Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkwakoraa ne Mmerewa Awerɛhosɛm

Nkwakoraa ne Mmerewa Awerɛhosɛm

Nkwakoraa ne Mmerewa Awerɛhosɛm

BERE a ɔwɛmfo bi a ɔwɛn anadwo nenam n’adwumam no, ohuu biribi a ɛmaa ne ho dwiriw no. Ohuu akwakoraa ne aberewa bi a wɔyɛ awarefo a na wahuruw afi abansoro a ɛto so awotwe mpomma mu abɛhwe fam awu funu wɔ asikafo atrae bi. Ɛwom sɛ kum a na wɔakum wɔn ho no yɛ ahodwiriw de, nanso nea ɛyɛ ahodwiriw koraa ne nea ɛma wɔyɛɛ saa no. Ná okunu no akyerɛw krataa bi ahyɛ ne kotoku mu sɛ: “Nea enti a yekum yɛn ho ne sɛ, yɛn babarima ne ne yere yɛ yɛn ayayade na wɔteetee yɛn daa.”

Ebia biribi a ɛte saa ntaa nsi de, nanso ade a ɛma wɔyɛ saa no abu so na ɛhaw adwene. Nokwarem no, ɛkame ayɛ sɛ nkwakoraa ne mmerewa a wɔyɛ wɔn ayayade rekɔ so wɔ asase yi so baabiara. Susuw nsɛm a edidi so yi ho hwɛ:

• Wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Canada mu no, wohui sɛ sɛ woyi nkwakoraa ne mmerewa 100 biara gyina hɔ a, emu 4 na wɔyɛ wɔn ayayade anaa wɔbɔ wɔn apoo, na wɔn busuani bi na ɛtaa yɛ wɔn saa. Nanso, nkwakoraa ne mmerewa no pii fɛre anaasɛ wosuro dodo sɛ wɔbɛka wɔn awerɛhosɛm no ho asɛm. Wɔn a wɔyɛ nhwehwɛmu no ka sɛ, sɛ yɛbɛka paa a, nkwakoraa ne mmerewa a wɔyɛ wɔn ayayade no reyɛ adu 100 biara mu 10.

India Today nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ, “Nkwakoraa ne mmerewa pii a wɔn mma apo wɔn no resɛe abusuabɔ a emu yɛ den a na anka ɛwɔ Indiafo ntam no.”

• Amerika man no asoɛe a ɛhwɛ nkwakoraa ne mmerewa a wɔyɛ wɔn ayayade ho nsɛm so ka sɛ, sɛnea akontaabu a edi mu kyerɛ no: “Amerikafo a wɔadi mfe 65 anaa wɔadi aboro saa no bɛyɛ ɔpepem 1 kosi ɔpepem 2 na nnipa a wɔhwɛ wɔn no apirapira wɔn anaa wɔasisi wɔn.” Mmaranimfo panyin abadiakyiri a ɔwɔ California kurow San Diego mu ka sɛ, “Nkwakoraa ne mmerewa a wɔyɛ wɔn ayayade yɛ nsɛnnennen paa a wɔn a wɔhwɛ ma mmara yɛ adwuma no rehyia nnɛ no mu biako.” Ɔde ka ho sɛ: “Mihu sɛ ɔhaw no mu bɛkɔ so ayɛ den wɔ mfe kakra a ɛreba no mu.”

• Wɔ Canterbury, New Zealand no, biribi a ɛhaw adwene a ɛrekɔ so kɛse ne sɛ, abusuafo, ne titiriw no, wɔn a wɔnom nnubɔne, mmosa anaa wɔtow kyakya de wɔn ani asi wɔn nkwakoraa ne wɔn mmerewa so rebɔ wɔn apoo. Nkwakoraa ne mmerewa a wɔyɛɛ wɔn ayayade wɔ Canterbury no kɔɔ anim kɛse fi 65 wɔ afe 2002 koduu 107 wɔ afe 2003 mu. Ɔpanyin a ɔda asoɛe bi a wɔahyehyɛ sɛ wɔde besiw basabasayɛ a ɛte saa ano no ka sɛ dodow a wɔbɔɔ ho amanneɛ no betumi ayɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn ayayade no mu “kakraa bi pɛ.”

The Japan Times bɔɔ amanneɛ sɛ Japan Mmaranimfo Kuw no kae sɛ “ɛsɛ sɛ yɛhwɛ ka nkwakoraa ne mmerewa a wɔyɛ wɔn ayayade no ho asɛm sen mmofra a wɔyɛ wɔn ayayade anaa ayayade foforo a ɛkɔ so wɔ fie no.” Adɛn ntia? Times no ka sɛ, ade biako nti a ɛte saa ne sɛ, “wɔntaa nte nkwakoraa ne mmerewa a wɔyɛ wɔn ayayade no ho asɛm ntɛm te sɛ mmofra anaa ɔyerenom a wɔyɛ wɔn ayayade. Nea enti a ɛte saa no bi ne sɛ, sɛ wɔn abusuafo na wɔyɛ wɔn ayayade no a, wosusuw sɛ ɛyɛ wɔn mfomso nti wɔnka. Afei nso, sɛ wɔde asɛm no kɔma aban ne aban mpanyimfo a wɔnhwɛ nka ho asɛm.”

Nea ɛrekɔ so wɔ wiase yi mu kakra a yɛaka ho asɛm no ma yebisa sɛ: Dɛn nti na wɔyɛ nkwakoraa ne mmerewa pii ayayade na wɔnhwɛ wɔn? So bere bi bɛba a ɛto betwa? Awerɛkyekye bɛn na ɛwɔ hɔ ma nkwakoraa ne mmerewa?