛn nti na Onyankopɔn anokwafo pii hu amane?

18 ‘Yehowa nhyira’ na ama ne nkurɔfo adi yiye wɔ honhom fam. Na ɔma yɛn awerɛhyem sɛ ‘ɔremfa yaw biara nka ho.’ (Mmebusɛm 10:22) Ɛnde dɛn nti na Onyankopɔn anokwafo pii hyia sɔhwɛ ahorow, ma enti wodi yaw na wohu amane? Nneɛma titiriw abiɛsa nti na yehyia nsɛnnennen ne amanehunu. (1) Bɔne su a yɛwɔ. (Genesis 6:5; 8:21; Yakobo 1:14, 15) (2) Satan ne n’adaemone. (Efesofo 6:11, 12) (3) Wiase bɔne yi. (Yohane 15:19) Ɛwom sɛ Yehowa ma kwan ma yehu amane de, nanso ɛnyɛ ɔno na ɔde ba yɛn so. Nokwasɛm ne sɛ, “akyɛde pa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ biara fi soro; esian fi hann Agya no nkyɛn.” (Yakobo 1:17) Yehowa nhyira mma yenni yaw.

19. Dɛn na ɛretwɛn wɔn a wɔnantew pɛyɛ mu no?

19 Sɛ yebedi yiye wɔ honhom mu a, ɛhwehwɛ sɛ yɛbɛn Nyankopɔn bere nyinaa. Sɛ yɛne no nya abusuabɔ pa a, na ‘yɛreto fapem pa asie ama daakye, na ama yɛatumi aso nkwa ankasa—daa nkwa—no mu denneennen.’ (1 Timoteo 6:12, 17-19) Wɔ Onyankopɔn wiase foforo a ɛbɛba daakye no mu no, yebenya honhom fam ne honam fam nhyira. Saa bere no, wɔn a ‘wotie Yehowa nne’ nyinaa nsa bɛka nkwa ankasa. (Deuteronomium 28:2) Sɛ yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛsom Nyankopɔn a, momma yɛnkɔ so mfa anigye nnantew pɛyɛ mu.

Dɛn na Wusuae?

• Dɛn nti na nyansa nnim sɛ yɛma nea ɛbɛba daakye no gye yɛn adwene dodo?

• Nhyira horow bɛn na yɛrenya seesei?

• Dɛn nti na Onyankopɔn asomfo anokwafo hu amane?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]