Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Dwen Nkwakoraa ne Mmerewa Ho

Onyankopɔn Dwen Nkwakoraa ne Mmerewa Ho

Onyankopɔn Dwen Nkwakoraa ne Mmerewa Ho

AYAYADE a wɔyɛ nkwakoraa ne mmerewa pii nnɛ no nyɛ nwonwa. Bible ka too hɔ bere tenten sɛ wɔ saa wiase a nnipa nsuro Nyankopɔn yi “nna a edi akyiri” mu no, nnipa bɛyɛ “ahopɛ, . . . wɔn a wonni tema.” (2 Timoteo 3:1-3) Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “tema” no betumi afa ɔdɔ a ɛwɔ abusua mu ho. Bible asɛm a ɛka too hɔ no abam, efisɛ yehu sɛ saa tema no nni hɔ nnɛ koraa.

Nanso, Yehowa Nyankopɔn de ɔnte saa koraa, obu nkwakoraa ne mmerewa sɛ wɔsom bo na odwen wɔn ho paa. Susuw sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu no ho hwɛ.

“Akunafo Sɛnnifo”

Yehu sɛnea Yehowa dwen nkwakoraa ne mmerewa ho wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ Dwom 68:5 no, Dawid frɛ Nyankopɔn sɛ “akunafo sɛnnifo.” Akunafo a wɔte saa no taa yɛ mmerewa. * Wɔ Bible nkyerɛase bi mu no, wɔkyerɛ asɛmfua “sɛnnifo” ase sɛ “ogyefo,” “bammɔfo,” ne “ɔboafo.” Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa dwen akunafo ho. Nokwarem no, Bible ka sɛ, sɛ wɔyɛ saafo no ayayade a, ɛhyɛ no abufuw paa. (Exodus 22:22-24) Onyankopɔn ne n’asomfo bu akunafo ne nkwakoraa ne mmerewa a wɔyɛ anokwafo nyinaa sɛ wɔsom bo paa. Mmebusɛm 16:31 ma yehu sɛnea Yehowa Nyankopɔn ne ne nkurɔfo bu saafo no. Ɛka sɛ: “Abotiri a ɛyɛ fɛ ne dwen, wohu no trenee kwan so.”

Ɛyɛ ne kwan so sɛ na obu a wɔbɛkyerɛ ama nkwakoraa ne mmerewa yɛ ade titiriw wɔ Mmara a Yehowa de maa Israelfo no mu. Wɔhyɛɛ Israelfo no sɛ: “Sɔre atifi dwen anim, na di akwakoraa anim ni, na suro wo Nyankopɔn; Mene [Yehowa, NW].” (Leviticus 19:32) Enti, wɔ Israel no, sɛ na obi kyerɛ obu ma nkwakoraa ne mmerewa a na ɛma ɔne Yehowa Nyankopɔn nya abusuabɔ pa. Sɛ na obi yɛ akwakoraa anaa aberewa ayayade a na ontumi nka sɛ ɔdɔ Nyankopɔn.

Kristofo nhyɛ Mose Mmara no ase. Nanso, wɔhyɛ “Kristo mmara” a enya wɔn abrabɔ ne wɔn nsusuwii so tumi kɛse no ase, na ɛma wɔdɔ awofo, nkwakoraa ne mmerewa na wodwen wɔn ho. (Galatifo 6:2; Efesofo 6:1-3; 1 Timoteo 5:1-3) Ɛnyɛ sɛ wɔaka akyerɛ Kristofo sɛ wɔnna ɔdɔ adi nti na wɔyɛ saa, na mmom wɔn koma na ɛka wɔn ma wɔda ɔdɔ adi. Ɔsomafo Petro hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ, “Mumfi komam nnodɔ mo ho mo ho denneennen.”—1 Petro 1:22.

Osuani Yakobo nso ma yehu ade foforo bi a ɛka yɛn ma yedwen nkwakoraa ne mmerewa ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ɔsom a ɛho tew na efĩ biara nni ho yɛn Nyankopɔn ne Agya no ani so ne eyi: sɛ obi bɛhwɛ nyisaa ne akunafo wɔn ahohia mu, na watwe ne ho afi wiase nkekae ho.” (Yakobo 1:27) Asɛm a Yakobo kae no ka koma paa. Ɛma yehu sɛnea saa adɔfo yi ho hia Yehowa.

Enti, ɛnyɛ ayayade nko na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nkwakoraa ne mmerewa. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnwuma bi de boa wɔn de kyerɛ sɛ yedwen wɔn ho ankasa nso. (Hwɛ adaka, “Ɔdɔ a Wɔde Nnwuma Da no Adi” a ɛwɔ kratafa 6-7 no.) Yakobo kyerɛwee sɛ: “Gyidi a nnwuma nnim awu.”—Yakobo 2:26.

