Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Minni Wo Nkaesɛm Ho Agoru’

‘Minni Wo Nkaesɛm Ho Agoru’

‘Minni Wo Nkaesɛm Ho Agoru’

“Biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn nkyerɛkyerɛ.”—ROMAFO 15:4.

1. Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so kaakae yɛn, na dɛn nti na yehia ne nkaesɛm?

YEHOWA kɔ so kaakae ne nkurɔfo sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛboa wɔn ma wɔadi nhyɛso a wohyia wɔ mmere a emu yɛ den yi mu no ho dwuma. Yenya nkaesɛm a ɛtete saa no bi bere a yɛkenkan Bible no, ne bere a yetie afoforo a wɔma ɔkasa anaa mmuae wɔ Kristofo nhyiam ase no. Nneɛma a yɛkenkan anaa yetie wɔ nhyiam horow ase no nyɛ ade foforo mma yɛn. Ebetumi aba sɛ yɛasusuw asɛm a ɛte saa ho pɛn. Nanso esiane sɛ yɛn werɛ tumi fi ade nti, ehia sɛ wɔkɔ so kaakae yɛn Yehowa atirimpɔw, ne mmara ne n’akwankyerɛ. Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ Yehowa nkaesɛm ho anisɔ. Ɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛde yɛn adwene si nea enti a yɛapaw sɛ yɛbɛbɔ yɛn bra ma ɛne Onyankopɔn apɛde hyia no so. Ne saa nti, odwontofo no too Yehowa dwom sɛ: ‘Minni wo nkaesɛm ho agoru.’—Dwom 119:24.

2, 3. (a) Dɛn nti na Yehowa ma wɔkyerɛw nnipa binom asetra mu nsɛm wɔ Bible mu na wɔakora so abesi nnɛ? (b) Bible mu nsɛm bɛn na yɛrebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Ɛwom sɛ wɔkyerɛw Onyankopɔn Asɛm no akyɛ de, nanso tumi wom. (Hebrifo 4:12) Ɛka nnipa a Bible ka wɔn ho asɛm no ho nokwasɛm. Ɛwom sɛ amammerɛ ne nnipa nsusuwii asesa fi bere a wɔkyerɛwee Bible no de, nanso mpɛn pii no ɔhaw a yehyia no ne nea wohyiae tete mmere mu no di nsɛ. Nnipa asetra ho nsɛm pii a wɔakyerɛw wɔ Bible mu no yɛ nhwɛso a ɛka koma a nnipa a wosuro Yehowa na wɔsom no nokwarem ɛmfa ho tebea bɔne a wohyia no betumi anya so mfaso. Nsɛm afoforo nso twe yɛn adwene si abrabɔ a Onyankopɔn kyi so. Yehowa ama wɔakyerɛw nneɛma pa ne nneɛma bɔne a nnipa ahorow yi yɛe no nyinaa wɔ Bible no mu sɛ yensua biribi mfi mu. Enti na ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn nkyerɛkyerɛ, na yɛnam yɛn boasetɔ ne Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye so anya anidaso.”—Romafo 15:4.

3 Momma yɛntwe yɛn adwene nsi nsɛm abiɛsa a Kyerɛwnsɛm no kaa ho asɛm no so: sɛnea Dawid ne Saul dii nsɛm, Anania ne Safira ho asɛm, ne sɛnea Yosef ne Potifar yere dii nsɛm. Eyi mu biara ma yenya asuade a mfaso wɔ so.

Onyankopɔn Nhyehyɛe a Yebedi mu Nokware

4, 5. (a) Asɛm bɛn na na ɛwɔ Ɔhene Saul ne Dawid ntam? (b) Dɛn na Dawid yɛe wɔ Saul nitan no ho?

4 Ɔhene Saul anni Yehowa nokware ma enti wamfata sɛ odi Onyankopɔn nkurɔfo so. Enti Onyankopɔn poo no na ɔmaa odiyifo Samuel kɔsraa Dawid ngo sɛ ɔno na daakye ɔbɛyɛ Israel hene. Bere a Dawid daa ne ho adi sɛ dɔmmarima na ɔmanfo kamfoo no no, Saul fii ase buu Dawid sɛ obi a ɔne no redi asi. Saul bɔɔ mmɔden mpɛn pii sɛ obekum no. Nanso emu biara mu no, Dawid nyaa ne ti didii mu efisɛ na Yehowa ka ne ho.—1 Samuel 18:6-12, 25; 19:10, 11.

