Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Bible Nnyinasosɛm Di Dwuma na Nya Ahotɔ

Fa Bible Nnyinasosɛm Di Dwuma na Nya Ahotɔ

Fa Bible Nnyinasosɛm Di Dwuma na Nya Ahotɔ

AKYINNYE biara nni ho sɛ woahu agyinamoa a wamoa ne ho ada hatee pɛn, ade a ɛkyerɛ sɛ ne ho atɔ no. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ anigye sɛ wo nso wobɛmoa wo ho ada na woanya ahotɔ a ɛte saa no bi! Nanso, ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wobenya ahotɔ, na sɛ wonya bi mpo a, ɛnkyɛ. Adɛn nti na ɛte saa?

Esiane sɛ yɛtɔ sin nti yɛtaa di mfomso, na ɛsɛ sɛ yenya afoforo sintɔ nso ho abotare. Afei nso, yɛte “mmere a emu yɛ den” a Bible frɛ no “nna a edi akyiri” mu. (2 Timoteo 3:1-5) Sɛ yenyaa ahotɔ wɔ yɛn mmofraase mpo a, seesei de yɛn mu dodow no ara na “mmere a emu yɛ den” no remia yɛn. So ebetumi ayɛ yiye sɛ yebenya ahotɔ nnɛ?

Hyɛ no nsow sɛ Kyerɛwnsɛm no ka sɛ mmere no mu bɛyɛ den, na ɛnka sɛ yɛrentumi nyɛ ho hwee. Yebetumi de Bible nnyinasosɛm ayɛ ho biribi. Ɛnyɛ bere nyinaa na yebetumi adi yɛn haw ho dwuma, nanso yebetumi anya ahotɔ kakra. Ma yɛnhwehwɛ nnyinasosɛm abiɛsa a ɛte saa mu nhwɛ.

Hu Sɛnea Wote Ankasa

Sɛ yebenya abotɔyam a, ɛsɛ sɛ yehu sɛ yɛn ankasa wɔ sintɔ na afoforo nso wɔ bi. Bere a ɔsomafo Paulo rekyerɛw Romafo no, ɔkae sɛ: “Efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne na wonnu Onyankopɔn anuonyam ho.” (Romafo 3:23) Yehowa anuonyam ho nneɛma pii wɔ hɔ a ɛboro yɛn ntease so. Ɛho nhwɛso biako na ɛwɔ Genesis 1:31 no: “Onyankopɔn huu nea ɔyɛe nyinaa, na hwɛ, eye papa.” Bere biara a Yehowa pɛ sɛ ɔkae nneɛma a wayɛ no, obetumi aka sɛ “eye papa.” Onipa biara nni hɔ a obetumi aka sɛ nea wayɛ biara yɛ papa bere nyinaa. Ade a edi kan a ebetumi ama yɛanya abotɔyam ne sɛ yebehu sɛ yɛwɔ sintɔ. Nanso, biribi foforo ho hia. Ɛho hia sɛ yɛte sɛnea Yehowa hu asɛm yi ase na yegye tom.

Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “bɔne” no fi asɛm a ɛkyerɛ sɛ “wobɛtow afom” mu. (Romafo 3:9) Mfatoho bi ni: Fa no sɛ obi a ɔpɛ sɛ ogye nkonim bo bi tow agyan bɔ baabi a wɔakyerɛ sɛ ɔntow mmɔ. Okura agyan abiɛsa. Ɔtow nea edi kan no, na ɔtow fom basafa biako. Ɔbɔ mmɔden tow nea ɛto so abien no, nanso ɔsan fom anammɔn biako. Afei ɔde n’adwene nyinaa si botae no so, na ɔtow agyan a ɛto so abiɛsa no, na ɛno nso ɛka nsateakwaa biako pɛ ansa na wadu botae no ho. Ná ɛbɛn ho paa, nanso ɔyɛ dɛn ara a, watow afom.

Yɛn nyinaa te sɛ nea ɔtow agyan no a wannu ne botae ho no. Ɛtɔ da bi a ɛte sɛ nea ‘yɛtow fom’ dodo. Mmere foforo nso yɛbɛn ho, nanso yentumi nnu ho ankasa. Sɛ ɛba saa a, ɛma yɛyɛ basaa efisɛ yɛbɔɔ mmɔden biara nanso anyɛ yiye. Afei, ma yɛnsan mfa yɛn adwene nkɔ nea ɔtow agyan no so.

Ɔdan ne ho kɔ bɔkɔɔ a n’abam abu efisɛ na anka ɔpɛ sɛ onya saa nkonim bo no paa. Mpofirim ara nea ɔhwɛ akansi no so san frɛ no na ɔma no nkonim bo bi, na ɔka kyerɛ no sɛ: “Mepɛ w’asɛm nti na mede eyi rema wo, na mihuu sɛnea wumiaa w’ani paa no.” Anigye hyɛ nea ɔtow agyan no ma!

