Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Medɔ Wo Mmara Dɛn Ara!”

“Medɔ Wo Mmara Dɛn Ara!”

“Medɔ Wo Mmara Dɛn Ara!”

“Medɔ wo mmara dɛn ara! Ɛne m’adwene daa adesae.”—DWOM 119:97.

1, 2. (a) Tebea bɛn na onii a honhom kaa no ma ɔkyerɛw Dwom 119 no hyiae? (b) Ɔyɛɛ n’ade dɛn, na dɛn ntia?

DWOM 119 kyerɛwfo no hyiaa sɔhwɛ a emu yɛ den. Atamfo a wɔyɛ ahantan na wɔmfa Onyankopɔn mmara nyɛ hwee dii ne ho fɛw kekaa ne ho atosɛm. Mmapɔmma bɔɔ ne ho pɔw na wodii n’ani. Ná atamfo atwa ne ho ahyia pɛ sɛ wokum no. Eyinom nyinaa gyaw no ‘awerɛhow ne kɔdaanna.’ (Dwom 119:9, 23, 28, 51, 61, 69, 85, 87, 161) Ɛmfa ho sɔhwɛ a odwontofo no hyiae nyinaa akyi no, ɔtoo dwom sɛ: “Medɔ wo mmara dɛn ara! Ɛne m’adwene daa adesae.”—Dwom 119:97.

2 Ebia wubebisa sɛ, “Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn mmara tumi kyekyee odwontofo no werɛ?” Yehowa mu ahotoso a na ɔwɔ no na ɛboaa no. Esiane sɛ na odwontofo no nim Onyankopɔn mmara a ofi ɔdɔ mu de ama no so mfaso nti, n’ani gyei ɛmfa ho amanehunu a n’asɔretiafo de baa no so no. Ohui sɛ Yehowa ne no adi no yiye. Afei nso, akwankyerɛ a ɛwɔ Onyankopɔn mmara mu a ɔde dii dwuma no ma ɔbɛyɛɛ onyansafo sen n’atamfo, na ɛkoraa ne nkwa so mpo. Onyankopɔn mmara a odii so no ma onyaa asomdwoe ne ahonim pa.—Dwom 119:1, 9, 65, 93, 98, 165.

3. Dɛn nti na ɛnyɛ mmerɛw mma Kristofo sɛ wɔbɛbɔ wɔn bra ma ɛne Onyankopɔn mmara ahyia?

3 Ɛnnɛ Onyankopɔn asomfo binom nso rehu amane paa esiane wɔn gyidi nti. Ebia yɛn nkwa nna asiane mu sɛnea na ɛte wɔ odwontofo no fam no, nanso yɛte “mmere a emu yɛ den” mu. Nnipa a yɛne wɔn bɔ da biara da no mfa Onyankopɔn gyinapɛn ahorow nyɛ hwee—wɔyɛ pɛsɛmenkominya na honam fam nneɛma nkutoo akyi na wodi, wɔyɛ ahantan na wommu hwee. (2 Timoteo 3:1-5) Kristofo mmerante ne mmabaa taa hyia wɔn abrabɔ pa ho sɔhwɛ. Wɔ tebea ɛtete saa mu no, ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛkɔ so adɔ Yehowa na yɛayɛ adetrenee. Yɛbɛyɛ dɛn abɔ yɛn ho ban?

4. Ɔkwan bɛn so na odwontofo no kyerɛɛ Onyankopɔn mmara ho anisɔ, na so ɛsɛ sɛ Kristofo nso yɛ saa ara?

4 Ade a ɛboaa odwontofo no ma otumi gyinaa nhyɛso a ohyiae no ano ne sɛ onyaa adagyew de suaa Onyankopɔn mmara dwennwen ho yiye. Ɔnam saayɛ so kyerɛɛ Onyankopɔn mmara ho anisɔ. Nokwarem no, ɛkame ayɛ sɛ Dwom 119 mu nkyekyɛm biara ka Yehowa mmara fã bi ho asɛm. * Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nhyɛ Mose Mmara a Nyankopɔn de maa tete Israel man no ase. (Kolosefo 2:14) Nanso saa Mmara no mu nnyinasosɛm da so ara yɛ adwuma. Nnyinasosɛm yi kyekyee odwontofo no werɛ, na saa ara na Onyankopɔn asomfo a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobedi nsɛnnennen a wohyia nnɛ ho dwuma no betumi anya so mfaso.

