Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Fi ‘Mfiase Ka Awiei Asɛm’

Yehowa Fi ‘Mfiase Ka Awiei Asɛm’

Yehowa Fi ‘Mfiase Ka Awiei Asɛm’

“Me a mifi mfiase meka awiei asɛm, na mifi tete mmere no meka nea wɔnyɛe no, meka sɛ: Me tirimpɔw begyina, na nea ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ.”—YESAIA 46:10.

1, 2. Dɛn na ɛyɛ nwonwa wɔ nsɛm a esisii ansa na wɔretu Babilon agu no ho, na dɛn na eyi ma yehu fa Yehowa ho?

ASRAAFO bi yɛɛ kodɛɛ kɔfaa Asubɔnten Eufrate subɔnka no mu anadwo kɔtow hyɛɛ Babilon kurow a na ɛyɛ den no so. Bere a wokoduu kurow no pon ano no, wohuu anwonwasɛm bi. Ná Babilon kurow apon akɛse abien no ano da hɔ! Wɔforoo subɔnka no kɔɔ kurow no mu. Wɔko faa kurow no prɛko pɛ. Wɔn kannifo Kores dii kurow no so ntɛm ara na akyiri yi ɔhyɛɛ mmara ma wogyaee Israelfo a na wɔayɛ wɔn nkoa no. Nkoa no mpempem pii san kɔɔ wɔn kurom de Yehowa som san kosii hɔ.—2 Beresosɛm 36:22, 23; Esra 1:1-4.

2 Ɛnnɛ, abakɔsɛm akyerɛwfo di saa nsɛm a esisii wɔ afe 539-537 A.Y.B. no ho adanse yiye. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, wodii kan kaa saa nsɛm a esisii yi ho asɛm too hɔ bɛyɛ mfe 200 ansa na ɛresi. Yehowa maa ne diyifo Yesaia kyerɛkyerɛɛ kwan a Babilon bɛfa so ahwe ase no mu too hɔ bere tenteenten. (Yesaia 44:24–45:7) Ɛnyɛ ɔkwan a na wɔbɛfa so atu Babilon agu no nko na Onyankopɔn ma wohui, na mmom onii a na obedi anim ma wɔayɛ saa no din nso. * Bere a Yehowa rekasa akyerɛ Israelfo a na wɔyɛ n’adansefo saa bere no, ɔkae sɛ: “Mónkae kan nneɛma a efi tete no, sɛ me ara mene Nyankopɔn, na obi nni hɔ bio; mene Nyankopɔn, na nea ɔte sɛ me nni hɔ koraa. Me a mifi mfiase meka awiei asɛm, na mifi tete mmere no meka nea wɔnyɛe no.” (Yesaia 46:9, 10a) Yehowa yɛ Onyankopɔn a otumi di kan hu nea ɛbɛba daakye ampa.

3. Nsɛmmisa bɛn na yɛrebɛhwehwɛ ho mmuae?

3 So nsɛm a ebesisi daakye nyinaa na Onyankopɔn tumi hu? So Yehowa di kan hu nea yɛn mu biara bɛyɛ? Nokwarem no, wɔahyehyɛ yɛn daakye ato hɔ anaa? Yebesusuw mmuae a Bible de ma wɔ eyi ne nsɛmmisa afoforo ho wɔ adesua yi ne nea edi hɔ no mu.

Yehowa—Onyankopɔn a Ɔhyɛ Nkɔm

4. Hena na Ɔma wɔkyerɛw nkɔmhyɛ a ɛwɔ Bible mu no?

4 Esiane sɛ Yehowa tumi hu nea ebesisi daakye nti, ɔmaa n’asomfo a wɔkyerɛw Bible no kyerɛw nkɔmhyɛ pii too hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a yebedi kan ahu nneɛma a Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no. Yehowa kae sɛ, “Kan de no, hwɛ, aba mu, na nneɛma foforo na merekyerɛ ennya mfii yi merema moate.” (Yesaia 42:9) Hwɛ sɛnea eyi yɛ hokwan soronko ma Onyankopɔn nkurɔfo!

