Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Me Yare Nyinaa Akyi No, Mede Anigye Resom

Me Yare Nyinaa Akyi No, Mede Anigye Resom

Asetram Nsɛm

Me Yare Nyinaa Akyi No, Mede Anigye Resom

SƐNEA VARNAVAS SPETSIOTIS KA KYERƐE

Wɔ afe 1990 mu, bere a midii mfe 68 no, mibubu guu hɔ koraa. Nanso, bɛyɛ mfe 15 ni no, mede anigye asom sɛ bere nyinaa somfo wɔ Cyprus supɔw no so. Dɛn na ama manya ahoɔden de akɔ so asom Yehowa wɔ me yare nyinaa akyi?

WƆWOO me wɔ October 11, 1922. Ná yɛyɛ mmofra baakron na yɛwɔ abusua no mu, mmarima baanan ne mmea baanum. Ná yɛte Xylophagou akuraase wɔ Cyprus. Ɛwom sɛ na m’awofo wɔ sika kakra de, nanso na ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwumaden wɔ afum ansa na wɔatumi ahwɛ abusua kɛse a ɛte saa no.

Ná me papa Antonis pɛ adesua, na na ɔyɛ mfeefeemu nso. Wɔwoo me akyi bere tiaa bi no, Paapa kɔsraa ɔkyerɛkyerɛfo a ɔwɔ akuraa no ase, na ohuu kratawa bi a wɔato din Peoples Pulpit a Bible Asuafo (sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere) no tintimii no. Ofii ase kenkanee, na ankyɛ na n’ani begyee emu nsɛm no ho paa. Ɛno maa Paapa ne n’adamfo bi a wɔfrɛ no Andreas Christou bɛkaa nnipa a wɔwɔ supɔw no so a wodii kan ne Yehowa Adansefo bɔe no ho.

Ɔsɔretia Nyinaa Akyi no, Nkɔso Bae

Bere bi akyi no, wɔn baanu no nyaa Bible ho nhoma pii fii Yehowa Adansefo hɔ. Ankyɛ na Bible mu nokware a na Paapa ne Andreas resua no kanyan wɔn ma wɔkaa ho asɛm kyerɛɛ akuraa no asefo. Esiane wɔn asɛnka adwuma no nti, wohyiaa ɔsɔretia a emu yɛ den fii Greece Ortodɔks asɔfo ne afoforo a na wosusuw sɛ Yehowa Adansefo sɛe nkurɔfo adwene no hɔ.

Ná akuraa no asefo pii bu saa Bible akyerɛkyerɛfo baanu yi paa. Ná wonim me papa yiye sɛ ɔyɛ nipa pa na ne yam ye. Ná ɔtaa boa mmusua a ahia wɔn. Ɛtɔ mmere bi a na ɔyɛ kodɛɛ fi fie anadwo dasum de awi anaa paanoo kogu mmusua a ahia wɔn pon ano. Saa Kristofo su a ɛne ayamye a asomfo baanu yi daa no adi no maa nkurɔfo ani gyee wɔn asɛm no ho kɛse mpo.—Mateo 5:16.

Nea efii mu bae ne sɛ, nnipa bɛyɛ dumien tiee Bible mu asɛm no. Bere a wɔbɛtee nokware no ase yiye no, wohui sɛ ɛho hia sɛ wohyia sɛ kuw wɔ afie mu sua Bible no. Bɛyɛ afe 1934 mu no, Nikos Matheakis a ɔyɛ bere nyinaa somfo wɔ Greece no baa Cyprus ne kuw a ɛwɔ Xylophagou no behyiae. Onua Matheakis de abotare ne animia hyehyɛɛ kuw no, na ɔboaa wɔn ma wɔtee Kyerɛwnsɛm no ase yiye. Saa kuw yi na ɛbɛyɛɛ Yehowa Adansefo asafo a edi kan wɔ Cyprus.

Bere a Kristofo adwuma no nyaa nkɔso na nnipa pii gyee Bible mu nokware no toom no, anuanom no hui sɛ ɛho hia sɛ wonya baabi a wobehyia daa ayɛ asafo nhyiam. Me nuabarima panyin George, ne ne yere, Eleni de wɔn dan bi a na wɔkora nnuan wom maa yɛn. Wosiesiee dan yi a ɛtoa wɔn fie so no ma ɛbɛyɛɛ baabi pa a wohyia yɛ asafo nhyiam. Ɛnam eyi so maa anuanom no benyaa wɔn ankasa Ahenni Asa a edi kan wɔ supɔw no so. Hwɛ sɛnea wɔn ani sɔe! Na hwɛ sɛnea eyi boa maa ɔsom adwuma no nyaa nkɔso!