5 Eyi maa Dawid bɛyɛɛ ɔkobɔfo mfe pii. Bere a Dawid nyaa hokwan sɛ obekum Saul no, n’ayɔnkofo hyɛɛ no nkuran ka kyerɛɛ no sɛ, Yehowa de ne tamfo rehyɛ ne nsa. Nanso Dawid antie. Nokware a na odi ma Yehowa ne obu a na ɔwɔ ma Saul dibea sɛ ɔhene a odi Nyankopɔn nkurɔfo so no na ɛma ɔyɛɛ n’ade saa no. So ɛnyɛ Yehowa na ɔsraa Saul sɛ Israel hene? Wɔ bere pa mu no, na Yehowa ankasa betumi atu no ade so. Dawid susuw ho hui sɛ na ɛnyɛ n’adwuma sɛ ɔbɛyɛ tebea no ho biribi. Bere a Dawid yɛɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛma Saul nitan no abrɛ ase no, ɔkae sɛ: ‘Sɛ Yehowa te ase yi, gye Yehowa na ɔbɛka no. Sɛ ne da bedu na wawu, anaasɛ ɔbɛkɔ ɔsa na apra no akɔ. Yehowa mma ɛmpare me sɛ mɛteɛ me nsa maka nea Yehowa asra no no.’—1 Samuel 24:3-15; 26:7-20.

6. Dɛn nti na ehia sɛ yesusuw Dawid ne Saul asɛm no ho?

6 Yebetumi asua ade titiriw bi afi asɛm yi mu. So woasusuw nea enti a ɛtɔ mmere bi a nsɛnnennen tumi sɔre wɔ Kristofo asafo no mu ho pɛn? Ebia na obi reyɛ biribi a ɛmfa ne kwan mu wɔ asafo no mu. Ebetumi aba sɛ ne nneyɛe no nyɛ bɔne a anibere wom de, nanso ɛhaw wo. Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Esiane sɛ wudwen wo nua Kristoni no ho na wopɛ sɛ wudi Yehowa nokware nti, ebia wubefi ayamye mu ne no asusuw nsɛm ho, sɛnea ɛbɛyɛ a mubesiesie mo ntam. Nanso sɛ anyɛ yiye nso ɛ? Bere a woayɛ nea wubetumi biara awie no, wubetumi agyae asɛm no ama Yehowa. Saa na Dawid yɛe.

7. Sɛ wobu yɛn ntɛnkyea anaa afoforo nya yɛn ho adwemmɔne a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de suasua Dawid?

7 Ebia na atɛnkyea anaa nyamesom ho adwemmɔne a afoforo kura nti, worehu amane. Saa bere yi de, ebia worentumi nyɛ tebea no ho hwee. Ebetumi ayɛ den sɛ wubegyina tebea a ɛte saa ano, nanso yebetumi asua biribi afi sɛnea Dawid yɛɛ n’ade wɔ ntɛnkyea ho no mu. Nnwom a Dawid kyerɛwee a ɛka koma no mfa mpae a ɔbɔe sɛ Onyankopɔn nye no mfi Saul nsam no ho nko, na mmom na ɛfa nokware a obedi ama Yehowa na wahyɛ Onyankopɔn din anuonyam no nso ho. (Dwom 18:1-6, 25-27, 30-32, 48-50; 57:1-11) Ɛwom sɛ Saul de mfe pii dii Dawid ani de, nanso Dawid kɔɔ so dii Yehowa nokware. Ɛmfa ho ntɛnkyea a ebia wobebu yɛn anaa nea afoforo bɛyɛ no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛkɔ so di Yehowa ne n’ahyehyɛde no nokware. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa nim tebea no yiye.—Dwom 86:2.