5. Mose Mmara no afã bɛn na yɛrebesusuw ho?

5 Momma yɛnhwɛ nkuranhyɛsɛm a yebetumi anya afi Mose Mmara no afã abiɛsa pɛ mu: Homedadi ho nhyehyɛe, mpɛpɛwadi ho nsiesie, ne mmara a etia anibere no. Yebehu sɛ nnyinasosɛm a ɛwɔ emu biara mu no ho ntease a yebenya no ho hia na ama yɛagyina nsɛnnennen a yehyia wɔ yɛn bere yi mu no ano.

Yehia Onyankopɔn Akwankyerɛ

6. Dɛn ne ade titiriw a nnipa nyinaa hia?

6 Adesamma hia nneɛma pii na ama wɔatumi atra ase. Sɛ obi bɛkɔ so anya akwahosan a, gye sɛ onya nneɛma a ehia yi: aduan, nsu, ne dabere. Ne nyinaa akyi no, onipa hia ‘Onyankopɔn akwankyerɛ.’ Sɛ wannya eyi a, n’ani rentumi nnye da. (Mateo 5:3) Yehowa huu hia a na n’akwankyerɛ ho hia ne nkurɔfo no ma enti ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnnyɛ adwuma wɔ dapɛn no mu da a oyi sii hɔ no mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde wɔn adwene besi ne som so.

7, 8. (a) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn maa nsonsonoe bɛdaa Homeda ne nna afoforo a aka no ntam? (b) Dwuma bɛn na Homeda no dii?

7 Homedadi ho nhyehyɛe no sii hia a ehia sɛ yenya bere de hyɛ yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu den no so dua. Bere a edi kan a asɛmfua “homeda” puei wɔ Bible mu no yɛ bere a wɔmaa Israelfo no mana wɔ sare so no. Wɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ nnansia na wɔntase aduan a wɔnam anwonwa kwan so de ama wɔn no. Ná ɛsɛ sɛ wɔtase ‘nnanu aduan’ wɔ da ɛto so asia no. Ná da ɛto so ason no yɛ ‘homeda kronkron a wodi ma Yehowa’ a obiara nni ho kwan sɛ ofi adi. (Exodus 16:13-30) Mmara Nsɛm Du no mu biako kae sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ adwuma biara wɔ Homeda. Ná da no yɛ da kronkron. Sɛ obi anni ahyɛde yi so a, na wokum no.—Exodus 20:8-11; Numeri 15:32-36.

8 Homeda ho mmara no kyerɛɛ sɛnea Yehowa dwene ne nkurɔfo honam fam ne wɔn honhom fam yiyedi ho. Yesu kae sɛ: “Onipa nti na homeda bae.” (Marko 2:27) Homeda maa Israelfo no homee, na ɛsan maa wonyaa hokwan ne wɔn Bɔfo no nyaa abusuabɔ a emu yɛ den. (Deuteronomium 5:12) Ná ɛyɛ da a wɔatu asi hɔ ama Onyankopɔn som mu dwumadi nkutoo. Nneɛma a na wɔyɛ saa da no bi ne sɛ wɔbɛbom asom sɛ abusua, wɔbɛbɔ mpae na wɔadwennwen Onyankopɔn Mmara ho. Nhyehyɛe yi bɔɔ Israelfo no ho ban ma enti wɔamfa wɔn bere ne wɔn ahoɔden nyinaa anni honam fam nneɛma akyi. Homeda no ma wɔkaee sɛ Yehowa a wɔne no benya abusuabɔ pa no ne ade a ɛho hia paa wɔ wɔn asetram. Yesu san tĩĩ nnyinasosɛm yi mu bere a ɔkae sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ, ‘Ɛnyɛ paanoo nkutoo so na onipa nam bɛtra ase, na mmom asɛm biara a efi Yehowa anom.’”—Mateo 4:4.