5. Nneɛma a Yehowa bɛyɛ a odi kan ma yehu no de asɛyɛde bɛn na ɛbɛto yɛn so?

5 Odiyifo Amos ma yɛn awerɛhyem sɛ: “[Yehowa, NW] Nyankopɔn renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifo no ansa.” Nneɛma a Onyankopɔn ma yedi kan hu no de asɛyɛde bɛto yɛn so. Hyɛ mfatoho a tumi wom a Amos de dii dwuma yi nsow: “Gyata abobom, hena na ɔrensuro?” Sɛnea gyata bobom a nnipa ne mmoa a wɔbɛn hɔ nyinaa yɛ ntɛm pɛ baabi fa no, saa ara na adiyifo te sɛ Amos yɛɛ ntɛm kaa Yehowa asɛm. “[Yehowa, NW] Nyankopɔn akasa, hena na ɔrenhyɛ nkɔm?”—Amos 3:7, 8.

Yehowa ‘Asɛm’ Ba Mu

6. Ɔkwan bɛn so na Yehowa “tirimpɔw” baa mu wɔ Babilon sɛe ho?

6 Yehowa nam ne diyifo Yesaia so kae sɛ: “Me tirimpɔw begyina, na nea ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ.” (Yesaia 46:10b) Onyankopɔn “tirimpɔw,” a ɛne n’apɛde a na ɛbɛbam wɔ Babilon ho no fa Kores a na ɔbɛfrɛ no afi Persia ma wabedi Babilon so nkonim no ho. Yehowa dii kan kaa saa atirimpɔw no ho asɛm bere tenteenten. Sɛnea yɛadi kan ahu no, ɛbaa mu pɛpɛɛpɛ wɔ afe 539 A.Y.B. mu.

7. Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa ‘asɛm’ ba mu bere nyinaa?

7 Aka bɛyɛ mfe ahanan ma Kores abedi Babilon so no, Amon ne Moab asraafo boom ne Yuda hene Yehosafat koe. Yehosafat de ahotoso bɔɔ mpae sɛ: “[Yehowa, NW] yɛn agyanom Nyankopɔn, so ɛnyɛ wone ɔsoro, na wo ara na wudi amanaman ahenni nyinaa so, na wo nsam na tumi ne mmaninyɛ wɔ, na obi nni hɔ a obetumi agyina w’anim.” (2 Beresosɛm 20:6) Yesaia nso daa ahotoso a ɛte saa ara adi bere a ɔkae sɛ: “Asafo [Yehowa, NW] abɔ ne tirim, hena na ɔbɛma ayɛ ɔkwa? Na ne nsa ateɛ, hena na obesianka no?” (Yesaia 14:27) Akyiri yi, bere a Babilon hene Nebukadnesar adwene baa ne ho so na wɔsan de no sii n’ahengua so no, ɔde ahobrɛase kae sɛ: “Obi nni hɔ a ɔbɛbɔ [Onyankopɔn] nsa akyene na waka akyerɛ no sɛ: Dɛn na woyɛ yi?” (Daniel 4:35) Yiw, Yehowa ma ne nkurɔfo awerɛhyem sɛ: ‘M’asɛm rensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no.’ (Yesaia 55:11) Yebetumi anya ahotoso koraa sɛ Yehowa ‘asɛm’ bam bere nyinaa. Onyankopɔn atirimpɔw ba mu ɔkwan biara so.

Onyankopɔn “Daa Atirimpɔw”

8. Dɛn ne Onyankopɔn “daa atirimpɔw” no?

8 Wɔ ɔsomafo Paulo krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Efeso no mu no, ɔkae sɛ Onyankopɔn wɔ “daa atirimpɔw.” (Efesofo 3:11) Saa daa atirimpɔw yi nyɛ nhyehyɛe bi a na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn yɛ na ɔhwɛ di ho dwuma, na mmom no ɛfa atirimpɔw a na Yehowa wɔ a enti ɔbɔɔ nnipa ne asase no a ɔbɛma abam ho. (Genesis 1:28) Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛahu sɛ Yehowa atirimpɔw ba mu bere nyinaa no, momma yensusuw Bible mu nkɔmhyɛ a edi kan no ho nhwɛ.

9. Ɔkwan bɛn so na Genesis 3:15 fa Onyankopɔn atirimpɔw ho?

