Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea “Anwenne a Ɛyɛ Mmerɛw” Som Bo

Sɛnea “Anwenne a Ɛyɛ Mmerɛw” Som Bo

Sɛnea “Anwenne a Ɛyɛ Mmerɛw” Som Bo

ƆSOMAFO Petro kyerɛwee sɛ: ‘Mo okununom, monkɔ so ne mo yerenom ntra saa ara wɔ nimdeɛ mu, na munni mmea no ni sɛ anwenne a ɛyɛ mmerɛw.’ (1 Petro 3:7) So asɛm yi, “anwenne a ɛyɛ mmerɛw” a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu no rebu mmea animtiaa wɔ ɔkwan bi so? Ma yɛnhwɛ nea ɔkyerɛwfo a honhom kaa no ma ɔkyerɛw asɛm yi no repɛ akyerɛ.

Hela edin asɛm a wɔkyerɛɛ ase “nidi” no kyerɛ “ɛbo a biribi som, . . . obu.” Ɛno nti ɛsɛ sɛ okunu a ɔyɛ Kristoni yɛ ne yere brɛbrɛ, da tema a ɛfata adi kyerɛ no sɛ ade a ɛyɛ mmerɛw—anwenne a ɛsom bo. Eyi nkyerɛ sɛ wabrɛ no ase. Sɛ nhwɛso no, susuw kanea a odwumfo bi a wɔfrɛ no Tiffany yɛe no ho hwɛ. Yebetumi aka sɛ, kanea yi yɛ fɛ paa nanso sɛ wɔanhwɛ so yiye a, ɛbɔ ntɛm. So bɔ a kanea no tumi bɔ ntɛm no kyerɛ sɛ ɛnsom bo? Dabi da! Wɔ afe 1997 mu no, wɔtɔn kanea a Tiffany dii kan yɛe no de gyee bɛyɛ dɔla ɔpepem 3! Sɛnea kanea no te no na ɛmaa ɛsom bo saa.

Saa ara na nidi a wɔde bɛma ɔbea sɛ anwenne a ɛyɛ mmerɛw no nkyerɛ sɛ wɔabrɛ no ase ɔkwan biara so. Tra a okunu ne ne yere bɛtra “nimdeɛ mu” no kyerɛ sɛ obesusuw ne yere no ahoɔden ne ne mmerɛwyɛ, nea ɔpɛ ne nea ɔmpɛ, ne nsusuwii ne ne nkate ho. Okunu a ɔwɔ tema no susuw ɔne ne yere nipasu mu nsonsonoe ho, na obu no. Ɔyɛ saa na ne “mpaebɔ kwan ansiw.” (1 Petro 3:7) Okunu a ommu ne yere no resɛe ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ. Ɛda adi pefee sɛ Onyankopɔn Asɛm mmu mmea animtiaa. Momm no, edi wɔn ni.

[Mfonini wɔ kratafa 32]

© Christie’s Images Limited 1997