9. Asuade bɛn na Kristofo nya fi Homedadi ho nhyehyɛe no mu?

9 Wɔnhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn nkurɔfo beyi da mũ nyinaa asi hɔ de adi homeda, nanso ɛnsɛ sɛ yebu Homedadi nhyehyɛe no sɛ abakɔsɛm mu adeyɛ bi ara kɛkɛ. (Kolosefo 2:16) So ɛmma yɛnkae hia a ehia sɛ yɛn nso yɛde nneɛma a ebetumi ahyɛ yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu den no di kan? Ɛnsɛ sɛ yɛma honam fam nneɛma anaa ahomegye ho hia yɛn sen Onyankopɔn som. (Hebrifo 4:9,10) Enti yebetumi abisa yɛn ho sɛ: “Dɛn na ehia me paa wɔ asetra mu? So mema m’ani kũ adesua, mpaebɔ, Kristofo nhyiam ahorow kɔ, ne Ahenni ho asɛmpa a mɛka no ho? Anaasɛ nneɛma afoforo a m’ani gye ho ama minnya bere mma saa nneɛma yi?” Yehowa ma yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ yɛde ne som di kan wɔ yɛn asetram a, ɔremma yɛn asetrade mmɔ yɛn.—Mateo 6:24-33.

10. Sɛ yenya bere ma Onyankopɔn som a, mfaso bɛn na yebenya?

10 Bere a yebegye de asua Bible no ne ɛho nhoma ahorow na yɛadwennwen emu nsɛm ho yiye no betumi aboa yɛn ma yɛabɛn Yehowa kɛse. (Yakobo 4:8) Bɛyɛ mfe 40 a atwam no, Susan fii ase de bere kakra sii hɔ a na ɔde sua Bible no da biara. Ɔka sɛ mfiase no na ɛnyɛ mmerɛw. Na ɛyɛ den paa. Nanso bere a ɔkɔɔ so kenkanee no, n’ani begyee ho kɛse. Seesei sɛ biribi nti wantumi ansua ade a, odi ho yaw. Ɔka sɛ: “Adesua no aboa me ma mede Yehowa ayɛ m’Agya. Mitumi de me ho to no so, na mekɔ n’anim wɔ mpaebɔ mu a minsuro. Sɛ misusuw sɛnea Yehowa dɔ n’asomfo, ne sɛnea odwen me ho na odi ma me no ho a, ɛma m’ani gye mmoroso.” Sɛ yɛma yɛn ani kũ yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho a, hwɛ anigye ara a yebenya!

Onyankopɔn Mmara a Ɛfa Mpɛpɛwadi Ho

11. Ɔkwan bɛn so na mpɛpɛwadi ho nhyehyɛe no yɛɛ adwuma?

11 Mose Mmara no ho ade a ɛto so abien a ɛma yehu sɛnea Onyankopɔn dwene ne nkurɔfo yiyedi ho no ne hokwan a na obi wɔ sɛ odi mpɛpɛw no. Yehowa de ahyɛde maa Israel akuafo sɛ, sɛ wotwa wɔn asase so nnɔbae a, ɛsɛ sɛ wɔma ahiafo no kwan ma wɔkɔfa nea aka wɔ afum no. Ná ɛnsɛ sɛ akuafo twa wɔn nnɔbae a ɛwɔ afuw no ano no nyinaa, na saa ara nso na na ɛnsɛ sɛ wodi wɔn bobe turo anaa ngodua afuw mu mpɛpɛw. Sɛ wɔn werɛ fi afumde no bi a, na ɛnsɛ sɛ wɔsan kɔfa. Ná eyi yɛ nhyehyɛe a ɔdɔ wom ma ahiafo, ahɔho, nyisaa ne akunafo. Nokwasɛm ne sɛ, na mpɛpɛw a wodi no yɛ adwumaden, nanso na saa a wɔbɛyɛ no remma wɔnsrɛsrɛ ade.—Leviticus 19:9, 10; Deuteronomium 24:19-22; Dwom 37:25.

12. Hokwan bɛn na mpɛpɛwadi ho nhyehyɛe no maa akuafo nyae?

12 Mpɛpɛwadi ho mmara no ankyerɛ nneɛma dodow a na ɛsɛ sɛ akuafo no gyaw ma ahiafo no. Ná akuafo no wɔ hokwan sɛ wogyaw wɔn nnɔbae dodow biara a wɔpɛ wɔ afuw no mu, sɛ́ esua anaasɛ ɛdɔɔso. Mpɛpɛwadi ho nhyehyɛe yi kyerɛɛ wɔn sɛnea wɔda ayamye adi. Ɛmaa akuafo no nyaa hokwan kyerɛɛ anisɔ maa Onii a ɔmaa wɔn nnɔbae yɛɛ yiye no, efisɛ “nea ohu ohiani mmɔbɔ no hyɛ [ne Bɔfo] no anuonyam.” (Mmebusɛm 14:31) Boas yɛɛ saa. Ofii ayamye mu hwɛ maa okunafo Rut a odii n’afuw mu mpɛpɛw no nyaa aduan dodow a ɔpɛ. Yehowa tuaa Boas ayamye no so ka kɛse.—Rut 2:15, 16; 4:21, 22; Mmebusɛm 19:17.

