Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahantan ne Ahobrɛase Ho Asuade

Ahantan ne Ahobrɛase Ho Asuade

Ahantan ne Ahobrɛase Ho Asuade

ASƐM bi a esii wɔ Ɔhene Dawid asetram no si nsonsonoe a ɛda ahobrɛase ankasa ne ahantan ntam no so dua titiriw. Asɛm no sii bere a Dawid ko faa Yerusalem na ɔde hɔ yɛɛ n’ahenkurow no. Ná Dawid bu Yehowa sɛ ɔne Israel Hene ankasa, ma enti ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔnkɔfa Adaka a sɛnkyerɛnne kwan so no ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ka wɔn ho no mmra ahenkurow no mu. Na asɛm yi ho hia Dawid araa ma ɔdaa n’anigye adi ma obiara hui bere a na odi asɔfo a wɔso Adaka no akyi no. Yerusalemfo nyinaa huu wɔn hene no sɛ “ɔrehuruhuruw . . . de n’ahoɔden nyinaa resaw.”—1 Beresosɛm 15:15, 16, 29; 2 Samuel 6:11-16.

Nanso, Dawid yere Mikal de, wamfa ne ho anhyɛ osebɔ no mu bi. Ogyinaa mfɛnsere mu hwɛe, na sɛ anka ɔbɛkamfo Dawid wɔ sɛnea ɔreyi Yehowa ayɛ ho no, “obuu no animtiaa ne koma mu.” (2 Samuel 6:16) Dɛn na ɛmaa Mikal yɛɛ n’ade wɔ saa kwan yi so? Ɛda adi sɛ, obuu ne ho dodo susuwii sɛ ɔyɛ Israel hene a odi kan, Saul babea, ne afei Israel hene a ɔto so abien no yere. Ebia ɔtee nka sɛ anka ɛnsɛ sɛ ne kunu, ɔhene no, ne nnipa mpapahwekwa no bom yɛ ade wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛbrɛ no ase. Ahantan su a onyae no daa adi wɔ ɔkwan a ɔfaa so hyiaa Dawid bere a ɔsan baa fie no. Ɔnam animtiaabu kwan so kae sɛ: “Onyam bɛn na Israel hene anya nnɛ, sɛ wapa ne ho nnɛ ne nkoa mfenaa anim, sɛ ahuhufo no bi pa ne ho!”—2 Samuel 6:20.

Dawid yɛɛ n’ade dɛn wɔ ɔkasatia yi ho? Dawid kaa Mikal anim na ɔmaa no hui sɛ Yehowa poo n’agya Saul na ɔpaw no sii n’anan mu. Dawid de kaa ho sɛ: “Mɛyɛ ayemfo masen eyi bio, na mayɛ m’ani so famni. Nanso mfenaa a woka no, wɔn ara na ɛbɛhyɛ me anuonyam.”—2 Samuel 6:21, 22.

Yiw, na Dawid asi ne bo sɛ ɔbɛkɔ so asom Yehowa wɔ ahobrɛase mu. Saa su yi a Dawid daa no adi no ma yɛte nea enti a Yehowa frɛɛ no “ɔbarima a me koma pɛ no” no ase. (Asomafo Nnwuma 13:22; 1 Samuel 13:14) Nokwasɛm ne sɛ, na Dawid redi nhwɛso pa a Yehowa Nyankopɔn ankasa yɛ wɔ ahobrɛase mu no akyi. Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ, asɛmfua a Dawid de dii dwuma bere a ɔka kyerɛɛ Mikal sɛ, ‘mɛyɛ famni’ no fi Hebri adeyɛ asɛm a wɔde kyerɛkyerɛ adwene a Onyankopɔn ankasa nso wɔ wɔ adesamma ho no mu. Ɛwom sɛ Yehowa ne nea ɔso sen Obiara wɔ amansan yi mu de, nanso Dwom 113:6, 7 ka ne ho asɛm sɛ, “ɔbrɛ ne ho ase hwɛ fam, ɔsoro ne asase so.” Eyi kyerɛ sɛ, obi bɛba fam koraa de ne dibea a ɛkorɔn anaa nidi wom no bɛto nkyɛn na ɔne obi a ɔba fam sen no adi nsɛm. Kyerɛwnsɛm no toa so sɛ: “Ɔma ɔbrɛfo so fi mfutuma mu, na ɔma ohiani so fi sumina so.”

Esiane sɛ Yehowa brɛ ne ho ase nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ okyi nnipa a wɔyɛ ahantan na wɔn ‘ani tra wɔn ntɔn’ no. (Mmebusɛm 6:16, 17) Esiane sɛ Mikal daa subammɔne adi na wankyerɛ obu amma nea Onyankopɔn apaw no sɛ ɔhene no nti, ɔyɛɛ obonin na wanwo ba amma Dawid. Owui a na onni ba. Asuade a mfaso wɔ so ma yɛn bɛn ara ni! Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wonya Onyankopɔn anim dom no nyinaa tie asɛm yi: “Momfa ahobrɛase adwene mmɔ mo mu nsonsom mo ho, efisɛ Nyankopɔn ne ahantanfo di asi, nanso ɔdom ahobrɛasefo.”—1 Petro 5:5.