Obiara a ne nsa bɛka “akyɛde” a ɛne daa nkwa wɔ pɛyɛ mu afi Onyankopɔn hɔ no ani begye saa ara. (Romafo 6:23) Efi saa bere no rekɔ no, biribiara a obiara bɛyɛ no bɛyɛ papa, wɔrentow mfom bio da. Wobenya abotɔyam koraa. Enti sɛ yɛma eyi tra yɛn adwenem saa bere yi a, yebehu sɛnea yɛte ankasa na yɛate afoforo nso ase.

Hu sɛ Biribiara Gye Bere

Ɛyɛ nokwasɛm sɛ biribiara gye bere. Nanso, woahyɛ no nsow sɛ ɛyɛ den sɛ wubenya abotɔyam bere a wohwɛ biribi kwan na ayɛ sɛ nea akyɛ sen sɛnea wohwɛɛ kwan no, anaasɛ tebea bi a enye tra hɔ kyɛ sen sɛnea wohwɛɛ kwan no? Nanso, ebinom atumi akɔ so anya abotɔyam wɔ tebea a ɛtete saa mu. Susuw Yesu nhwɛso no ho hwɛ.

Ansa na Yesu reba asase so no, na ɔyɛ obi a ɔyɛ osetie wɔ soro a wobetumi ahwɛ no asuasua no. Nanso, ɛyɛ asase so ha na “osuaa osetie.” Ɔyɛɛ no wɔ ɔkwan bɛn so? “Osuaa osetie fii amane a ohui no mu.” Ná wahu sɛnea afoforo rehu amane pɛn, nanso na ɔno ankasa mfaa bi mu da. Bere a na ɔwɔ asase so no, ohyiaa sɔhwɛ a emu yɛ den pii, titiriw bere a wɔbɔɔ no asu wɔ Yordan mu kosi ne wu mu wɔ Golgota no. Yennim sɛnea wɔmaa Yesu ‘wiee pɛyɛ’ wɔ eyi mu no ho asɛm nyinaa de, nanso yenim sɛ egyee bere.—Hebrifo 5:8, 9.

Nea enti a Yesu tumi dii nkonim ne sɛ, odwennwen “anigye a na ɛda n’anim” no ho, ɛno ne ne nokwaredi so akatua. (Hebrifo 12:2) Nanso, ɛtɔ mmere bi a na “ɔnam nteɛm a emu yɛ den ne nusu so de adesrɛ ne nkotɔsrɛ” kɔ n’Agya anim. (Hebrifo 5:7) Ɛtɔ da bi a yɛn nso yebetumi abɔ mpae wɔ tebea a ɛte saa ara mu. Yehowa bu eyi dɛn? Kyerɛwsɛm koro no ara ma yehu sɛ Yehowa ‘tiee’ Yesu. Onyankopɔn betie yɛn nso saa ara. Adɛn ntia?

Efisɛ Yehowa nim yɛn sintɔ, na ɔboa yɛn. Obiara wɔ sɔhwɛ a obetumi agyina ano. Afrikafo bu bɛ bi sɛ: “Sɛ nsu taa aponkyerɛn a ogye wɔɔ.” Yehowa nim bere a sɔhwɛ bi reyɛ aboro yɛn gyidi so sen yɛn ankasa mpo. Ofi ɔdɔ mu da ‘mmɔborohunu ne adom a ɛbɛboa yɛn wɔ bere a ɛsɛ mu’ adi kyerɛ yɛn. (Hebrifo 4:16) Ɔyɛɛ eyi maa Yesu, na wayɛ saa ama nnipa bebree nso. Susuw sɛnea Monika ahu sɛnea Onyankopɔn aboa no wɔ eyi mu no ho hwɛ.

Ná Monika yɛ obi a ɔwɔ ahotɔ, ne ho yɛ anika, na n’anim yɛ sereserew. Bere a na ɔda so wɔ ne mfe 20 mu wɔ afe 1968 mu no, ɛyɛɛ no nwonwa sɛ ohui sɛ wanya yare bi a ɛde nkakrankra taa ma nipadua no fã wu. Eyi maa n’asetra sesae koraa, na na ɛsɛ sɛ ɔyɛ nsakrae kɛse wɔ ne bere nyinaa som adwuma mu. Monika hui sɛ ɛyɛ yare a ɛbɛtra hɔ akyɛ paa. Mfe 16 akyi no, ɔkae sɛ: “Me yare no da so ara wɔ hɔ, na ebia ɛbɛtra hɔ saa ara akosi sɛ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo a ɛbɛyɛ nneɛma nyinaa foforo no bɛba.” Ɔkae sɛ ɛnyɛɛ mmerɛw mmaa no: “Ɛwom sɛ me nnamfo ka sɛ me ho da so ara yɛ anika na m’anim da so yɛ sereserew de, . . . nanso me nnamfo a wɔbɛn me paa no nim sɛ ɛtɔ da bi a metew nusu paa.”