Migyee Nokware no Toom

Bere a midii mfe 16 wɔ afe 1938 mu no, meyɛɛ m’adwene sɛ mɛyɛ duadwumfo. Enti, Paapa de me kɔɔ Nicosia, Cyprus ahenkurow no mu. Ɔhwɛɛ ade kɔɔ akyiri yiye, enti ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ me ne Nikos Matheakis nkɔtra. Esiane saa onua nokwafo yi mmɔdenbɔ ne n’ahɔhoyɛ nti, nnipa pii a wɔwɔ supɔw no so da so kae no. Nsi ne akokoduru a na ɔwɔ no yɛ su a na ɛho hia ma Kristoni biara a na ɔwɔ Cyprus saa bere no.

Onua Matheakis boaa me yiye ma minyaa Bible mu nimdeɛ a ɛkɔ akyiri ne nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu. Bere a na me ne no te no, mekɔɔ asafo nhyiam a wɔyɛ wɔ ne fie no nyinaa bi. Saa bere no ne nea edi kan a mihui sɛ ɔdɔ a mewɔ ma Yehowa no mu reyɛ den. Minyaa ɔpɛ sɛ me ne Onyankopɔn benya abusuabɔ pa. Asram kakraa bi akyi no, meka kyerɛɛ Onua Matheakis sɛ mepɛ sɛ me no kɔ asɛnka. Na eyi yɛ afe 1939 mu.

Bere bi akyi no, mesan kɔɔ fie kɔsraa m’abusua. Bere kakra a midii wɔ me papa nkyɛn no san hyɛɛ ahotoso a na manya sɛ mahu nokware no ne nea enti a nnipa te ase no mu den. Wiase Ko II fii ase wɔ September 1939 mu. Mmerante pii a wɔne me bɔ tipɛn tuu wɔn ho mae sɛ wɔbɛkɔ ɔko no, nanso esiane Bible no akwankyerɛ nti, misii gyinae sɛ merenkɔ ɔko no. (Yesaia 2:4; Yohane 15:19) Mihyiraa me nkwa so maa Yehowa saa afe no ara, na mebɔɔ asu wɔ afe 1940 mu. Saa bere no ne nea edi kan a mihui sɛ matumi adi onipa ho suro so!

Mewaree Efprepia wɔ afe 1948 mu. Yɛwoo mma baanan. Ankyɛ na yehui sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwumaden de tete yɛn mma no wɔ “Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Yɛbɔɔ mpae sɛ Yehowa mmoa yɛn mma yɛmfa ne ho dɔ a emu yɛ den, ne mmara, ne ne nnyinasosɛm nnua yɛn mma no mu.

Yare Bɛyɛɛ Asɛnnennen Maa Me

Bere a midii mfe 42 wɔ afe 1964 mu no, mifii ase tee nka sɛ me nsa nifa ne me nan nifa ayɛ titirii. Ɛde nkakrankakra didi kɔɔ me benkum so. Wohui sɛ manya yare bi a wɔko a ɛnkɔ a akyiri yi ebebubu me agu hɔ koraa. Asɛm no maa mebɔɔ hu paa. Nneɛma sɛee ntɛmntɛm mpofirim ara! Me bo fuwii, na mekae sɛ ‘Adɛn nti na ɛsɛ sɛ eyi to me? Dɛn na mayɛ nti a merehu amane saa?’ Nanso, bere bi akyi no, mitumi dii ehu a ɛkaa me bere a wɔkaa yare no ho asɛm kyerɛɛ me no so. Afei adwennwen hyɛɛ me so, na na minnim nea ɛbɛkɔ akowie. Nsɛmmisa pii baa m’adwenem. Enti merebebubu agu hɔ koraa na mabɛyɛ adesoa ama afoforo? Na mɛyɛ dɛn agyina ano? Enti metumi ahwɛ me yere ne me mma baanan no? Sɛ midwennwen nsɛm a ɛtete saa ho a, na etumi yɛ me yaw paa.

Saa bere a na nneɛma mu yɛ den ma me wɔ m’asetram no, mihui sɛ ɛho hia sɛ mekɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu na mifi me koma nyinaa mu ka me haw ne me dadwen ho asɛm kyerɛ no sen bere biara. Mede nusu bɔɔ mpae awia ne anadwo. Ankyɛ na minyaa awerɛkyekye. Mibehui sɛ awerɛkyekyesɛm a ɛwɔ Filipifo 4:6, 7 no yɛ nokware paa: “Monnnwennwene biribiara nnhaw mo ho, na mmom momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Nyankopɔn anim ade nyinaa mu; na Nyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ mo koma ne mo adwene nsusuwii ho ban denam Kristo Yesu so.”