13. Dɛn na tete mmara a ɛfa mpɛpɛwadi ho no kyerɛ yɛn?

13 Mpɛpɛwadi ho nnyinasosɛm a na ɛwɔ mmara no mu no nsakrae. Yehowa hwɛ kwan sɛ n’asomfo bɛda ayamye adi, titiriw akyerɛ ahiafo. Sɛ yɛkɔ so da ayamye adi a, wobehyira yɛn kɛse. Yesu kae sɛ: “Momma, na nkurɔfo bɛma mo. Susukora pa a wɔamia so, awosow no ma abu so na wɔde begu mo ntama mu. Na susukora ko a mode susuw no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo.”—Luka 6:38.

14, 15. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada ayamye adi, na mfaso bɛn na yɛne wɔn a yɛda ayamye adi kyerɛ wɔn no nya?

14 Ɔsomafo Paulo kamfo kyerɛe sɛ “yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔne yɛn bɔ abusua wɔ gyidi mu no.” (Galatifo 6:10) Enti ɛsɛ sɛ yɛma Bible mu akwankyerɛ a yɛde bɛboa yɛn mfɛfo Kristofo bere biara a wobehyia wɔn gyidi ho sɔhwɛ no ho asɛm hia yɛn. Nanso ebia ebehia sɛ yɛboa wɔn akwan horow so. Sɛ nhwɛso no, so wobehia mmoa na watumi akɔ Ahenni Asa so anaa wɔakɔ guaso akɔtotɔ nneɛma? So wɔn a wɔabɔ nkwakoraa ne mmerewa, ayarefo anaa wɔn a wɔaka dan mu wɔ mo asafo no mu a wɔn ani begye ho sɛ mobɛsra wɔn ahyɛ wɔn den anaa mobɛboa wɔn? Sɛ yɛbɔ mmɔden ma afoforo ahiade ho asɛm hia yɛn a, ɛnde ebia Yehowa bɛfa yɛn so abua wɔn a wohia mmoa no mpaebɔ. Ɛwom sɛ ɛyɛ Kristofo asɛde sɛ wɔhwɛ wɔn ho wɔn ho de, nanso onii a ɔde mmoa rema no nso nya so mfaso. Ɔdɔ kann a yɛda no adi kyerɛ yɛn mfɛfo a yɛne wɔn som no ma yenya anigye ne abotɔyam kɛse, efisɛ ɛma yenya Yehowa anim dom.—Mmebusɛm 15:29.

15 Ɔkwan foforo a Kristofo fa so kyerɛ sɛ wɔnyɛ pɛsɛmenkominya ne sɛ wɔde wɔn bere ne wɔn ahoɔden bɛka Onyankopɔn atirimpɔw ho asɛm akyerɛ afoforo. (Mateo 28:19, 20) Obiara a waboa obi ma wahyira ne nkwa so ama Yehowa no nim nokwasɛm a Yesu asɛm yi yɛ no: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”—Asomafo Nnwuma 20:35.

Anibere a Yɛbɛkwati

16, 17. Dɛn na mmara nsɛm a ɛto so du no barae, na dɛn ntia?

16 Ade a ɛto so abiɛsa wɔ Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israelfo no mu a yɛrebesusuw ho ne mmara nsɛm a ɛto so du a ɛbara anibere no. Mmara no kae sɛ: “Mma w’ani mmmere wo yɔnko fi. Mma w’ani mmmere wo yɔnko yere anaa n’akoa anaa n’afenaa anaa ne nantwi anaa n’afurum anaa biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.” (Exodus 20:17) Ná onipa biara ntumi nhyɛ mmara yi, efisɛ obiara nni hɔ a obetumi ahu nea ɛwɔ obi komam. Nanso saa ahyɛde no maa Mose Mmara no korɔn sen mmara biara a na nnipa ahyehyɛ. Ɛmaa Israelni biara hui sɛ obebu akontaa tẽẽ akyerɛ Yehowa, onii a otumi hu nea ɛwɔ onipa biara komam no. (1 Samuel 16:7) Bio nso, mmara yi twee adwene sii nea ɛma nnipa yɛ nneɛma bɔne no so.—Yakobo 1:14.