Nanso, Monika kae sɛ: “Masua sɛ menya abotare, na sɛ mihu sɛ me ho asan me ketewaa bi mpo a, m’ani gye. Sɛnea mahu sɛ nnipa ntumi nyɛ yare ho hwee no ama me ne Yehowa ntam abusuabɔ mu ayɛ den. Yehowa nkutoo na obetumi asa nnipa yare koraa.” Ɛdenam Yehowa mmoa so no, Monika akɔ so anya abotɔyam, na mprempren ɔde bɛboro mfe 40 ayɛ bere nyinaa som adwuma no.

Nokwasɛm ne sɛ, sɛ obi wɔ Monika tebea no mu a, ɛnyɛ mmerɛw. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ wuhu sɛ nneɛma bi begye bere pii asen sɛnea wohwɛɛ kwan no a, wubenya abotɔyam pii. Te sɛ Monika no, wo nso wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa wo wɔ “bere a ɛsɛ mu.”

Mfa Wo Ho Ntoto Afoforo Ho—Fa Botae a Ɛsɛ Sisi W’anim

Wo, woyɛ obi. Obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo. Afrikafo bu bɛ bi sɛ: “Nsateaa nyinaa nyɛ pɛ.” Nyansa nnim sɛ wode nsateaa biako bɛtoto foforo ho. Worempɛ sɛ Yehowa de wo bɛtoto onipa foforo ho, na ɔrenyɛ saa nso da. Nanso, ɛnyɛ den koraa sɛ nnipa pii de obi bɛtoto afoforo ho, na ebetumi ama obi werɛ ahow. Hyɛ sɛnea Yesu yɛɛ eyi ho mfatoho no nsow, bere a yɛrekenkan Mateo 20:1-16 no.

Yesu kaa owura bi a na ɔrehwehwɛ nkurɔfo ma wɔayɛ adwuma wɔ ne bobeturo mu ho asɛm. Ohuu mmarima bi a na wɔrepɛ adwuma, na ɔbɔɔ wɔn paa “anɔpatutuutu,” ɛbɛyɛ sɛ na abɔ anɔpa 6. Wɔpenee so sɛ wobegye da koro akatua a na wogye no saa bere no. Sɛ na obi yɛ adwuma nnɔnhwerew 12 a, na wotua no ka denare biako. Akyinnye biara nni ho sɛ mmarima no ani gyei sɛ wɔanya adwuma a na wobenya da koro akatua. Akyiri yi, owura no huu mmarima foforo a na wɔrepɛ adwuma, na ɔmaa ebinom fii adwuma ase anɔpa 9, ebinom awia 12, afoforo awia 3, ne anwummere 5 mpo. Ná wɔn a wɔbɛyɛ adwuma saa bere yi mu biara nni hɔ a ɔbɛyɛ da mũ adwuma. Nanso, owura no hyɛɛ wɔn bɔ sɛ ɔbɛma wɔn akatua a “ɛsɛ,” na adwumayɛfo no penee so.

Da no baa awiei no, owura no ka kyerɛɛ nea ɔhwɛ apaafo no so no sɛ ontua wɔn ka. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfrɛ adwumayɛfo a ɔbɔɔ wɔn paa akyiri yi no na onni kan ntua wɔn ka. Ná eyinom ayɛ adwuma dɔnhwerew biako pɛ, nanso anwonwasɛm ne sɛ wonyaa da mũ akatua. Yebetumi de yɛn adwene abu sɛnea wɔde anigye bɔɔ nkɔmmɔ no. Wɔn a na wɔde nnɔnhwerew 12 ayɛ adwuma da mũ no nyinaa no adwene yɛɛ wɔn sɛ wobenya nea ɛboro saa. Nanso, wɔn nso nyaa akatua koro no ara.

Dɛn na wɔyɛe? “Wɔn nsa kae no wofii ase nwiinwii tiaa ofiewura no sɛ, ‘Eyinom a wɔbaa akyiri yi yɛɛ adwuma dɔnhwerew biako pɛ; nanso woama wɔn ne yɛn a yɛyɛɛ adwumaden da mũ nyinaa ma owia ahye yɛn no anya pɛ!’”

