Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Fa Nkwa Na Nya Nkwa’

‘Fa Nkwa Na Nya Nkwa’

‘Fa Nkwa Na Nya Nkwa’

“Mede nkwa ne owu, nhyira ne nnome masi mo anim; enti fa nkwa, na wo ne w’asefo nnya nkwa.”—DEUTERONOMIUM 30:19.

1, 2. Akwan bɛn so na wɔyɛɛ onipa wɔ Onyankopɔn suban so?

“MOMMA yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so sɛ yɛn sɛso.” Wɔakyerɛw Onyankopɔn anom asɛm yi wɔ Bible no ti a edi kan no mu. Genesis 1:26, 27 ka sɛ, “Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no.” Enti na ɛsono onipa a odi kan no wɔ abɔde foforo biara a ɛwɔ asase so ho. Ná ɔsɛ ne Bɔfo no, na na otumi suasua Onyankopɔn su wɔ sɛnea odwen nneɛma ho, sɛnea ɔda ɔdɔ, atɛntrenee, nyansa, ne tumi adi no mu. Ná ɔwɔ ahonim a ɛbɛboa no ma wasisi gyinae a ɛso bɛba n’ankasa mfaso na ama wasɔ ne soro Agya no ani nso. (Romafo 2:15) Ne tiaatwa mu no, na Adam tumi paw nea ɔpɛ. Bere a Yehowa hwɛɛ sɛnea ɔyɛɛ ne ba a ɔwɔ asase yi so no, ɔkaa ne nsa ano adwuma yi ho asɛm sɛ: “Hwɛ, eye papa.”—Genesis 1:31; Dwom 95:6.

2 Esiane sɛ yɛn nso yɛyɛ Adam asefo nti, wɔyɛɛ yɛn wɔ Onyankopɔn suban so ne ne sɛso. Na so yɛn nso yɛwɔ hokwan sɛ yɛpaw nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ? Yiw, ɛwom sɛ Yehowa tumi di kan hu nea ebesi biara de, nanso onni kan nhyehyɛ sɛnea obiara bɛbɔ ne bra ne nea ebefi mu aba nto hɔ. Ɛnyɛ ade a ɔhyehyɛ ne mma a wɔwɔ asase so nkrabea to hɔ. Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛate hia a ɛho hia sɛ yebefi yɛn pɛ mu apaw nea ɛfata ase no, momma yenni kan nsua biribi mfa Israel man no ho.—Romafo 15:4.

Ná Israelfo no Wɔ Hokwan sɛ Wɔpaw Nea Wɔpɛ

3. Mmara Nsɛm Du no mu nea edi kan no ne nea ɛwɔ he, na dɛn na Israelfo anokwafo no yɛ de kyerɛe sɛ wobedi so?

3 Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Mene [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn a miyii wo fii Misraim asase so, nkoa fi mu no.” (Deuteronomium 5:6) Wɔ afe 1513 A.Y.B. no, wogyee Israel man no anwonwakwan so fii Misraim nkoasom mu, enti na ɛrenyɛ den koraa sɛ wobegye saa asɛm yi atom. Wɔ Mmara Nsɛm Du no mu nea edi kan mu no, Yehowa nam ne kasamafo Mose so kae sɛ: “Nnya anyame foforo nka me ho.” (Exodus 20:1, 3) Saa bere no, Israel man no gye toom sɛ wobetie Yehowa. Wofii wɔn pɛ mu som Yehowa nkutoo.—Exodus 20:5; Numeri 25:11.

4. (a) Dɛn na Mose de sii Israelfo no anim? (b) Dɛn na esi yɛn nso anim nnɛ?