Migyinaa Yare a Ebubuu Me Guu Hɔ Ano

Me tebea no kɔɔ so sɛee koraa. Mihui sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ nsakrae ntɛm wɔ tebea a na makɔ mu no ho. Esiane sɛ na mintumi nyɛ duadwumfo adwuma no bio nti, meyɛe sɛ mɛhwehwɛ adwuma a ennye ahoɔden pii a metumi ayɛ na bere koro no ara nso aboa me ma mahwɛ m’abusua. Mfiase no mede kar ketewaa bi tɔn ice cream. Mede bɛyɛ mfe asia na ɛyɛɛ saa kosii sɛ me yare no bubuu me guu hɔ koraa ma mekaa mmubuafo akongua mu. Ɛno akyi no mehwehwɛɛ nnwuma a na ɛnyɛ den a metumi ayɛ.

Efi afe 1990 mu reba no, me yare no mu ayɛ den paa ma mintumi nyɛ adwuma biara bio. Seesei, afoforo na wɔboa me, nneɛma a obi a ɔwɔ ahoɔden yɛ no daa mpo no, gye sɛ afoforo na wɔyɛ ma me. Sɛ merekɔda a, gye sɛ wɔma me so to mpa so, na obi na oguare me na osiesie me ho. Sɛ mɛkɔ asafo nhyiam a, gye sɛ wopia me wɔ mmubuafo akongua mu kɔ kar ho na wɔma me so si kar no mu. Sɛ midu Ahenni Asa so a, ɛsɛ sɛ wɔma me so fi kar no mu de me tra mmubuafo akongua no mu na wopia me kɔ Ahenni Asa no so. Bere a nhyiam no rekɔ so no, wɔsɔ afiri bi si me nam ho ma me nan ho yɛ me hyew.

Nanso, ɛmfa ho sɛ mabubu agu hɔ no, metaa kɔ asafo nhyiam no nyinaa. Minim sɛ ɛhɔ na Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn, na me nuanom Kristofo mmarima ne mmea a meka wɔn ho wɔ hɔ no yɛ ahobammɔ ne mmoa ne nkuranhyɛ ankasa. (Hebrifo 10:24, 25) Me nuanom Kristofo a wɔn ho akokwaw a wɔtaa bɛsra me no aboa me paa. Mete nka ankasa te sɛ Dawid a ɔkae sɛ: “Me kuruwa yɛ ma bu so” no.—Dwom 23:5.

Me yere a medɔ no no aboa me paa wɔ saa mfe yi nyinaa mu. Me mma no nso ayi wɔn yam aboa me yiye. Wɔaboa me ama me nsa ka nea mihia da biara wɔ mfe kakra a atwam yi mu. Nea wɔreyɛ no nna fam, na bere rekɔ so no, me ho adwuma yɛ ara na ɛreyɛ den. Wɔayi wɔn yam anya me ho abotare ankasa, na mebɔ mpae sɛ Yehowa nkɔ so nhyira wɔn.

Nsiesie foforo a ɛyɛ nwonwa a Yehowa de hyɛ n’asomfo den ne mpaebɔ. (Dwom 65:2) Yehowa atie me sufrɛ a efi komam no ama me ahoɔden de agyina gyidi no mu wɔ saa mfe yi nyinaa mu. Ne titiriw no, sɛ mebotow a, mpaebɔ ma minya ahotɔ na ɛma mekɔ so nya anigye. Nkɔmmɔ a me ne Yehowa bɔ no bere nyinaa no dwudwo me na ɛma minya ahoɔden foforo de toa so som no. Mewɔ ahotoso koraa sɛ Yehowa tie n’asomfo mpaebɔ na ɔma wonya asomdwoe a wohia.—Dwom 51:17; 1 Petro 5:7.

Nea ɛsen saa koraa no, bere biara a mɛkae sɛ awiei koraa no, Onyankopɔn bɛsa wɔn a wobenya Paradise mu atra yare wɔ ne Ba Yesu Kristo Ahenni ase no, ɛhyɛ me den. Sɛ midwennwen anidaso a ɛyɛ anigye yi ho a, ɛma m’awerɛhow dan anigye.—Dwom 37:11, 29; Luka 23:43; Adiyisɛm 21:3, 4.