9 Bɔhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:15 no ka sɛ Adam ne Hawa yɛɛ bɔne akyi pɛɛ na Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛma ne sɛnkyerɛnne kwan so ɔbea no awo aseni anaa ɔbabarima bi. Yehowa dii kan huu nea na ebefi ɔtan a na ɛbɛda ɔbea no ne Satan ne wɔn asefo ntam mu aba no nso. Ɛwom sɛ na Yehowa bɛma kwan ama wɔaka Onyankopɔn bea no Aseni nantin de, nanso wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, Aseni no bɛbɔ ɔwɔ no anaa Satan Ɔbonsam ti. Ansa na ɛno bɛba mu no, abusua kõ a Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ Yesu befi mu aba sɛ Mesia a wahyɛ no ho bɔ no baa mu pɛpɛɛpɛ.—Luka 3:15, 23-38; Galatifo 4:4.

Nea Yehowa Hyɛ Too Hɔ

10. So Yehowa dii kan hyɛ too hɔ sɛ Adam ne Hawa bɛyɛ bɔne? Kyerɛkyerɛ mu.

10 Bere a ɔsomafo Petro reka dwuma a Onyankopɔn de Yesu di wɔ n’atirimpɔw mu ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Na wonim [Yesu] dedaw ansa na wɔrehyɛ wiase ase, nanso woyii no adi awiei bere mu esiane mo nti.” (1 Petro 1:20) So na Yehowa adi kan ahyɛ ato hɔ sɛ Adam ne Hawa bɛyɛ bɔne na ama Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no ho abehia? Dabi. Asɛm a wɔkyerɛɛ ase ‘wɔrehyɛ ase’ no fi Hela asɛm a nea ɛkyerɛ ankasa ne “aba a wogu.” So na Adam ne Hawa ‘agu aba’ anaa na Hawa anyinsɛn ansa na wɔreyɛ bɔne? Dabi. Ɛyɛ Adam ne Hawa asoɔden no akyi ansa na Hawa nyinsɛn woo mma. (Genesis 4:1) Enti, ɛyɛ bere a Adam ne Hawa tew atua akyi a na Hawa nnya nyinsɛnee no ntam hɔ no na Yehowa hyɛ too hɔ sɛ “aseni” bi bɛba. Yesu wu ne ne wusɔre no na ɛma yenyaa agyede no nhyehyɛe a ɔdɔ wom a wɔnam so beyi bɔne a yenya fii awo mu ne Satan nnwuma nyinaa afi hɔ.—Mateo 20:28; Hebrifo 2:14; 1 Yohane 3:8.

11. Nhyehyɛe bɛn na Yehowa yɛ too hɔ a ɔde bedi n’atirimpɔw ho dwuma?

11 Onyankopɔn yɛɛ nhyehyɛe foforo a ɔde bedi n’atirimpɔw ho dwuma too hɔ. Paulo ma yehu eyi wɔ krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Efesofo no mu sɛ Onyankopɔn ‘bɛka nneɛma nyinaa abom bio wɔ Kristo mu, nea ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ asase so.’ Afei bere a Paulo reka “nea ɛwɔ soro,” a wɔne nnipa a wapaw wɔn sɛ wɔne Kristo nkodi hene no ho asɛm no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wɔhyɛ faa yɛn ho too hɔ sɛnea nea ɔyɛ biribiara ma ɛne ne pɛ hyia no abɔ ne tirim.” (Efesofo 1:10, 11) Yiw, Yehowa dii kan hyɛ too hɔ sɛ nnipa kakraa bi pɛ na wɔbɛka Onyankopɔn bea no aseni a odi kan a ɔne Kristo no ho na wɔne no abom de agyede no so mfaso ama adesamma. (Romafo 8:28-30) Ɔsomafo Petro frɛɛ saafo no “ɔman kronkron.” (1 Petro 2:9) Ɔsomafo Yohane nyaa hokwan dii kan huu nnipa dodow a wɔne Kristo bɛbom adi hene no wɔ anisoadehu mu sɛ wɔn dodow yɛ 144,000. (Adiyisɛm 7:4-8; 14:1, 3) Wɔbɛboa Ɔhene Kristo ma wɔahyɛ ‘Onyankopɔn anuonyam ayi no ayɛ.’—Efesofo 1:12-14.