4 Bɛyɛ mfe 40 akyi no, Mose kaee Israelfo nkyirimma nea na ɛsɛ sɛ wɔpaw no anibere so. Ɔkae sɛ: “Ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase midi mo adanse sɛ: Mede nkwa ne owu, nhyira ne nnome masi mo anim; enti fa nkwa, na wo ne w’asefo nnya nkwa.” (Deuteronomium 30:19) Saa ara na ɛnnɛ yɛn nso yebetumi apaw nea yɛbɛyɛ wɔ asɛm yi ho. Yiw, yebetumi apaw sɛ yɛbɛsom Yehowa nokwarem na ama yɛanya daa nkwa, anaasɛ yebetumi apaw sɛ yɛbɛyɛ ne so asoɔden na yɛahu amane. Momma yensusuw nhwɛso abien bi a ɛfa nnipa bi a ɛsono nea wɔn mu biara pawee ho nhwɛ.

5, 6. Dɛn na Yosua pawee, na dɛn na efii mu bae?

5 Yosua dii Israelfo no anim kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so wɔ afe 1473 A.Y.B. mu. Wɔ afotu bi a anibere wom a Yosua de maa ɔman mũ no nyinaa ansa na ɔrewu mu no, ɔkae sɛ: ‘Sɛ ɛnyɛ mo pɛ sɛ mobɛsom Yehowa a, ɛnde ɛnnɛ mompaw nea mobɛsom no mfa: sɛ anyame a mo agyanom somee a wɔwɔ asuogya no oo, sɛ Amorifo a mote wɔn asase so yi anyame oo.’ Afei, bere a ɔreka n’abusua ho asɛm no, ɔtoaa so sɛ: “Me ne me fi de, yɛbɛsom [Yehowa, NW].”—Yosua 24:15.

6 Ná Yehowa adi kan aka akyerɛ Yosua sɛ onnya akokoduru na ɔnyɛ den, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɛnsɛ sɛ ɔtwe ne ho fi Onyankopɔn Mmara ho. Mmom no, sɛ na Yosua kenkan Mmara nhoma no awia ne anadwo a, na ebesi no yiye. (Yosua 1:7, 8) Yosua yɛɛ saa, na esii no yiye ampa. Nea Yosua pawee no ma onyaa nhyira pii. Yosua kae sɛ: “Asɛm pa a [Yehowa, NW] kaa Israel fi no nyinaa mu asɛm biara antɔ fam, ne nyinaa baa mu.”—Yosua 21:45.

7. Dɛn na Israelfo binom pawee wɔ Yesaia bere so, na dɛn na efii mu bae?

7 Afei, susuw tebea bi a ɛkɔɔ so wɔ Israel bɛyɛ mfe 700 akyi no ho hwɛ. Saa bere no na Israelfo pii de wɔn ho ahyɛ abosonsomfo amanne mu. Sɛ nhwɛso no, na nkurɔfo hyia tow pon di nnuan ahorow a ɛyɛ dɛ, na wɔnom nsa pa wɔ da a etwa to wɔ afe no mu. Ná eyi nyɛ abusua apontow bi kɛkɛ. Na ɛyɛ ɔsom mu afahyɛ a wɔde hyɛ abosonsomfo anyame abien anuonyam. Odiyifo Yesaia kyerɛw adwene a na Onyankopɔn kura wɔ nokware a wɔanni yi ho asɛm too hɔ sɛ: “Mo a mugyaw [Yehowa, NW] na mo werɛ fi ne bepɔw kronkron no na motow pon ma siade bosom na mohyɛ mfrasa nkuruwa amaama ma hyɛbea bosom no.” Na wogye di sɛ ɛnyɛ Yehowa na na ohyira wɔn ma wonya wɔn nnɔbae wɔ afe no mu, na mmom ɛyɛ “siade bosom” ne “hyɛbea bosom” a wɔhyɛ wɔn anuonyam no na wɔboa wɔn. Nanso, nokwarem no, wɔn atuatew ne nneɛma a wɔboapa yɛe no de amanehunu na ɛbaa wɔn so. Yehowa kae sɛ: “Mede mo mɛma afoa, na mo nyinaa moakotow ama okum; efisɛ mefrɛe, na moannye so, mekasae, na moantie, na moyɛɛ nea ɛyɛ m’ani so bɔne, na nea mempɛ na mopawee.” (Yesaia 65:11, 12) Nea Israelfo no pawee no de ɔsɛe na ɛbaa wɔn so, na Siade Bosom ne Hyɛbea Bosom no antumi annye wɔn.

