Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Woasiesie Wo Ho Ama Nkwagye?

Woasiesie Wo Ho Ama Nkwagye?

Woasiesie Wo Ho Ama Nkwagye?

“Wo ne wo fi nyinaa, monkɔ adaka no mu, efisɛ wo na mahu wo ɔtreneeni m’anim, awo ntoatoaso yi mu.”—GENESIS 7:1.

1. Nkwagye ho nsiesie bɛn na Yehowa yɛe wɔ Noa bere so?

YEHOWA “de nsuyiri sɛee amumɔyɛfo wiase no” wɔ Noa bere so, nanso Ɔyɛɛ nkwagye ho nsiesie. (2 Petro 2:5) Nokware Nyankopɔn no maa ɔtreneeni Noa akwankyerɛ a emu da hɔ wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ ɔpam adaka a ɔde begye nkwa wɔ wiase nyinaa nsuyiri no mu ho. (Genesis 6:14-16) Sɛnea yɛhwɛ kwan sɛ Yehowa somfo pa biara bɛyɛ no, “Noa yɛɛ sa; sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no nyinaa.” Nokwarem no, “saa ara na ɔyɛe.” Osetie a Noa yɛe no ka ho bi nti na nnɛ yɛte ase.—Genesis 6:22.

2, 3. (a) Noa bere sofo no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ adwuma a na Noa reyɛ no ho? (b) Ahotoso bɛn na Noa de hyɛn adaka no mu?

2 Ná adaka no ho adwuma nna fam. Ɛbɛyɛ sɛ nea na Noa ne n’abusua no reyɛ no maa nkurɔfo pii ho dwiriw wɔn. Nanso ɛno amma wɔanhu sɛ na wɔn nkwagye gyina adaka no a wɔbɛkɔ mu no so. Awiei koraa no, boasetɔ a Onyankopɔn nya maa saa wiase bɔne no baa awiei.—Genesis 6:3; 1 Petro 3:20.

3 Wɔ mfe pii a Noa ne n’abusua de yɛɛ adwumaden akyi no, Yehowa ka kyerɛ Noa sɛ: “Wo ne wo fi nyinaa, monkɔ adaka no mu, efisɛ wo na mahu wo ɔtreneeni m’anim, awo ntoatoaso yi mu.” Esiane gyidi ne ahotoso a na Noa wɔ wɔ Yehowa asɛm mu nti, “Noa ne ne mma ne ne yere ne ne mma yerenom kɔɔ adaka no mu.” Yehowa too adaka no pon mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛbɔ n’asomfo no ho ban. Bere a Nsuyiri no baa asase so no, adaka no bɛyɛɛ Onyankopɔn nsiesiei a ɔnam so gyee nkwa.—Genesis 7:1, 7, 10, 16.

Nneɛma a Ɛrekɔ so Nnɛ a Ɛne Noa Nna no Di Nsɛ

4, 5. (a) Dɛn na Yesu de ne mmae no totoo ho? (b) Nsɛdi bɛn na ɛwɔ yɛn bere yi ne Noa nna no mu?

4 “Sɛnea na Noa nna no te no, saa ara na onipa Ba no mmae bɛyɛ.” (Mateo 24:37) Yesu nam nsɛm yi so kyerɛe sɛ ne mmae a aniwa nhu no bɛyɛ sɛ Noa nna no, na saa pɛpɛɛpɛ na ɛte. Efi afe 1919 titiriw no, wɔaka kɔkɔbɔ nsɛm a Noa kae no bi akyerɛ nnipa a wɔwɔ aman nyinaa mu. Nnipa dodow no ara yɛ wɔn ade te sɛ Noa bere sofo no.