12. Yɛyɛ dɛn hu sɛ wɔanni kan ammobɔ nnipa bi din sɛ wɔn na wɔbɛyɛ 144,000 no mufo?

12 Nnipa 144,000 a wɔkaa wɔn ho asɛm too hɔ no nkyerɛ sɛ Onyankopɔn dii kan bobɔɔ nnipa bi din sɛ wɔn na wɔbɛsom no nokwarem anya saa hokwan no. Nokwarem no, ade titiriw nti a wɔkyerɛw afotu a ɛwɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu ne sɛ ɛbɛkyerɛ wɔn a wɔasra wɔn no kwan na ahyɛ wɔn den ma wɔakɔ so afata ama wɔn soro frɛ no. (Filipifo 2:12; 2 Tesalonikafo 1:5, 11; 2 Petro 1:10, 11) Yehowa dii kan hui sɛ nnipa 144,000 na wɔbɛfata ma ɔde wɔn adi n’atirimpɔw ho dwuma. Sɛnea wɔn a wɔafrɛ wɔn no mu biara bɛbɔ ne bra no na ɛbɛkyerɛ sɛ ɔbɛfata. Na ɛno gyina sɛnea wɔn mu biara begyina mu akodu awiei no so.—Mateo 24:13.

Nea Yehowa Di Kan Hu

13, 14. Dɛn na Yehowa de ne tumi a odi kan de hu ade no di dwuma ma ɛne no hyia, na dɛn ntia?

13 Esiane sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔhyɛ nkɔm na ɔwɔ atirimpɔw nti, ɔkwan bɛn na ɔfa so de ne tumi a odi kan de hu biribi no di dwuma? Nea edi kan no, yenim sɛ Onyankopɔn akwan nyinaa yɛ nokware, trenee, ne ɔdɔ. Bere a ɔsomafo Paulo rekyerɛw Hebrifo Kristofo wɔ afeha a edi kan Y.B. no, osii so dua sɛ Onyankopɔn ntam ne ne bɔhyɛ yɛ “nneɛma abien a ɛnsakra a Onyankopɔn ntumi nni atoro wom.” (Hebrifo 6:17, 18) Bere a Paulo rekyerɛw Tito no, ɔsan kae wom sɛ Onyankopɔn “ntumi nni atoro.”—Tito 1:2.

14 Bio nso, ɛwom sɛ Onyankopɔn tumi nni ano de, nanso ommu atɛnkyea. Mose kaa Yehowa ho asɛm sɛ ɔyɛ “nokware Nyankopɔn na nkontompo nni no mu; ɔtreneeni ne teefo ne no.” (Deuteronomium 32:4) Biribiara a Yehowa yɛ no, ɛne ne su pa hyia. Nea ɔyɛ ne ne su atitiriw a ɛne ɔdɔ, nyansa, atɛntrenee, ne tumi no hyia pɛpɛɛpɛ.

15, 16. Dɛn na Yehowa de sisii Adam anim wɔ Eden turom hɔ?

15 Susuw sɛnea ɔdaa ne su ahorow yi nyinaa adi wɔ nea ɛkɔɔ so wɔ Eden turom hɔ no ho hwɛ. Sɛ́ Agya a ɔwɔ ɔdɔ no, Yehowa de biribiara a nnipa hia maa Adam. Ɔmaa Adam tumi a ɔde dwen, susuw nneɛma ho, ne nea ɔde si gyinae. Ná Adam nte sɛ mmoa a wontumi nnwen a wɔn nkate na ɛma wɔyɛ ade no. Na Adam tumi paw nea ɔpɛ. Enti Onyankopɔn fi ne soro ahengua so hwɛɛ fam na ohuu “nea ɔyɛe nyinaa, na hwɛ, eye papa.”—Genesis 1:26-31; 2 Petro 2:12.