Awerɛkyekye a Yɛde Bɛma Wɔn Wɔ “Wɔn Ahohia Mu”

Yesua biribi foforo fi Yakobo asɛm no mu. Hyɛ no nsow sɛ, Yakobo ka kyerɛɛ Kristofo sɛ wɔnhwɛ akunafo wɔ “wɔn ahohia mu.” Nea Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “ahohia” kyerɛ ankasa ne ahoyeraw, ɔhaw anaa amanehunu a nneɛma a ɛhyɛ yɛn so wɔ asetram de ba. Akyinnye biara nni ho sɛ nkwakoraa ne mmerewa no pii hyia ɔhaw a ɛte saa. Ebinom ayɛ ankonam. Afoforo nso esiane sɛ onyin ama wontumi nyɛ nneɛma bi nti, adwennwene ahyɛ wɔn so. Wɔn a wotumi yɛ Nyankopɔn som adwuma no bebree mpo aba mu betumi abu. Susuw John * a ɔde bɛboro mfe aduanan aka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm a ɔde emu mfe aduasa a edi akyiri no asom sɛ bere nyinaa somfo titiriw no ho hwɛ. John a mprempren wadi boro mfe 80 no ka sɛ ɛtɔ mmere bi a n’abam bu. Ɔka sɛ: “Metaa dwennwen m’asetra ho na sɛ mekaakae mfomso a madi a, ɛdɔɔso pii. M’adwene kɔ so yɛ me sɛ anka metumi ayɛ nea eye sen saa.”

Sɛ saafo no behu sɛ ɛwom sɛ Yehowa yɛ pɛ nanso ɔnhwehwɛ sɛ yɛbɛyɛ pɛ a, ɛma wonya awerɛkyekye. Ɛwom sɛ ohu mfomso a yɛyɛ de, nanso Bible ka ne ho asɛm sɛ: “Yah, sɛ wudi amumɔyɛde akyi a, [Yehowa, NW], hena na anka obegyina?” (Dwom 130:3) Yiw, Yehowa mfa n’adwene nsi mfomso a yedi so, na mmom ɔhwɛ nea ɛwɔ yɛn koma mu. Yɛyɛ dɛn hu eyi?

Onyankopɔn maa Ɔhene Dawid a ɔno ankasa yɛɛ bɔne na ɔnyɛ pɛ no kyerɛw saa nsɛm a ɛwɔ Dwom 139:1-3 yi: “[Yehowa, NW], wohwehwɛ me mu, na wuhu me. Wo na wunim m’asetra ne me sɔre, wuhu m’adwenem akyirikyiri. Wopɛɛ me nantew ne me nna mu, na wunim m’akwan nyinaa mu yiye.” Nea asɛm “wopɛɛ” a wɔde di dwuma wɔ ha kyerɛ ankasa ne sɛ “wubehuw biribi so” te sɛ nea okuafo huw ntɛtɛw gu ma ɛka aburow no. Onyankopɔn nam Dawid so maa yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa nim sɛnea obehuw yɛn mfomso agu na wakae yɛn nnwuma pa nkutoo.

Yɛn soro Agya mmɔborohunufo no ani sɔ yɛn nnwuma pa bere tenten a yɛkɔ so di no nokware no. Nokwarem no, Bible ka sɛ obebu no sɛ ɛyɛ nea ɛnteɛ sɛ ne werɛ befi yɛn nnwuma ne ɔdɔ a yɛdaa no adi wɔ ne din ho no.—Hebrifo 6:10.

“Kan Nneɛma no Atwam”

Bible da no adi sɛ ná ɛnyɛ Onyankopɔn pɛ ne sɛ nnipa bɛbɔ nkwakoraa ne mmerewa. Ɛyɛ bere a yɛn awofo, ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no tew atua tiaa wɔn Bɔfo no na onyin ne emu haw baa nnipa so. (Genesis 3:17-19; Romafo 5:12) Na eyi rentra hɔ daa.

Sɛnea yɛadi kan aka no, nneɛma bɔne a ɛrekɔ so nnɛ no mu pii a nkwakoraa ne mmerewa a wɔyɛ wɔn ayayade ka ho no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛte wiase yi “nna a edi akyiri” mu. (2 Timoteo 3:1) Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ obeyi ɔhaw a bɔne de aba a onyin ne owu ka ho no afi hɔ. Bible ka sɛ: ‘Onyankopɔn bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.’—Adiyisɛm 21:4.