5 Yehowa nam Nsuyiri no so sɛee wiase a na “anuɔden anaa awudisɛm ahyɛ so ma” no. (Genesis 6:13) Noa ne n’abusua no amfa wɔn ho anhyɛ basabasayɛ a na ɛrekɔ so saa bere no mu, mmom no wɔkɔɔ so yɛɛ adaka no ho adwuma asomdwoe mu maa wɔn a na wɔwɔ hɔ no nyinaa huu wɔn. Saa ara na ɛte wɔ yɛn mmere yi mu. Ɛnnɛ nkurɔfo tumi “hu nsonoe a ɛda ɔtreneeni ne ɔbɔnefo ntam, ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no no ntam.” (Malaki 3:18) Esiane nokwaredi, ayamye, asomdwoe, ne nsi a Yehowa Adansefo da no adi nti, nkurɔfo a wɔwɔ wɔn ho adwempa na wohu wɔn nneyɛe no bu wɔn, na su yi a wɔda no adi no ma wohu nsonoe a ɛda Onyankopɔn nkurɔfo ne wiase no ntam no. Adansefo no kwati awudisɛm nyinaa na wɔma Yehowa honhom kyerɛ wɔn kwan. Eyi nti na wɔwɔ asomdwoe na wodi trenee akyi no.—Yesaia 60:17.

6, 7. (a) Dɛn na Noa bere sofo no anhu, na ɔkwan bɛn so na ɛne nnɛ bere yi di nsɛ? (b) Nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛ wonim Yehowa Adansefo sɛ wɔda nsow?

6 Noa bere sofo no anhu sɛ na Onyankopɔn taa n’akyi, na na ɔredi n’akwankyerɛ so. Ɛno nti wɔamfa Noa asɛm no aniberesɛm na wɔanyɛ ne kɔkɔbɔ no ho hwee. Na ɛnnɛ nso ɛ? Ɛwom sɛ nnipa pii ani gye adwuma a Yehowa Adansefo reyɛ no ne wɔn abrabɔ ho de, nanso pii mfa asɛmpa a wɔka ne Bible mu kɔkɔbɔ nsɛm no aniberesɛm. Mpɛn pii no, afipamfo, adwumawuranom, anaa abusuafo ka suban pa a nokware Kristofo da no adi no ho asɛm pa, na ɛno akyi no wɔka sɛ, “Nanso wɔyɛ Yehowa Adansefo!” Wɔn a wohu Adansefo nneyɛe no nnim sɛ ɛyɛ Onyankopɔn honhom kronkron no na ɛma wɔda su ahorow bi te sɛ ɔdɔ, asomdwoe, ayamye, papayɛ, odwo, ne ahosodi adi no. (Galatifo 5:22-25) Ɛsɛ sɛ su pa a wɔda no adi no ka nkurɔfo ma wogye asɛm a wɔka no di.

7 Wɔ Russia sɛ nhwɛso no, na Yehowa Adansefo resi Ahenni Asa bi. Ɔbarima bi a na ɔretwam no gyinae ne wɔn mu baako kasae, na ɔkaa adwuma no ho asɛm sɛ: “Anwonwasɛm bɛn ara ni, obiara nnom sigaret, wɔnka kasafĩ, na obiara mmoroo nsa! Woyɛ Yehowa Danseni anaa?” Odwumayɛni no buae sɛ, “Sɛ meka sɛ dabi a, wubegye adi?” Ɔbarima no kaa ntɛm ara sɛ, “Minnye nni.” Wɔ Russia kurow foforo so no, kurow no sohwɛfo ani gyee Adansefo ho kɛse bere a ohui sɛ wɔresi wɔn Ahenni Asa foforo no. Ɔkae sɛ, bere bi a atwam no na obu asɔre nyinaa pɛ, nanso bere a ohuu nsi ne koma pa a Yehowa Adansefo de reyɛ adwuma no, ɔsesaa n’adwene. Eyinom yɛ nhwɛso abien a ɛkyerɛ sɛ Yehowa nkurɔfo da nsow koraa wɔ wɔn a wɔmfa Bible mmara mmɔ wɔn bra no ho.

8. Nkwa a yebenya wɔ wiase bɔne yi awiei no gyina dɛn so?

8 Ansa na wɔde Nsuyiri rebɛsɛe “tete wiase” no, na Noa yɛ “trenee sɛnkafo” nokwafo. (2 Petro 2:5) Wɔ nneɛma nhyehyɛe yi nna a edi akyiri mu no, Yehowa nkurɔfo reda Ne trenee gyinapɛn ahorow adi na wɔreka nkwa a wobetumi anya wɔ wiase foforo mu no ho asɛmpa. (2 Petro 3:9-13) Sɛnea wɔkoraa Noa ne n’abusuafo a wosuro Nyankopɔn so wɔ adaka no mu no, saa ara na nnɛ nso, wɔbɛkora obiara a ɔbɛkyerɛ gyidi na wadi Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so nokware no so.