Nanso, owura no de wanhu no saa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ nea wɔpenee so sɛ wobegye no ara na ɔde ama wɔn no, wantew so. Wɔn a aka no de, ɔno ara na ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛma wɔn da mũ akatua, akyinnye biara nni ho sɛ na ɛboro nea na wɔhwɛ kwan so. Nokwasɛm ne sɛ, wɔn mu biara nsa kaa nea ɔpenee so sɛ obegye no; nokwarem no, wɔn mu pii nya boroo nea na wɔhwɛ kwan no so. Enti, awiei koraa no, owura no bisae sɛ: “Minni hokwan sɛ mede m’ade yɛ nea me ara mepɛ?”

Afei susuw ho hwɛ, sɛ anka nea ɔhwɛ apaafo no so no dii kan tuaa wɔn a wodii kan bɔɔ wɔn paa no ka na wɔkɔe a, anka wɔn bo antɔ wɔn yam? Ɛyɛ bere a wohui sɛ afoforo anya aboro adwuma a wɔyɛe so no na ɛmaa wɔn werɛ howee. Eyi maa wɔn bo fuwii ma wonwiinwii tiaa owura a sɛ amma saa a anka wɔbɛda no ase pii sɛ ɔbɔɔ wɔn paa no.

Saa mfatoho yi ma yehu nea esi bere a yɛde yɛn ho toto afoforo ho no. Sɛ wudwennwen wo ne Yehowa ntam abusuabɔ ho na wokyerɛ sɛnea ohyira wo no ho anisɔ a, wubenya abotɔyam. Mfa wo ho ntoto afoforo ho. Sɛ ɛte sɛ nea Yehowa ayɛ n’adwene sɛ ɔbɛma afoforo biribi ma aboro so a, ma ɛnyɛ wo dɛ na wo ne wɔn mmom nni ahurusi.

Yehowa hwɛ kwan sɛ wobɛyɛ biribi. Ɛyɛ dɛn? Galatifo 6:4 ka sɛ: “Ma obiara nsɔ n’ankasa adwuma nhwɛ, ɛno na obenya biribi de ahoahoa ɔno ara ne ho.” Nea ɛkyerɛ ne sɛ, fa botae a ɛsɛ sisi w’anim. Yɛ nea wubetumi ayɛ ankasa ho nhyehyɛe na di so. Sɛ botae no fata na wubetumi ayɛ a, wubenya “biribi de ahoahoa” wo ho. Wubenya abotɔyam.

Wubenya So Akatua

Nnyinasosɛm abiɛsa a yɛasusuw ho no ma yehu sɛ Bible nnyinasosɛm a yɛde bɛyɛ adwuma no betumi ama yɛanya ahotɔ ankasa wɔ nna a edi akyiri yi mu mpo ɛmfa ho sɛ yɛtɔ sin no. Sɛ worekenkan Bible no da biara a, adɛn nti na wonhwehwɛ nnyinasosɛm a ɛtete saa no, sɛ́ wɔaka no tee anaa ɛwɔ nsɛm a esisii ankasa ne mfatoho ahorow mu no?

Sɛ wote nka sɛ ahotɔ a wowɔ no rekɔ fam a, bɔ mmɔden sɛ wubehu nea ama aba saa ankasa. Afei hwehwɛ nnyinasosɛm a wubetumi de adi tebea no ho dwuma. Sɛ nhwɛso no, wubetumi ahwɛ “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” * nhoma no kratafa 110-11. Wɔakyerɛkyerɛ Mmebusɛm nhoma no mu wɔ hɔ, na wubehu nnyinasosɛm ne afotu pii a wɔapaw a ɛwɔ nsɛmti 12 ase. Wubetumi anya nsɛm foforo wɔ The Watch Tower Publications Index* ne Watchtower Library a ɛwɔ CD-ROM* so no mu. Sɛ wotaa de eyinom yɛ nhwehwɛmu a, wobɛyɛ nnam wɔ sɛnea wɔhwehwɛ nnyinasosɛm a ɛfata mu.

Bere bi bɛba a Yehowa bɛma wɔn a wɔfata no daa nkwa wɔ pɛyɛ mu wɔ paradise asase so. Wobenya ahotɔ koraa wɔ wɔn asetra mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 30 Yehowa Adansefo na wɔyɛe.

Yehowa Adansefo na wɔyɛe.

Yehowa Adansefo na wɔyɛe.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]

“Efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne na wonnu Onyankopɔn anuonyam ho.”—Romafo 3:23

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 13]

Yesu ‘suaa osetie fii amane a ohui no mu.’—Hebrifo 5:8, 9

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 15]

“Obenya biribi de ahoahoa ɔno ara ne ho, na ɛnyɛ obi ho a ɔde bɛtoto.”—Galatifo 6:4