Nea Ɛbɛma Yɛapaw Nea Eye

8. Sɛnea Deuteronomium 30:20 kyerɛ no, nneɛma bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛapaw nea eye?

8 Bere a Mose tuu Israelfo fo sɛ wɔmfa nkwa no, ɔkyerɛɛ wɔn nneɛma abiɛsa a ɛsɛ sɛ wɔyɛ: “Dɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn na tie ne nne na bata ne ho.” (Deuteronomium 30:20) Momma yensusuw eyi mu biara ho sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi apaw nea eye.

9. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa?

9 Denam Yehowa yɛn Nyankopɔn a yɛbɛdɔ no so: Esiane sɛ yɛdɔ Yehowa nti na yɛsom no. Sɛ yetie kɔkɔbɔ a wɔde maa Israel no a, ɛboa yɛn ma yɛko tia biribiara a ɛbɛma yɛabu bra bɔne ne abrabɔ a ebetumi ama honam fam adedodowpɛ ho afiri a ɛwɔ wiase no mu ayi yɛn no. (1 Korintofo 10:11; 1 Timoteo 6:6-10) Ɛsɛ sɛ yɛbata Yehowa ho na yedi n’ahyɛde ahorow so. (Yosua 23:8; Dwom 119:5, 8) Ansa na Israelfo no rekɔ Bɔhyɛ Asase no so no, Mose tuu wɔn fo sɛ: “Hwɛ, merekyerɛ mo ahyɛde ne atemmude, sɛnea [Yehowa, NW] me Nyankopɔn hyɛɛ me no, sɛ monyɛ sa, asase a morekɔ so akɔfa no so. Enti munni so na monyɛ, efisɛ ɛno ne mo nyansa ne mo nhumu, aman a wɔbɛte ahyɛde yi nyinaa anim.” (Deuteronomium 4:5, 6) Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛde Yehowa apɛde di kan wɔn yɛn asetram de kyerɛ sɛ yɛdɔ no. Sɛ yɛyɛ saa a, akyinnye biara nni ho sɛ obehyira yɛn.—Mateo 6:33.

10-12. Sɛ yesusuw nea esii wɔ Noa bere so no ho a, asuade bɛn na yenya fi mu?

10 Denam Onyankopɔn nne a yebetie so: Ná Noa yɛ “trenee sɛnkafo.” (2 Petro 2:5) Ɛkame ayɛ sɛ nneɛma twetwee nnipa a wɔtraa ase ansa na Nsuyiri no reba no nyinaa adwene, na “wɔanhu” kɔkɔbɔ a Noa de mae no. Dɛn na ɛtoo wɔn? “Nsuyiri no bae bɛpraa wɔn nyinaa kɔe.” Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ biribi a ɛte saa ara bɛkɔ so wɔ yɛn bere yi so wɔ “onipa Ba no mmae” no mu. Nea esii wɔ Noa bere so no yɛ kɔkɔbɔ a emu yɛ den ma wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ a wontie Onyankopɔn asɛm no.—Mateo 24:39.