8. Bere a wɔsɔɔ Yehowa Adansefo a wɔwɔ Mozambique nokwaredi ma Yehowa hwɛe no, dɛn na wɔyɛe?

8 Kristofo a wɔwɔ Mozambique no ma yehu sɛnea ɛnnɛ ebinom adi Yehowa nokware wɔ sɔhwɛ bere mu. Wɔ afe 1984 mu no, asɔretiafo kuw a atuo hyehyɛ wɔn ho kɔtow hyɛɛ anuanom a wɔtete nkuraase no so kowiaa wɔn nneɛma, de ogya hyew wɔn afie kunkum wɔn mu binom. Ná ɛte sɛ nea nokware Kristofo yi ntumi nyɛ tebea no ho hwee mfa mmɔ wɔn ho ban. Wɔhyɛɛ nnipa a na wɔte mpɔtam hɔ no ma wɔde wɔn ho kɔhyɛɛ asraadi mu anaa wɔma wɔboaa wɔn wɔ akwan horow so. Yehowa Adansefo no hui sɛ saa a wɔbɛyɛ no ne ɔfã biara a Kristofo nni wɔ amanyɔsɛm mu no nhyia. Nea wɔyɛe no maa asraafo no bo fuwii. Wokunkum Adansefo 30 wɔ basabasayɛ bere no mu, nanso owu a wɔde hunahunaa wɔn no antumi asɛe Onyankopɔn nkurɔfo no nokwaredi. * Wogyinaa atɛnkyea ano sɛnea Dawid yɛe no, na awiei koraa no wodii nkonim.

Nkaesɛm a Ɛbɔ Yɛn Kɔkɔ

9, 10. (a) Mfaso bɛn na yebetumi anya afi Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso ahorow yi bi so? (b) Mfomso bɛn na ɛwɔ nea Anania ne Safira yɛe no mu?

9 Nnipa binom a wɔbobɔɔ wɔn din wɔ Kyerɛwnsɛm mu no ma yɛkae su horow a ɛsɛ sɛ yɛkwati. Nokwarem no, Bible ka nnipa pii a wɔyɛɛ bɔne, a Onyankopɔn asomfo mpo ka ho, a wotwaa wɔn nneyɛe so aba no ho asɛm. (1 Korintofo 10:11) Kyerɛwtohɔ a ɛte saa no mu biako ne nea ɛfa Anania ne Safira, awarefo a na wɔwɔ afeha a edi kan Kristofo asafo a na ɛwɔ Yerusalem mu ho no.

10 Wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu no, ɛho behiae sɛ wɔde honam fam mmoa ma wɔn a wɔabɛyɛ gyidifo a na wɔne asomafo no wɔ Yerusalem no. Asafo no mufo binom tontɔn wɔn nneɛma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkyɛ nea wobenya afi mu no ama obiara anya nea ehia no. (Asomafo Nnwuma 2:41-45) Anania ne ne yere Safira nso kɔtɔn wɔn asase na wɔde sika no mu fã bi pɛ na ɛbrɛɛ asomafo no. Wɔkae sɛ nea wonya fii wɔn asase a wɔtɔnee mu nyinaa na wɔde bae no. Ɛwom sɛ na Anania ne Safira wɔ hokwan sɛ wɔde nea wɔpɛ biara ba de, nanso na wonkura adwempa, wodii atoro. Na wɔpɛ sɛ asomafo no hu sɛ wɔbɔ mmɔden na mpo wɔayɛ nea ɛboro wɔn ahoɔden so. Nanso ɔsomafo Petro a na honhom kronkron wɔ ne so no maa wɔn atorodi ne wɔn nyaatwomyɛ no daa adi, ma enti Yehowa bɔɔ wɔn kum wɔn.—Asomafo Nnwuma 5:1-10.

11, 12. (a) Kyerɛwnsɛm bɛn na ɛkae yɛn sɛ yenni nokware? (b) Sɛ yedi nokware a, mfaso bɛn na yenya?

11 Sɛ ɛkɔba sɛ ɛsɛ sɛ yedi atoro na ama afoforo anya yɛn ho adwempa a, ɛsɛ sɛ yɛkae Anania ne Safira asɛm no. Yebetumi adi atoro akyerɛ nnipa, nanso yɛrentumi nnaadaa Yehowa. (Hebrifo 4:13) Kyerɛwnsɛm no tu yɛn fo mpɛn pii sɛ yenni yɛn ho yɛn ho nokware, efisɛ atorofo rentra asase a wɔbɛpra abɔnefo afi so no so. (Mmebusɛm 14:2; Adiyisɛm 21:8; 22:15) Nea enti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa no mu da hɔ fann. Satan Ɔbonsam na ɔhyɛ atorodi nyinaa ho nkuran.—Yohane 8:44.