Meresom sɛ Bere Nyinaa Somfo

Wɔ bɛyɛ afe 1991 mu no, bere a misusuw me tebea no ho akyi no, mihui sɛ ɔkwan a eye paa a ɛremma minsu me ho mmɔbɔ ne sɛ mede me bere nyinaa bɛka Ahenni ho asɛmpa a ɛsom bo no akyerɛ afoforo. Mifii ase somee sɛ bere nyinaa somfo wɔ saa afe no mu.

Esiane sɛ mabubu agu hɔ nti, menam krataakyerɛw so na ɛyɛ m’asɛnka adwuma no mu dodow no ara. Nanso, akyerɛw nyɛ mmerɛw mma me; egye animia ankasa. Ɛyɛ den ma me sɛ mede me nsa a yare no ama emu ayɛ mmerɛw no beso kyerɛwdua mu den de akyerɛw. Nanso, ɛdenam animia ne mpaebɔ so no, mafa krataakyerɛw so adi adanse bɛboro mfe 15 ni. Mefrɛ nkurɔfo wɔ telefon so nso di wɔn adanse. Sɛ m’abusuafo, me nnamfo, ne m’afipamfo bɛsra me wɔ me fie a, mede hokwan no ka anidaso a mewɔ wɔ wiase foforo no ne asase no a ɛbɛdan Paradise no ho asɛm kyerɛ wɔn.

Ɛno ama manya osuahu a ɛhyɛ nkuran pii. M’ani gyei paa sɛ mihui sɛ me nena biako a me ne no suaa Bible no bɛyɛ mfe 12 a atwam ni no renya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu, na ɔkyerɛ Bible mu nokware ho anisɔ. Bible no a ɔde atete n’ahonim no akanyan no ma wakɔ so adi nokware agyina pintinn a wamfa ne ho anhyɛ akodi mu.

Sɛ nkurɔfo a mekyerɛw wɔn no bɛhwehwɛ me sɛ wɔrepɛ Bible mu nimdeɛ foforo a, ɛma m’ani gye paa. Ɛtɔ bere bi a, ebinom ka sɛ wɔpɛ Bible ho nhoma pii. Sɛ nhwɛso no, awuraa bi frɛɛ me wɔ telefon so daa m’ase wɔ krataa a ɛhyɛ nkuran a mekyerɛw kɔmaa ne kunu no ho. N’ani gyee nsɛm a na ɛwɔ krataa no mu no ho. Eyi buee kwan maa me ne ɔno ne ne kunu bɔɔ Bible mu nkɔmmɔ wɔ me fie.

Akwanhwɛ a Ɛyɛ Anigye

Mfe a atwam mu no, mahu sɛ Ahenni adawurubɔfo pii abɛka yɛn ho wɔ supɔw yi so. Yɛatrɛw Ahenni Asa ketewaa a ɛtoa me nuabarima George fie so no mu, na yɛasiesie no mpɛn pii nso. Ɛyɛ Ahenni Asa a ɛyɛ fɛ a Yehowa Adansefo asafo abien na wohyia wɔ hɔ.

Paapa wui wɔ afe 1943 mu, bere a na wadi mfe 52. Nanso, hwɛ honhom fam agyapade a ogyaw maa yɛn! Ne mma baawɔtwe a wɔagye nokware no da so ara resom Yehowa. Seesei asafo abiɛsa a Ahenni adawurubɔfo 230 wom na ɛwɔ Xylophagou akuraa, baabi a wɔwoo Paapa no ne nkuraa foforo a ɛbɛn hɔ no ase!

Ade pa a ɛte saa a afi mu aba no ama m’ani agye paa. Seesei a madi mfe 83 no, mewɔ ahotoso wɔ odwontofo no asɛm a edi so yi mu: “Gyataforo bedi hia na ɔkɔm ade wɔn, na wɔn a wɔhwehwɛ [Yehowa, NW] no, ade pa biara remmɔ wɔn.” (Dwom 34:10) Meretwɛn bere a nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 35:6 no bɛbam no denneennen: “Ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote.” Me yare yi nyinaa akyi no, masi me bo sɛ mɛkɔ so asom Yehowa anigye mu akosi sɛ saa bere no bɛba.

[Asase mfonini wɔ kratafa 17]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

TURKEY

SYRIA

LEBANON

CYPRUS

Nicosia

Xylophagou

Mediterranea Po

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Ahenni Asa a edi kan wɔ Xylophagou, yɛda so ara kɔ mu nnɛ

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Me ne Efprepia wɔ afe 1946 mu ne ɛnnɛ

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Minya anigye wɔ adanse a mefa telefon ne krataakyerɛw so di no mu