11 Ɛsɛ sɛ wɔn a wodi Onyankopɔn kɔkɔbɔ a wɔnam Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ so de ma ho fɛw no hu nea sɛ wɔantie a ɛbɛto wɔn no. Ɔsomafo Petro kaa fɛwdifo a wɔte saa ho asɛm sɛ: “Esiane sɛ wɔn ankasa pɛ no saa nti, wonhu nokwasɛm yi sɛ efi tete no na ɔsoro wɔ hɔ, na asase no fi nsu mu gyina hɔ pintinn ma nsu atwa ho ahyia, Onyankopɔn asɛm nti; na ɛnam so na nsu yiri sɛee wiase a na ɛwɔ hɔ saa bere no. Na ɛnam asɛm koro no ara so na wɔakora ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi so ama ogya de retwɛn atemmu ne amumɔyɛfo sɛe da.”—2 Petro 3:3-7.

12 Nea Noa ne ne fiefo pawee no yɛ soronko koraa wɔ nea saa nkurɔfo yi yɛe no ho. “Gyidi nti bere a wɔmaa Noa Onyankopɔn kɔkɔbɔ a ɛfa nneɛma a wonnya nhui ho no, ɔdaa Onyankopɔn ho suro adi na ɔyɛɛ adaka.” Kɔkɔbɔ a Noa tiei no maa ne fiefo nyaa nkwagye. (Hebrifo 11:7) Ɛmmra sɛ yɛbɛyɛ ntɛm atie Onyankopɔn asɛm na yɛde ayɛ adwuma.—Yakobo 1:19, 22-25.

13, 14. (a) Dɛn nti na ɛho hia sɛ ‘yɛbata Yehowa ho’? (b) Yɛbɛyɛ dɛn ama Yehowa “yɛn Nwemfo” no atete yɛn?

13 Denam Yehowa ho a yɛbɛbata so: Sɛ ‘yɛbɛfa nkwa na yɛanya nkwa’ a, ɛnyɛ sɛ yɛbɛdɔ Yehowa na yɛatie no kɛkɛ, na mmom ɛsɛ sɛ ‘yɛbata Yehowa’ ho nso, a nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ n’apɛde. Yesu kae sɛ: “Sɛ munya boasetɔ a mubenya mo kra.” (Luka 21:19) Nokwarem no, sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ eyi mu da nea ɛwɔ yɛn komam adi. Mmebusɛm 28:14 ka sɛ: “Nhyira ne onipa a ɔfɛre ade daa yi; na nea ɔhyɛ ne koma den bɛtɔ bɔne mu.” Farao a ɔtraa ase wɔ tete Misraim no hyɛɛ ne koma den anaa opirim ne koma. Bere a Ɔhaw Du no mu biara baa Misrifo no so no, sɛ́ anka Farao besuro Onyankopɔn no, opirim ne koma mmom. Ɛnyɛ Yehowa na ɔmaa Farao yɛɛ asoɔden, mmom no ɔmaa ɔhene a na ɔyɛ ahantan no ara paw nea ɔbɛyɛ. Sɛnea ɛte biara no, Yehowa maa nea ɔpɛ yɛɛ hɔ. Ɔsomafo Paulo kaa adwene a Yehowa wɔ wɔ Farao ho asɛm sɛ: “Eyi ara nti na mama kwan ama woda so te ase, sɛ meyi me tumi adi wɔ wo so, na wɔabɔ me din asase nyinaa so.”—Romafo 9:17.

14 Wogyee Israel fii Farao nhyɛso ase akyi mfe pii no, odiyifo Yesaia kae sɛ: “Afei, [Yehowa, NW], yɛn agya ne wo; yɛn de, dɔte ne yɛn, na wone yɛn nwemfo, na wo nsa ano adwuma ne yɛn nyinaa.” (Yesaia 64:8) Sɛ yɛma kwan ma Yehowa fa adesua a yɛn ankasa yɛ ne n’Asɛm a yɛde bɔ yɛn bra so tete yɛn a, yɛde nkakrankakra hyɛ nipasu foforo no. Ɛma yɛbrɛ yɛn ho ase na yɛda odwo adi kɛse, na ɛno ma ɛyɛ mmerɛw ma yɛn sɛ yɛbɛbata Yehowa ho daa efisɛ yefi komam pɛ sɛ yɛyɛ nea ɛsɔ n’ani.—Efesofo 4:23, 24; Kolosefo 3:8-10.