12 Sɛ yedi nokware bere nyinaa a, yenya so mfaso pii. Emu bi ne sɛ yenya ahonim pa, na esiane sɛ afoforo tumi de wɔn ho to yɛn so nti, yenya abotɔyam. Esiane Kristofo nokwaredi nti, mpɛn pii no wonya adwuma yɛ, anaasɛ wonyi wɔn adi mfi adwumam. Nanso mfaso a ɛsen ne nyinaa ne sɛ sɛ yedi nokware a, ɛma yɛne Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn nya abusuabɔ pa.—Dwom 15:1, 2.

Kɔ So Kura W’ahotew Mu

13. Yosef kɔɔ tebea bɛn mu, na ɔyɛɛ n’ade dɛn?

13 Wɔtɔn tete agya Yakob babarima Yosef kɔɔ nkoasom mu bere a na wadi mfe 17. Bere bi akyi no, Yosef kɔtraa Potifar a ɔyɛ Misraim ahemfie dwumayɛni no fie, na ɛhɔ na ne wura yere tuu n’ani sii no so. Na ɔpɛ sɛ ɔne Yosef a ɔyɛ aberante hoɔfɛfo no da, na ɔka kyerɛ no daa sɛ: “Wo ne me mmɛda!” Ná Yosef mmɛn n’abusuafo koraa, na na ɔman a ɔte mu no muni biara nnim no. Anka ɛrenyɛ den koraa mma no sɛ ɔne ɔbea yi bɛda a nnipa afoforo renhu. Nanso bere a Potifar yere soo Yosef mu no, oguanee.—Genesis 37:2, 18-28; 39:1-12.

14, 15. (a) Dɛn nti na Yosef asɛm no ho hia yɛn? (b) Dɛn nti na Kristoni bea bi ani gyei sɛ odii Onyankopɔn nkaesɛm so?

14 Wɔtetee Yosef wɔ abusua a wosuro Nyankopɔn mu, na obehui sɛ, ɛyɛ bɔne sɛ ɔbea ne ɔbarima a wɔnyɛ awarefo bɛda. Ɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: “Ɛdɛn na menyɛ amumɔyɛ kɛse yi, na menyɛ bɔne mintia Onyankopɔn?” Ɛbɛyɛ sɛ ɔyere biako aware ho gyinapɛn a Onyankopɔn de maa nnipa wɔ Eden no ho nimdeɛ a na ɔwɔ no na ɛboaa no ma ɔkaa saa. (Genesis 2:24) Ɛnnɛ, sɛ Onyankopɔn nkurɔfo dwennwen sɛnea Yosef yɛɛ n’ade wɔ tebea no ho ho a, wobenya so mfaso. Wɔ mmeae bi no, ɔbarima ne ɔbea nna abu so ara ma enti mmabun a wɔmpɛ sɛ wobu brabɔne no atipɛnfo di wɔn ho fɛw. Awaresɛe abu so. Enti Yosef asɛm no yɛ asɛnhia a ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem nnɛ. Onyankopɔn gyinapɛn da so ara kyerɛ sɛ aguamammɔ ne awaresɛe yɛ bɔne. (Hebrifo 13:4) Nnipa pii a wɔagyae wɔn ho mu ama nna mu ɔbrasɛe no gye tom sɛ ntease pa bi wɔ hɔ a enti ɛnsɛ sɛ obi de ne ho hyɛ mu. Nea efi mu ba no bi ne animguase, obi ahonim a ɛhaw no, ninkuntwe, nyinsɛn ne ɔyare a wonya fi nna mu. Sɛnea Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ yɛn no, obi a ɔde ne ho hyɛ aguamammɔ mu no “yɛ n’ankasa nipadua bɔne.”—1 Korintofo 5:9-12; 6:18; Mmebusɛm 6:23-29, 32.