17 Mmara a etia anibere no hyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo nkuran sɛ mma wonni adedodowpɛ ne adifudepɛ akyi na mmom wɔmma wɔn ani nsɔ nea wɔwɔ. Ɛsan bɔɔ wɔn ho ban na wɔammɔ korɔn anaasɛ wɔammu bra bɔne. Afoforo bɛkɔ so adi yiye asen yɛn anaa wobenya honam fam nneɛma bi a ebia yenni bi nanso yɛn ani begye ho. Sɛ yɛanhwɛ yɛn nsusuwii yiye wɔ nneɛma a ɛte saa ho a, yɛn ani rennye na yɛn ani bɛbere afoforo. Bible ka sɛ anibere yɛ su a ɛkyerɛ sɛ obi kura “adwene a ɛnteɛ.” Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛrenyɛ aniberefo.—Romafo 1:28-30.

18. Su bɛn na ɛwɔ wiase no mu nnɛ, na asiane bɛn na ɛwom?

18 Su a ɛwɔ wiase no mu nnɛ no hyɛ adedodowpɛ ne akansi ho nkuran. Aguadifo nam aguade ho dawurubɔ so ma yenya nneɛma a aba so foforo ho akɔnnɔ, na ɛtaa ma yenya adwene sɛ sɛ yɛannya bi a, yɛn ani rennye. Eyi ne su a Yehowa Mmara kasa tiae no. Su foforo nso ne sɛ yɛbɛfa ɔkwan biara so anya yɛn ho. Ɔsomafo Paulo de kɔkɔbɔ mae sɛ: “Wɔn a wɔn ani abere sɛ wɔbɛyɛ adefo no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a ɛyɛ hu bebree mu, na ɛno na ɛde nnipa kɔ ɔsɛe pasaa mu. Na sikanibere yɛ bɔne nyinaa nhin, na ebinom adi akyi ma wɔayera afi gyidi no ho ma wɔde yaw bebree awowɔ wɔn ho nyinaa.”—1 Timoteo 6:9, 10.

19, 20. (a) Nneɛma bɛn na ɛsom bo paa ma wɔn a wɔdɔ Yehowa mmara no? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

19 Wɔn a wɔdɔ Nyankopɔn mmara no hu asiane a ɛwɔ adedodowpɛ mu ma enti ɛbɔ wɔn ho ban. Sɛ nhwɛso no, odwontofo no bɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Kom me koma kɔ w’adansesɛm so, na ɛnyɛ sikanibere so. W’anom mmara ye ma me sen sika ne dwetɛ mpem.” (Dwom 119:36, 72) Nokwasɛm yi a yɛbɛma atra yɛn adwenem no bɛboa yɛn ma yɛanya adwempa na ɛbɛma yɛakwati asiane a ɛwɔ adedodowpɛ, adifudepɛ ne nea yɛwɔ a yɛremma ɛnsɔ yɛn ani no mu. “Onyamesom pa” yɛ adenya kɛse sen sɛ yɛbɛsesaw nneɛma abɔ so.—1 Timoteo 6:6.

20 Mmara a Yehowa de maa tete Israel man no mu nnyinasosɛm so wɔ mfaso wɔ bere a emu yɛ den yi mu sɛnea na ɛso wɔ mfaso wɔ Mose bere so no ara. Bere dodow a yɛde nnyinasosɛm yi bɔ yɛn bra no, dodow no ara na yɛte ase yiye, na sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ a, yɛn ani begye pii. Yebetumi anya asuade pii afi Mmara no mu. Na nea ɛtoo nnipa bi a Bible kaa wɔn ho asɛm no ma yehu mfaso a ɛwɔ so. Yebesusuw eyinom bi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Dwom yi a ekura nkyekyɛm ahorow 176 no mu nkyekyɛm 4 pɛ na ɛmmɔ Yehowa mmara, n’atemmusɛm, n’ahyɛde, ne nkaesɛm, n’akwan anaa n’asɛm din.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na na Dwom 119 kyerɛwfo no dɔ Yehowa mmara?

• Dɛn na Kristofo betumi asua afi Homeda ho nhyehyɛe no mu?

• Mfaso pa bɛn na ɛwɔ Onyankopɔn mmara a ɛfa mpɛpɛwadi ho no so?

• Ɔkwan bɛn so na mmara a ɛkasa tia anibere no bɔ yɛn ho ban?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Dɛn na Homeda mmara no sii so dua?

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Dɛn na mpɛpɛwadi ho mmara no kyerɛ yɛn?