Gyidi Ho Hia na Ama Yɛanya Nkwa

9, 10. Dɛn nti na gyidi ho hia na ama yɛanya nkwa wɔ ɔsɛe a ɛreba Satan nneɛma nhyehyɛe yi so no mu?

9 Sɛ obi benya nkwa wɔ ɔsɛe a ɛreba wiase a ɛda Satan tumi mu no so mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ? (1 Yohane 5:19) Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ ohu hia a ehia sɛ onya ahobammɔ no. Ɛno akyi no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ nea ɛbɛma wanya ahobammɔ. Noa bere sofo no kɔɔ so yɛɛ wɔn nnwuma sɛnea na wɔyɛ no daa no, na wɔanhu hia a na ehia sɛ wɔhwehwɛ ahobammɔ wɔ ɔsɛe a na ɛreba no mu. Ná wohia biribi nso—Onyankopɔn mu gyidi.

10 Nea ɛne eyi bɔ abira no, na Noa ne n’abusua no nim sɛ wohia ahobammɔ ne ogye. Wɔkyerɛɛ gyidi nso wɔ Yehowa Nyankopɔn, Amansan Hene no mu. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Gyidi nni hɔ a, obi ntumi nsɔ Onyankopɔn ani, efisɛ ɛsɛ sɛ nea ɔba ne nkyɛn no gye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔn ani bere hwehwɛ no no katuafo.” Paulo de kaa ho sɛ: “Gyidi nti bere a wɔmaa Noa Onyankopɔn kɔkɔbɔ a ɛfa nneɛma a wonnya nhui ho no, ɔdaa Onyankopɔn ho suro adi na ɔyɛɛ adaka a wɔde begye ne fiefo nkwa; na ɔnam saa gyidi yi so buu wiase no fɔ, na ɔbɛyɛɛ trenee a ɛnam gyidi so ho dedifo.”—Hebrifo 11:6, 7.

11. Dɛn na yebetumi asua afi ɔkwan a Yehowa faa so de ahobammɔ mae wɔ mmere a atwam no mu?

11 Sɛ yebenya nkwa a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ pii sen gye a yebegye adi sɛ wɔbɛsɛe nnɛyi nneɛma nhyehyɛe bɔne no. Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ gyidi wɔ nsiesie a Onyankopɔn ayɛ ama nkwagye no mu na yenya so mfaso kosi ase. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo agyede afɔre no mu gyidi. (Yohane 3:16, 36) Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ wɔn a na wɔwɔ Noa adaka no mu nkutoo na wonyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu. Saa ara na sɛ onipakumfo a wanhyɛ da no benya ahobammɔ wɔ guankɔbea nkurow a na ɛwɔ tete Israel no mu a, gye sɛ odi kan guan kɔ kurow no bi mu na ɔkɔ so tra hɔ kosi sɛ ɔsɔfo panyin a ɔwɔ hɔ saa bere no bewu. (Numeri 35:11-32) Wɔ ɔhaw a ɛto so du a ɛbaa Misraim wɔ Mose bere so mu no, wokunkum Misrifo no mmakan, nanso wɔankum Israelfo no mma. Dɛn ntia? Ná Yehowa de akwankyerɛ ama Mose sɛ: ‘Israelfo no mfa Twam guammaa mogya no bi nsra adan a wobedi wɔ mu no apongua abien ne aponguatifi no ho. Na mo mu biara mmfi adi mmfi ne fie pon ano kosi anɔpa.’ (Exodus 12:7, 22) Ná Israelfo no mu abakan bɛn na obenya akokoduru abu n’ani agu akwankyerɛ a Onyankopɔn de ama no so apue afi ofie a wɔde mogya asra n’apongua abien ne n’aponguatifi ano no mu?

12. Asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho, na dɛn ntia?

12 Yɛwɔ biribi a yebetumi agyina so asusuw tebea a yɛn ankasa wom no ho yiye. Nokwarem no, so yɛwɔ honhom fam ahobammɔ ho nhyehyɛe a Yehowa ayɛ no mu? Sɛ ahohiahia kɛse no pae gu a, wɔn a wɔhwehwɛɛ ahobammɔ a ɛte saa no ani begye na wɔn nisu bɛdan wɔn serew. Wɔ ebinom fam no ɛbɛdan wɔn awerɛhow, osu ne yawdi.

Nsakrae a Ɛba Nkakrankakra no Siesie Yɛn

13. (a) Nsakrae ahorow a wɔayɛ wɔ ahyehyɛde no mu no adi atirimpɔw bɛn ho dwuma? (b) Kyerɛkyerɛ nsakrae a aba nkakrankakra no bi mu.

13 Yehowa de nkakrankakra ayɛ nsakrae wɔ n’ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no mu. Eyi ama Onyankopɔn som agyina pintinn, ahyɛ no anuonyam, na ama yɛn honhom fam ahobammɔ ho nhyehyɛe a wayɛ no mu ayɛ den. Efi afe 1870 besi 1932 mu no, na asafo no mufo na wɔtow aba paw mpanyimfo ne asomfo nkumaa. Wɔ afe 1932 mu no, wɔde ɔsom boayikuw a na asafo no tow aba yi wɔn ma wɔboa ɔsom adwuma kwankyerɛfo no besii mpanyimfo a na wɔnam abatow so paw wɔn no ananmu. Wɔ afe 1938 mu no, ahyehyɛde no yɛɛ nhyehyɛe ma wɔfaa teokrase kwan so paw wɔn a wɔfata sɛ wɔsom wɔ asafo no mu no. Wɔ Yehowa Adansefo Sodikuw no akwankyerɛ ase no, efi afe 1972 mu no, wɔkamfo wɔn a wɔfata no ma wɔpaw wɔn sɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo, na sɛ wɔpene wɔn so a, wɔnam teokrase kwan so kyerɛw krataa brɛ asafo no. Mmere rekɔ so no, Sodikuw no dwumadi ahorow ayɛ kɛse na wɔayɛ nsakrae pii na ama wɔatumi ayɛ adwuma no.

14. Ntetee ho nhyehyɛe bɛn na wofii ase wɔ afe 1959 mu?

14 Wɔ afe 1950 mu no, Dwom 45:16 ho a wosusuwii no ma wɔyɛɛ ntetee bi a ɛrekɔ so ho nhyehyɛe. Saa kyerɛwsɛm no kenkan sɛ: “Wo mma besi w’agyanom anan mu, wode wɔn besisi asase nyinaa so ahene.” Seesei wɔretete mpanyimfo a wodi asafo no anim ama mprempren ne Harmagedon akyi teokrase dwumadi. (Adiyisɛm 16:14, 16) Wofii Ahenni Som Sukuu no ase wɔ afe 1959 mu. Saa bere no, na woyi ɔsram biako si hɔ de kyerɛkyerɛ asafo mu asomfo, a ɛnnɛ wɔfrɛ wɔn ahwɛfo aguamtrafo no. Seesei de wɔatrɛw sukuu yi mu na wɔde ntetee ma ahwɛfo nyinaa ne asafo mu asomfo. Anuanom mmarima yi di anim de ntetee ma Yehowa Adansefo nyinaa wɔ wɔn asafo ahorow mu. Enti, wɔnam saayɛ so boa obiara wɔ honhom fam, na sɛ́ Ahenni ho asɛmpakafo no, wɔboa wɔn ma wɔn asɛnka adwuma no tu mpɔn na enya nkɔso.—Marko 13:10.