16 Bere a Yehowa de ahyɛde maa Adam sɛ ɛnsɛ sɛ odi “papa ne bɔne hu dua no,” Yehowa maa Adam akwankyerɛ a ɛfata a ɛbɛma wahu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Yehowa ka kyerɛɛ Adam sɛ onni ‘turom hɔ nnua nyinaa bi’ gye biako, na ɔbɔɔ no kɔkɔ sɛ sɛ odi dua a wɔabra no aba no bi a, nea ebefi mu aba no nyɛ papa. (Genesis 2:16, 17) Ɔmaa Adam huu nea sɛ odi dua no aba no a ɛbɛba no so. Dɛn na na Adam bɛyɛ?

17. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ nea Yehowa pɛ sɛ odi kan hu nkutoo na ohu?

17 Ɛwom sɛ na Yehowa betumi adi kan ahu nea na anka Adam ne Hawa bɛyɛ de, nanso wampɛ sɛ ohu. Enti ɛnyɛ asɛm no ne sɛ ebia Yehowa betumi ahu nea ebesi daakye, na mmom sɛ ɔpɛ sɛ ohu nkutoo a ɛnna ohu. Bio nso, esiane sɛ Yehowa yɛ ɔdɔ Nyankopɔn nti, yebetumi aka sɛ sɛ odii kan hui paa sɛ Adam ne Hawa bɛtew atua ma ɛde awerɛhosɛm pii yi aba a, anka ɔrenyɛ atirimɔden nhyɛ da nhyɛ biribi a ɛte saa nto hɔ. (Mateo 7:11; 1 Yohane 4:8) Enti, biribiara a Yehowa pɛ sɛ odi kan hu nkutoo na ohu.

18. Dɛn nti na nea Yehowa pɛ sɛ odi kan hu nkutoo a ohu no nkyerɛ sɛ ɔtɔ sin?

18 So nea Yehowa pɛ sɛ odi kan hu nkutoo a ohu no kyerɛ sɛ ɔtɔ sin anaa? Dabi. Mose frɛɛ Yehowa “ɔbotan no,” na ɔde kaa ho sɛ: “N’adeyɛ yɛ pɛ.” Ná wontumi nka sɛ Yehowa na ɔmaa nnipa yɛɛ bɔne ma ɛde amanehunu bae. Amane a yɛn nyinaa rehu nnɛ no fi saa asoɔden a Adam yɛe no. Ɔsomafo Paulo kae pefee sɛ “ɛnam onipa baako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, maa owu trɛw kaa nnipa nyinaa esiane bɔne a wɔn nyinaa ayɛ nti.”—Deuteronomium 32:4, 5; Romafo 5:12; Yeremia 10:23.

19. Nsɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

19 Nea yɛasusuw ho no ama yɛahu sɛ Yehowa mmu atɛnkyea. (Dwom 33:5) Mmom no, Yehowa de nneɛma a otumi yɛ, ne suban pa, ne ne gyinapɛn di dwuma ma ɛne n’atirimpɔw hyia. (Romafo 8:28) Yehowa, Onyankopɔn a ɔhyɛ nkɔm no ‘fi mfiase ka awiei asɛm, na ofi tete mmere ka nea wɔnyɛe.’ (Yesaia 46:9, 10) Yɛahu nso sɛ nea ɔpɛ sɛ odi kan hu nkutoo na ohu. Ɛnde, ɛfa yɛn ho dɛn? Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahwɛ ahu sɛ gyinae a yesisi ne Onyankopɔn atirimpɔw a ɔdɔ wom no hyia? Na nhyira bɛn na saa a yɛbɛyɛ no bɛma yɛanya? Asɛm a edi hɔ no bɛma yɛanya saa nsɛmmisa yi ho mmuae.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Hwɛ Amansan Nhoma nhomawa no a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 28.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Nsɛm a esisii tete bɛn na ɛkyerɛ sɛ Nyankopɔn ‘asɛm’ ba mu bere nyinaa?

• Dɛn na Yehowa ahyɛ ato hɔ afa ne “daa atirimpɔw” ho?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa de ne tumi a odi kan de hu ade no di dwuma?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Ná Yehosafat wɔ Yehowa mu ahotoso

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Yehowa dii kan hyɛɛ Yesu wu ne ne wusɔre too hɔ

[Mfonini wɔ kratafa 24]

So Yehowa dii kan hyɛɛ nea na Adam ne Hawa bɛyɛ too hɔ?