Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Hwɛ Obobe Yi So’!

‘Hwɛ Obobe Yi So’!

‘Hwɛ Obobe Yi So’!

AKWANSRAFO 12 no kyin faa Bɔhyɛ Asase no so nyinaa. Ná Mose aka akyerɛ wɔn sɛ wɔnkɔhwɛ asase no so nnipa na wɔmfa ɛso nnɔbae no bi mmra. Nnɔbae bɛn na wɔn ani gyee ho kɛse? Bere a woduu baabi a ɛbɛn Hebron no, wohuu bobeturo bi a n’aba no sõsõ paa ma enti nnipa baanu na wɔsoaa bobe asiaw biako pɛ a wotwae no. Ná bobe aba no yɛ fɛ yiye ma enti akwansrafo no too saa asasebere no din “Eskol bon” anaa ‘Bobe asiaw.’—Numeri 13:21-24.

Wɔ afeha a ɛto so 19 mu no, obi a ɔkɔhwehwɛɛ Palestina asase so no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Bobe a n’aba yɛ fɛ . . . na ɛsõsõ sen biara wɔ Palestina asase so no bi da so ara wɔ Eskol, anaa Bobe bon yi mu.” Ɛwom sɛ bobe a ɛwɔ Eskol no yɛ fɛ paa de, nanso bere a na wɔrekyerɛw Bible no, na wonya bobe aba a ɛyɛ fɛ fi Palestina mmeae pii. Misraim abakɔsɛm kyerɛ sɛ na wɔn ahemfo a wɔfrɛ wɔn Farao no kra bobesa fi Kanaan asase so.

The Natural History of the Bible nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Esiane sɛ owia bɔ Palestina nkoko a ɛyɛ mmosea no so na sɛ osu tɔ a ɛntaataa so nti, ɛyɛ asase pa a wodua so bobe.” Yesaia kyerɛe sɛ na wotumi hu bobe nnua apem wɔ faako.—Yesaia 7:23.

‘Asase a Bobe Wɔ So’

Mose ka kyerɛɛ Israel man no sɛ, wɔbɛtra asase a “bobe ne borɔdɔma ne ateaa wɔ so” so. (Deuteronomium 8:8) Sɛnea Baker Encyclopedia of Bible Plants kyerɛ no, “na bobe aba abu so wɔ Palestina asase so araa ma enti baabiara a wotutui no, ɛkame ayɛ sɛ wohuu bobe aba wɔ hɔ.” Ná bobe a ɛwɔ Bɔhyɛ Asase no so no tumi sow yiye ma enti wɔ afe 607 A.Y.B. mu, bere a Nebukadnesar asraafo bɛsɛee Yuda no, wɔn a wɔkaa asase no so no ‘boaboaa nsa ne nnuaba pii ano.’—Yeremia 40:12; 52:16.

Sɛ na Israel akuafo benya bobesa pii a, na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn bobeturo so yiye. Yesaia nhoma no kyerɛkyerɛ sɛnea na Israel bobeturo hwɛfo fɛtɛw asase tutu mu abo ansa na wadua ne “bobe pa” no mu. Afei na obetumi de abo a watutu no ato ɔfasu de agye ho ban. Ná ɔfasu yi bɛbɔ ne bobeturo no ho ban na anantwi, asakrama, ne kɔkɔte ankɔ mu, na akorɔmfo nso ankowia. Afei nso ebia obetu nsa-kyi-amoa na wasi abantenten wɔ bobeturo no mu na sɛ edu bere a ehia sɛ ɔma n’ani ku bobe no ho a, watra mu de ahwɛ afuw no so. Bere a wayɛ nnwuma yi nyinaa awie no, ɔhwɛ kwan sɛ obetwa aba pii.—Yesaia 5:1, 2. *

Nea ɛbɛyɛ na akuafo atwa nnɔbae pii no, na wɔtaa twitwa bobe dua no ho. Afei nso wofuntum asase no dɔw mu sɛnea ɛbɛyɛ a nwura, nsɔe, ne nnɛnkyɛnse mmene afuw no. Sɛ osu antɔ kɛse wɔ osutɔbere mu na edu ɔpɛ bere a, ɛho behia sɛ wogugu bobeturo no so nsu.—Yesaia 5:6; 18:5; 27:2-4.

Sɛ edu bere a wɔretwa bobe no wɔ ahohuru bere awiei a, wɔn ani gye paa. (Yesaia 16:10) Wɔakyerɛw asɛm “wɔnto no Gatfo ne so” wɔ dwom ahorow abiɛsa atifi. (Dwom 8, 81, ne Dw 84) Wɔkyerɛ dwonto ho asɛm a wonnim nea ɛkyerɛ ankasa yi ase wɔ Septuagint no mu sɛ “nsa-kyi-amoa,” na ebetumi akyerɛ sɛ na Israelfo no to dwom yi bere a wɔretwa wɔn bobe no. Ɛwom sɛ wɔde bobe yi yɛ bobesa de, nanso na Israelfo tumi di no amono anaa wɔhata ma ɛwo ma wɔde tõ keeki.—2 Samuel 6:19; 1 Beresosɛm 16:3.