‘Momma Wonhu’

15. Sɛnea Deuteronomium 4:9 kyerɛ no, asɛyɛde abien bɛn na Mose kaee Israelfo no?

15 Mose ka kyerɛɛ Israel man no a na aka kakraa bi ma wɔahyɛn Bɔhyɛ Asase no so no sɛ: “Wo ho yiye ara na hwɛ, na hwɛ wo kra yiye, na wo werɛ amfi nsɛm a w’ani ahu no, na wo nkwa nna nyinaa mu amfi wo komam, na ma wo mma ne wo mma mma nhu.” (Deuteronomium 4:9) Nea ɛbɛyɛ na Israelfo no anya Yehowa nhyira na wɔadi yiye wɔ asase a na wɔrekɔfa no so no, na ɛsɛ sɛ wodi asɛyɛde abien bi ho dwuma wɔ wɔn Nyankopɔn Yehowa anim. Na ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn werɛ fi anwonwade a na Yehowa ayɛ ama wɔahu no, na na ɛsɛ sɛ wɔka ho asɛm kyerɛ nkyirimma nso. Sɛ́ Onyankopɔn nkurɔfo a yɛwɔ hɔ nnɛ no, sɛ yɛpɛ sɛ ‘yɛfa nkwa na yenya nkwa’ a, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ saa ara. Dɛn na yɛde yɛn ani ahu sɛ Yehowa ayɛ ama yɛn?

16, 17. (a) Dɛn na asɛmpatrɛwfo a wɔatete wɔn wɔ Gilead no atumi ayɛ wɔ Ahenni asɛnka adwuma no mu? (b) Nhwɛso bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ ebinom de nsi akɔ so ayɛ asɛnka adwuma no?

16 Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yehu sɛ Yehowa ahyira yɛn asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no so. Efi bere a wɔtee Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu wɔ afe 1943 mu no, asɛmpatrɛwfo adi asuafoyɛ adwuma no anim wɔ nsase pii so. Ɛde besi saa bere yi no, ɛwom mpo sɛ wɔn a wodii kan kɔɔ sukuu yi bi anyinyin, na ebinom nso ayɛ mmerɛw wɔ nipaduam de, nanso wɔda so ara de nsi reka Ahenni ho asɛm no. Wɔn mu biako ne Mary Olson a owiee Gilead wɔ afe 1944 mu no. Odii kan yɛɛ asɛmpatrɛw adwuma no wɔ Uruguay, afei ɔkɔɔ Colombia, na seesei ɔwɔ Puerto Rico. Ɛwom sɛ onyin a ama Onuawa Olson ayɛ mmerɛw wɔ nipaduam no ama adwuma a ɔyɛ no so atew kakra de, nanso ɔda so ara de anigye ka asɛm no. Spania kasa a wasua no ma otumi yɛ nhyehyɛe ne anuanom a wɔwɔ kurom hɔ no kɔ asɛnka dapɛn biara.

17 Nancy Porter a owiee Gilead Sukuu wɔ afe 1947 mu a seesei ɔyɛ okunafo no da so ara resom wɔ Bahamas. Ɔno nso yɛ ɔsɛmpatrɛwfo a ɔreyɛ asɛnka adwuma no denneennen. Onuawa Porter kae wɔ n’asetram nsɛm mu sɛ: “Bible mu nokware a mede kyerɛkyerɛ afoforo no ama manya anigye kɛse. Ama manya honhom fam nhyehyɛe pa ne asetram nnyinaso pa.” * Sɛ Onuawa Porter ne asomfo anokwafo afoforo susuw nea wɔayɛ atwam ho a, wɔn werɛ mfi nneɛma a Yehowa ayɛ no. Yɛn nso ɛ? So ɛnsɛ sɛ yɛkyerɛ anisɔ wɔ sɛnea Yehowa ahyira Ahenni adwuma no so wɔ ɔman a yɛwom no mu anaa?—Dwom 68:11.