15. Akwan abien bɛn na wɔnam so ma Kristofo asafo no ho tew?

15 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ Kristofo asafo no mufo no du ahwehwɛde ahorow bi ho. Nokwarem no, wɔmma fɛwdifo kwan wɔ Kristofo asafo no mu sɛnea wɔamma wɔn kwan wɔ Noa adaka no mu no. (2 Petro 3:3-7) Efi afe 1952 titiriw no, Yehowa Adansefo aboa ma nhyehyɛe a ɛboa ma wɔbɔ asafo no ho ban no akɔ so denam tu a wotu ɔbɔnefo a ɔnkyerɛ ahonu fi asafo no mu so. Nokwarem no, wofi ɔdɔ mu boa adebɔneyɛfo a wɔanu wɔn ho ampa no ‘ma wɔteɛ wɔn anammɔn.’—Hebrifo 12:12, 13; Mmebusɛm 28:13; Galatifo 6:1.

16. Honhom fam tebea bɛn na Yehowa nkurɔfo wom?

16 Honhom mu yiyedi a Yehowa nkurɔfo wom no amma kwa. Yehowa nam odiyifo Yesaia so kae sɛ: “Me nkoa bedidi, na mo de, mubedi kɔm; hwɛ, me nkoa bɛnom, na mo de, mubedi sukɔm; hwɛ, me nkoa ani begye, na mo de, mo ani bewuwu; hwɛ, me nkoa de koma pa bɛto ahurusi dwom, na mo de, mode koma mu yaw bɛteɛm, na mode honhom a abubu asũ yɔɔ.” (Yesaia 65:13, 14) Yehowa kɔ so ma yɛn honhom fam aduan pii wɔ bere a ɛsɛ mu na ɛma yɛkɔ so yɛ den wɔ honhom mu.—Mateo 24:45.

Siesie Wo Ho ma Nkwagye

17. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛasiesie yɛn ho ama nkwagye?

17 Seesei paa na ɛho abehia sɛ ‘yesusuw yɛn ho yɛn ho ho, kanyan yɛn ho yɛn ho kɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu, a yɛrenkwati sɛ yɛne yɛn ho behyiam sɛnea ayɛ ebinom su no, na mmom yɛhyehyɛ yɛn ho nkuran.’ (Hebrifo 10:23-25) Sɛ yɛne Yehowa Adansefo asafo ahorow bɛboro 98,000 no bɔ denneennen na yɛkɔ so tra mu a, ɛbɛboa yɛn ma yɛasiesie yɛn ho ama nkwagye. Yɛn mfɛfo gyidifo bɛboa yɛn bere a yɛrebɔ mmɔden ‘ahyɛ nipasu foforo’ na yɛafi koma nyinaa mu aboa afoforo ma wɔasua nkwagye nsiesie a Yehowa ayɛ ama yɛn no ho ade no.—Efesofo 4:22-24; Kolosefo 3:9, 10; 1 Timoteo 4:16.

18. Dɛn na ama woasi wo bo sɛ wo ne Kristofo asafo no bɛbɔ?

18 Satan ne ne wiase bɔne no asi nketekrakye sɛ wɔbɛdaadaa yɛn atwe yɛn afi Kristofo asafo no ho. Nanso, yebetumi akɔ so ayɛ emufo na yɛanya nkwa wɔ nnɛyi nneɛma nhyehyɛe bɔne no awiei mu. Momma ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne ne nsiesiei a ofi ɔdɔ mu ayɛ ama yɛn no ho anisɔ nka yɛn ma yɛnyɛ nea yebetumi biara mfa nsiw Satan kwan. Nhyira a yɛanya sɛ Kristofo a yɛbɛdwennwen ho no bɛhyɛ yɛn den. Yebesusuw nhyira ahorow yi bi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na yɛn bere yi ne Noa bere no di nsɛ?

• Su bɛn na ɛho hia na ama yɛanya nkwagye?

• Nsakrae a aba nkakrankakra bɛn na ahyɛ Yehowa nhyehyɛe a wayɛ ama yɛn ahobammɔ no mu den?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi asiesie yɛn ho ama nkwagye?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Noa bere sofo no amfa n’asɛm aniberesɛm

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Mfaso wɔ so sɛ yɛbɛfa Onyankopɔn kɔkɔbɔ aniberesɛm

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Atirimpɔw bɛn na Ahenni Som Sukuu no di ho dwuma?

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛne Kristofo asafo no bɔ denneennen