15 Jenny, * ɔbea sigyani bi a ɔyɛ Yehowa Dansefo wɔ nnyinaso pa a enti n’ani sɔ Onyankopɔn nkaesɛm. Ɔbarima hoɔfɛfo bi a ɔne no yɛ adwuma kyerɛɛ ne ho anigye. Bere a Jenny anyɛ ho hwee no, ɔbarima no yeree ne ho. Jenny ka sɛ: “Afei na ɛyɛ den ma me sɛ mekura m’ahotew mu efisɛ, sɛ obi a ɛsono ne bɔbeasu kyerɛ wo ho anigye a, ɛma wo tirim yɛ wo dɛ.” Nanso Jenny hui sɛ nea na ɔbarima no pɛ ara ne sɛ ɔde no bɛka mmea pii a ɔne wɔn ada no ho. Bere a ɔtee nka sɛ onni ahoɔden bio a ɔde begyina n’adɛfɛdɛfɛsɛm no ano no, ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no sɛnea ɛbɛyɛ a obedi No nokware. Jenny hui sɛ nneɛma a osua fii Bible ne Kristofo nhoma ahorow mu nhwehwɛmu a ɔyɛe no yɛe sɛ nkaesɛm a ɛhyɛ nkuran a ɛmaa n’ani daa hɔ. Nkaesɛm no mu biako ne Yosef ne Potifar yere ho asɛm no. Ɔde n’asɛm no baa awiei sɛ: “Sɛ mekɔ so kae sɛnea medɔ Yehowa no a, ɛbɛhyɛ me den ma merenyɛ bɔne kɛse yi ntia no.”

Tie Onyankopɔn Nkaesɛm!

16. Sɛ yɛkenkan na yɛdwennwen ankorankoro bi a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no ho a, mfaso bɛn na yebenya?

16 Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛte nea enti a Yehowa ama wɔayɛ nsɛm bi ho kyerɛwtohɔ wɔ Kyerɛwnsɛm no mu ama yɛn no ase a, ɛbɛma yɛn nyinaa akyerɛ Yehowa gyinapɛn ahorow ho anisɔ. Asuade bɛn na yenya fi mu? Su horow bɛn na nnipa a Bible ka wɔn ho asɛm no daa no adi a ɛsɛ sɛ yesuasua anaasɛ yɛkwati? Wɔayɛ nnipa pii ho kyerɛwtohɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ Onyankopɔn kyerɛ wɔn kwan no nyinaa bɔ mmɔden sɛ wobenya nyansa a ɛma nkwa no ho akɔnnɔ. Nea ɛka eyi ho nso ne nhwɛso a Yehowa akora so wɔ Bible mu no. Wɔtaa ka ankorankoro binom asetra mu nsɛm wɔ nsɛmma nhoma yi mu, na yebetumi asua biribi afi mu. Dɛn nti na wunnye bere kakra mfa nkenkan nsɛm yi?

17. Wote nka dɛn wɔ Yehowa nkaesɛm ho, na dɛn ntia.

17 Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ɔdɔ mu a Yehowa fi dwen wɔn a wɔrebɔ mmɔden ayɛ n’apɛde no ho anisɔ! Yɛnyɛ pɛ sɛnea na mmarima ne mmea a wɔn ho nsɛm wɔ Bible mu no nso nyɛ pɛ no. Nanso yenya mfaso kɛse fi wɔn nneyɛe ho nsɛm a wɔakyerɛw ato hɔ no mu. Sɛ yetie Yehowa nkaesɛm a, yebetumi akwati bɔne a anibere wom, na yebetumi asuasua wɔn a wɔnantew trenee kwan so no nhwɛso pa no. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi ne odwontofo no abom ato dwom sɛ: ‘Anigye ne wɔn a wɔhwɛ Yehowa nkaesɛm so, na wɔde wɔn koma nyinaa di akyi. Me kra di wo nkaesɛm so, na ɛda me koma so.’—Dwom 119:2, 167.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 8 Hwɛ 1996 Yearbook of Jehovah’s Witnesses, kratafa 160-162.

^ nky. 15 Wɔasesa din no.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn na yebetumi asua afi sɛnea Dawid ne Saul dii nsɛm no mu?

• Dɛn na Anania ne Safira asɛm no kyerɛ yɛn?

• Dɛn nti na Yosef asetra mu nsɛm no ho hia yɛn nnɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Dɛn nti na Dawid amma wɔankum Saul?

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Dɛn na yesua fi Anania ne Safira asɛm no mu?

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Dɛn na ɛmaa Yosef poo ɔbrasɛe?