18. Dɛn na yebetumi asua afi asɛmpatrɛwfo asetram nsɛm a yɛbɛkenkan no mu?

18 Yɛn ani gye adwuma a wɔn a wɔde mfe pii asom Yehowa ayɛ na wɔda so ara reyɛ no ho yiye. Wɔn asetram nsɛm a yɛbɛkenkan no bɛhyɛ yɛn nkuran efisɛ sɛ yehu nea Yehowa ayɛ ama saa anokwafo yi a, ɛhyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛsom Yehowa no mu den. So wokenkan nsɛm a ɛte saa a ɛyɛ anigye a wɔde ba Ɔwɛn-Aban mu no, na wususuw ho?

19. Kristofo a wɔyɛ awofo bɛyɛ dɛn de asetram nsɛm a ɛba Ɔwɛn-Aban mu no adi dwuma ma mfaso aba so?

19 Mose kaee Israelfo no sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn werɛ fi nneɛma a Yehowa ayɛ ama wɔn no nyinaa, na ɛnsɛ sɛ wɔma saa nneɛma yi fi wɔn komam wɔn nkwa nna nyinaa mu. Afei, ɔde asɛm foforo kaa ho sɛ: “Ma wo mma ne wo mma mma nhu.” (Deuteronomium 4:9) Nkurɔfo asetram nsɛm ka koma paa. Mmofra a wɔrenyin hia nnipa a wɔyɛ nhwɛso pa a wɔbɛhwɛ wɔn asuasua wɔn. Anuanom mmea a wɔyɛ asigyafo betumi asuasua anuanom mmea anokwafo a wɔanyinyin a wɔka wɔn asetram nsɛm wɔ Ɔwɛn-Aban mu no nhwɛso. Anuanom mmarima ne mmea nyinaa betumi anya asɛmpaka adwuma no mu kyɛfa kɛse de atrɛw wɔn som adwuma mu wɔ nsasesin a ɛwɔ wɔn man mu a wɔka ɔman foforo so kasa wom no mu. Kristofo a moyɛ awofo, adɛn nti na monka Gilead asɛmpatrɛwfo anokwafo ne afoforo suahu nkyerɛ mo mma mfa nhyɛ wɔn nkuran mma wɔmfa wɔn ho nhyɛ bere nyinaa som adwuma no mu?

20. Yɛbɛyɛ dɛn ‘afa nkwa’?

20 Ɛnde, yɛn mu biara bɛyɛ dɛn ‘afa nkwa’? Denam hokwan a Yehowa de ama yɛn sɛ yetumi paw nea yɛpɛ no a yɛde bedi dwuma ma ada adi sɛ yɛdɔ no na yɛakɔ so ayɛ nea yebetumi biara wɔ ne som adwuma mu bere tenten a ɔbɛma yɛakɔ so anya saa hokwan no so. Sɛnea Mose kae no, Yehowa ‘ne wo nkwa ne wo nna dodow.’—Deuteronomium 30:19, 20.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 17 Hwɛ asɛm, “Ade Kɛse a Mahwere Nyinaa Akyi no, Mewɔ Anigye Ne Abotɔyam” a ɛwɔ June 1, 2001, Ɔwɛn-Aban, kratafa 23-7 no.

So Wokae?

• Dɛn na woasua afi nhwɛso a ɛsono nea nnipa no mu biara pawee a yɛasusuw ho no mu?

• Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama ‘yɛafa nkwa’?

• Asɛyɛde abien bɛn na wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yenni ho dwuma?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 26]

‘Mede nkwa ne owu asi mo anim’

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Noa ne ne fiefo tiee Onyankopɔn nne na wonyaa nkwagye

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Mary Olson

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Nancy Porter