Israel Bobe

Bible no taa de Onyankopɔn nkurɔfo toto bobe ho—eyi yɛ kasakoa a ɛfata esiane sɛnea na bobe ho hia Israelfo no nti. Wɔ Dwom 80 no, Asaf de Israel man no totoo bobe a Yehowa atɛw wɔ Kanaan ho. Sɛnkyerɛnne kwan so no, wɔdɔw asase no so nnipa nyinaa gui sɛnea ɛbɛyɛ na Israel a ɛyɛ bobe no betumi anyin yiye. Nanso mfe bi akyi no, ɔfasu a na wɔato wɔ ho no bubui. Ɔman no ankɔ so amfa wɔn ho anto Yehowa so bio, na ɔno nso gyaw wɔn. Sɛnea kɔkɔte sɛe bobeturo no, saa ara na Israel atamfo kɔɔ so sɛe wɔn agyapade. Asaf bɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa ɔman no na wonya wɔn anuonyam no bio. Ɔsrɛe sɛ: ‘Hwɛ obobe yi so.’—Dwom 80:8-15.

Yesaia de “Israel fi” totoo bobeturo a ɛsow “abuntwɛre” anaa aba a aporɔw ho. (Yesaia 5:2, 7) Abuntwɛre nsõsõ sɛ bobe a wɔahyɛ da atɛw. Aduan nni n’aba no ho pii. Wontumi mfa abuntwɛre nyɛ nsã na saa ara na wontumi nni. Ɛfata sɛ sɛnkyerɛnne kwan so no wɔde ɔman a wɔawae na wɔn aso yɛ den a wɔanni asɛntrenee no totoo abuntwɛre ho. Aba pa a Israel ansow yi mfi Yehowa a oduaa bobe no. Ná Yehowa ayɛ biribiara a ɛfata a ɛbɛma ɔman no asow aba pa. Yehowa bisae sɛ: “Dɛn na anka ɛsɛ sɛ meyɛ me bobeturo bio a menyɛe?”—Yesaia 5:4.

Esiane sɛ Israel a ɛyɛ bobe no ansow aba pa nti, Yehowa bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ ɔbɛsɛe ɔfasu a wato atwa wɔn ho ahyia no. Ɔrentwitwa ne sɛnkyerɛnne kwan so bobe no ho na ɔremfuntum asase no nso. Na nsu a ɛbɛma bobe no ayɛ yiye no rentɔ, na ebefuw nsɔe ne nnɛnkyɛnse ara nko.—Yesaia 5:5, 6.

Mose hyɛɛ nkɔm sɛ, esiane sɛ Israelfo no waee nti, na wɔn bobeturow mpo betwintwam. “Wobɛtɛw bobe nturo na woadɔw mu, na nsã de, worennom, na woremmoa aba no ano, efisɛ mmoa bedi.” (Deuteronomium 28:39) Sɛ mmoa didi kɔ bobe dua no mu a, ɛnkyɛ na atwintwam.—Yesaia 24:7.

“Nokware Bobe No”

Sɛnea Yehowa de Israel man no totoo bobe ho no, saa ara na Yesu nso yɛe. Bere a Yesu ne n’asuafo no dii nea nnipa pii frɛ no Anwummeduan a Etwa To no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mene nokware bobe no, na m’Agya ne okuafo no.” (Yohane 15:1) Yesu de n’asuafo no totoo bobe bãã ho. Sɛnea bobe nya ahoɔden fi ne dua mu no, saa ara na ɛsɛ sɛ Kristo asuafo kɔ so tra ne mu. Yesu kae sɛ: “Minni hɔ a, muntumi nyɛ hwee.” (Yohane 15:5) Sɛnea akuafo dua bobe twa so aba no, saa ara na Yehowa nso hwɛ kwan sɛ ne nkurɔfo bɛsow aba wɔ honhom mu. Eyi ma Onyankopɔn a odua bobe no koma tɔ ne yam na ɛhyɛ No anuonyam.—Yohane 15:8.

Sɛ bobe bɛsow aba a, egyina dɔw a wɔbɛdɔw ho atwitwa ho so. Yesu twee adwene sii eyi so. Afe biara, bobeturo hwɛfo no twitwa bobe dua no ho mprenu na ama atumi asow yiye. Sɛ edu awɔw bere a, okuafo no tumi twitwa mmabaa no pii gu. Otwitwa bobe dua no bãã dedaw no dodow no ara gu. Ɔtaa gyaw dua no bãã akɛse abiɛsa anaa anan wɔ dua no ho. Wotumi gyaw duforo biako anaa abien wɔ dua no bãã no so. Duforo yi a ebesi dedaw no ananmu no na ɛbɛsow aba wɔ twabere mu. Awiei koraa no, sɛ bobeturo hwɛfo no twitwa bobe dua no ho wie a, ɔhyew bãã a watwitwa no.

