Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Adɛn nti na na wobu ɔbarima ne ɔbea nna a ɛyɛ ne kwan so no bi sɛ ade a ɛmma obi ho “ntew” wɔ Mose Mmara no mu?

Onyankopɔn hyehyɛɛ ɔbarima ne ɔbea nna sɛ wɔmfa nwo na awarefo mfa nnye wɔn ani. (Genesis 1:28; Mmebusɛm 5:15-18) Nanso, yehu ahobaa anaa ahosen, brayɛ, ne awo ho mmara pii a ɛmma obi ho ntew wɔ Leviticus ti 12 ne 15. (Leviticus 12:1-6; 15:16-24) Mmara a ɛte saa a wɔde maa Israelfo no boaa wɔn ma wonyaa apɔwmuden, wɔbɔɔ bra a ɛho tew, na esii kronkron a mogya yɛ ne hia a ehia sɛ wɔpata ma wɔn bɔne so dua.

Mfaso a Mose Mmara a ɛfa ɔbarima ne ɔbea nna ho maa Israelfo no nyae no bi ne apɔwmuden. The Bible and Modern Medicine (Bible ne Nnɛyi Aduruyɛ) nhoma no ka sɛ: “Mmara a wɔhyɛe sɛ sɛ ɔbea bu ne nsa a, ɛnsɛ sɛ ɔne ɔbarima hyiam no bɔɔ wɔn ho ban fii nna mu yare bi ho . . . na ɛmma kokoram ntɔ awotwaa no ano nso.” Mmara a ɛtete saa no bɔɔ Onyankopɔn nkurɔfo ho ban fii yare ahorow a ebia na wonnim anaa wontumi nhu yare kõ ho. Ɔbarima ne ɔbea nna mu ahotew boa maa ɔman a na Onyankopɔn ahyira wɔn sɛ ɔbɛma wɔadɔɔso na wɔadi yiye no tumi woo pii. (Genesis 15:5; 22:17) Ɛmaa Onyankopɔn nkurɔfo nyaa abotɔyam nso. Saa mmara yi a okununom ne ɔyerenom dii so no boaa wɔn ma wɔhyɛɛ wɔn ho so wɔ nna ho.

Ade titiriw a na ɛmma obi ho ntew wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho nsɛm no mu no fa mogya a egu anaa wɔhwere no ho. Yehowa mmara a ɛfa mogya ho no maa Israelfo no hui sɛ mogya yɛ kronkron na ɛsan nso ma wohuu dwuma titiriw a wɔde mogya di wɔ Yehowa som mu, a ɛne afɔrebɔ ne bɔne ho mpata.—Leviticus 17:11; Deuteronomium 12:23, 24, 27.

Esiane sɛ nnipa nyɛ pɛ nti na wɔde eyi ho nkyerɛkyerɛmu pii mae wɔ Mmara no mu. Ná Israelfo no nim sɛ Adam ne Hawa yɛɛ bɔne akyi no, wɔantumi anwo mma a wɔyɛ pɛ. Ná nea efi bɔne mu bae, a ɛno ne sintɔ ne owu no bɛka wɔn asefo. (Romafo 5:12) Esiane eyi nti, sɛ́ anka awarefo de wɔn awode bɛwo mma a wɔyɛ pɛ sɛnea Onyankopɔn hyehyɛɛ no mfiase no, bɔne ne sintɔ nkutoo mmom na wɔde wo wɔn mma.

Enti, na ahodwira ho nhyehyɛe a wɔyɛe wɔ Mmara no mu no bɛkae Israelfo no sɛ wɔde bɔne woo wɔn na asan ama wɔahu sɛ wohia agyede afɔre a wɔde bɛpopa wɔn bɔne na ama nnipa asan akɔ pɛyɛ mu. Nanso, mmoa a na wɔde bɔ afɔre no antumi anni ho dwuma amma wɔn. (Hebrifo 10:3, 4) Ná Mose Mmara no atirimpɔw ne sɛ ɛbɛkyerɛ wɔn kwan akɔ Kristo so, na aboa wɔn ma wɔate ase sɛ Yesu nipadua a ɛyɛ pɛ a ɔde bɛbɔ afɔre no nkutoo na na ɛbɛma wɔanya bɔne fafiri ankasa, na abue kwan ama anokwafo anya daa nkwa.—Galatifo 3:24; Hebrifo 9:13, 14.