Ɛyaw a mpanyinyɛ de ba no befi hɔ wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. Saa ara na ayayade a wɔde yɛ nkwakoraa ne mmerewa nso befi hɔ. (Mika 4:4) Wɔn a wɔawuwu mpo a Onyankopɔn kae wɔn no bɛsan aba nkwa mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso benya kwan atra ase daa wɔ paradise asase so. (Yohane 5:28, 29) Saa bere no na yebehu paa sɛ ɛnyɛ nkwakora ne mmerewa nko na Yehowa Nyankopɔn dwen wɔn ho na mmom wɔn a wotie no nyinaa nso.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Nokwarem no, ɛnyɛ akunafo nyinaa na wɔyɛ mmerewa. Sɛ nhwɛso no, Leviticus 22:13 ma yehu nso sɛ Onyankopɔn dwen akunafo nkumaa nso ho.

^ nky. 11 Ɛnyɛ ne din ankasa ne no.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 6,7]

Ɔdɔ a Wɔde Nnwuma Da no Adi

Yehowa Adansefo asafo mu mpanyimfo na wodi anim ma wɔhwɛ nkwakoraa ne mmerewa a wɔwɔ asafo no mu no. Wɔfa Petro afotu a ɛka sɛ: “Monhwɛ Nyankopɔn nguankuw a wɔhyɛ mo nsa no” aniberesɛm. (1 Petro 5:2) Nnwuma a wɔyɛ de hwɛ nkwakoraa ne mmerewa no ka Onyankopɔn nguan a wɔhwɛ wɔn no ho. Nnwuma no bi ne nea ɛwɔ he?

Egye abotare ne ebia nsrahwɛ ne nkɔmmɔbɔ pii na ama wɔatumi ahu nkwakoraa ne mmerewa no ahiade ankasa. Ebia na wohia obi a ɔbɛkɔ akodi gua asiesie wɔn fie, de wɔn akɔ Kristofo nhyiam ahorow, akenkan Bible ne Kristofo nhoma akyerɛ wɔn, ne nneɛma afoforo pii. Bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhyehyɛe a ɛfata na edi mũ na wɔhwɛ ma ɛyɛ adwuma. *

Na sɛ akwakoraa anaa aberewa bi a ɔwɔ asafo no mu hia mmoa denneennen, a ebia ɛyɛ sika fam mmoa nso ɛ? Nea edi kan no, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛhwɛ sɛ ɔwɔ mma anaa ɔwɔ abusuafo a wobetumi aboa. Eyi ne asɛm a ɛwɔ 1 Timoteo 5:4 no hyia sɛ: “Sɛ okunafo bi wɔ mma anaa mmanana a, ma wonsua sɛ wobedi kan ada onyamesom pa adi wɔ wɔn ankasa afie na wɔatua wɔn awofo ne wɔn nananom ka sɛnea ɛsɛ, efisɛ eyi na ɛsɔ Nyankopɔn ani.”

Ebia na akwakoraa anaa aberewa no hia mmoa a ɛbɛma wahu sɛ ɔfata sɛ aban boa no. Ebia asafo no mufo binom betumi aboa. Sɛ eyi mu biara anyɛ yiye a, asafo mu mpanyimfo no betumi ahwɛ sɛ onii no fata sɛ asafo no boa no anaa. Mmere bi wɔ hɔ a, na wɔma kwan ma wɔboa ebinom saa wɔ afeha a edi kan no asafo no mu, efisɛ ɔsomafo Paulo kyerɛw ne yɔnko dwumayɛni Timoteo sɛ: “Ansa na wɔde okunafo bi din bɛka ho no, na wadi mfe aduosia, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ okunu baako yere, nea wodi ne ho adanse sɛ ɔyɛɛ nnwuma pa, ɔtetee mma, ogyee ahɔho, ɔhohoroo akronkronfo nan ho, ɔboaa wɔn a wɔwɔ ahohia mu, ɔde nsiyɛ dii adwuma pa biara akyi.”—1 Timoteo 5:9, 10.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 25 Sɛ wopɛ ɛho nsɛm foforo a, hwɛ asɛm “Meeting the Needs of Our Older Ones—A Christian Challenge,” (Yɛn Nkwakoraa ne Mmerewa a Yɛbɛhwɛ Wɔn—Ɛyɛ Kristofo Adwuma) a ɛwɔ July 15, 1988, Borɔfo Ɔwɛn-Aban mu.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Dorka boaa akunafo a na ahia wɔn no.—Asomafo Nnwuma 9:36-39