Yesu kaa bobe bãã pii a wotwitwa gu no ho asɛm sɛ: “Sɛ obi antra me mu a, wotwa no kyene sɛ baa na ewu; na nnipa boaboa baa no ano kogu gya mu ma ɛhyew.” (Yohane 15:6) Ɛwom sɛ edu saa bere yi a ɛte sɛ nea wɔatwa bobe dua no so bãã nyinaa agu de, nanso sɛ edu fefɛw bere a, wɔsan twitwa dua no ho bio.

Yesu kae sɛ: “Baa biara a ɛwɔ me ho a ɛnsow aba no, oyi fi hɔ.” (Yohane 15:2) Eyi betumi ayɛ bere a a etwa to a wotwitwa dua no ho bere a bobe asiaw nketenkete ayiyi ne ho no. Bobeturo hwɛfo no tɔ ne bo ase hwɛ duforo biara ho, na ɔhwɛ nea asow aba ne nea aba biara nni so no. Sɛ ogyaw nea ansow aba no wɔ so a, ɛbɛtwe aduannuru ne nsu afi dua no mu kwa. Ne saa nti, okuafo no twitwa bãã a aba biara nni so no gu sɛnea ɛbɛyɛ a nea asow aba no nkutoo benya dua no mu aduannuru nyinaa.

Awiei koraa no, Yesu ka sɛnea wosiesie bobe no ho asɛm. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ebiara a ɛsow aba no, osiesie ho na atumi asow aba pii.” (Yohane 15:2) Sɛ bobeturo hwɛfo no nya twa bãã a ɛnsow aba no gu a, ɔtɔ ne bo ase hwɛ sɛnea baa biara a ɛsow aba no te. Bere biara sɛ ɔhwɛ bãã a ɛsow aba no ase na ohu duforo a ɛrefefɛw a, ɔpompam fi ho. Sɛ ogyaw duforo a ɛrefefɛw no ma enyin a, ɛbɛtwe aduannuru ne nsu a bobe no behia no afi dua no mu. Saa ara nso na ebia obetwitwa dua no nhaban akɛse no bi agu sɛnea ɛbɛyɛ a owia bɛbɔ bobe a ɛrenyin no so. Eyi nyinaa boa ma dua no bãã tumi sow aba pii.

‘Monkɔ so Nsow Aba Pii’

Sɛnkyerɛnne kwan so “nokware bobe” bãã no gyina hɔ ma Kristofo a wɔasra wɔn no. Nanso ɛsɛ sɛ “nguan foforo” no da wɔn ho adi sɛ wɔyɛ Kristo asuafo a wɔsow aba. (Yohane 10:16) Wɔn nso betumi asow ‘aba pii” de ahyɛ wɔn soro Agya no anuonyam. (Yohane 15:5, 8) Yesu mfatoho a ɛfa nokware bobe ho no kae yɛn sɛ yɛn nkwagye gyina Kristo a yɛne no bɛyɛ biako na yɛasow honhom mu aba pii no so. Yesu kae sɛ: “Sɛ mudi m’ahyɛde so a, mobɛtra me dɔ mu sɛnea madi Agya no ahyɛde so na mete ne dɔ mu no.”—Yohane 15:10.

Wɔ Sakaria bere so no, Onyankopɔn hyɛɛ Israel nkaefo anokwafo no bɔ sɛ wɔbɛsan adua ade ‘asomdwoe mu, obobe bɛsow n’aba, na asase ama ne nnɔbae.’ (Sakaria 8:12) Wɔsan de bobe di dwuma de kyerɛkyerɛ asomdwoe a Onyankopɔn nkurɔfo benya wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso mu no mu. Mika hyɛɛ nkɔm sɛ: “Na wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu, efisɛ asafo [Yehowa, NW] ano na aka.”—Mika 4:4.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Sɛnea Encyclopaedia Judaica, kyerɛ no, na Israel akuafo a wodua bobe no ani gye bobe aba kɔkɔɔ a wɔfrɛ no bobe pa, anaa sorek no ho. Ɛda adi sɛ eyi na wɔkaa ho asɛm wɔ Yesaia 5:2 no. Ná bobe yi mu na wonya bobesa kɔkɔɔ a ɛyɛ dɛ no fi.

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Bobe a atwintwam

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Bobe a wotwitwa ho awɔw bere mu

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Wɔrehyew bãã a wɔatwitwa no